quranm◉

Hizb 55

Range
from 58:14 to 63:3
Surahs covered
Nkyerɛase
74 Nkyerɛase

◉

58:14

أَلَمۡ تَرَ إِلَى ٱلَّذِينَ تَوَلَّوۡاْ قَوۡمًا غَضِبَ ٱللَّهُ عَلَيۡهِم مَّا هُم مِّنكُمۡ وَلَا مِنۡهُمۡ وَيَحۡلِفُونَ عَلَى ٱلۡكَذِبِ وَهُمۡ يَعۡلَمُونَ ﴿14﴾

Wonhunuu wͻn a wͻfa wͻn a Nyankopͻn abufuo wͻ wͻn soͻ no ayͻnkoͻ no? Wͻnka mo (agyidiefoͻ no) ho, εna wͻnka wͻn (Yudafoͻ no) ho nso, na wͻdi nse wͻ nkontompo so aberε nso a wͻnim (sε asεm a wͻredi ho nseε no nyε nokorε).

58:15

أَعَدَّ ٱللَّهُ لَهُمۡ عَذَابٗا شَدِيدًاۖ إِنَّهُمۡ سَآءَ مَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ ﴿15﴾

Nyankopͻn asiesie asotwee a εyε ya paa ato wͻn hͻ. Nokorε sε bͻne paa na wͻreyε no.

58:16

ٱتَّخَذُوٓاْ أَيۡمَٰنَهُمۡ جُنَّةٗ فَصَدُّواْ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِ فَلَهُمۡ عَذَابٞ مُّهِينٞ ﴿16﴾

Wͻde wͻn nsedie no ayε kyεm, enti wͻsi (amanfoͻ) kwan firi Nyankopͻn kwan no so. Enti wͻbɛnya animguaseε asotwee.

58:17

لَّن تُغۡنِيَ عَنۡهُمۡ أَمۡوَٰلُهُمۡ وَلَآ أَوۡلَٰدُهُم مِّنَ ٱللَّهِ شَيۡـًٔاۚ أُوْلَـٰٓئِكَ أَصۡحَٰبُ ٱلنَّارِۖ هُمۡ فِيهَا خَٰلِدُونَ ﴿17﴾

Wͻn agyapadeε ne wͻn mma no ho mma mfasoͻ biara mma wͻn ntia Nyankopͻn . Saa nkrͻfoͻ no ne Egya no mu foͻ no; emu na wͻbεtena afe bͻͻ.

58:18

يَوۡمَ يَبۡعَثُهُمُ ٱللَّهُ جَمِيعٗا فَيَحۡلِفُونَ لَهُۥ كَمَا يَحۡلِفُونَ لَكُمۡ وَيَحۡسَبُونَ أَنَّهُمۡ عَلَىٰ شَيۡءٍۚ أَلَآ إِنَّهُمۡ هُمُ ٱلۡكَٰذِبُونَ ﴿18﴾

Ɛda a Nyankopɔn bɛnyane wͻn nyinaa no, wͻbɛdi nse akyerε no sεdeε wͻredi nse akyerε mo yi, na wͻn adwen yε wͻn sε wͻn wͻ nyinasoͻ bi. Nokorε sε wͻn ne nkontompofoͻ no.

58:19

ٱسۡتَحۡوَذَ عَلَيۡهِمُ ٱلشَّيۡطَٰنُ فَأَنسَىٰهُمۡ ذِكۡرَ ٱللَّهِۚ أُوْلَـٰٓئِكَ حِزۡبُ ٱلشَّيۡطَٰنِۚ أَلَآ إِنَّ حِزۡبَ ٱلشَّيۡطَٰنِ هُمُ ٱلۡخَٰسِرُونَ ﴿19﴾

Ɔbonsam adi wͻn so nkonim, enti wama wͻn werε afri Nyankopͻn ho nkakaeε. Saa nkorͻfoͻ no ne ͻbonsam fekuo no. Nokorε sε ͻbonsam fekuo no ne brεguofoͻ no.

58:20

إِنَّ ٱلَّذِينَ يُحَآدُّونَ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥٓ أُوْلَـٰٓئِكَ فِي ٱلۡأَذَلِّينَ ﴿20﴾

Nokorε sε wͻn a wͻko tia Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no, saa nkorͻfoͻ no bεka animguaseεfoͻ no ho.

58:21

كَتَبَ ٱللَّهُ لَأَغۡلِبَنَّ أَنَا۠ وَرُسُلِيٓۚ إِنَّ ٱللَّهَ قَوِيٌّ عَزِيزٞ ﴿21﴾

Nyankopͻn ahyehyε sε: “Ampa sε Me ne M’asomafoͻ no bɛdi nkonim”. Nokorε sε Nyankopͻn Ne Ɔhoͻdenfoͻ, na Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε.

58:22

لَّا تَجِدُ قَوۡمٗا يُؤۡمِنُونَ بِٱللَّهِ وَٱلۡيَوۡمِ ٱلۡأٓخِرِ يُوَآدُّونَ مَنۡ حَآدَّ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥ وَلَوۡ كَانُوٓاْ ءَابَآءَهُمۡ أَوۡ أَبۡنَآءَهُمۡ أَوۡ إِخۡوَٰنَهُمۡ أَوۡ عَشِيرَتَهُمۡۚ أُوْلَـٰٓئِكَ كَتَبَ فِي قُلُوبِهِمُ ٱلۡإِيمَٰنَ وَأَيَّدَهُم بِرُوحٖ مِّنۡهُۖ وَيُدۡخِلُهُمۡ جَنَّـٰتٖ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُ خَٰلِدِينَ فِيهَاۚ رَضِيَ ٱللَّهُ عَنۡهُمۡ وَرَضُواْ عَنۡهُۚ أُوْلَـٰٓئِكَ حِزۡبُ ٱللَّهِۚ أَلَآ إِنَّ حِزۡبَ ٱللَّهِ هُمُ ٱلۡمُفۡلِحُونَ ﴿22﴾

Wonnya amanfoͻ bi a wͻgye Nyankopͻn ne Da a etwa toͻ no die, na wͻpε wͻn a wͻko tia Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no asεm; sε (saa nnipa no) yε wͻn agyanom anaasε wͻn mma anaasε wͻyε wͻn nnuanom anaasε wͻn abusuafoͻ mpo a. Saa nkorͻfoͻ no na Nyankopͻn atwerε gyidie ahyε wͻn akoma mu, de Honhom a efri Ne hͻ ahyε wͻn den, na Ɔde wͻn bεkͻ Aheman no a nsubͻnten nenam aseε no mu, emu na wͻbεtena. Nyankopͻn agye wͻn atum, εna wͻn nso agye no atum. Saa nkorͻfoͻ no ne Nyankopͻn Fekuo no. Nokorε sε, Onyankopͻn Fekuo no ne nkonimdifoͻ no.

59:1

سَبَّحَ لِلَّهِ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِۖ وَهُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡحَكِيمُ ﴿1﴾

Adeε a εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa bͻ Nyankopͻn abodin; Ɔne Otumfoͻ a Ɔtumi ade nyinaa yε, Ɔne Nyansafoͻ no.

