quranm◉

Hizb 28

Range
from 16:75 to 17:22
Surahs covered
Nkyerɛase
76 Nkyerɛase

◉

16:75

ضَرَبَ ٱللَّهُ مَثَلًا عَبۡدٗا مَّمۡلُوكٗا لَّا يَقۡدِرُ عَلَىٰ شَيۡءٖ وَمَن رَّزَقۡنَٰهُ مِنَّا رِزۡقًا حَسَنٗا فَهُوَ يُنفِقُ مِنۡهُ سِرّٗا وَجَهۡرًاۖ هَلۡ يَسۡتَوُۥنَۚ ٱلۡحَمۡدُ لِلَّهِۚ بَلۡ أَكۡثَرُهُمۡ لَا يَعۡلَمُونَ ﴿75﴾

Onyankopͻn reyε mfatoho bi: ”Akoa bi a ͻhyε obi aseε a ɔnni tumi biara, εna ͻbaako nso Y’adom no akyεdeε papa εna ɔyi bi dema wͻ kokoa mu ne badwa mu. Enti wͻn mmienu yε pε?” Aseda no wͻ Onyankopͻn, nanso nnipa pii nnim.

16:76

وَضَرَبَ ٱللَّهُ مَثَلٗا رَّجُلَيۡنِ أَحَدُهُمَآ أَبۡكَمُ لَا يَقۡدِرُ عَلَىٰ شَيۡءٖ وَهُوَ كَلٌّ عَلَىٰ مَوۡلَىٰهُ أَيۡنَمَا يُوَجِّههُّ لَا يَأۡتِ بِخَيۡرٍ هَلۡ يَسۡتَوِي هُوَ وَمَن يَأۡمُرُ بِٱلۡعَدۡلِ وَهُوَ عَلَىٰ صِرَٰطٖ مُّسۡتَقِيمٖ ﴿76﴾

Onyankopͻn reyε mfatoho bio: ”Mmarima mmienu (bi na εwͻ hͻ), wͻn mu baako yε mum a ɔnni hwee so tumi na wayε adesoa ama ne wura no, faako a ͻbεsoma no biara no ͻmfa papa biara mma. Enti saa nipa yi ne obia ͻhyε (amanfoͻ) ma wͻyε papa, na ͻnam kwan tenenee soͻ no na εsε?”

16:77

وَلِلَّهِ غَيۡبُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ وَمَآ أَمۡرُ ٱلسَّاعَةِ إِلَّا كَلَمۡحِ ٱلۡبَصَرِ أَوۡ هُوَ أَقۡرَبُۚ إِنَّ ٱللَّهَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٞ ﴿77﴾

Ɔsoro ne asaase so ahuntasεm nyinaa wͻ Nyankopͻn. Dͻnhwere no ho asεm no deε εtesε deε wabͻ w’ani prε, anaasε εbεn (mpo kyεn saa). Nokorε sε, Onyankopͻn na Ɔwͻ biribiara so tumi.

16:78

وَٱللَّهُ أَخۡرَجَكُم مِّنۢ بُطُونِ أُمَّهَٰتِكُمۡ لَا تَعۡلَمُونَ شَيۡـٔٗا وَجَعَلَ لَكُمُ ٱلسَّمۡعَ وَٱلۡأَبۡصَٰرَ وَٱلۡأَفۡـِٔدَةَ لَعَلَّكُمۡ تَشۡكُرُونَ ﴿78﴾

Onyankopͻn na Ɔyii mo firi mo maame nom yafunu mu aberε a na monnim hwee, εna Ɔma mo te asεm, san ma mo hunu adeε, san ma mo akoma sεdeε mobɛyi (no) ayε.

16:79

أَلَمۡ يَرَوۡاْ إِلَى ٱلطَّيۡرِ مُسَخَّرَٰتٖ فِي جَوِّ ٱلسَّمَآءِ مَا يُمۡسِكُهُنَّ إِلَّا ٱللَّهُۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يُؤۡمِنُونَ ﴿79﴾

Enti wͻnhunuu nnomaa a wͻtu nenam mframa mu wͻ ewiem no? Obiara nni hͻ a ɔkuta wͻn mu, na mmom Onyankopͻn. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ wei mu dema nnipa a wͻgye die no.

16:80

وَٱللَّهُ جَعَلَ لَكُم مِّنۢ بُيُوتِكُمۡ سَكَنٗا وَجَعَلَ لَكُم مِّن جُلُودِ ٱلۡأَنۡعَٰمِ بُيُوتٗا تَسۡتَخِفُّونَهَا يَوۡمَ ظَعۡنِكُمۡ وَيَوۡمَ إِقَامَتِكُمۡ وَمِنۡ أَصۡوَافِهَا وَأَوۡبَارِهَا وَأَشۡعَارِهَآ أَثَٰثٗا وَمَتَٰعًا إِلَىٰ حِينٖ ﴿80﴾

Onyankopͻn ayε moafie mu tenabea (ama mo), εna Wayε mmoa nwoma nso afie (ntoma dan anaasɛ “Tent” ama mo), εna Wama emu ayε hare a motumi soa wͻ da a moretu kwan ne da a moretena (baabi). Wͻn ho nwii no nso yε efie asiesiedeε, ne anigyedeԑ de kͻpem berε bi.

16:81

وَٱللَّهُ جَعَلَ لَكُم مِّمَّا خَلَقَ ظِلَٰلٗا وَجَعَلَ لَكُم مِّنَ ٱلۡجِبَالِ أَكۡنَٰنٗا وَجَعَلَ لَكُمۡ سَرَٰبِيلَ تَقِيكُمُ ٱلۡحَرَّ وَسَرَٰبِيلَ تَقِيكُم بَأۡسَكُمۡۚ كَذَٰلِكَ يُتِمُّ نِعۡمَتَهُۥ عَلَيۡكُمۡ لَعَلَّكُمۡ تُسۡلِمُونَ ﴿81﴾

Onyankopͻn ayε nneεma a Wabͻ no mu bi (tesε nnua ne adan) enwunu (ama mo), εna Wayε mmepͻ no nso bi dwanekɔbea ama mo, εna Wayε ntaadeε a εbͻ moho ban firi ͻhyew ho, εna Wayε akotadeε a εbͻ moho ban wͻ mo koo mu ama mo. Saa ara na Ɔde N’adom no awie mo so sεdeε mobεbrε mo ho ase (ayε Islam)

16:82

فَإِن تَوَلَّوۡاْ فَإِنَّمَا عَلَيۡكَ ٱلۡبَلَٰغُ ٱلۡمُبِينُ ﴿82﴾

Sε wͻdane wͻn ho (firi nokorε no ho) a, wodeε w’adwuma ne sε wobεbͻ asεm no ho dawuro akyerεkyerε mu.

