quranm◉

Hizb 19

Range
from 8:61 to 9:45
Surahs covered
Nkyerɛase
60 Nkyerɛase

◉

8:61

وَإِن جَنَحُواْ لِلسَّلۡمِ فَٱجۡنَحۡ لَهَا وَتَوَكَّلۡ عَلَى ٱللَّهِۚ إِنَّهُۥ هُوَ ٱلسَّمِيعُ ٱلۡعَلِيمُ ﴿61﴾

Sε wͻdane wͻn ho kͻ asomdwoeε so a, dane woho kͻ so bi, na fa wo ho to Nyankopͻn so, nokorε sε, Ɔne Otiefoͻ a Ɔte biribiara no, Ɔne Onimdefoͻ no.

8:62

وَإِن يُرِيدُوٓاْ أَن يَخۡدَعُوكَ فَإِنَّ حَسۡبَكَ ٱللَّهُۚ هُوَ ٱلَّذِيٓ أَيَّدَكَ بِنَصۡرِهِۦ وَبِٱلۡمُؤۡمِنِينَ ﴿62﴾

Sε wͻpεsε wͻdi wo hwammͻ nso a, nokorε sε, Nyankopͻn som bo ma wo, Ɔno na Ɔde Ne mmoa ne agyidiefoͻ no ahyε wo den.

8:63

وَأَلَّفَ بَيۡنَ قُلُوبِهِمۡۚ لَوۡ أَنفَقۡتَ مَا فِي ٱلۡأَرۡضِ جَمِيعٗا مَّآ أَلَّفۡتَ بَيۡنَ قُلُوبِهِمۡ وَلَٰكِنَّ ٱللَّهَ أَلَّفَ بَيۡنَهُمۡۚ إِنَّهُۥ عَزِيزٌ حَكِيمٞ ﴿63﴾

Ɛna Waka wͻn akoma abͻ mu. Sε woyii deε εwͻ asaase so nyinaa mpo demae (sε wode bεka wͻn abͻ mu a,) anka wontumi nka wͻn akoma mmͻ mu da. Nanso Onyankopᴐn aka wᴐn abom. Nokorε sε, Ɔne Otumfoͻ a Ɔtumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ.

8:64

يَـٰٓأَيُّهَا ٱلنَّبِيُّ حَسۡبُكَ ٱللَّهُ وَمَنِ ٱتَّبَعَكَ مِنَ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ ﴿64﴾

Nkͻmhyεni, Nyankopͻn ne agyidiefoͻ no a wͻdi w’akyire no som bo ma wo.

8:65

يَـٰٓأَيُّهَا ٱلنَّبِيُّ حَرِّضِ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ عَلَى ٱلۡقِتَالِۚ إِن يَكُن مِّنكُمۡ عِشۡرُونَ صَٰبِرُونَ يَغۡلِبُواْ مِاْئَتَيۡنِۚ وَإِن يَكُن مِّنكُم مِّاْئَةٞ يَغۡلِبُوٓاْ أَلۡفٗا مِّنَ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ بِأَنَّهُمۡ قَوۡمٞ لَّا يَفۡقَهُونَ ﴿65﴾

Nkͻmhyεni, hyε agyidiefoͻ no nkuran wͻ ͻkoo no ho. Sε aboterεfoͻ (nnipa) aduonu wͻ mo mu a, (wͻbɛtumi) adi (kaafirfoͻ no nnipa) ahaanu so nkonim; na sε (aboterεfoͻ nnipa) ͻha wͻ mo mu a (wͻbɛtumi) adi wͻn a wͻpo nokorԑ no mu (nnipa) apem so nkonim, efirisε wͻyε nnipa a wͻnte asεm aseε (anaasε wͻnnwen).

8:66

ٱلۡـَٰٔنَ خَفَّفَ ٱللَّهُ عَنكُمۡ وَعَلِمَ أَنَّ فِيكُمۡ ضَعۡفٗاۚ فَإِن يَكُن مِّنكُم مِّاْئَةٞ صَابِرَةٞ يَغۡلِبُواْ مِاْئَتَيۡنِۚ وَإِن يَكُن مِّنكُمۡ أَلۡفٞ يَغۡلِبُوٓاْ أَلۡفَيۡنِ بِإِذۡنِ ٱللَّهِۗ وَٱللَّهُ مَعَ ٱلصَّـٰبِرِينَ ﴿66﴾

Seisei deε Nyankopͻn ago mu ama mo, na Ɔnim sε, (nnipa no) bi wͻ mo mu a wͻyε mmerε (anaasε wͻnni ahoͻden). Enti sε aboterεfoͻ (nnipa) ͻha wͻ mo mu a, wͻbɛdi ahaanu so nkonim, sε apem na ԑwͻ mo mu a wͻbɛdi mpem mmienu so nkonim wͻ Nyankopͻn akwamma mu. Onyankopͻn deε Ɔka aboterεfoͻ no ho.

8:67

مَا كَانَ لِنَبِيٍّ أَن يَكُونَ لَهُۥٓ أَسۡرَىٰ حَتَّىٰ يُثۡخِنَ فِي ٱلۡأَرۡضِۚ تُرِيدُونَ عَرَضَ ٱلدُّنۡيَا وَٱللَّهُ يُرِيدُ ٱلۡأٓخِرَةَۗ وَٱللَّهُ عَزِيزٌ حَكِيمٞ ﴿67﴾

Ɛkwan nni hᴐ ma Nkͻmhyεni sԑ ᴐbεfa nommum, gyesε wako adi nkonim wͻ asaase no so ansa. Mopε wiase agyapadeε, na Nyankopͻn nso pε Daakye no ma mo. Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Nyansafoͻ.

8:68

لَّوۡلَا كِتَٰبٞ مِّنَ ٱللَّهِ سَبَقَ لَمَسَّكُمۡ فِيمَآ أَخَذۡتُمۡ عَذَابٌ عَظِيمٞ ﴿68﴾

Sε nhyehyεε nnii kan dada wͻ Nyankopͻn hͻ a, anka asotwe kεseε paa bεto mo wͻ (mpata) deε a mogyeε no ho.