59:2

هُوَ ٱلَّذِيٓ أَخۡرَجَ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ مِنۡ أَهۡلِ ٱلۡكِتَٰبِ مِن دِيَٰرِهِمۡ لِأَوَّلِ ٱلۡحَشۡرِۚ مَا ظَنَنتُمۡ أَن يَخۡرُجُواْۖ وَظَنُّوٓاْ أَنَّهُم مَّانِعَتُهُمۡ حُصُونُهُم مِّنَ ٱللَّهِ فَأَتَىٰهُمُ ٱللَّهُ مِنۡ حَيۡثُ لَمۡ يَحۡتَسِبُواْۖ وَقَذَفَ فِي قُلُوبِهِمُ ٱلرُّعۡبَۚ يُخۡرِبُونَ بُيُوتَهُم بِأَيۡدِيهِمۡ وَأَيۡدِي ٱلۡمُؤۡمِنِينَ فَٱعۡتَبِرُواْ يَـٰٓأُوْلِي ٱلۡأَبۡصَٰرِ ﴿2﴾

Ɔno na Ɔmaa wͻn a wͻpo nokorε a wͻn wͻ wͻn a yεmaa wͻn Nyamesom ho Nwoma no mu no tu firii wͻn afie mu wͻ asuo-twa a edikan no mu. Moanwene ho da sε wͻbɛtu, wͻn adwen yεε wͻn sε wͻn aban denden no bεbͻ wͻn ho ban afri Nyankopͻn nsam. Nanso Nyankopͻn firi baabi a na wͻnnwen no saa baa wͻn so, na Ɔbͻͻ huu guu wͻn akoma mu, wͻde wͻn ara wͻnsa ne agyidiefoͻ no nso nsa bubuu wͻn afie. Enti mo a mowͻ ani monfa woi nyε adesua.

59:3

وَلَوۡلَآ أَن كَتَبَ ٱللَّهُ عَلَيۡهِمُ ٱلۡجَلَآءَ لَعَذَّبَهُمۡ فِي ٱلدُّنۡيَاۖ وَلَهُمۡ فِي ٱلۡأٓخِرَةِ عَذَابُ ٱلنَّارِ ﴿3﴾

Sε εnyε sε na Nyankopͻn (adikan) ahyehyε amantuo na ama wͻn a, anka Ɔbεtwe wͻn aso paa wͻ wiase ha; na ogya no asotwee no wͻ hͻ ma wͻn Daakye.

59:4

ذَٰلِكَ بِأَنَّهُمۡ شَآقُّواْ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥۖ وَمَن يُشَآقِّ ٱللَّهَ فَإِنَّ ٱللَّهَ شَدِيدُ ٱلۡعِقَابِ ﴿4﴾

Efrisε wͻko tia Nyankopͻn ne Ne somafoͻ, na obia ͻko tia Nyankopͻn no deε, nokorε sε Nyankopͻn asotwee ano yε den paa.

59:5

مَا قَطَعۡتُم مِّن لِّينَةٍ أَوۡ تَرَكۡتُمُوهَا قَآئِمَةً عَلَىٰٓ أُصُولِهَا فَبِإِذۡنِ ٱللَّهِ وَلِيُخۡزِيَ ٱلۡفَٰسِقِينَ ﴿5﴾

Akyiresua dua biara a motwa tweneeε anaasε mogyae maa no gyinaa ne nhini soͻ no, na εyε Nyankopͻn akwamma mu, sεdeε Ɔbɛgu abͻneεfoͻ no anim aseε.

59:6

وَمَآ أَفَآءَ ٱللَّهُ عَلَىٰ رَسُولِهِۦ مِنۡهُمۡ فَمَآ أَوۡجَفۡتُمۡ عَلَيۡهِ مِنۡ خَيۡلٖ وَلَا رِكَابٖ وَلَٰكِنَّ ٱللَّهَ يُسَلِّطُ رُسُلَهُۥ عَلَىٰ مَن يَشَآءُۚ وَٱللَّهُ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٞ ﴿6﴾

Asadeε biara a efri wͻn hͻ a Nyankopͻn de maa Ne somafoͻ no, moantena pͻnkͻ so anaa yoma so; na mmom Nyankopͻn de tumi ma N’asomafoͻ no de ko tia obia Ɔpε. Onyankopͻn na Ɔwͻ biribiara so tumi.

59:7

مَّآ أَفَآءَ ٱللَّهُ عَلَىٰ رَسُولِهِۦ مِنۡ أَهۡلِ ٱلۡقُرَىٰ فَلِلَّهِ وَلِلرَّسُولِ وَلِذِي ٱلۡقُرۡبَىٰ وَٱلۡيَتَٰمَىٰ وَٱلۡمَسَٰكِينِ وَٱبۡنِ ٱلسَّبِيلِ كَيۡ لَا يَكُونَ دُولَةَۢ بَيۡنَ ٱلۡأَغۡنِيَآءِ مِنكُمۡۚ وَمَآ ءَاتَىٰكُمُ ٱلرَّسُولُ فَخُذُوهُ وَمَا نَهَىٰكُمۡ عَنۡهُ فَٱنتَهُواْۚ وَٱتَّقُواْ ٱللَّهَۖ إِنَّ ٱللَّهَ شَدِيدُ ٱلۡعِقَابِ ﴿7﴾

Asadeε biara a efri nkuro no mufoͻ no hͻ a Nyankopͻn de maa Ne somafoͻ no, εwͻ Nyankopͻn ne Ne somafoͻ ne abusua ne nyanka ne ahiafoͻ ne akwantufoͻ, sεdeε εnkͻba sε ɛbɛdi akͻneaba wͻ mo mu adefoͻ no nko ara ntεm. Deε Ɔsomafoͻ no de ama mo no monye, na deε wabra mo no nso montwe mo ho mfiri ho; na monsuro Nyankopͻn. Nokorε sε Nyankopͻn asotwe no ano yε den paa.

59:8

لِلۡفُقَرَآءِ ٱلۡمُهَٰجِرِينَ ٱلَّذِينَ أُخۡرِجُواْ مِن دِيَٰرِهِمۡ وَأَمۡوَٰلِهِمۡ يَبۡتَغُونَ فَضۡلٗا مِّنَ ٱللَّهِ وَرِضۡوَٰنٗا وَيَنصُرُونَ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥٓۚ أُوْلَـٰٓئِكَ هُمُ ٱلصَّـٰدِقُونَ ﴿8﴾

(Asadeε no mu kyεfa nso) wͻ amantufoͻ ahiafoͻ no a yatu wͻn afri wͻn afie na (wͻn ahwere) wͻn agyapadeε na wͻrehwehwε Nyankopͻn adom ne Ne nnyetumu, na wͻreboa Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no. Saa nkorͻfoͻ no ne nokwafoͻ no.

59:9

وَٱلَّذِينَ تَبَوَّءُو ٱلدَّارَ وَٱلۡإِيمَٰنَ مِن قَبۡلِهِمۡ يُحِبُّونَ مَنۡ هَاجَرَ إِلَيۡهِمۡ وَلَا يَجِدُونَ فِي صُدُورِهِمۡ حَاجَةٗ مِّمَّآ أُوتُواْ وَيُؤۡثِرُونَ عَلَىٰٓ أَنفُسِهِمۡ وَلَوۡ كَانَ بِهِمۡ خَصَاصَةٞۚ وَمَن يُوقَ شُحَّ نَفۡسِهِۦ فَأُوْلَـٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡمُفۡلِحُونَ ﴿9﴾

Ɛna (asadeε no mu kyεfa bi nso wͻ Ansoaarfoͻ) no a wͻdii (amantufoͻ no) anim kan tenaa kuro no mu a wͻasͻ gyidie no mu no; wͻdͻ wͻn a wͻatu amantuo abεsoε wͻn no, na ahoͻyaa biara nni wͻn (Ansoaarfoͻ no) akoma mu fa deε yεde ama (amantufoͻ) no ho, na sε (Ansoaarfoͻ no) ho kyere wͻn mpo a wͻpε ma (amantufoͻ no) mpo kyεn wͻn ara wͻn ho. Obia yεbεbͻ ne ho ban afiri adefodepε ho no, saa nkorͻfoͻ no ne nkonimdifoͻ no.