16:83

يَعۡرِفُونَ نِعۡمَتَ ٱللَّهِ ثُمَّ يُنكِرُونَهَا وَأَكۡثَرُهُمُ ٱلۡكَٰفِرُونَ ﴿83﴾

Wͻnim Onyankopͻn adom no nanso wͻpo; wͻn mu dodoͻ no yε boniayԑfoᴐ.

16:84

وَيَوۡمَ نَبۡعَثُ مِن كُلِّ أُمَّةٖ شَهِيدٗا ثُمَّ لَا يُؤۡذَنُ لِلَّذِينَ كَفَرُواْ وَلَا هُمۡ يُسۡتَعۡتَبُونَ ﴿84﴾

Ɛda no a Yεbɛyi ͻman biara danseni no, afei yεmma wͻn a wͻannye annie no kwan (sε wͻbεpa kyεw) anaasε wͻbεsrε bͻnefakyε.

16:85

وَإِذَا رَءَا ٱلَّذِينَ ظَلَمُواْ ٱلۡعَذَابَ فَلَا يُخَفَّفُ عَنۡهُمۡ وَلَا هُمۡ يُنظَرُونَ ﴿85﴾

Sε abͻneεfoͻ no hunu asotwee no a, yεngo mu mma wͻn koraa, na yεmma wͻn ahomegye berԑ nso.

16:86

وَإِذَا رَءَا ٱلَّذِينَ أَشۡرَكُواْ شُرَكَآءَهُمۡ قَالُواْ رَبَّنَا هَـٰٓؤُلَآءِ شُرَكَآؤُنَا ٱلَّذِينَ كُنَّا نَدۡعُواْ مِن دُونِكَۖ فَأَلۡقَوۡاْ إِلَيۡهِمُ ٱلۡقَوۡلَ إِنَّكُمۡ لَكَٰذِبُونَ ﴿86﴾

Sε wͻn a wͻde biribi bataa Nyankopͻn ho no hu wͻn a wͻde wͻn bataa (Nyame) ho no a, wͻbεka sε: “Yɛn Wura Nyankopͻn, weinom ne yεn mmatahoofoᴐ no a na yɛfiri W’akyi su frε wͻn no. Enti wͻnso bεto asεm no ama wͻn sε: ”Nokorε sε moyε atorofoͻ”

16:87

وَأَلۡقَوۡاْ إِلَى ٱللَّهِ يَوۡمَئِذٍ ٱلسَّلَمَۖ وَضَلَّ عَنۡهُم مَّا كَانُواْ يَفۡتَرُونَ ﴿87﴾

Saa Da no, wͻde ahobraseε no (nyinaa) bεma Onyankopͻn nko ara, na nkontompo a wͻtwaeε no nyinaa bɛtu ayera wͻn.

16:88

ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ وَصَدُّواْ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِ زِدۡنَٰهُمۡ عَذَابٗا فَوۡقَ ٱلۡعَذَابِ بِمَا كَانُواْ يُفۡسِدُونَ ﴿88﴾

Wͻn a wͻyi boniayε na wͻsi (amanfoͻ) kwan firi Nyankopͻn kwan no soͻ no, Yεde asotwee bεka asotwee ho ama wͻn, εnam wͻn nsεmmͻnee a wͻdie no ho nti.

16:89

وَيَوۡمَ نَبۡعَثُ فِي كُلِّ أُمَّةٖ شَهِيدًا عَلَيۡهِم مِّنۡ أَنفُسِهِمۡۖ وَجِئۡنَا بِكَ شَهِيدًا عَلَىٰ هَـٰٓؤُلَآءِۚ وَنَزَّلۡنَا عَلَيۡكَ ٱلۡكِتَٰبَ تِبۡيَٰنٗا لِّكُلِّ شَيۡءٖ وَهُدٗى وَرَحۡمَةٗ وَبُشۡرَىٰ لِلۡمُسۡلِمِينَ ﴿89﴾

Ɛda a Yεbɛyi ͻdanseni afiri ͻman biara mu wͻ wͻn ara mu ama wͻn adi adanseε atia wͻn no, (Nkͻmhyεni), Yεde wo nso bεba ama wabɛdi weinom ho adanseε. Yɛasane Nwoma no a εkyerεkyerε biribiara mu pefee, na εkyerε kwan, na εyε ahummͻborͻ ne anigyesεm dema Muslimifoͻ no ama wo.

16:90

إِنَّ ٱللَّهَ يَأۡمُرُ بِٱلۡعَدۡلِ وَٱلۡإِحۡسَٰنِ وَإِيتَآيِٕ ذِي ٱلۡقُرۡبَىٰ وَيَنۡهَىٰ عَنِ ٱلۡفَحۡشَآءِ وَٱلۡمُنكَرِ وَٱلۡبَغۡيِۚ يَعِظُكُمۡ لَعَلَّكُمۡ تَذَكَّرُونَ ﴿90﴾

Nokorε sε, deε Nyankopͻn rehyε mo sε monyε ne: Nokorε die, ne ayεmyε, ԑna afei (mobεboa) abusua; afei Ɔrebra mo ahohwisεm ne amumuyε; (Nyankopͻn) retu mofo sεdeε mobεfa adwen.

16:91

وَأَوۡفُواْ بِعَهۡدِ ٱللَّهِ إِذَا عَٰهَدتُّمۡ وَلَا تَنقُضُواْ ٱلۡأَيۡمَٰنَ بَعۡدَ تَوۡكِيدِهَا وَقَدۡ جَعَلۡتُمُ ٱللَّهَ عَلَيۡكُمۡ كَفِيلًاۚ إِنَّ ٱللَّهَ يَعۡلَمُ مَا تَفۡعَلُونَ ﴿91﴾

Na monni Onyankopͻn apam no so, wͻ εberε a moayε apam no, na monhwε na moammu nsedie no so wͻ aberε a moama no adi mmu; na ampa sε mode Nyankopͻn ayε mo Kyitaafoͻ. Nokorε sε Nyankopͻn Nim dwuma a modie nyinaa.