8:69

فَكُلُواْ مِمَّا غَنِمۡتُمۡ حَلَٰلٗا طَيِّبٗاۚ وَٱتَّقُواْ ٱللَّهَۚ إِنَّ ٱللَّهَ غَفُورٞ رَّحِيمٞ ﴿69﴾

Enti monni asadeε a moanya no mu deε εkwan wͻ ho na εyε; na monsuro Nyankopͻn. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔno ara nso ne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

8:70

يَـٰٓأَيُّهَا ٱلنَّبِيُّ قُل لِّمَن فِيٓ أَيۡدِيكُم مِّنَ ٱلۡأَسۡرَىٰٓ إِن يَعۡلَمِ ٱللَّهُ فِي قُلُوبِكُمۡ خَيۡرٗا يُؤۡتِكُمۡ خَيۡرٗا مِّمَّآ أُخِذَ مِنكُمۡ وَيَغۡفِرۡ لَكُمۡۚ وَٱللَّهُ غَفُورٞ رَّحِيمٞ ﴿70﴾

Nkͻmhyεni, ka kyerε nneduafoͻ a wͻwͻ monsa mu no sε: “Sε Nyankopͻn hunu papa bi wͻ moakoma mu a, Ɔbεma mo papa a εkyεn deε yɛagye afiri mo hͻ no, na Ɔde mo bͻne akyε mo. Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

8:71

وَإِن يُرِيدُواْ خِيَانَتَكَ فَقَدۡ خَانُواْ ٱللَّهَ مِن قَبۡلُ فَأَمۡكَنَ مِنۡهُمۡۗ وَٱللَّهُ عَلِيمٌ حَكِيمٌ ﴿71﴾

Sε wͻpε sε wͻdi wo hwammͻ nso a, wͻn adikan adi Nyankopͻn hwammͻ pεn, εna Ɔmaa wodii wͻn so (nkonim). Onyankopͻn ne Onimdefoͻ a Ɔnim biribiara, Ɔne Onyansafoͻ.

8:72

إِنَّ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَهَاجَرُواْ وَجَٰهَدُواْ بِأَمۡوَٰلِهِمۡ وَأَنفُسِهِمۡ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِ وَٱلَّذِينَ ءَاوَواْ وَّنَصَرُوٓاْ أُوْلَـٰٓئِكَ بَعۡضُهُمۡ أَوۡلِيَآءُ بَعۡضٖۚ وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَلَمۡ يُهَاجِرُواْ مَا لَكُم مِّن وَلَٰيَتِهِم مِّن شَيۡءٍ حَتَّىٰ يُهَاجِرُواْۚ وَإِنِ ٱسۡتَنصَرُوكُمۡ فِي ٱلدِّينِ فَعَلَيۡكُمُ ٱلنَّصۡرُ إِلَّا عَلَىٰ قَوۡمِۭ بَيۡنَكُمۡ وَبَيۡنَهُم مِّيثَٰقٞۗ وَٱللَّهُ بِمَا تَعۡمَلُونَ بَصِيرٞ ﴿72﴾

Nokorε sε, wͻn a wͻagye adie na wͻtuu amantuo, na wͻde wͻn agyapadeε ne wͻn kraa koo wͻ Nyankopͻn kwan soͻ, ne wͻn (Madinafoͻ) a wͻmaa wͻn baabi tenaeε, na wͻboaa wͻn no, saa nkorͻfoͻ no yε wͻn ho wͻn ho akyitaafoͻ. Wͻn a wͻagye adie na wͻntuu amantuo no monyε wͻn kyitaafoͻ wͻ hwee ho, kͻpem sε wͻbɛtu amantuo. Sε wͻhwehwε mohͻ mmoa fa Nyamesom ho a, εneε εyε moasεde sε moboa (wͻn), gyesε etia amanfoͻ bi a apam da mone wͻn ntam. Onyankopͻn deε N’ani tua deε moyε biara.

8:73

وَٱلَّذِينَ كَفَرُواْ بَعۡضُهُمۡ أَوۡلِيَآءُ بَعۡضٍۚ إِلَّا تَفۡعَلُوهُ تَكُن فِتۡنَةٞ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَفَسَادٞ كَبِيرٞ ﴿73﴾

Wͻn a wͻayi boniayε no nso yε wͻn ho wͻn ho akyitaafoͻ. Mmom sε moanyε (saa ammoa moho moho anka mo ho ammͻ mu anko antia nsεmmͻnedifoͻ no a), aniεyaa ne nsεmͻnedie kεse bεkͻso wͻ asaase no so.

8:74

وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَهَاجَرُواْ وَجَٰهَدُواْ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِ وَٱلَّذِينَ ءَاوَواْ وَّنَصَرُوٓاْ أُوْلَـٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡمُؤۡمِنُونَ حَقّٗاۚ لَّهُم مَّغۡفِرَةٞ وَرِزۡقٞ كَرِيمٞ ﴿74﴾

Wͻn a wͻagye adie na wͻtuu amantuo na wͻkoo wͻ Nyankopͻn kwan soͻ, ne wͻn a wͻmaa (wͻn) baabi tenaeε na wͻboaeε no, saa nkorͻfoͻ no ne agyidiefoͻ paa no. Wͻwͻ bͻnefakyε ne akyεdeε a animonyam wͻ mu.

8:75

وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ مِنۢ بَعۡدُ وَهَاجَرُواْ وَجَٰهَدُواْ مَعَكُمۡ فَأُوْلَـٰٓئِكَ مِنكُمۡۚ وَأُوْلُواْ ٱلۡأَرۡحَامِ بَعۡضُهُمۡ أَوۡلَىٰ بِبَعۡضٖ فِي كِتَٰبِ ٱللَّهِۚ إِنَّ ٱللَّهَ بِكُلِّ شَيۡءٍ عَلِيمُۢ ﴿75﴾

Wͻn nso a akyire yi wͻgye diiε, na wͻtuu amantuo, na wͻkaa mo ho ne mo koo (wͻ Nyame kwan soͻ) no, (saa nkorͻfoͻ) no ka mo ho. Abusuafoͻ bεn wͻn ho wͻn ho (wͻ adedie mu) wͻ Nyankopͻn nhyehyεε mu. Nokorε sε, Nyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ.

9:1

بَرَآءَةٞ مِّنَ ٱللَّهِ وَرَسُولِهِۦٓ إِلَى ٱلَّذِينَ عَٰهَدتُّم مِّنَ ٱلۡمُشۡرِكِينَ ﴿1﴾

(Wei yε nkaebɔ a) ɛfiri Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no hͻ dema abosomsomfoͻ no a (mo Muslimifoͻ) ne wͻn ayε apam no sε, (Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ) atwe wͻn ho .