59:10

وَٱلَّذِينَ جَآءُو مِنۢ بَعۡدِهِمۡ يَقُولُونَ رَبَّنَا ٱغۡفِرۡ لَنَا وَلِإِخۡوَٰنِنَا ٱلَّذِينَ سَبَقُونَا بِٱلۡإِيمَٰنِ وَلَا تَجۡعَلۡ فِي قُلُوبِنَا غِلّٗا لِّلَّذِينَ ءَامَنُواْ رَبَّنَآ إِنَّكَ رَءُوفٞ رَّحِيمٌ ﴿10﴾

Ɛna (asadeε no mu kyεfa bi nso wͻ) wͻn a wͻbaa wͻn akyi na wͻkaa sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, fa yεn bͻne kyε yεn, ne yɛ nuanom a wͻde gyidie dii y’anim kan no; na εmma yɛnya wͻn a wͻagye adie no ho tan biara wͻ y’akoma mu. Yɛ Wura Nyankopͻn, nokorε sε Wo ne Ayεmyε Wura, na Wo ne Mmͻborͻhunufoͻ Hene“.

59:11

أَلَمۡ تَرَ إِلَى ٱلَّذِينَ نَافَقُواْ يَقُولُونَ لِإِخۡوَٰنِهِمُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ مِنۡ أَهۡلِ ٱلۡكِتَٰبِ لَئِنۡ أُخۡرِجۡتُمۡ لَنَخۡرُجَنَّ مَعَكُمۡ وَلَا نُطِيعُ فِيكُمۡ أَحَدًا أَبَدٗا وَإِن قُوتِلۡتُمۡ لَنَنصُرَنَّكُمۡ وَٱللَّهُ يَشۡهَدُ إِنَّهُمۡ لَكَٰذِبُونَ ﴿11﴾

Wonhunuu wͻn a wͻdii nkͻnkͻnsa no? Wͻka kyerεε wͻn nuanom boniayεfoͻ no a wͻn wͻ wͻn a yɛama wͻn Nyamesom ho Nwoma no mu no sε: ”Sε εba sε yεretu mo a, nokorε sε yεn nso yεbɛtu ne mo akͻ, na yɛntie obiara da ka mo ho; na sε wͻko tia mo nso a, yεbεboa mo”. Nyankopͻn di ho adanseε sε nokorε, wͻyε atorofoͻ.

59:12

لَئِنۡ أُخۡرِجُواْ لَا يَخۡرُجُونَ مَعَهُمۡ وَلَئِن قُوتِلُواْ لَا يَنصُرُونَهُمۡ وَلَئِن نَّصَرُوهُمۡ لَيُوَلُّنَّ ٱلۡأَدۡبَٰرَ ثُمَّ لَا يُنصَرُونَ ﴿12﴾

Sε yɛtu wͻn a wͻnka wͻn ho ne wͻn nntu, na sε yεko tia wͻn nso a wͻmmoa wͻn; sε wͻbεboa wͻn mpo a wͻbεdane wͻn akyi (adwane); afei wͻnya nkonim die.

59:13

لَأَنتُمۡ أَشَدُّ رَهۡبَةٗ فِي صُدُورِهِم مِّنَ ٱللَّهِۚ ذَٰلِكَ بِأَنَّهُمۡ قَوۡمٞ لَّا يَفۡقَهُونَ ﴿13﴾

Mo ho suro a εwͻ wͻn akoma mu no so kyεn Nyankopͻn (ho suro). Efrisε wͻyε nnipa a wͻnni nteaseε.

59:14

لَا يُقَٰتِلُونَكُمۡ جَمِيعًا إِلَّا فِي قُرٗى مُّحَصَّنَةٍ أَوۡ مِن وَرَآءِ جُدُرِۭۚ بَأۡسُهُم بَيۡنَهُمۡ شَدِيدٞۚ تَحۡسَبُهُمۡ جَمِيعٗا وَقُلُوبُهُمۡ شَتَّىٰۚ ذَٰلِكَ بِأَنَّهُمۡ قَوۡمٞ لَّا يَعۡقِلُونَ ﴿14﴾

Wͻntumi mmͻ mu ne mo nko, na mmom gyesε nkuro a aban denden wͻ mu so, anaasε fasuo bi akyi. Ɔkoo a εda wͻn ara wͻn ntεm no ano yε den yie. W’adwen yε wo sε wͻn wͻ koroyε, nanso mpaepaemu wͻ wͻn akoma mu. Efrisε wͻyε nnipa a wͻnnwen.

59:15

كَمَثَلِ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡ قَرِيبٗاۖ ذَاقُواْ وَبَالَ أَمۡرِهِمۡ وَلَهُمۡ عَذَابٌ أَلِيمٞ ﴿15﴾

Wͻn mfatoho te sε wͻn a wͻdii wͻn anim kan (Banuu Qainuuqa) a wͻnni akyiri no. Wͻkaa wͻn dwumadie so aba hwεe, na wͻn wͻ asotwe a εyε ya paa.

59:16

كَمَثَلِ ٱلشَّيۡطَٰنِ إِذۡ قَالَ لِلۡإِنسَٰنِ ٱكۡفُرۡ فَلَمَّا كَفَرَ قَالَ إِنِّي بَرِيٓءٞ مِّنكَ إِنِّيٓ أَخَافُ ٱللَّهَ رَبَّ ٱلۡعَٰلَمِينَ ﴿16﴾

(Wͻn aboafoͻ no) mfatoho te sε ͻbonsam, εberε a ͻbεka akyerε onipa sε, po (Nyame); εberε a (onipa no) bεpo (Nyame) no, (deε bonsam) ka ne sε: ”Medeε matwe me ho afri wo ho; nokorε sε mesuro Nyankopͻn, Abͻdeε nyinaa Wura no “.

59:17

فَكَانَ عَٰقِبَتَهُمَآ أَنَّهُمَا فِي ٱلنَّارِ خَٰلِدَيۡنِ فِيهَاۚ وَذَٰلِكَ جَزَـٰٓؤُاْ ٱلظَّـٰلِمِينَ ﴿17﴾

Enti wͻn mmienu awieε ne bonsam gyam, εhͻ na wͻbεtena. Abͻnefoͻ no akatua ne no.

59:18

يَـٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ ٱتَّقُواْ ٱللَّهَ وَلۡتَنظُرۡ نَفۡسٞ مَّا قَدَّمَتۡ لِغَدٖۖ وَٱتَّقُواْ ٱللَّهَۚ إِنَّ ٱللَّهَ خَبِيرُۢ بِمَا تَعۡمَلُونَ ﴿18﴾

Mo a moagye adie, monsuro Nyankopͻn, na ͻkra biara (ntwa n’ani) nhwε dwuma a (wadi) de ato hͻ ama (ne ho) ͻkyena; na monsuro Nyankopͻn. Nokorε sε Nyankopͻn ne dwuma a modie nyinaa ho amane bͻ Wura.