16:92

وَلَا تَكُونُواْ كَٱلَّتِي نَقَضَتۡ غَزۡلَهَا مِنۢ بَعۡدِ قُوَّةٍ أَنكَٰثٗا تَتَّخِذُونَ أَيۡمَٰنَكُمۡ دَخَلَۢا بَيۡنَكُمۡ أَن تَكُونَ أُمَّةٌ هِيَ أَرۡبَىٰ مِنۡ أُمَّةٍۚ إِنَّمَا يَبۡلُوكُمُ ٱللَّهُ بِهِۦۚ وَلَيُبَيِّنَنَّ لَكُمۡ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ مَا كُنتُمۡ فِيهِ تَخۡتَلِفُونَ ﴿92﴾

Monhwε na moankͻyε tesε ͻbaa no a ɔfiraa n’asaawa na akyire yi a εyεε den no ͻtetee mu asinasin no. Mobεfa montam nsedie de adaadaa mo ho sε, nnipa kuo bi dͻͻso kyεn nnipa kuo foforͻ bi nti. (Wei ne deε) Nyankopͻn deyε mo nsͻhwε. Wusͻreε da no Ɔbεkyerεkyerε deε na monte mo ho ase wͻ ho no mu akyerε mo.

16:93

وَلَوۡ شَآءَ ٱللَّهُ لَجَعَلَكُمۡ أُمَّةٗ وَٰحِدَةٗ وَلَٰكِن يُضِلُّ مَن يَشَآءُ وَيَهۡدِي مَن يَشَآءُۚ وَلَتُسۡـَٔلُنَّ عَمَّا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ ﴿93﴾

Sε Nyankopᴐn pε a, anka Ɔyεε mo ͻman baako, na mmom ͻyera obi a Ɔpε, εna Ɔkyerε obi a Ɔpε no nso kwan. Ampa sε yεbɛbisa mo dwuma a modiiε no ho asεm.

16:94

وَلَا تَتَّخِذُوٓاْ أَيۡمَٰنَكُمۡ دَخَلَۢا بَيۡنَكُمۡ فَتَزِلَّ قَدَمُۢ بَعۡدَ ثُبُوتِهَا وَتَذُوقُواْ ٱلسُّوٓءَ بِمَا صَدَدتُّمۡ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِ وَلَكُمۡ عَذَابٌ عَظِيمٞ ﴿94﴾

Monhwε na moamfa mo nsedie annaadaa moho-moho, (sε εba saa a) εbεma (mo) nan a anka agyina pintinn no apatre (ama mo ahwease), na moakͻka bͻne ahwε εnam Nyankopͻn kwan a mosii (amanfoͻ kwan) wͻ ho no nti, εneε na asotwee kεseε bεyε mo dea.

16:95

وَلَا تَشۡتَرُواْ بِعَهۡدِ ٱللَّهِ ثَمَنٗا قَلِيلًاۚ إِنَّمَا عِندَ ٱللَّهِ هُوَ خَيۡرٞ لَّكُمۡ إِن كُنتُمۡ تَعۡلَمُونَ ﴿95﴾

Monhwε na εnam sika kakra bi ho nti moantͻn Nyankopͻn apam (no anni). Nokorε sε deε εwͻ Nyankopͻn hͻ no, εyε ma mo.

16:96

مَا عِندَكُمۡ يَنفَدُ وَمَا عِندَ ٱللَّهِ بَاقٖۗ وَلَنَجۡزِيَنَّ ٱلَّذِينَ صَبَرُوٓاْ أَجۡرَهُم بِأَحۡسَنِ مَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ ﴿96﴾

Deε εwͻ mo nkyεn no bɛtwam, na deε εwͻ Nyankopͻn hᴐ no deε εwͻ hͻ daa. Nokorε sε, wͻn a wͻsii aboterε no dwumadi pa a wͻdiiε no, yεbεma wͻn ho akatua pa paa.

16:97

مَنۡ عَمِلَ صَٰلِحٗا مِّن ذَكَرٍ أَوۡ أُنثَىٰ وَهُوَ مُؤۡمِنٞ فَلَنُحۡيِيَنَّهُۥ حَيَوٰةٗ طَيِّبَةٗۖ وَلَنَجۡزِيَنَّهُمۡ أَجۡرَهُم بِأَحۡسَنِ مَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ ﴿97﴾

Obi a ͻbɛdi dwuma pa bi no, sε ͻyε ͻbarima anaasε ͻbaa na ͻyε gyidieni a, Yεbεma no atena asetena pa mu, na ampa nso sε Yεbεma wͻn dwuma a wͻdiiε no so akatua pa paa.

16:98

فَإِذَا قَرَأۡتَ ٱلۡقُرۡءَانَ فَٱسۡتَعِذۡ بِٱللَّهِ مِنَ ٱلشَّيۡطَٰنِ ٱلرَّجِيمِ ﴿98﴾

Enti sε wokenkan Qur’aan a, hwehwε Nyankopͻn hͻ ntwitwagyeε firi ͻbonsam a yɛabͻ no dua ato no atwene no ho.

16:99

إِنَّهُۥ لَيۡسَ لَهُۥ سُلۡطَٰنٌ عَلَى ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَلَىٰ رَبِّهِمۡ يَتَوَكَّلُونَ ﴿99﴾

Nokorε sε ɔnni tumi wͻ wͻn a wͻagye adie na wͻde wͻn ho ato wͻn Wura Nyankopͻn soͻ no so.

16:100

إِنَّمَا سُلۡطَٰنُهُۥ عَلَى ٱلَّذِينَ يَتَوَلَّوۡنَهُۥ وَٱلَّذِينَ هُم بِهِۦ مُشۡرِكُونَ ﴿100﴾

Na mmom ne tumi no wͻ wͻn a wͻde wͻn ho ama no, na wͻfa no yͻnkoͻ no so, ne wͻn a wͻde biribi bata Nyankopͻn ho no.