9:2

فَسِيحُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ أَرۡبَعَةَ أَشۡهُرٖ وَٱعۡلَمُوٓاْ أَنَّكُمۡ غَيۡرُ مُعۡجِزِي ٱللَّهِ وَأَنَّ ٱللَّهَ مُخۡزِي ٱلۡكَٰفِرِينَ ﴿2﴾

Enti modeε monante wͻ asaase no so bosome nnan, na mmom monhunu sε montumi nsesa Nyankopͻn nhyehyεε; na Nyankopͻn bɛgu boniayεfoͻ no anim ase.

9:3

وَأَذَٰنٞ مِّنَ ٱللَّهِ وَرَسُولِهِۦٓ إِلَى ٱلنَّاسِ يَوۡمَ ٱلۡحَجِّ ٱلۡأَكۡبَرِ أَنَّ ٱللَّهَ بَرِيٓءٞ مِّنَ ٱلۡمُشۡرِكِينَ وَرَسُولُهُۥۚ فَإِن تُبۡتُمۡ فَهُوَ خَيۡرٞ لَّكُمۡۖ وَإِن تَوَلَّيۡتُمۡ فَٱعۡلَمُوٓاْ أَنَّكُمۡ غَيۡرُ مُعۡجِزِي ٱللَّهِۗ وَبَشِّرِ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ بِعَذَابٍ أَلِيمٍ ﴿3﴾

(Wei yε) amanebͻ a ɛfiri Nyankopͻn ne Ne somafͻo no hͻ sε, εntͻ amanfoͻ anim wͻ Hajji da kεseε no mu sε: “Nyankopͻn ne Ne somafoͻ atwe wͻn ho afiri abosomsomfoͻ no ho. Enti sε mosakra moadwen a, εno na εyε ma mo, na sε modane moakyi dema (Nokorε no) a, εneε monhunu sε, montumi mfiri Nyankopͻn akyi nnwane. Enti fa asotwee yaaya no ho anohoba bͻ wͻn a wͻpo (nokorԑ) no “.

9:4

إِلَّا ٱلَّذِينَ عَٰهَدتُّم مِّنَ ٱلۡمُشۡرِكِينَ ثُمَّ لَمۡ يَنقُصُوكُمۡ شَيۡـٔٗا وَلَمۡ يُظَٰهِرُواْ عَلَيۡكُمۡ أَحَدٗا فَأَتِمُّوٓاْ إِلَيۡهِمۡ عَهۡدَهُمۡ إِلَىٰ مُدَّتِهِمۡۚ إِنَّ ٱللَّهَ يُحِبُّ ٱلۡمُتَّقِينَ ﴿4﴾

Gyesε abosomsomfoͻ no a mone wͻn ayε apam na wͻmmu moapam no so koraa no, na wͻmmoaa obiara (nko) ntiaaa mo, εneε monni wͻn apam no so nkosi εberε a wͻn ahyε. Nokorε sε, Nyankopͻn pε wͻn a wͻsuro Nyankopͻn na wͻyε ahwεyie no asεm.

9:5

فَإِذَا ٱنسَلَخَ ٱلۡأَشۡهُرُ ٱلۡحُرُمُ فَٱقۡتُلُواْ ٱلۡمُشۡرِكِينَ حَيۡثُ وَجَدتُّمُوهُمۡ وَخُذُوهُمۡ وَٱحۡصُرُوهُمۡ وَٱقۡعُدُواْ لَهُمۡ كُلَّ مَرۡصَدٖۚ فَإِن تَابُواْ وَأَقَامُواْ ٱلصَّلَوٰةَ وَءَاتَوُاْ ٱلزَّكَوٰةَ فَخَلُّواْ سَبِيلَهُمۡۚ إِنَّ ٱللَّهَ غَفُورٞ رَّحِيمٞ ﴿5﴾

Sε abosome kronkron no twa mu a, monkum abosomsomfoͻ no wͻ baabiara a mobɛnya wͻn, na momfa wͻn nnͻmum, na montaa wͻn so, na montena ntetε wͻn wͻ tetε bea biara mu. Sε wͻsakra wͻn adwen, na wͻfrε Nyame, na wͻyi Zaka a, εneε monyae wͻn, efirisε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

9:6

وَإِنۡ أَحَدٞ مِّنَ ٱلۡمُشۡرِكِينَ ٱسۡتَجَارَكَ فَأَجِرۡهُ حَتَّىٰ يَسۡمَعَ كَلَٰمَ ٱللَّهِ ثُمَّ أَبۡلِغۡهُ مَأۡمَنَهُۥۚ ذَٰلِكَ بِأَنَّهُمۡ قَوۡمٞ لَّا يَعۡلَمُونَ ﴿6﴾

Sε abosomsomfoͻ no bi hwehwε wo hͻ ahobammͻ a, bͻ ne ho ban kosi sε ͻbεte Nyankopͻn asεm, na fa no kͻduro n’abodwoeε bea. Ɛnesε, nokorε wͻyε amanfoͻ a wͻnnim (nokorε a εwͻ Islam som no mu).

9:7

كَيۡفَ يَكُونُ لِلۡمُشۡرِكِينَ عَهۡدٌ عِندَ ٱللَّهِ وَعِندَ رَسُولِهِۦٓ إِلَّا ٱلَّذِينَ عَٰهَدتُّمۡ عِندَ ٱلۡمَسۡجِدِ ٱلۡحَرَامِۖ فَمَا ٱسۡتَقَٰمُواْ لَكُمۡ فَٱسۡتَقِيمُواْ لَهُمۡۚ إِنَّ ٱللَّهَ يُحِبُّ ٱلۡمُتَّقِينَ ﴿7﴾

Ɛbεyε dεn na abosomsomfoͻ no anya apam wͻ Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ hͻ? Gyesε wͻn a mone wͻn pam wͻ Nyame-dan kronkron no ho no. Mmerε a wͻbɛdi nokorε ama mo biara no, monso monni nokorε mma wͻn; efirisε Nyankopͻn pε wͻn a wͻsuro Nyame no asεm.

9:8

كَيۡفَ وَإِن يَظۡهَرُواْ عَلَيۡكُمۡ لَا يَرۡقُبُواْ فِيكُمۡ إِلّٗا وَلَا ذِمَّةٗۚ يُرۡضُونَكُم بِأَفۡوَٰهِهِمۡ وَتَأۡبَىٰ قُلُوبُهُمۡ وَأَكۡثَرُهُمۡ فَٰسِقُونَ ﴿8﴾

Ɛbεyε dεn (na apam no atumi agyina) aberε a sε wͻdi mo so a wͻmfa abusua anaa apam ho wͻ mo fam? Wͻde wͻn ano na εgye mo die, na wͻn akoma deε εmpene so; na wͻn mu dodoͻ no ara yε abͻneεfoͻ.