59:19

وَلَا تَكُونُواْ كَٱلَّذِينَ نَسُواْ ٱللَّهَ فَأَنسَىٰهُمۡ أَنفُسَهُمۡۚ أُوْلَـٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡفَٰسِقُونَ ﴿19﴾

Na monhwε na moankͻyε sε wͻn a wͻn werε afri Nyankopͻn na enti Ɔmaa wͻn werε frii wͻn ara wͻn ho no. Saa nkorͻfoͻ no ne abͻnefoͻ no.

59:20

لَا يَسۡتَوِيٓ أَصۡحَٰبُ ٱلنَّارِ وَأَصۡحَٰبُ ٱلۡجَنَّةِۚ أَصۡحَٰبُ ٱلۡجَنَّةِ هُمُ ٱلۡفَآئِزُونَ ﴿20﴾

Amanehunu gya no mu foͻ no ne ͻsoro aheman no mu foͻ no nnsε. Ɔsoro aheman no mu foͻ no wͻne nkonimdifoͻ no.

59:21

لَوۡ أَنزَلۡنَا هَٰذَا ٱلۡقُرۡءَانَ عَلَىٰ جَبَلٖ لَّرَأَيۡتَهُۥ خَٰشِعٗا مُّتَصَدِّعٗا مِّنۡ خَشۡيَةِ ٱللَّهِۚ وَتِلۡكَ ٱلۡأَمۡثَٰلُ نَضۡرِبُهَا لِلنَّاسِ لَعَلَّهُمۡ يَتَفَكَّرُونَ ﴿21﴾

Sε Yɛsianee saa Qur’aan yi maa bepͻ a, anka wobɛhunu sε (bepͻ no) de ahobraseε redwidwa εnam Nyankopͻn ho suro nti. Yεreyε saa mfatoho yi ama nnipa sεdeε wͻbεfa adwen.

59:22

هُوَ ٱللَّهُ ٱلَّذِي لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَۖ عَٰلِمُ ٱلۡغَيۡبِ وَٱلشَّهَٰدَةِۖ هُوَ ٱلرَّحۡمَٰنُ ٱلرَّحِيمُ ﴿22﴾

Ɔne Nyankopͻn no a awurade foforͻ biara nnihͻ ka Ne ho no: Kokoam ne Badwam Nimdefoͻ no, Ɔne Ahummͻborͻ Hene no, Ɔdεεfoͻ Hene no.

59:23

هُوَ ٱللَّهُ ٱلَّذِي لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ ٱلۡمَلِكُ ٱلۡقُدُّوسُ ٱلسَّلَٰمُ ٱلۡمُؤۡمِنُ ٱلۡمُهَيۡمِنُ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡجَبَّارُ ٱلۡمُتَكَبِّرُۚ سُبۡحَٰنَ ٱللَّهِ عَمَّا يُشۡرِكُونَ ﴿23﴾

Ɔno ne Nyankopͻn no a awurade foforͻ biara nni hͻ ka Ne ho no; Ɔhene no a tumi nyinaa hyε ne nsa, Kronkron Hene no, Asomdwoeε Hene no, Abodweԑ Hene no, Ahoban bͻ Hene no, Otumfoͻ no a Ɔtumi ade nyinaa yε, Ɔkasa prεko a obiara ntumi ne no nni asie, Otumfoͻ no a Akεsesεm fata no. Ahoteeɛ Hene ne Nyankopͻn, Ɔso kyεn sε wͻde biribi toto Ne ho.

59:24

هُوَ ٱللَّهُ ٱلۡخَٰلِقُ ٱلۡبَارِئُ ٱلۡمُصَوِّرُۖ لَهُ ٱلۡأَسۡمَآءُ ٱلۡحُسۡنَىٰۚ يُسَبِّحُ لَهُۥ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۖ وَهُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡحَكِيمُ ﴿24﴾

Ɔne Nyankopͻn; Ɔbͻͻ Adeε no, Ɔyεfo no, Ɔnyomfo no: Ɔno na abodin papa nyinaa wͻ no. Deε εwͻ soro ne asaase so nyinaa bͻ no abodin; na Ɔne Otumfoͻ no a Ɔtumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ no.

60:1

يَـٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ لَا تَتَّخِذُواْ عَدُوِّي وَعَدُوَّكُمۡ أَوۡلِيَآءَ تُلۡقُونَ إِلَيۡهِم بِٱلۡمَوَدَّةِ وَقَدۡ كَفَرُواْ بِمَا جَآءَكُم مِّنَ ٱلۡحَقِّ يُخۡرِجُونَ ٱلرَّسُولَ وَإِيَّاكُمۡ أَن تُؤۡمِنُواْ بِٱللَّهِ رَبِّكُمۡ إِن كُنتُمۡ خَرَجۡتُمۡ جِهَٰدٗا فِي سَبِيلِي وَٱبۡتِغَآءَ مَرۡضَاتِيۚ تُسِرُّونَ إِلَيۡهِم بِٱلۡمَوَدَّةِ وَأَنَا۠ أَعۡلَمُ بِمَآ أَخۡفَيۡتُمۡ وَمَآ أَعۡلَنتُمۡۚ وَمَن يَفۡعَلۡهُ مِنكُمۡ فَقَدۡ ضَلَّ سَوَآءَ ٱلسَّبِيلِ ﴿1﴾

Mo a moagye adie, monhwε na moanfa M’atamfo ne mo atamfo no ayͻnkoͻ. Mode ͻdͻ bεma wͻn wͻ aberε a wapo Nokorε no a aba mo hͻ no, na wͻretu Ɔsomafoͻ no ne mo (afri mo afie) sε moagye mo Wura Nyankopͻn no adie nti? Sε mobaa sε morebεbͻ Mekwan no ho mmͻden ahwehwε Me nyetumu εna modͻ wͻn wͻ kokoa mu, aberε nso a Menim deε mode suma ne deε moda no adie? Momu biara a ͻbεyε saa no ampa sε wayera afri ͻkwan tenenee no so.

60:2

إِن يَثۡقَفُوكُمۡ يَكُونُواْ لَكُمۡ أَعۡدَآءٗ وَيَبۡسُطُوٓاْ إِلَيۡكُمۡ أَيۡدِيَهُمۡ وَأَلۡسِنَتَهُم بِٱلسُّوٓءِ وَوَدُّواْ لَوۡ تَكۡفُرُونَ ﴿2﴾

Sε wͻtumi di moso nkonim a wᴐbεyε mo atamfo, atene wͻn nsa ne wͻn kεterεma wͻ mo so de ayε mo bͻne; deε wͻpε n esε anka mobԑpo (Nokorԑ no).

60:3

لَن تَنفَعَكُمۡ أَرۡحَامُكُمۡ وَلَآ أَوۡلَٰدُكُمۡۚ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ يَفۡصِلُ بَيۡنَكُمۡۚ وَٱللَّهُ بِمَا تَعۡمَلُونَ بَصِيرٞ ﴿3﴾

Mo abusua ne mo mma no ho mma mfasoͻ mma mo wͻ Owusͻreε da no. Ɔbɛbu montεm atεn atete montεm. Nyankopͻn deε Ohu dwuma a modie nyinaa.