16:101

وَإِذَا بَدَّلۡنَآ ءَايَةٗ مَّكَانَ ءَايَةٖ وَٱللَّهُ أَعۡلَمُ بِمَا يُنَزِّلُ قَالُوٓاْ إِنَّمَآ أَنتَ مُفۡتَرِۭۚ بَلۡ أَكۡثَرُهُمۡ لَا يَعۡلَمُونَ ﴿101﴾

Sε Yεsesa asεm bi de asεm (foforᴐ) bԑhyԑ anan mu a, Nyankopͻn Nim deε Wasane aba no. Deε wͻka ne sε: ”Wo ara na wabͻ woitri mu”. Ԑnte saa, wͻn mu dodoͻ no ara nnim.

16:102

قُلۡ نَزَّلَهُۥ رُوحُ ٱلۡقُدُسِ مِن رَّبِّكَ بِٱلۡحَقِّ لِيُثَبِّتَ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَهُدٗى وَبُشۡرَىٰ لِلۡمُسۡلِمِينَ ﴿102﴾

(Nkͻmhyεni), Ka sε: “Honhom kronkron (Ɔbͻfoͻ Gabriel) de Nokorε no na ɛsane firi wo Wura Nyankopͻn hͻ, sεdeε εbεma wͻn a wͻagye adie no agyina pintinn, na ayε kwankyerε ne anigyesεm ama Muslimifoͻ no.

16:103

وَلَقَدۡ نَعۡلَمُ أَنَّهُمۡ يَقُولُونَ إِنَّمَا يُعَلِّمُهُۥ بَشَرٞۗ لِّسَانُ ٱلَّذِي يُلۡحِدُونَ إِلَيۡهِ أَعۡجَمِيّٞ وَهَٰذَا لِسَانٌ عَرَبِيّٞ مُّبِينٌ ﴿103﴾

Ampa sε Yɛnim sε wͻkeka sε: ‘’Onipa na ͻkyerε no’’. Obi a wͻn adwen amane kͻ sε (ͻno na ͻkyerε woͻ no) ͻka potͻ kasa, (anaasε saa nipa no nte Arab kasa), (Qur’aan) wei nso yε Arab kasa pefee.

16:104

إِنَّ ٱلَّذِينَ لَا يُؤۡمِنُونَ بِـَٔايَٰتِ ٱللَّهِ لَا يَهۡدِيهِمُ ٱللَّهُ وَلَهُمۡ عَذَابٌ أَلِيمٌ ﴿104﴾

Nokorε sε, wͻn a wͻnnye Nyankopͻn Nsεm no nnie no, Nyankopͻn nkyerε wͻn kwan, na wͻwͻ asotwee a εyε ya paa.

16:105

إِنَّمَا يَفۡتَرِي ٱلۡكَذِبَ ٱلَّذِينَ لَا يُؤۡمِنُونَ بِـَٔايَٰتِ ٱللَّهِۖ وَأُوْلَـٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡكَٰذِبُونَ ﴿105﴾

Wͻn a wͻfa Nyankopͻn Nsεm no sε atorͻsεm, na wͻbͻ wͻn tirim twa nkontompo no, saa nkorͻfoͻ no ne atorofoͻ no.

16:106

مَن كَفَرَ بِٱللَّهِ مِنۢ بَعۡدِ إِيمَٰنِهِۦٓ إِلَّا مَنۡ أُكۡرِهَ وَقَلۡبُهُۥ مُطۡمَئِنُّۢ بِٱلۡإِيمَٰنِ وَلَٰكِن مَّن شَرَحَ بِٱلۡكُفۡرِ صَدۡرٗا فَعَلَيۡهِمۡ غَضَبٞ مِّنَ ٱللَّهِ وَلَهُمۡ عَذَابٌ عَظِيمٞ ﴿106﴾

Obi a ne gyedie akyi wapo Nyankopͻn; - εnyε obi a yɛahyε no so (sε ͻmpo Nyame), na gyidie ho abotͻyεmu wͻ n’akoma mu- na mmom obi a wabue n’akoma mu ama boniayε no, Nyankopͻn abufuo wͻ wͻn so, na wͻwͻ asotwee kεseɛ (retwεn wͻn).

16:107

ذَٰلِكَ بِأَنَّهُمُ ٱسۡتَحَبُّواْ ٱلۡحَيَوٰةَ ٱلدُّنۡيَا عَلَى ٱلۡأٓخِرَةِ وَأَنَّ ٱللَّهَ لَا يَهۡدِي ٱلۡقَوۡمَ ٱلۡكَٰفِرِينَ ﴿107﴾

Ɛne sε, wͻpε wiase kyεn Daakye no. Nokorε sε Nyankopͻn deε Ɔnkyerε boniayεfoͻ no kwan.

16:108

أُوْلَـٰٓئِكَ ٱلَّذِينَ طَبَعَ ٱللَّهُ عَلَىٰ قُلُوبِهِمۡ وَسَمۡعِهِمۡ وَأَبۡصَٰرِهِمۡۖ وَأُوْلَـٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡغَٰفِلُونَ ﴿108﴾

Saa nkorͻfoͻ no na Nyankopͻn atua wͻn akoma ne wͻn aso ne wͻn ani no, na wͻn na wͻn werε afiri (wͻn ho no).

16:109

لَا جَرَمَ أَنَّهُمۡ فِي ٱلۡأٓخِرَةِ هُمُ ٱلۡخَٰسِرُونَ ﴿109﴾

Akyinnyeε biara nni ho sε, Daakye no wͻne berεguofoͻ no.

16:110

ثُمَّ إِنَّ رَبَّكَ لِلَّذِينَ هَاجَرُواْ مِنۢ بَعۡدِ مَا فُتِنُواْ ثُمَّ جَٰهَدُواْ وَصَبَرُوٓاْ إِنَّ رَبَّكَ مِنۢ بَعۡدِهَا لَغَفُورٞ رَّحِيمٞ ﴿110﴾

Afei nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn bεyε ama wͻn a yεhyεε wͻn aniεyaa, na akyire yi wͻtuu amantuo na afei wͻbͻͻ mmͻden na wͻnyaa aboterε no, nokorε sε εno akyi no wo Wura Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

16:111

يَوۡمَ تَأۡتِي كُلُّ نَفۡسٖ تُجَٰدِلُ عَن نَّفۡسِهَا وَتُوَفَّىٰ كُلُّ نَفۡسٖ مَّا عَمِلَتۡ وَهُمۡ لَا يُظۡلَمُونَ ﴿111﴾

Ɛda no a akra nyinaa bεba, na obiara repere ne ti no, yεde ͻkra biara dwuma a ɔdiiε ho akatua pεpεεpε bεma no a yɛnni wͻn amim.