9:9

ٱشۡتَرَوۡاْ بِـَٔايَٰتِ ٱللَّهِ ثَمَنٗا قَلِيلٗا فَصَدُّواْ عَن سَبِيلِهِۦٓۚ إِنَّهُمۡ سَآءَ مَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ ﴿9﴾

Wͻn atͻn Nyankopͻn asεm agye sika kakraabi, enti wͻdesi (amanfoͻ kwan) firi Ne kwan no so. Nokorε sε, bͻne paa ne dwuma a wͻredie no.

9:10

لَا يَرۡقُبُونَ فِي مُؤۡمِنٍ إِلّٗا وَلَا ذِمَّةٗۚ وَأُوْلَـٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡمُعۡتَدُونَ ﴿10﴾

Wͻmfa abusua anaasε apam ho wͻ gyedieni afam. Saa nkorͻfoͻ no ne mmra to foͻ no.

9:11

فَإِن تَابُواْ وَأَقَامُواْ ٱلصَّلَوٰةَ وَءَاتَوُاْ ٱلزَّكَوٰةَ فَإِخۡوَٰنُكُمۡ فِي ٱلدِّينِۗ وَنُفَصِّلُ ٱلۡأٓيَٰتِ لِقَوۡمٖ يَعۡلَمُونَ ﴿11﴾

Enti sε wͻsakra wͻn adwen na wͻfrε Nyame wͻ neberε mu na wͻyi Zaka no a, εneε mo nuanom ne wͻn wͻ Nyamesom mu. Yεkyerεkyerε Nsεm no mu de ma amanfoͻ a wͻnim.

9:12

وَإِن نَّكَثُوٓاْ أَيۡمَٰنَهُم مِّنۢ بَعۡدِ عَهۡدِهِمۡ وَطَعَنُواْ فِي دِينِكُمۡ فَقَٰتِلُوٓاْ أَئِمَّةَ ٱلۡكُفۡرِ إِنَّهُمۡ لَآ أَيۡمَٰنَ لَهُمۡ لَعَلَّهُمۡ يَنتَهُونَ ﴿12﴾

Sε wͻbu wͻn nsedie so wͻ wͻn apam no akyi, na wͻto mosom no ho a, εneε mone boniayεfoͻ mpanimfoͻ no nko efirisε, wͻn nsedie no nyε hwee mma wͻn, sεdeε wͻbɛgyae (nsεmmͻne die).

9:13

أَلَا تُقَٰتِلُونَ قَوۡمٗا نَّكَثُوٓاْ أَيۡمَٰنَهُمۡ وَهَمُّواْ بِإِخۡرَاجِ ٱلرَّسُولِ وَهُم بَدَءُوكُمۡ أَوَّلَ مَرَّةٍۚ أَتَخۡشَوۡنَهُمۡۚ فَٱللَّهُ أَحَقُّ أَن تَخۡشَوۡهُ إِن كُنتُم مُّؤۡمِنِينَ ﴿13﴾

Enti mone amanfoͻ a wͻbu wͻn nsedie soͻ, na wͻn botaeε ne sε wͻbɛtu Ɔsomafoͻ no (afiri Maka kuro no mu no) nko? Aberε a mo (agyidiefoͻ no) na wͻdii kan (tohyεε) mo soᴐ? Anaa mosuro wͻn? Nyankopͻn na εsεsε mosuro no, sε moyε agyidiefoͻ ampa a.

9:14

قَٰتِلُوهُمۡ يُعَذِّبۡهُمُ ٱللَّهُ بِأَيۡدِيكُمۡ وَيُخۡزِهِمۡ وَيَنصُرۡكُمۡ عَلَيۡهِمۡ وَيَشۡفِ صُدُورَ قَوۡمٖ مُّؤۡمِنِينَ ﴿14﴾

Enti mone wͻn nko, na Nyankopͻn nam mo nsa so bεtwe wͻn aso, na Wagu wͻn anim ase, na Wama mo wͻn so nkonimdie, na Wadwodwo amanfoͻ no a wͻgyidie no akoma;

9:15

وَيُذۡهِبۡ غَيۡظَ قُلُوبِهِمۡۗ وَيَتُوبُ ٱللَّهُ عَلَىٰ مَن يَشَآءُۗ وَٱللَّهُ عَلِيمٌ حَكِيمٌ ﴿15﴾

Na Wayi wͻn akoma mu abufuo afiri hͻ. Nyankopͻn de nea Ɔpε bͻne bεkyε no; na Nyankopͻn ne Onimdefoͻ a Ɔnim biribiara, Ɔne Onyansafoͻ.

9:16

أَمۡ حَسِبۡتُمۡ أَن تُتۡرَكُواْ وَلَمَّا يَعۡلَمِ ٱللَّهُ ٱلَّذِينَ جَٰهَدُواْ مِنكُمۡ وَلَمۡ يَتَّخِذُواْ مِن دُونِ ٱللَّهِ وَلَا رَسُولِهِۦ وَلَا ٱلۡمُؤۡمِنِينَ وَلِيجَةٗۚ وَٱللَّهُ خَبِيرُۢ بِمَا تَعۡمَلُونَ ﴿16﴾

Anaa modwen sε yεbɛgyae mo (saa ara) aberε a Nyankopͻn (nyεε mo nsͻhwε) nhunuu mo mu wͻn a wͻbͻ mmͻden na wͻmfiri Nyankopͻn ne Ne somafoͻ ne agyidiefoͻ no akyi mfa yͻnkoͻ?. Onyankopͻn ne dwuma a modie no nyinaa ho Amane bͻfoͻ.

9:17

مَا كَانَ لِلۡمُشۡرِكِينَ أَن يَعۡمُرُواْ مَسَٰجِدَ ٱللَّهِ شَٰهِدِينَ عَلَىٰٓ أَنفُسِهِم بِٱلۡكُفۡرِۚ أُوْلَـٰٓئِكَ حَبِطَتۡ أَعۡمَٰلُهُمۡ وَفِي ٱلنَّارِ هُمۡ خَٰلِدُونَ ﴿17﴾

Abosomsomfoͻ no nni ho kwan sε wͻsra anaasε wͻyε Nyankopͻn Nyame-dan (Ka’aba) no ho adwuma aberε a wͻdi wͻn ara wͻn ho adanseε sε wͻwͻ boniayε mu. Saa nkorͻfoͻ no na wͻn nnwuma ayε kwa, na Ogya no mu na wͻbεtena.