60:4

قَدۡ كَانَتۡ لَكُمۡ أُسۡوَةٌ حَسَنَةٞ فِيٓ إِبۡرَٰهِيمَ وَٱلَّذِينَ مَعَهُۥٓ إِذۡ قَالُواْ لِقَوۡمِهِمۡ إِنَّا بُرَءَـٰٓؤُاْ مِنكُمۡ وَمِمَّا تَعۡبُدُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ كَفَرۡنَا بِكُمۡ وَبَدَا بَيۡنَنَا وَبَيۡنَكُمُ ٱلۡعَدَٰوَةُ وَٱلۡبَغۡضَآءُ أَبَدًا حَتَّىٰ تُؤۡمِنُواْ بِٱللَّهِ وَحۡدَهُۥٓ إِلَّا قَوۡلَ إِبۡرَٰهِيمَ لِأَبِيهِ لَأَسۡتَغۡفِرَنَّ لَكَ وَمَآ أَمۡلِكُ لَكَ مِنَ ٱللَّهِ مِن شَيۡءٖۖ رَّبَّنَا عَلَيۡكَ تَوَكَّلۡنَا وَإِلَيۡكَ أَنَبۡنَا وَإِلَيۡكَ ٱلۡمَصِيرُ ﴿4﴾

Ampa sε mfatoho pa paa wͻ Abraham ne wͻn a wͻka ne ho no (suban) mu ma mo. Ɛberε a wͻka kyerεε wͻn nkorͻfoͻ no sε: “Yεdeε yɛatwe yεn ho afiri mo ne adeε a mofiri Nyankopͻn akyi som no ho. Yɛapo mo, na ͻtan ne okyire ahyε aseε wͻ yε ne mo ntεm dabiara kosi sε mobεgye Nyankopͻn nko ara adie. Gyesε Abraham asεm a ͻka kyerεε n’agya sε: ‘’Mεsrε bͻne fakyε ama wo, na menni hwee ho tumi wͻ Nyankopͻn hͻ ma wo no. Yɛ Wura, Woso na yεde yεn ho toͻ, na Wohͻ na yεdane yεn ho ba, na Wohͻ na yεbεsan aba.

60:5

رَبَّنَا لَا تَجۡعَلۡنَا فِتۡنَةٗ لِّلَّذِينَ كَفَرُواْ وَٱغۡفِرۡ لَنَا رَبَّنَآۖ إِنَّكَ أَنتَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡحَكِيمُ ﴿5﴾

Yɛ Wura Nyankopͻn, εmfa yεn nyε nsͻhwε mma wͻn a wͻnnye nnie no, na Yɛ Wura Nyankopͻn, fa yεn bͻne kyε yεn. Nokorε sε Wo ne Otumfoͻ a Wotumi ade nyinaa yε, Wo ne Onyansafoͻ no”.

60:6

لَقَدۡ كَانَ لَكُمۡ فِيهِمۡ أُسۡوَةٌ حَسَنَةٞ لِّمَن كَانَ يَرۡجُواْ ٱللَّهَ وَٱلۡيَوۡمَ ٱلۡأٓخِرَۚ وَمَن يَتَوَلَّ فَإِنَّ ٱللَّهَ هُوَ ٱلۡغَنِيُّ ٱلۡحَمِيدُ ﴿6﴾

Ampa sε, mfatoho pa paa wͻ wͻn (suban) mu de ma mo, (titiriw) de ma obi a n’ani da Nyankopͻn ne Da a etwa toͻ no soͻ. Na obi a ͻbεdane ne ho afri ho no, nokorε sε, Nyankopͻn deε Wanya Ne ho, na Ɔne Ayeyie Hene no.

60:7

عَسَى ٱللَّهُ أَن يَجۡعَلَ بَيۡنَكُمۡ وَبَيۡنَ ٱلَّذِينَ عَادَيۡتُم مِّنۡهُم مَّوَدَّةٗۚ وَٱللَّهُ قَدِيرٞۚ وَٱللَّهُ غَفُورٞ رَّحِيمٞ ﴿7﴾

Ebia Nyankopͻn de ͻdͻ bεto mo ne wͻn a ͻtan da mo ne wͻn ntεm no ntεm. Na Nyankopͻn wͻ biribiara so tumi. Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ.

60:8

لَّا يَنۡهَىٰكُمُ ٱللَّهُ عَنِ ٱلَّذِينَ لَمۡ يُقَٰتِلُوكُمۡ فِي ٱلدِّينِ وَلَمۡ يُخۡرِجُوكُم مِّن دِيَٰرِكُمۡ أَن تَبَرُّوهُمۡ وَتُقۡسِطُوٓاْ إِلَيۡهِمۡۚ إِنَّ ٱللَّهَ يُحِبُّ ٱلۡمُقۡسِطِينَ ﴿8﴾

Nyankopͻn nsi mo kwan wͻ wͻn a wͻnko ntiaa mo wͻ Nyamesom ho, anaa wͻntuu mo mfirii mo afie mu no ho sε mobεyε wͻn papa anaa mone wͻn bɛdi no yie. Nokorε sε, Nyankopͻn pε wͻn a wͻne (amanfoͻ) di no yie no asεm.

60:9

إِنَّمَا يَنۡهَىٰكُمُ ٱللَّهُ عَنِ ٱلَّذِينَ قَٰتَلُوكُمۡ فِي ٱلدِّينِ وَأَخۡرَجُوكُم مِّن دِيَٰرِكُمۡ وَظَٰهَرُواْ عَلَىٰٓ إِخۡرَاجِكُمۡ أَن تَوَلَّوۡهُمۡۚ وَمَن يَتَوَلَّهُمۡ فَأُوْلَـٰٓئِكَ هُمُ ٱلظَّـٰلِمُونَ ﴿9﴾

Wͻn a Nyankopͻn si mo ho kwan sε mo ne wͻn bεfa ayͻnkoͻ no ne wͻn a wͻ ne mo ko wͻ Nyamesom ho, na wͻtu mo fri mo afie mu, na wͻboa ma yɛtu mo. Obi a ͻbεfa wͻn yͻnkoͻ no, saa nkorͻfoͻ no ne abͻnefoͻ no.

60:10

يَـٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ إِذَا جَآءَكُمُ ٱلۡمُؤۡمِنَٰتُ مُهَٰجِرَٰتٖ فَٱمۡتَحِنُوهُنَّۖ ٱللَّهُ أَعۡلَمُ بِإِيمَٰنِهِنَّۖ فَإِنۡ عَلِمۡتُمُوهُنَّ مُؤۡمِنَٰتٖ فَلَا تَرۡجِعُوهُنَّ إِلَى ٱلۡكُفَّارِۖ لَا هُنَّ حِلّٞ لَّهُمۡ وَلَا هُمۡ يَحِلُّونَ لَهُنَّۖ وَءَاتُوهُم مَّآ أَنفَقُواْۚ وَلَا جُنَاحَ عَلَيۡكُمۡ أَن تَنكِحُوهُنَّ إِذَآ ءَاتَيۡتُمُوهُنَّ أُجُورَهُنَّۚ وَلَا تُمۡسِكُواْ بِعِصَمِ ٱلۡكَوَافِرِ وَسۡـَٔلُواْ مَآ أَنفَقۡتُمۡ وَلۡيَسۡـَٔلُواْ مَآ أَنفَقُواْۚ ذَٰلِكُمۡ حُكۡمُ ٱللَّهِ يَحۡكُمُ بَيۡنَكُمۡۖ وَٱللَّهُ عَلِيمٌ حَكِيمٞ ﴿10﴾