16:112

وَضَرَبَ ٱللَّهُ مَثَلٗا قَرۡيَةٗ كَانَتۡ ءَامِنَةٗ مُّطۡمَئِنَّةٗ يَأۡتِيهَا رِزۡقُهَا رَغَدٗا مِّن كُلِّ مَكَانٖ فَكَفَرَتۡ بِأَنۡعُمِ ٱللَّهِ فَأَذَٰقَهَا ٱللَّهُ لِبَاسَ ٱلۡجُوعِ وَٱلۡخَوۡفِ بِمَا كَانُواْ يَصۡنَعُونَ ﴿112﴾

Onyankopͻn reyε mfatoho bi: “Na kuro bi wͻ hͻ a asomdwoeε ne ahotᴐ wͻ mu a emu akͻnhoma firi mmea mmea ahodoͻ nyinaa ba ma no bu soͻ. Nanso wͻpoo Nyankopͻn adom no. Enti Nyankopͻn maa wͻkaa ͻkͻm paa ne ehu hwεe, εnam deε wͻyͻeε no ho nti“.

16:113

وَلَقَدۡ جَآءَهُمۡ رَسُولٞ مِّنۡهُمۡ فَكَذَّبُوهُ فَأَخَذَهُمُ ٱلۡعَذَابُ وَهُمۡ ظَٰلِمُونَ ﴿113﴾

Ampa sε Ɔsomafoͻ firi wͻn mu baa wͻn hͻ nanso wannye no anni, enti asotwee no too wͻn wͻ berε a na wͻyε abͻneεfoͻ.

16:114

فَكُلُواْ مِمَّا رَزَقَكُمُ ٱللَّهُ حَلَٰلٗا طَيِّبٗا وَٱشۡكُرُواْ نِعۡمَتَ ٱللَّهِ إِن كُنتُمۡ إِيَّاهُ تَعۡبُدُونَ ﴿114﴾

Enti monni deε Nyankopͻn de abͻ mo akͻnhoma no a εkwan wͻ ho na εyε, na monyi Nyankopͻn adom no ho ayε, sε Ɔno na moresom no ampa a.

16:115

إِنَّمَا حَرَّمَ عَلَيۡكُمُ ٱلۡمَيۡتَةَ وَٱلدَّمَ وَلَحۡمَ ٱلۡخِنزِيرِ وَمَآ أُهِلَّ لِغَيۡرِ ٱللَّهِ بِهِۦۖ فَمَنِ ٱضۡطُرَّ غَيۡرَ بَاغٖ وَلَا عَادٖ فَإِنَّ ٱللَّهَ غَفُورٞ رَّحِيمٞ ﴿115﴾

Deε Wabra mo ne aboafunu (anaasε aboa a ͻno ara awuo), ne mogya, ne prako-nam, ne deε yabͻ edin foforͻ bi a εnyε Nyankopͻn din na agu so aku no; na mmom obi a ahokyerε de no bεkͻ mu, na εnyε boapayͻ anaa (adwen) bͻne no, εneε nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔno ara nso ne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

16:116

وَلَا تَقُولُواْ لِمَا تَصِفُ أَلۡسِنَتُكُمُ ٱلۡكَذِبَ هَٰذَا حَلَٰلٞ وَهَٰذَا حَرَامٞ لِّتَفۡتَرُواْ عَلَى ٱللَّهِ ٱلۡكَذِبَۚ إِنَّ ٱلَّذِينَ يَفۡتَرُونَ عَلَى ٱللَّهِ ٱلۡكَذِبَ لَا يُفۡلِحُونَ ﴿116﴾

Monhwε na moamfa mo kεterεma ankeka nkontomposεm a mokeka no sε: “Wei deε (Halaal) εkwan wͻ ho, na wei deε (Haraam) yɛabra (aberε a monni nyinasoͻ biara) sεdeε mobεbͻ motirim atwa nkontompo ato Nyankopͻn soͻ“. Nokorε sε wͻn a wͻbͻ wͻn tirim twa nkontompo to Nyankopͻn soͻ no nni nkonim.

16:117

مَتَٰعٞ قَلِيلٞ وَلَهُمۡ عَذَابٌ أَلِيمٞ ﴿117﴾

(Wᴐn) anigyeε no yε kakraabi; na wͻwͻ asotwee a εyε ya paa.

16:118

وَعَلَى ٱلَّذِينَ هَادُواْ حَرَّمۡنَا مَا قَصَصۡنَا عَلَيۡكَ مِن قَبۡلُۖ وَمَا ظَلَمۡنَٰهُمۡ وَلَٰكِن كَانُوٓاْ أَنفُسَهُمۡ يَظۡلِمُونَ ﴿118﴾

Wͻn a wͻyε Yudafoͻ no nso, Yεbraa wͻn deε Yɛadikan aka ho asεm akyerε woͻ no. Yɛanni wͻn amim na mmom wͻn ara na wͻdii wͻn ho amim.

16:119

ثُمَّ إِنَّ رَبَّكَ لِلَّذِينَ عَمِلُواْ ٱلسُّوٓءَ بِجَهَٰلَةٖ ثُمَّ تَابُواْ مِنۢ بَعۡدِ ذَٰلِكَ وَأَصۡلَحُوٓاْ إِنَّ رَبَّكَ مِنۢ بَعۡدِهَا لَغَفُورٞ رَّحِيمٌ ﴿119﴾

Afei nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn, wͻn a wͻyε bͻne na wͻnnim na akyire yi wͻsakra wͻn adwen na wͻdi dwuma pa no nokorε, εno akyi no, wo Wura Nyankopͻn Ɔne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

16:120

إِنَّ إِبۡرَٰهِيمَ كَانَ أُمَّةٗ قَانِتٗا لِّلَّهِ حَنِيفٗا وَلَمۡ يَكُ مِنَ ٱلۡمُشۡرِكِينَ ﴿120﴾

Nokorε sε, na Abraham yε ͻman anaa onipa a yεhwε no sua ne soͻ; ͻbrεε ne ho ase demaa Nyankopͻn, na ͻtene, na na ͻnka abosomsomfoͻ no ho.