9:18

إِنَّمَا يَعۡمُرُ مَسَٰجِدَ ٱللَّهِ مَنۡ ءَامَنَ بِٱللَّهِ وَٱلۡيَوۡمِ ٱلۡأٓخِرِ وَأَقَامَ ٱلصَّلَوٰةَ وَءَاتَى ٱلزَّكَوٰةَ وَلَمۡ يَخۡشَ إِلَّا ٱللَّهَۖ فَعَسَىٰٓ أُوْلَـٰٓئِكَ أَن يَكُونُواْ مِنَ ٱلۡمُهۡتَدِينَ ﴿18﴾

Obi a εsεsε ͻsra anaa ͻyε Nyankopͻn Nyamedan (Ka’aba) no ho adwuma ne obi a wagye Nyankopͻn ne Da a edi akyire no adie, na ͻfrε Nyame wͻ neberε mu, na oyi Zaka no, na ͻnsuro (obiara) gyesε Nyankopͻn. Enti ebia saa nkorͻfoͻ no na wͻbεka ateneneefoͻ no ho.

9:19

أَجَعَلۡتُمۡ سِقَايَةَ ٱلۡحَآجِّ وَعِمَارَةَ ٱلۡمَسۡجِدِ ٱلۡحَرَامِ كَمَنۡ ءَامَنَ بِٱللَّهِ وَٱلۡيَوۡمِ ٱلۡأٓخِرِ وَجَٰهَدَ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِۚ لَا يَسۡتَوُۥنَ عِندَ ٱللَّهِۗ وَٱللَّهُ لَا يَهۡدِي ٱلۡقَوۡمَ ٱلظَّـٰلِمِينَ ﴿19﴾

Mode obi a ͻma Hajifoͻ no nsuo, na ɔsiesie anaa ͻyε Nyamedan kronkron no ho adwuma no toto obia wagye Nyankopͻn ne Da a edi akyire no adie, na ͻko wͻ Nyankopͻn kwan soͻ no ho sε wͻyε pεpεεpε? Wͻnyε pε wͻ Nyankopͻn anim. Nyankopͻn deε Ɔnkyerε nnipa bͻnefoͻ no kwan.

9:20

ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَهَاجَرُواْ وَجَٰهَدُواْ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِ بِأَمۡوَٰلِهِمۡ وَأَنفُسِهِمۡ أَعۡظَمُ دَرَجَةً عِندَ ٱللَّهِۚ وَأُوْلَـٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡفَآئِزُونَ ﴿20﴾

Wͻn a wͻagye die na wͻtuu amantuo na wͻde wͻn agyapadeε ne wͻn kraa koo Nyankopͻn kwan soͻ no wͻ gyinaberε a εsom bo wͻ Nyankopͻn hͻ. Saa nkorͻfoͻ no ne nkonimdifoͻ no.

9:21

يُبَشِّرُهُمۡ رَبُّهُم بِرَحۡمَةٖ مِّنۡهُ وَرِضۡوَٰنٖ وَجَنَّـٰتٖ لَّهُمۡ فِيهَا نَعِيمٞ مُّقِيمٌ ﴿21﴾

Wͻn Wura Nyankopͻn de ahummͻborͻ ne nyetomu a ɛfiri Nehͻ ne Soro aheman a εwͻ wͻn na emu anigyeε wͻ hͻ daa no hyε wͻn bͻ.

9:22

خَٰلِدِينَ فِيهَآ أَبَدًاۚ إِنَّ ٱللَّهَ عِندَهُۥٓ أَجۡرٌ عَظِيمٞ ﴿22﴾

Wͻbεtena mu daa afe bͻͻ. Nokorε sε, Nyankopͻn hͻ na akatua kεseԑ paa no wͻ.

9:23

يَـٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ لَا تَتَّخِذُوٓاْ ءَابَآءَكُمۡ وَإِخۡوَٰنَكُمۡ أَوۡلِيَآءَ إِنِ ٱسۡتَحَبُّواْ ٱلۡكُفۡرَ عَلَى ٱلۡإِيمَٰنِۚ وَمَن يَتَوَلَّهُم مِّنكُمۡ فَأُوْلَـٰٓئِكَ هُمُ ٱلظَّـٰلِمُونَ ﴿23﴾

Mo a moagye adie, sε moagyanom ne monuanom dͻ (Kaafir) boniayε kyεn gyidie a, monhwε na moamfa wͻn ayͻnkoͻ. Momu nea ͻdane ne ho ma wͻn no, saa nkorͻfoͻ no ne abͻneεfoͻ no.

9:24

قُلۡ إِن كَانَ ءَابَآؤُكُمۡ وَأَبۡنَآؤُكُمۡ وَإِخۡوَٰنُكُمۡ وَأَزۡوَٰجُكُمۡ وَعَشِيرَتُكُمۡ وَأَمۡوَٰلٌ ٱقۡتَرَفۡتُمُوهَا وَتِجَٰرَةٞ تَخۡشَوۡنَ كَسَادَهَا وَمَسَٰكِنُ تَرۡضَوۡنَهَآ أَحَبَّ إِلَيۡكُم مِّنَ ٱللَّهِ وَرَسُولِهِۦ وَجِهَادٖ فِي سَبِيلِهِۦ فَتَرَبَّصُواْ حَتَّىٰ يَأۡتِيَ ٱللَّهُ بِأَمۡرِهِۦۗ وَٱللَّهُ لَا يَهۡدِي ٱلۡقَوۡمَ ٱلۡفَٰسِقِينَ ﴿24﴾

(Nkͻmhyεni), kasε: “Sε moagyanom ne momma ne monuanom ne moyerenom ne moabusuafoͻ ne sika a moanya ne adwadie na mosuro sε εbɛgyigya ne asetena a moagye atomu na mopε kyεn Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ, ne sε mobεbͻ mmͻden wͻ Ne kwan so a, εneε montwεn nkͻpem sε, Nyankopͻn de N’ahyεdeε no bεba. Nyankopͻn deε Ɔnkyerε nnipa bͻnefoͻ no kwan.

9:25

لَقَدۡ نَصَرَكُمُ ٱللَّهُ فِي مَوَاطِنَ كَثِيرَةٖ وَيَوۡمَ حُنَيۡنٍ إِذۡ أَعۡجَبَتۡكُمۡ كَثۡرَتُكُمۡ فَلَمۡ تُغۡنِ عَنكُمۡ شَيۡـٔٗا وَضَاقَتۡ عَلَيۡكُمُ ٱلۡأَرۡضُ بِمَا رَحُبَتۡ ثُمَّ وَلَّيۡتُم مُّدۡبِرِينَ ﴿25﴾

Nokorε sε, Nyankopͻn aboa mo wͻ akono pii, ne Hunein da no, εberε a mo dodoͻ maa mo yεε ahomasoͻ, nanso (mo dodoͻ no) ho amma mo mfasoͻ biara, na asaase ne ne tεtrεtε yi nyinaa ka moaa mo, na modane moakyi dwanee.