Mo a moagye adie, sε agyidiefoͻ mmaa no tu amantuo (fri Maka) ba mo hͻ a, monyε wͻn ho nhwehwε mu yie. Nyankopͻn deε Onim wͻn gyidie. Sε mohunu sε wͻyε agyidiefoͻ (ampa) a, monhwε na moansan amfa wͻn amma boniayεfoͻ no. Wͻnni (agyidiefoͻ mmaa no) ho kwan (sε wͻware wͻn), wͻn nso nni kwan wͻ (kaafirfoͻ mmarima no nso) ho. Monfa deε wͻn (kununom tuaa no wͻ saa mmaa no ho no) mma wͻn (kununom kaafirfoͻ no). Ԑnyε bͻne mma mo sε mobεware wͻn wͻ aberε a moatua wͻn tri aseda ama wͻn. Monhwε nso na mo ne kaafirfoͻ mmaa ankͻso anware, na momisa (etire ase da a) motuaeε (wͻ mo yere kaafirfoͻ no ho), na wͻn nso wͻmisa deε wͻn nso tuaa (wͻ wͻn yerenom a wͻabεyε agyidiefoͻ no ho). Woi ne Nyankopͻn atemmuo, Ɔno na Obu montεm atεn. Nyankopͻn ne Onimdefoͻ, Onyansafoͻ.

60:11

وَإِن فَاتَكُمۡ شَيۡءٞ مِّنۡ أَزۡوَٰجِكُمۡ إِلَى ٱلۡكُفَّارِ فَعَاقَبۡتُمۡ فَـَٔاتُواْ ٱلَّذِينَ ذَهَبَتۡ أَزۡوَٰجُهُم مِّثۡلَ مَآ أَنفَقُواْۚ وَٱتَّقُواْ ٱللَّهَ ٱلَّذِيٓ أَنتُم بِهِۦ مُؤۡمِنُونَ ﴿11﴾

Sε mohwere mo ayerenom bi ma wͻkͻdi Kaafirfoͻ no hͻ, na (mobisa wͻn tiri aseda no na sε wͻamfa amma mo), na moberε ba (na modi wͻn so nkonim a), moma wͻn a wͻn yerenom kͻ no (etire aseda a) εtesε (deε wͻtuaa no wͻ wͻn yerenom no ho no) pεpεεpε (wͻ asadeε a wͻbɛnya no mu). Na monsuro Nyankopͻn no a mogye no die no.

60:12

يَـٰٓأَيُّهَا ٱلنَّبِيُّ إِذَا جَآءَكَ ٱلۡمُؤۡمِنَٰتُ يُبَايِعۡنَكَ عَلَىٰٓ أَن لَّا يُشۡرِكۡنَ بِٱللَّهِ شَيۡـٔٗا وَلَا يَسۡرِقۡنَ وَلَا يَزۡنِينَ وَلَا يَقۡتُلۡنَ أَوۡلَٰدَهُنَّ وَلَا يَأۡتِينَ بِبُهۡتَٰنٖ يَفۡتَرِينَهُۥ بَيۡنَ أَيۡدِيهِنَّ وَأَرۡجُلِهِنَّ وَلَا يَعۡصِينَكَ فِي مَعۡرُوفٖ فَبَايِعۡهُنَّ وَٱسۡتَغۡفِرۡ لَهُنَّ ٱللَّهَۚ إِنَّ ٱللَّهَ غَفُورٞ رَّحِيمٞ ﴿12﴾

Nkͻmhyεni, sε agyidiefoͻ mmaa no ba wo hͻ bɛsuae kyerε wo sε: “Wͻmfa biribi mmata Nyankopͻn ho, na wͻmmͻ korͻno, na wͻmmͻ adwamman, na wͻn nkum wͻn mma, na wͻnni nsekuro a εyε ntwatosoͻ anaasε nkontompo, na wͻnte wo so atua wͻ ayεmyε ho a, gye wͻn nsuaeε no, na srε Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε ma wͻn. Nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

60:13

يَـٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ لَا تَتَوَلَّوۡاْ قَوۡمًا غَضِبَ ٱللَّهُ عَلَيۡهِمۡ قَدۡ يَئِسُواْ مِنَ ٱلۡأٓخِرَةِ كَمَا يَئِسَ ٱلۡكُفَّارُ مِنۡ أَصۡحَٰبِ ٱلۡقُبُورِ ﴿13﴾

Mo a moagye adie, monhwε na moannfa amanfoͻ no a Nyankopͻn bo afu wͻn no ayͻnkoͻ, ampa sε wͻanya Daakye no ho abamubuo sεdeε boniayεfoͻ no anya abamubuo ama wͻn a wͻn wͻ adakamena mu no ho no.

61:1

سَبَّحَ لِلَّهِ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِۖ وَهُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡحَكِيمُ ﴿1﴾

Adeε a εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa bͻ Nyankopͻn abodin. Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Onyansafoͻ no.

61:2

يَـٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ لِمَ تَقُولُونَ مَا لَا تَفۡعَلُونَ ﴿2﴾

Mo a moagye adie, adεn nti na moka asεm a monnyε?

61:3

كَبُرَ مَقۡتًا عِندَ ٱللَّهِ أَن تَقُولُواْ مَا لَا تَفۡعَلُونَ ﴿3﴾

Ɛyε abufusεm kεse wͻ Nyankopͻn anim sε mobεka asεm na monyε.

61:4

إِنَّ ٱللَّهَ يُحِبُّ ٱلَّذِينَ يُقَٰتِلُونَ فِي سَبِيلِهِۦ صَفّٗا كَأَنَّهُم بُنۡيَٰنٞ مَّرۡصُوصٞ ﴿4﴾

Nokorε sε Nyankopͻn pε wͻn a wͻko wͻ Nekwan so wͻ santen mu tesε fasuo a egyina hͻ pintinn no asεm.

61:5

وَإِذۡ قَالَ مُوسَىٰ لِقَوۡمِهِۦ يَٰقَوۡمِ لِمَ تُؤۡذُونَنِي وَقَد تَّعۡلَمُونَ أَنِّي رَسُولُ ٱللَّهِ إِلَيۡكُمۡۖ فَلَمَّا زَاغُوٓاْ أَزَاغَ ٱللَّهُ قُلُوبَهُمۡۚ وَٱللَّهُ لَا يَهۡدِي ٱلۡقَوۡمَ ٱلۡفَٰسِقِينَ ﴿5﴾

Kae εberε a Mose ka kyerεε nenkorͻfoͻ no sε: “Menkorͻfoͻ, adεn nti na moreha me, aberε a monim sε meyε Nyankopͻn Somafoͻ mamo? Enti εberε a wͻ’mane (firii kwan pa no soͻ) no, Nyankopͻn maa wͻn akoma manee. Na Onyankopͻn deε Ɔntene nnipa bͻnefoͻ no.

61:6

وَإِذۡ قَالَ عِيسَى ٱبۡنُ مَرۡيَمَ يَٰبَنِيٓ إِسۡرَـٰٓءِيلَ إِنِّي رَسُولُ ٱللَّهِ إِلَيۡكُم مُّصَدِّقٗا لِّمَا بَيۡنَ يَدَيَّ مِنَ ٱلتَّوۡرَىٰةِ وَمُبَشِّرَۢا بِرَسُولٖ يَأۡتِي مِنۢ بَعۡدِي ٱسۡمُهُۥٓ أَحۡمَدُۖ فَلَمَّا جَآءَهُم بِٱلۡبَيِّنَٰتِ قَالُواْ هَٰذَا سِحۡرٞ مُّبِينٞ ﴿6﴾

Kae εberε a Mar’yam ba Yesu kaa sε: ”Israel mma, nokorε sε meyε Onyankopͻn Somafoͻ mamo, a merehyε Tora a edii manim kan no mma; na mede Ɔsomafoͻ a ͻbεba wͻ makyi a ne din ne Ahmad no (ho asεm) rehyε mo bͻ. . Nanso εberε a ( cno Ahmad no ) de nkyerεkyerεmu ne nyinaso pefee no berεε wͻn no, asεm a wͻkaeε ne sε: “Woi deε εyε nkonyaa pefee “.