16:121

شَاكِرٗا لِّأَنۡعُمِهِۚ ٱجۡتَبَىٰهُ وَهَدَىٰهُ إِلَىٰ صِرَٰطٖ مُّسۡتَقِيمٖ ﴿121﴾

(Na ͻyε onipa a) ͻwͻ nkaeε wͻ Nyankopͻn adom no ho. Onyankopͻn yii no, εna Ɔkyerεε no kwan kͻͻ kwan tenenee no soͻ.

16:122

وَءَاتَيۡنَٰهُ فِي ٱلدُّنۡيَا حَسَنَةٗۖ وَإِنَّهُۥ فِي ٱلۡأٓخِرَةِ لَمِنَ ٱلصَّـٰلِحِينَ ﴿122﴾

Yεmaa no wiase asetena pa, na nokorε sε Daakye no mu no ͻka apapafoͻ no ho.

16:123

ثُمَّ أَوۡحَيۡنَآ إِلَيۡكَ أَنِ ٱتَّبِعۡ مِلَّةَ إِبۡرَٰهِيمَ حَنِيفٗاۖ وَمَا كَانَ مِنَ ٱلۡمُشۡرِكِينَ ﴿123﴾

(Nkͻmhyεni), afei Yɛayi ama wo sε: ”Di ͻteneneeni Abraham som no akyi, na ͻnka abosomsomfoͻ no ho.

16:124

إِنَّمَا جُعِلَ ٱلسَّبۡتُ عَلَى ٱلَّذِينَ ٱخۡتَلَفُواْ فِيهِۚ وَإِنَّ رَبَّكَ لَيَحۡكُمُ بَيۡنَهُمۡ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ فِيمَا كَانُواْ فِيهِ يَخۡتَلِفُونَ ﴿124﴾

Sabat no deε yεyε demaa wᴐn (Yudafoͻ) no a wͻgye ho akyinnyeε no. Nokorε sε wo Wura Nyankopᴐn bɛbu wɔn ntam atεn wͻ deε wͻgye ho akyinnyeε no wͻ Wusͻreε da.

16:125

ٱدۡعُ إِلَىٰ سَبِيلِ رَبِّكَ بِٱلۡحِكۡمَةِ وَٱلۡمَوۡعِظَةِ ٱلۡحَسَنَةِۖ وَجَٰدِلۡهُم بِٱلَّتِي هِيَ أَحۡسَنُۚ إِنَّ رَبَّكَ هُوَ أَعۡلَمُ بِمَن ضَلَّ عَن سَبِيلِهِۦ وَهُوَ أَعۡلَمُ بِٱلۡمُهۡتَدِينَ ﴿125﴾

Fa adwen no ne afutupa no frε (amanfoͻ) kͻ wo Wura Nyankopͻn kwan no so, na wone wͻn nnye akyinnye wͻ kwan pa so. Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn na Ɔnim obi a wayera afiri Nekwan no soͻ, εna Ɔnim wͻn nso a wͻanya tenenee no.

16:126

وَإِنۡ عَاقَبۡتُمۡ فَعَاقِبُواْ بِمِثۡلِ مَا عُوقِبۡتُم بِهِۦۖ وَلَئِن صَبَرۡتُمۡ لَهُوَ خَيۡرٞ لِّلصَّـٰبِرِينَ ﴿126﴾

Sε moretua wͻn so ka (wͻ aniεyaa a wͻde ahyε mo no) a, εneε montwe wͻn aso pεpεεpε sεdeε wͻhyεε mo aniεyaa no ara. Na mmom sε monya aboterε nso a, anka εno na εyε dema aboterεfoͻ no.

16:127

وَٱصۡبِرۡ وَمَا صَبۡرُكَ إِلَّا بِٱللَّهِۚ وَلَا تَحۡزَنۡ عَلَيۡهِمۡ وَلَا تَكُ فِي ضَيۡقٖ مِّمَّا يَمۡكُرُونَ ﴿127﴾

Enti (Nkͻmhyεni), si aboterε, na w’aboterε no bɛfiri Nyankopͻn mmoa mu, na εmma wo werε nho wͻ wͻn ho, na εnha wo ho wͻ wͻn adwen (bͻne) a wͻrefa no ho.

16:128

إِنَّ ٱللَّهَ مَعَ ٱلَّذِينَ ٱتَّقَواْ وَّٱلَّذِينَ هُم مُّحۡسِنُونَ ﴿128﴾

Nokorε sε, Nyankopͻn ka wͻn a wͻsuro Nyame, ne wͻn a wͻyε ayεmyε no ho.

17:1

سُبۡحَٰنَ ٱلَّذِيٓ أَسۡرَىٰ بِعَبۡدِهِۦ لَيۡلٗا مِّنَ ٱلۡمَسۡجِدِ ٱلۡحَرَامِ إِلَى ٱلۡمَسۡجِدِ ٱلۡأَقۡصَا ٱلَّذِي بَٰرَكۡنَا حَوۡلَهُۥ لِنُرِيَهُۥ مِنۡ ءَايَٰتِنَآۚ إِنَّهُۥ هُوَ ٱلسَّمِيعُ ٱلۡبَصِيرُ ﴿1﴾

Kronkron Hene no ne Nea Ɔde Na’koa (Muhammad) tuu kwan anadwo firi (Maka) Nyamedan kronkron no ho kͻͻ (Yerusalam) Aqsoa Nyamedan a nhyira atwa ho ahyia no ho no, sεdeε Yεbεkyerε no Yεn nsεnkyerεnee no mu bi. Nokorε sε Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara na Ɔno ara nso na Ohunu biribiara.

17:2

وَءَاتَيۡنَا مُوسَى ٱلۡكِتَٰبَ وَجَعَلۡنَٰهُ هُدٗى لِّبَنِيٓ إِسۡرَـٰٓءِيلَ أَلَّا تَتَّخِذُواْ مِن دُونِي وَكِيلٗا ﴿2﴾

Yεde Nwoma no maa Mose, na Yε’yεε no kwankyerε (Nwoma) demaa Israel mma no sε: ”Monhwε na moanfri M’akyi amfa okyitaafoͻ biara,

17:3

ذُرِّيَّةَ مَنۡ حَمَلۡنَا مَعَ نُوحٍۚ إِنَّهُۥ كَانَ عَبۡدٗا شَكُورٗا ﴿3﴾

(Agyidiefoͻ) a Yεsoaa wͻn (wͻ nhyεmma no mu) kaa Noa ho no asefoͻ!” Nokorε sε na Noa yε (Nyankopͻn) akoa a oyi ayε (anaasε ͻwͻ nkaeε).