9:26

ثُمَّ أَنزَلَ ٱللَّهُ سَكِينَتَهُۥ عَلَىٰ رَسُولِهِۦ وَعَلَى ٱلۡمُؤۡمِنِينَ وَأَنزَلَ جُنُودٗا لَّمۡ تَرَوۡهَا وَعَذَّبَ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْۚ وَذَٰلِكَ جَزَآءُ ٱلۡكَٰفِرِينَ ﴿26﴾

Afei Nyankopͻn sanee akomatͻyεmu baa ne Somafoͻ no so, ne agyidiefoͻ no nso so, na Ɔsanee asraafoͻ a moanhu (wͻn), na Ɔtwee wͻn a wͻyi boniayε no aso. Na boniayεfoͻ no akatua ne no.

9:27

ثُمَّ يَتُوبُ ٱللَّهُ مِنۢ بَعۡدِ ذَٰلِكَ عَلَىٰ مَن يَشَآءُۗ وَٱللَّهُ غَفُورٞ رَّحِيمٞ ﴿27﴾

Afei εno akyiri no sԑ Onyankopͻn pԑ a, Ɔbԑtie obi a ᴐsakra n’adwen, efirisε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

9:28

يَـٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ إِنَّمَا ٱلۡمُشۡرِكُونَ نَجَسٞ فَلَا يَقۡرَبُواْ ٱلۡمَسۡجِدَ ٱلۡحَرَامَ بَعۡدَ عَامِهِمۡ هَٰذَاۚ وَإِنۡ خِفۡتُمۡ عَيۡلَةٗ فَسَوۡفَ يُغۡنِيكُمُ ٱللَّهُ مِن فَضۡلِهِۦٓ إِن شَآءَۚ إِنَّ ٱللَّهَ عَلِيمٌ حَكِيمٞ ﴿28﴾

Mo a moagye adie, abosomsomfoͻ no ho wͻ fii, enti εnsεsε wͻbεn (Ka’aba) Nyamedan kronkron no wͻ wͻn afe wei akyi. Nasε mosuro ohia a, Nyankopͻn bεma mo anya mo ho wͻ N’adom mu sε Ɔpε a. Nokorε sε Nyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Onyansafoͻ.

9:29

قَٰتِلُواْ ٱلَّذِينَ لَا يُؤۡمِنُونَ بِٱللَّهِ وَلَا بِٱلۡيَوۡمِ ٱلۡأٓخِرِ وَلَا يُحَرِّمُونَ مَا حَرَّمَ ٱللَّهُ وَرَسُولُهُۥ وَلَا يَدِينُونَ دِينَ ٱلۡحَقِّ مِنَ ٱلَّذِينَ أُوتُواْ ٱلۡكِتَٰبَ حَتَّىٰ يُعۡطُواْ ٱلۡجِزۡيَةَ عَن يَدٖ وَهُمۡ صَٰغِرُونَ ﴿29﴾

Wͻn a wͻwͻ wͻn a yɛama wͻn Nyamesom ho Nwoma no mu a wͻnnye Nyankopͻn anaasε Da a edi akyire no nnie, na wͻmmra adeε a Nyamkopͻn ne Ne somafoͻ no abra, na wͻnsom nokorε som no, mone wͻn nko nkͻpem sε wͻbɛtua εtoͻ no wͻ ahobraseε mu.

9:30

وَقَالَتِ ٱلۡيَهُودُ عُزَيۡرٌ ٱبۡنُ ٱللَّهِ وَقَالَتِ ٱلنَّصَٰرَى ٱلۡمَسِيحُ ٱبۡنُ ٱللَّهِۖ ذَٰلِكَ قَوۡلُهُم بِأَفۡوَٰهِهِمۡۖ يُضَٰهِـُٔونَ قَوۡلَ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ مِن قَبۡلُۚ قَٰتَلَهُمُ ٱللَّهُۖ أَنَّىٰ يُؤۡفَكُونَ ﴿30﴾

Yudafoͻ no ka sε: “Uzair (Ezra) yε Nyankopͻn ba, εna Kristofoͻ no nso ka sε: “Masiah” Kristo yε Nyankopͻn ba. Wei yε nsεm a ɛfiri wͻn ara wͻn anum. Wͻresuasua boniayεfoͻ a wͻdii kan no kasaa. Nyankopͻn nnomee nka wͻn, sεdeε wͻdane wͻn ho (firi nokorε no ho no).

9:31

ٱتَّخَذُوٓاْ أَحۡبَارَهُمۡ وَرُهۡبَٰنَهُمۡ أَرۡبَابٗا مِّن دُونِ ٱللَّهِ وَٱلۡمَسِيحَ ٱبۡنَ مَرۡيَمَ وَمَآ أُمِرُوٓاْ إِلَّا لِيَعۡبُدُوٓاْ إِلَٰهٗا وَٰحِدٗاۖ لَّآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَۚ سُبۡحَٰنَهُۥ عَمَّا يُشۡرِكُونَ ﴿31﴾

Wͻfa wͻn Nyamesom ho mmra kyerεfoͻ no ne wͻn asͻfoͻ no a wɔapo wiase no de wͻn yε awurade wͻ Nyankopͻn akyi; san fa Masiah, Mar’yam ba no (nso de no yε nyame). Aberε nso a ahyεdeε a yεde hyεε wͻn ara ne sε, wͻnsom Nyankopͻn fua pε no; Awurade foforͻ biara nnihͻ ka Ne ho, Kronkron Hene ne no (Ɔkorͻn so kyεn) deε wͻde bata (Ne ho no).

9:32

يُرِيدُونَ أَن يُطۡفِـُٔواْ نُورَ ٱللَّهِ بِأَفۡوَٰهِهِمۡ وَيَأۡبَى ٱللَّهُ إِلَّآ أَن يُتِمَّ نُورَهُۥ وَلَوۡ كَرِهَ ٱلۡكَٰفِرُونَ ﴿32﴾

Deε (Yudafoͻ ne Kristofoͻ no) hwehwε ne sε, wͻde wͻn ano bɛdum Nyankopͻn Nhyerεnee no, nanso Nyankopͻn mpene so da, na mmom gyesε Ɔma ne Nhyerεnee no tim anaa edi mmu, sε boniayεfoͻ no mpε mpo a.