61:7

وَمَنۡ أَظۡلَمُ مِمَّنِ ٱفۡتَرَىٰ عَلَى ٱللَّهِ ٱلۡكَذِبَ وَهُوَ يُدۡعَىٰٓ إِلَى ٱلۡإِسۡلَٰمِۚ وَٱللَّهُ لَا يَهۡدِي ٱلۡقَوۡمَ ٱلظَّـٰلِمِينَ ﴿7﴾

(Onipa) bͻnefoͻ bεn na ͻkyεn obi a otwa nkontompo to Nyankopͻn soͻ, na (saa nipa no) refrε amanfoͻ kͻ Islam (som no mu)? Abͻnefoͻ no deε Nyankopͻn nnkyerε wͻn kwan.

61:8

يُرِيدُونَ لِيُطۡفِـُٔواْ نُورَ ٱللَّهِ بِأَفۡوَٰهِهِمۡ وَٱللَّهُ مُتِمُّ نُورِهِۦ وَلَوۡ كَرِهَ ٱلۡكَٰفِرُونَ ﴿8﴾

Wͻpε sε wͻde wͻn ano dum Nyankopͻn nhyerεnee no, nanso Nyankopͻn bεma Nenhyerεnee no atim, sε boniayεfoͻ no mpε mpo a.

61:9

هُوَ ٱلَّذِيٓ أَرۡسَلَ رَسُولَهُۥ بِٱلۡهُدَىٰ وَدِينِ ٱلۡحَقِّ لِيُظۡهِرَهُۥ عَلَى ٱلدِّينِ كُلِّهِۦ وَلَوۡ كَرِهَ ٱلۡمُشۡرِكُونَ ﴿9﴾

Ɔno na Ɔde kwankyerԑ ne nokorε som no asoma Nesomafoͻ no sεdeε ͻde bεma no adi ᴐsom nyinaa so nkonim, sε wɔn a wɔ’de biribi bata Nyame ho no mpε mpo a.

61:10

يَـٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ هَلۡ أَدُلُّكُمۡ عَلَىٰ تِجَٰرَةٖ تُنجِيكُم مِّنۡ عَذَابٍ أَلِيمٖ ﴿10﴾

Mo a moagye adie, enti menkyerε mo adwadie a εbεgye mo afri asotwee yaaya no mu?

61:11

تُؤۡمِنُونَ بِٱللَّهِ وَرَسُولِهِۦ وَتُجَٰهِدُونَ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِ بِأَمۡوَٰلِكُمۡ وَأَنفُسِكُمۡۚ ذَٰلِكُمۡ خَيۡرٞ لَّكُمۡ إِن كُنتُمۡ تَعۡلَمُونَ ﴿11﴾

Monye Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no ni, na monfa moagyapadeε ne mokraa mͻ mmͻden wͻ Nyankopͻn kwan no so. Ɛno mmom na εyε papa mamo, sε anka monim a.

61:12

يَغۡفِرۡ لَكُمۡ ذُنُوبَكُمۡ وَيُدۡخِلۡكُمۡ جَنَّـٰتٖ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُ وَمَسَٰكِنَ طَيِّبَةٗ فِي جَنَّـٰتِ عَدۡنٖۚ ذَٰلِكَ ٱلۡفَوۡزُ ٱلۡعَظِيمُ ﴿12﴾

(Sε moyε saa a) Nyankopͻn de mo bͻne bεkyε mo na Ɔde mo akͻ Aheman no a nsubͻnten nenam aseε no mu, ne asetena pa no mu wͻ Aheman a εwͻ hͻ daa no mu. Woi ne nkonimdie kεseε no.

61:13

وَأُخۡرَىٰ تُحِبُّونَهَاۖ نَصۡرٞ مِّنَ ٱللَّهِ وَفَتۡحٞ قَرِيبٞۗ وَبَشِّرِ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ ﴿13﴾

Deε mopε bio ne mmoa a efri Nyankopͻn hͻ ne nkonimdie a abεn no. Enti fa anigyesεm no ho bͻhyε ma agyidiefoͻ no.

61:14

يَـٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ كُونُوٓاْ أَنصَارَ ٱللَّهِ كَمَا قَالَ عِيسَى ٱبۡنُ مَرۡيَمَ لِلۡحَوَارِيِّـۧنَ مَنۡ أَنصَارِيٓ إِلَى ٱللَّهِۖ قَالَ ٱلۡحَوَارِيُّونَ نَحۡنُ أَنصَارُ ٱللَّهِۖ فَـَٔامَنَت طَّآئِفَةٞ مِّنۢ بَنِيٓ إِسۡرَـٰٓءِيلَ وَكَفَرَت طَّآئِفَةٞۖ فَأَيَّدۡنَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ عَلَىٰ عَدُوِّهِمۡ فَأَصۡبَحُواْ ظَٰهِرِينَ ﴿14﴾

Mo a moagye adie, monyε Nyankopͻn aboafoͻ sεdeε Mar’yam ba Yesu ka kyerεε asuafoͻ no sε: “Hwan na ͻbεboa me wͻ Nyankopͻn (kwan soͻ)?“ Asuafoͻ no kaa sε: “Yε’ne Nyankopͻn aboafoͻ no“. Enti Israel mma no mu fekuo bi gye dii, ԑna fekuo bi nso anye anni; enti Yεboaa wͻn a wͻgye diiε no tiaa wͻn atamfoͻ no, enti wͻbεyεε nkonimdifoͻ.

62:1

يُسَبِّحُ لِلَّهِ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِ ٱلۡمَلِكِ ٱلۡقُدُّوسِ ٱلۡعَزِيزِ ٱلۡحَكِيمِ ﴿1﴾

Adeε a εwͻ soro ne adeε a εwͻ asaase so nyinaa bͻ Ɔhene, Kronkron, Otumfoͻ, Nyansafoͻ Nyankopͻn no abodin.

62:2

هُوَ ٱلَّذِي بَعَثَ فِي ٱلۡأُمِّيِّـۧنَ رَسُولٗا مِّنۡهُمۡ يَتۡلُواْ عَلَيۡهِمۡ ءَايَٰتِهِۦ وَيُزَكِّيهِمۡ وَيُعَلِّمُهُمُ ٱلۡكِتَٰبَ وَٱلۡحِكۡمَةَ وَإِن كَانُواْ مِن قَبۡلُ لَفِي ضَلَٰلٖ مُّبِينٖ ﴿2﴾

Ɔno na Wayi Ɔsomafoͻ afri fratamfoͻ no mu a ͻrekenkan Nensεm no kyerε wͻn, na ͻrete wͻn ho (fri abosomsom fii ho), εna ͻrekyerε wͻn (Qur’aan) Nwoma no ne Nyansa no, εwom sε kane no na anka wͻn wͻ ͻyera pefee mu deε.