17:4

وَقَضَيۡنَآ إِلَىٰ بَنِيٓ إِسۡرَـٰٓءِيلَ فِي ٱلۡكِتَٰبِ لَتُفۡسِدُنَّ فِي ٱلۡأَرۡضِ مَرَّتَيۡنِ وَلَتَعۡلُنَّ عُلُوّٗا كَبِيرٗا ﴿4﴾

Yεdaa no adi maa Israel mma no wͻ Nwoma no mu sε: “Mobεyε bͻne wͻ asaase no so mprenu, na mobεyε asoͻden ne ahomasoͻ kεse”.

17:5

فَإِذَا جَآءَ وَعۡدُ أُولَىٰهُمَا بَعَثۡنَا عَلَيۡكُمۡ عِبَادٗا لَّنَآ أُوْلِي بَأۡسٖ شَدِيدٖ فَجَاسُواْ خِلَٰلَ ٱلدِّيَارِۚ وَكَانَ وَعۡدٗا مَّفۡعُولٗا ﴿5﴾

Ɛberε a kͻkͻbͻ no mmienu mu deε edikan no baeε no, Yεsomaa Yε nkoa a wͻn akodie mu yεden baa mo so. Wͻ’wurawuraa afie mu hwehwεε mu. Na εyε kͻkͻbͻ a εyεε hͻ.

17:6

ثُمَّ رَدَدۡنَا لَكُمُ ٱلۡكَرَّةَ عَلَيۡهِمۡ وَأَمۡدَدۡنَٰكُم بِأَمۡوَٰلٖ وَبَنِينَ وَجَعَلۡنَٰكُمۡ أَكۡثَرَ نَفِيرًا ﴿6﴾

Afei Yεmaa mo kwan bio maa modii wͻn so nkonim. Na Yεmaa mo sika ne mma, na yεmaa mo dͻͻso wͻ ahoͻden mu.

17:7

إِنۡ أَحۡسَنتُمۡ أَحۡسَنتُمۡ لِأَنفُسِكُمۡۖ وَإِنۡ أَسَأۡتُمۡ فَلَهَاۚ فَإِذَا جَآءَ وَعۡدُ ٱلۡأٓخِرَةِ لِيَسُـُٔواْ وُجُوهَكُمۡ وَلِيَدۡخُلُواْ ٱلۡمَسۡجِدَ كَمَا دَخَلُوهُ أَوَّلَ مَرَّةٖ وَلِيُتَبِّرُواْ مَا عَلَوۡاْ تَتۡبِيرًا ﴿7﴾

Sε moyε papa a, moyε papa ma mo kraa, sε moyε bͻne nso a etia no. Enti εberε a kͻkͻbͻ a etwa toͻ no baeε no (Yεmaa atamfoͻ no kwan) sεdeε wͻbεsεe moanim (anaa wͻbegu moanim aseε), na wͻbewuraa Nyame-dan no mu sεdeε wͻwuraa mu kane no, sεdeε wͻbεsεe deε wͻn nsa bεka biara korakorakora.

17:8

عَسَىٰ رَبُّكُمۡ أَن يَرۡحَمَكُمۡۚ وَإِنۡ عُدتُّمۡ عُدۡنَاۚ وَجَعَلۡنَا جَهَنَّمَ لِلۡكَٰفِرِينَ حَصِيرًا ﴿8﴾

Ebia mo Wura Nyankopͻn behu mo mmͻbͻ. Na sε mosan (kͻ bͻne mu bio) a, Yεbεsan (atwe moaso). Na Yayε Amane-hunu gya no afiase ama boniayεfoͻ no.

17:9

إِنَّ هَٰذَا ٱلۡقُرۡءَانَ يَهۡدِي لِلَّتِي هِيَ أَقۡوَمُ وَيُبَشِّرُ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ ٱلَّذِينَ يَعۡمَلُونَ ٱلصَّـٰلِحَٰتِ أَنَّ لَهُمۡ أَجۡرٗا كَبِيرٗا ﴿9﴾

Nokorε sε, saa Qur’aan yi kyerε (nnipa) kwan kᴐ deε εyε paa, na εbͻ agyidiefoͻ no a wͻredi dwuma pa no anohoba sε, wͻn wͻ akatua kεseε paa (da wͻn anim).

17:10

وَأَنَّ ٱلَّذِينَ لَا يُؤۡمِنُونَ بِٱلۡأٓخِرَةِ أَعۡتَدۡنَا لَهُمۡ عَذَابًا أَلِيمٗا ﴿10﴾

Wͻn a wͻ nnye Daakye no nnie no nso Yasiesie asotwe a εyε ya paa ama wͻn (wͻ Daakye Atemmuda).

17:11

وَيَدۡعُ ٱلۡإِنسَٰنُ بِٱلشَّرِّ دُعَآءَهُۥ بِٱلۡخَيۡرِۖ وَكَانَ ٱلۡإِنسَٰنُ عَجُولٗا ﴿11﴾

Sԑdeԑ anka ԑsԑsԑ onipa bͻ mpae pa no ᴐbͻ mpae bᴐne efrisε, onipa yε mpepreho.

17:12

وَجَعَلۡنَا ٱلَّيۡلَ وَٱلنَّهَارَ ءَايَتَيۡنِۖ فَمَحَوۡنَآ ءَايَةَ ٱلَّيۡلِ وَجَعَلۡنَآ ءَايَةَ ٱلنَّهَارِ مُبۡصِرَةٗ لِّتَبۡتَغُواْ فَضۡلٗا مِّن رَّبِّكُمۡ وَلِتَعۡلَمُواْ عَدَدَ ٱلسِّنِينَ وَٱلۡحِسَابَۚ وَكُلَّ شَيۡءٖ فَصَّلۡنَٰهُ تَفۡصِيلٗا ﴿12﴾

Yayε adesaeε ne adekyeε nsεn-kyerεnee mmienu: Yεma adesaeε (sum) nsεnkyerεnee no fri hͻ, εna Yama adekyeε {hann) nsεnkyerεnee no da adi pefee, sεdeε mode bεhwehwε mo Wura Nyankopͻn hͻ adom, ne sεdeε mode behunu mfi dodoͻ ne nkontabuo. Yakyerεkyerε biribiara mu ada no adi pefee.