9:33

هُوَ ٱلَّذِيٓ أَرۡسَلَ رَسُولَهُۥ بِٱلۡهُدَىٰ وَدِينِ ٱلۡحَقِّ لِيُظۡهِرَهُۥ عَلَى ٱلدِّينِ كُلِّهِۦ وَلَوۡ كَرِهَ ٱلۡمُشۡرِكُونَ ﴿33﴾

Ɔno na Ɔde kwankyerε ne nokorε som no asoma ne Somafoͻ (Muhammad) sεdeε ͻde bεma adi ͻsom biara soͻ, sε abosomsomfoͻ no mpε mpo a.

9:34

يَـٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ إِنَّ كَثِيرٗا مِّنَ ٱلۡأَحۡبَارِ وَٱلرُّهۡبَانِ لَيَأۡكُلُونَ أَمۡوَٰلَ ٱلنَّاسِ بِٱلۡبَٰطِلِ وَيَصُدُّونَ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِۗ وَٱلَّذِينَ يَكۡنِزُونَ ٱلذَّهَبَ وَٱلۡفِضَّةَ وَلَا يُنفِقُونَهَا فِي سَبِيلِ ٱللَّهِ فَبَشِّرۡهُم بِعَذَابٍ أَلِيمٖ ﴿34﴾

Mo a moagye adie, nokorε sε, Nyamesom ho mmrakyerεfoͻ no ne asͻfoͻ no a wͻpo wiase no mu pii nam nkontompo so sεdeε wͻbɛdi amanfoͻ sika na wͻasi (wͻn) kwan afiri Nyankopͻn kwan no soͻ. Na wͻn a wͻboaboa sika kͻkͻͻ ne dwetε ano na wͻnyi no Nyankopͻn kwan soͻ no, fa asotwee a εyε ya paa hyԑ wͻn bᴐ.

9:35

يَوۡمَ يُحۡمَىٰ عَلَيۡهَا فِي نَارِ جَهَنَّمَ فَتُكۡوَىٰ بِهَا جِبَاهُهُمۡ وَجُنُوبُهُمۡ وَظُهُورُهُمۡۖ هَٰذَا مَا كَنَزۡتُمۡ لِأَنفُسِكُمۡ فَذُوقُواْ مَا كُنتُمۡ تَكۡنِزُونَ ﴿35﴾

Ɛda a yεbεma (wͻn sika no) ayε hyehyeehye wͻ Amanehunu gya no mu no, yεde bɛtwi wͻn moma so ne wͻn nkyεn mu ne wͻn akyi (na yɛaka akyerε wͻn sε): “Wei ne deε mo boaboaa ano maa mo ho no, enti monka deε mo boaboaa ano no nhwε“.

9:36

إِنَّ عِدَّةَ ٱلشُّهُورِ عِندَ ٱللَّهِ ٱثۡنَا عَشَرَ شَهۡرٗا فِي كِتَٰبِ ٱللَّهِ يَوۡمَ خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ مِنۡهَآ أَرۡبَعَةٌ حُرُمٞۚ ذَٰلِكَ ٱلدِّينُ ٱلۡقَيِّمُۚ فَلَا تَظۡلِمُواْ فِيهِنَّ أَنفُسَكُمۡۚ وَقَٰتِلُواْ ٱلۡمُشۡرِكِينَ كَآفَّةٗ كَمَا يُقَٰتِلُونَكُمۡ كَآفَّةٗۚ وَٱعۡلَمُوٓاْ أَنَّ ٱللَّهَ مَعَ ٱلۡمُتَّقِينَ ﴿36﴾

Nokorε sε, abosome dodoͻ a εwͻ Nyankopͻn hͻ yε abosome dummienu wͻ Nyankopͻn nhyehyεε mu, ɛfiri εberε a Ɔbͻͻ ͻsoro ne asaase; emu nnan (Zul Qa’ada, Zul-Hija, Muharam, Rajab) yε kronkron, εno ne ͻsom a εtene no; enti monhwε na moanyε moho bͻne wͻ (saa abosome no) mu. Na monka moho mmom nko ntia abosomsomfoͻ no sεdeε wͻn aka abom reko tia mo no. Na monhunu sε nokorε, Nyankopͻn ka Nyame-surofoͻ no ho.

9:37

إِنَّمَا ٱلنَّسِيٓءُ زِيَادَةٞ فِي ٱلۡكُفۡرِۖ يُضَلُّ بِهِ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ يُحِلُّونَهُۥ عَامٗا وَيُحَرِّمُونَهُۥ عَامٗا لِّيُوَاطِـُٔواْ عِدَّةَ مَا حَرَّمَ ٱللَّهُ فَيُحِلُّواْ مَا حَرَّمَ ٱللَّهُۚ زُيِّنَ لَهُمۡ سُوٓءُ أَعۡمَٰلِهِمۡۗ وَٱللَّهُ لَا يَهۡدِي ٱلۡقَوۡمَ ٱلۡكَٰفِرِينَ ﴿37﴾

(Abosome kronkron no a) yɛtu hyε da no ma boniayε yε nkͻsoͻ, εyera wͻn a wͻnnye nnie no: Wͻma ho kwan afe (wei mu a), na wabra no afe (foforͻ mu) sεdeε wͻbεyε ama εne (abosome) dodoͻ a Nyankopͻn ayε no kronkron no ahyia, na wͻama deε Nyankopͻn abra no ho kwan. Wͻn dwumadi bͻne no ayε wͻn fε. Onyankopͻn deε Ɔnkyerε nnipa boniayεfoͻ no kwan.

9:38

يَـٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ مَا لَكُمۡ إِذَا قِيلَ لَكُمُ ٱنفِرُواْ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِ ٱثَّاقَلۡتُمۡ إِلَى ٱلۡأَرۡضِۚ أَرَضِيتُم بِٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا مِنَ ٱلۡأٓخِرَةِۚ فَمَا مَتَٰعُ ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا فِي ٱلۡأٓخِرَةِ إِلَّا قَلِيلٌ ﴿38﴾

Mo a mo agye adie, εdeεn (anoyie) na mowͻ a, sε yεka kyerε mo sε, mompie (nkͻ Jihaad) wͻ Nyankopͻn kwan no so a na moayε duduudu ama asaase yi? Moagye wiase asetena yi atom kyεn Daakye no? Ɛneε (monte aseε sε) wiase asetena yi (mu) anigyeε no yε ketewaa bi sε (wode) toto Daakye no ho a.