62:3

وَءَاخَرِينَ مِنۡهُمۡ لَمَّا يَلۡحَقُواْ بِهِمۡۚ وَهُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡحَكِيمُ ﴿3﴾

(Wasan nso asoma no ama) wͻn mu wᴐn a wͻnnya mεkaa wͻn ho. Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Onyansafoͻ no.

62:4

ذَٰلِكَ فَضۡلُ ٱللَّهِ يُؤۡتِيهِ مَن يَشَآءُۚ وَٱللَّهُ ذُو ٱلۡفَضۡلِ ٱلۡعَظِيمِ ﴿4﴾

Woi yε Nyankopͻn adom, Ɔdema obi a Ɔpε. Nyankopͻn na Adom kεseε no yε Nedea.

62:5

مَثَلُ ٱلَّذِينَ حُمِّلُواْ ٱلتَّوۡرَىٰةَ ثُمَّ لَمۡ يَحۡمِلُوهَا كَمَثَلِ ٱلۡحِمَارِ يَحۡمِلُ أَسۡفَارَۢاۚ بِئۡسَ مَثَلُ ٱلۡقَوۡمِ ٱلَّذِينَ كَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِ ٱللَّهِۚ وَٱللَّهُ لَا يَهۡدِي ٱلۡقَوۡمَ ٱلظَّـٰلِمِينَ ﴿5﴾

Wͻn a yεde Tora hyεε wͻn nsa na wͻn amfa anyε adwuma no, wͻn mfatoho tesε afunumu a ͻso nkrataa. Mfatoho bͻne paa na εwͻ hͻ ma amanfoͻ no a wͻfa Nyankopͻn nsεm no atorᴐsԑm. Nyankopͻn deε Ɔnkyerε abͻnefoͻ no kwan.

62:6

قُلۡ يَـٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ هَادُوٓاْ إِن زَعَمۡتُمۡ أَنَّكُمۡ أَوۡلِيَآءُ لِلَّهِ مِن دُونِ ٱلنَّاسِ فَتَمَنَّوُاْ ٱلۡمَوۡتَ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ ﴿6﴾

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Mo Yudafoͻ, sε moadwen yε mo sε monko ara ne Nyankopͻn adͻfo, na nnipa a aka no deε wͻnka ho a, εneε moma mokͻn nͻ owuo, sε moyε nokwafoͻ ampa a.

62:7

وَلَا يَتَمَنَّوۡنَهُۥٓ أَبَدَۢا بِمَا قَدَّمَتۡ أَيۡدِيهِمۡۚ وَٱللَّهُ عَلِيمُۢ بِٱلظَّـٰلِمِينَ ﴿7﴾

Nanso wͻn kͻn nnͻ (owuo) da, εnam dwuma a wͻnsa adi ato wͻn anim no ho nti. Nyankopͻn deε Onim abͻnefoͻ no.

62:8

قُلۡ إِنَّ ٱلۡمَوۡتَ ٱلَّذِي تَفِرُّونَ مِنۡهُ فَإِنَّهُۥ مُلَٰقِيكُمۡۖ ثُمَّ تُرَدُّونَ إِلَىٰ عَٰلِمِ ٱلۡغَيۡبِ وَٱلشَّهَٰدَةِ فَيُنَبِّئُكُم بِمَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ ﴿8﴾

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Nokorε sε, owuo no a moredwane no no, ampa sε ͻbehyia mo, na afei moasan akͻ Kokoa mu ne Badwa mu Nimdefoͻ no hͻ, na afei Wabͻ mo dwuma a modiiε no (nyinaa) ho amaneε.

62:9

يَـٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ إِذَا نُودِيَ لِلصَّلَوٰةِ مِن يَوۡمِ ٱلۡجُمُعَةِ فَٱسۡعَوۡاْ إِلَىٰ ذِكۡرِ ٱللَّهِ وَذَرُواْ ٱلۡبَيۡعَۚ ذَٰلِكُمۡ خَيۡرٞ لَّكُمۡ إِن كُنتُمۡ تَعۡلَمُونَ ﴿9﴾

Mo a moagye adie, sε yεyε Azaan dema Efiada Nyame frε no a, monyε no ntεm nkͻkaekae Nyankopͻn, na monyae adwadie no. Woi na εyε papa ma mo, sε anka monim a.

62:10

فَإِذَا قُضِيَتِ ٱلصَّلَوٰةُ فَٱنتَشِرُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَٱبۡتَغُواْ مِن فَضۡلِ ٱللَّهِ وَٱذۡكُرُواْ ٱللَّهَ كَثِيرٗا لَّعَلَّكُمۡ تُفۡلِحُونَ ﴿10﴾

Nasε mowie Nyamefrε no a, monhwete wͻ asaase no so na monkͻhwehwε Nyankopͻn adom no; na monkae Nyankopͻn pii sεdeε mobedi nkonim.

62:11

وَإِذَا رَأَوۡاْ تِجَٰرَةً أَوۡ لَهۡوًا ٱنفَضُّوٓاْ إِلَيۡهَا وَتَرَكُوكَ قَآئِمٗاۚ قُلۡ مَا عِندَ ٱللَّهِ خَيۡرٞ مِّنَ ٱللَّهۡوِ وَمِنَ ٱلتِّجَٰرَةِۚ وَٱللَّهُ خَيۡرُ ٱلرَّـٰزِقِينَ ﴿11﴾

Nanso sε wͻhunu adwadideε, anaa anigyesεm bi a, na wͻn akyere akͻgu so, na wͻn agya wo hͻ ama wogyina hͻ. Ka sε: “Deε εwͻ Nyankopͻn hͻ no yε kyεn anigyesεm ne adwadie no. Onyankopͻn na Ɔkyε akyεdeε pa paa, anaa Ͻbᴐ nnipa akᴐnhoma pa.

63:1

إِذَا جَآءَكَ ٱلۡمُنَٰفِقُونَ قَالُواْ نَشۡهَدُ إِنَّكَ لَرَسُولُ ٱللَّهِۗ وَٱللَّهُ يَعۡلَمُ إِنَّكَ لَرَسُولُهُۥ وَٱللَّهُ يَشۡهَدُ إِنَّ ٱلۡمُنَٰفِقِينَ لَكَٰذِبُونَ ﴿1﴾

Sε akͻnkͻnsafoͻ no ba wo hͻ a, asεm a wͻka ne sε: “Yɛdi adanseε sε ampa woyε Nyankopͻn Somafoͻ”. Nyankopͻn Nim yie sε woyε Ne somafoͻ. Nyankopͻn di ho adanseε sε nokorε, akͻnkͻnsafoͻ no yε atorofoͻ.

63:2

ٱتَّخَذُوٓاْ أَيۡمَٰنَهُمۡ جُنَّةٗ فَصَدُّواْ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِۚ إِنَّهُمۡ سَآءَ مَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ ﴿2﴾

Wͻde wͻn nsedie no ayε kyεm, enti wͻsi (amamfoͻ) kwan firi Nyankopͻn kwan no so. Nokorε sε, ade bͻne paa na wͻreyε no.

63:3

ذَٰلِكَ بِأَنَّهُمۡ ءَامَنُواْ ثُمَّ كَفَرُواْ فَطُبِعَ عَلَىٰ قُلُوبِهِمۡ فَهُمۡ لَا يَفۡقَهُونَ ﴿3﴾

Efrisε, wͻgye dii εna wͻsan poo nokorε no; yɛasi wͻn akoma ano enti wͻnte (asεm) ase.