17:13

وَكُلَّ إِنسَٰنٍ أَلۡزَمۡنَٰهُ طَـٰٓئِرَهُۥ فِي عُنُقِهِۦۖ وَنُخۡرِجُ لَهُۥ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ كِتَٰبٗا يَلۡقَىٰهُ مَنشُورًا ﴿13﴾

Yεde onipa biara dwumadie (anaa nehyԑberԑ) asεn nekͻn mu, na Yεbeyi no adi akyerε no wͻ Wusͻreε da no, na ͻbehunu no (tesε) nwoma a yabue mu.

17:14

ٱقۡرَأۡ كِتَٰبَكَ كَفَىٰ بِنَفۡسِكَ ٱلۡيَوۡمَ عَلَيۡكَ حَسِيبٗا ﴿14﴾

(Yεbεka akyerε no sε): “Kenkan wo nwoma. Wo ara wo som bo (sε) wobu woho akonta nnԑ da yi“.

17:15

مَّنِ ٱهۡتَدَىٰ فَإِنَّمَا يَهۡتَدِي لِنَفۡسِهِۦۖ وَمَن ضَلَّ فَإِنَّمَا يَضِلُّ عَلَيۡهَاۚ وَلَا تَزِرُ وَازِرَةٞ وِزۡرَ أُخۡرَىٰۗ وَمَا كُنَّا مُعَذِّبِينَ حَتَّىٰ نَبۡعَثَ رَسُولٗا ﴿15﴾

Obia ͻbεtenee no, ͻtene ma ne ho; na obi a ͻbεyera no nso ͻyera tia ͻno ara ne kraa. Obi a ͻso adesoa no nnsoa obi foforͻ adesoa. Na yεnntwe (nnipa bi) aso, gyesε Yetu ͻsomafoͻ (ba wͻn hͻ bεbͻ wͻn kͻkͻ) ansa.

17:16

وَإِذَآ أَرَدۡنَآ أَن نُّهۡلِكَ قَرۡيَةً أَمَرۡنَا مُتۡرَفِيهَا فَفَسَقُواْ فِيهَا فَحَقَّ عَلَيۡهَا ٱلۡقَوۡلُ فَدَمَّرۡنَٰهَا تَدۡمِيرٗا ﴿16﴾

Sε Yεpε sε Yεsεe kuro bi a, (Yedi kan) de ahyεdeε berε emu adefoͻ no, na w’ayε ho bͻne, na asεm no nokorε no atia wͻn, na Yasεe ͻman no pasaa.

17:17

وَكَمۡ أَهۡلَكۡنَا مِنَ ٱلۡقُرُونِ مِنۢ بَعۡدِ نُوحٖۗ وَكَفَىٰ بِرَبِّكَ بِذُنُوبِ عِبَادِهِۦ خَبِيرَۢا بَصِيرٗا ﴿17﴾

Awoͻ ntoatoasoͻ dodoͻ sεn na Yasεe wͻn wͻ Noa akyi? Wo Wura Nyankopͻn som bo sε Ɔbͻ N’akoa bͻne a ͻyε ho amaneε, na N’ani tua biribiara.

17:18

مَّن كَانَ يُرِيدُ ٱلۡعَاجِلَةَ عَجَّلۡنَا لَهُۥ فِيهَا مَا نَشَآءُ لِمَن نُّرِيدُ ثُمَّ جَعَلۡنَا لَهُۥ جَهَنَّمَ يَصۡلَىٰهَا مَذۡمُومٗا مَّدۡحُورٗا ﴿18﴾

Obi a ͻpε (wiase asetena) a εde ntεm pε retwa mu kͻ yi, Yεyε no ntεm de mu deε Yεpε ma nea Yεpε. Afei na Yayε Amanehunu gya no ama no; yεbεhye no agu n’anim ase ayi no ama.

17:19

وَمَنۡ أَرَادَ ٱلۡأٓخِرَةَ وَسَعَىٰ لَهَا سَعۡيَهَا وَهُوَ مُؤۡمِنٞ فَأُوْلَـٰٓئِكَ كَانَ سَعۡيُهُم مَّشۡكُورٗا ﴿19﴾

Obi nso a ͻpε Daakye no na ͻbͻͻ ho mmͻden biara a εsεsε ͻbͻ, na (saa nipa no) yε gyidieni no, saa nkorͻfoͻ no mmͻdemmͻ no ho wͻ aseda (anaasε akatua a εsom bo).

17:20

كُلّٗا نُّمِدُّ هَـٰٓؤُلَآءِ وَهَـٰٓؤُلَآءِ مِنۡ عَطَآءِ رَبِّكَۚ وَمَا كَانَ عَطَآءُ رَبِّكَ مَحۡظُورًا ﴿20﴾

Wo Wura Nyankopͻn akyεdeε no mu, Yεde ma obiara, woi anaasε woi. (Biribiara) nnsi wo Wura Nyankopͻn akyεdeε no kwan sε yεde bεma obi.

17:21

ٱنظُرۡ كَيۡفَ فَضَّلۡنَا بَعۡضَهُمۡ عَلَىٰ بَعۡضٖۚ وَلَلۡأٓخِرَةُ أَكۡبَرُ دَرَجَٰتٖ وَأَكۡبَرُ تَفۡضِيلٗا ﴿21﴾

Hwε sεdeε Yasi ama nnipa no bi so akyεn ebinom. Nokorε sε Daakye gyinaberε no na εsoo paa (na εhͻ) na abaso bͻ kεseε paa no (wͻ).

17:22

لَّا تَجۡعَلۡ مَعَ ٱللَّهِ إِلَٰهًا ءَاخَرَ فَتَقۡعُدَ مَذۡمُومٗا مَّخۡذُولٗا ﴿22﴾

Hwε na wanfa awurade foforͻ bi anka Nyankopͻn ho, anhwε a watena ase (wͻ Amanehunu gyem wͻ) animguaseε ne ahokyere mu.