9:39

إِلَّا تَنفِرُواْ يُعَذِّبۡكُمۡ عَذَابًا أَلِيمٗا وَيَسۡتَبۡدِلۡ قَوۡمًا غَيۡرَكُمۡ وَلَا تَضُرُّوهُ شَيۡـٔٗاۗ وَٱللَّهُ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٌ ﴿39﴾

Sε moampie a, Ɔbεhyε mo aniεyaa a εyε ya paa; na Ɔde nnipa foforͻ a εnyε mo abεhyε mo anan mu na (sε εba saa a) montumi nnyε no hwee; efirisε Nyankopͻn na ͻwͻ biribiara so tumi.

9:40

إِلَّا تَنصُرُوهُ فَقَدۡ نَصَرَهُ ٱللَّهُ إِذۡ أَخۡرَجَهُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ ثَانِيَ ٱثۡنَيۡنِ إِذۡ هُمَا فِي ٱلۡغَارِ إِذۡ يَقُولُ لِصَٰحِبِهِۦ لَا تَحۡزَنۡ إِنَّ ٱللَّهَ مَعَنَاۖ فَأَنزَلَ ٱللَّهُ سَكِينَتَهُۥ عَلَيۡهِ وَأَيَّدَهُۥ بِجُنُودٖ لَّمۡ تَرَوۡهَا وَجَعَلَ كَلِمَةَ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ ٱلسُّفۡلَىٰۗ وَكَلِمَةُ ٱللَّهِ هِيَ ٱلۡعُلۡيَاۗ وَٱللَّهُ عَزِيزٌ حَكِيمٌ ﴿40﴾

Sε moammoa (Nkͻmhyεni Muhammad) mpo a nokorε sε, Nyankopͻn aboa no; εberε a boniayεfoͻ no tuu no (ne wͻn) mmienu nea ͻtͻso mmienu no; εberε a wͻn mmienu wͻ ͻbodan no mu hͻ no, (Nkͻmhyεni) ka kyerεε ne yͻnko (Abubakar) sε: “Ɛmma wo werε nho efirisε Nyankopͻn ka yεn ho”. Enti Nyankopͻn sanee N’awerεkyekyerε baa ne so de asraafoͻ a moanhu wͻn hyεε no den, na Ɔbrεε boniayεfoͻ no asεm no ase, maa Nyankopͻn asεm no so. Onyankopͻn ne Otumfoͻ a Ɔtumi ade nyinaa yε, na Ɔne Onyansafoͻ.

9:41

ٱنفِرُواْ خِفَافٗا وَثِقَالٗا وَجَٰهِدُواْ بِأَمۡوَٰلِكُمۡ وَأَنفُسِكُمۡ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِۚ ذَٰلِكُمۡ خَيۡرٞ لَّكُمۡ إِن كُنتُمۡ تَعۡلَمُونَ ﴿41﴾

(Sε) emu yε hare o, (sε) emu yε duro o, monsi mu nkͻ, na momfa mo sika ne mo kraa nko wͻ Nyankopͻn kwan no so. Wei mmom na εyε papa ma mo, sε anka monim a.

9:42

لَوۡ كَانَ عَرَضٗا قَرِيبٗا وَسَفَرٗا قَاصِدٗا لَّٱتَّبَعُوكَ وَلَٰكِنۢ بَعُدَتۡ عَلَيۡهِمُ ٱلشُّقَّةُۚ وَسَيَحۡلِفُونَ بِٱللَّهِ لَوِ ٱسۡتَطَعۡنَا لَخَرَجۡنَا مَعَكُمۡ يُهۡلِكُونَ أَنفُسَهُمۡ وَٱللَّهُ يَعۡلَمُ إِنَّهُمۡ لَكَٰذِبُونَ ﴿42﴾

Sε εyε ahonyadeε bi a εbεn, ne akwantuo a εyε hͻ-ne-hͻ a, anka wͻbɛdi w’akyi, na mmom (Tabuuk) kwan tenten no ayε den ama wͻn. Wͻde Nyankopͻn bɛdi nse (akyerε wo) sε: “Sε yɛtumi a, anka yεne mo pue kͻͻ (Tabuuk koo no) “.Wͻresεe wͻn ara wͻn ho; Nyankopͻn nim yie sε wͻyε atorofoͻ.

9:43

عَفَا ٱللَّهُ عَنكَ لِمَ أَذِنتَ لَهُمۡ حَتَّىٰ يَتَبَيَّنَ لَكَ ٱلَّذِينَ صَدَقُواْ وَتَعۡلَمَ ٱلۡكَٰذِبِينَ ﴿43﴾

(Nkͻmhyεni), Nyankopͻn de afiri wo. Adεn na womaa wͻn kwan, (na wantwεn) ankosi sε, wͻn a wͻka nokorε no bεda adi ama woͻ, na wahunu nkontompofoͻ no nso?

9:44

لَا يَسۡتَـٔۡذِنُكَ ٱلَّذِينَ يُؤۡمِنُونَ بِٱللَّهِ وَٱلۡيَوۡمِ ٱلۡأٓخِرِ أَن يُجَٰهِدُواْ بِأَمۡوَٰلِهِمۡ وَأَنفُسِهِمۡۗ وَٱللَّهُ عَلِيمُۢ بِٱلۡمُتَّقِينَ ﴿44﴾

Wͻn a wͻagye Nyankopͻn ne Da a edi akyire no adie no nsrε wo kwan sε (wͻbεtwe wͻn ho afiri sε) wͻde wͻn agyapadeε ne wͻn kraa bεko (wͻ Nyame kwan no soɔ). Onyankopͻn na Ɔnim Nyame-surofoͻ no.

9:45

إِنَّمَا يَسۡتَـٔۡذِنُكَ ٱلَّذِينَ لَا يُؤۡمِنُونَ بِٱللَّهِ وَٱلۡيَوۡمِ ٱلۡأٓخِرِ وَٱرۡتَابَتۡ قُلُوبُهُمۡ فَهُمۡ فِي رَيۡبِهِمۡ يَتَرَدَّدُونَ ﴿45﴾

Wͻn a wͻsrε wo kwan (sεdeε wͻnkͻ Nyame koo no bie no) wͻne wͻn a wͻnnye Nyankopͻn ne Da a edi akyire no nnie no, wͻn akoma mu yε wͻn ntanta, na wͻn adwen ntanta no mu no wͻhinhim kͻ animu ba akyire.