quranm◉

Kratafa 10

Range
from 2:62 to 2:69
Surahs covered
Nkyerɛase
8 Nkyerɛase

◉

2:62

إِنَّ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَٱلَّذِينَ هَادُواْ وَٱلنَّصَٰرَىٰ وَٱلصَّـٰبِـِٔينَ مَنۡ ءَامَنَ بِٱللَّهِ وَٱلۡيَوۡمِ ٱلۡأٓخِرِ وَعَمِلَ صَٰلِحٗا فَلَهُمۡ أَجۡرُهُمۡ عِندَ رَبِّهِمۡ وَلَا خَوۡفٌ عَلَيۡهِمۡ وَلَا هُمۡ يَحۡزَنُونَ ﴿62﴾

Nokorε sε wͻn a wͻ’agye adie no, ne wͻn a wͻ’yε Yudafoͻ, ne Kristofoͻ ne Sabianfoͻ no, obiara a, ͻgye Nyankopͻn ne Da a edi akyire no die na w’adi dwuma pa no, wͻn wͻ wͻn akatua wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ, na ehuu biara mmͻ wͻn, na awerεhoͻ nso nnto wͻn.

2:63

وَإِذۡ أَخَذۡنَا مِيثَٰقَكُمۡ وَرَفَعۡنَا فَوۡقَكُمُ ٱلطُّورَ خُذُواْ مَآ ءَاتَيۡنَٰكُم بِقُوَّةٖ وَٱذۡكُرُواْ مَا فِيهِ لَعَلَّكُمۡ تَتَّقُونَ ﴿63﴾

(Israel mma), monkae εberε a Yε’ne mo yεε Apam, na Yε’pagyaa bepɔ no wɔ moapampamu (kaa sε): “Monfa ahoͻden nsͻ deε Yε’de ama mo no mu, na monkaekae deε εwͻ mu no sεdeε ԑbԑma mo asuro Nyame asan ayԑ ahwԑyie”.

2:64

ثُمَّ تَوَلَّيۡتُم مِّنۢ بَعۡدِ ذَٰلِكَۖ فَلَوۡلَا فَضۡلُ ٱللَّهِ عَلَيۡكُمۡ وَرَحۡمَتُهُۥ لَكُنتُم مِّنَ ٱلۡخَٰسِرِينَ ﴿64﴾

Afei εno akyi no, modanee moakyi mae; sε εnyε Nyankopͻn adom ne N’ahummɔborɔ na εwͻ mo so a, anka mobεka berεguofoͻ no ho.

2:65

وَلَقَدۡ عَلِمۡتُمُ ٱلَّذِينَ ٱعۡتَدَوۡاْ مِنكُمۡ فِي ٱلسَّبۡتِ فَقُلۡنَا لَهُمۡ كُونُواْ قِرَدَةً خَٰسِـِٔينَ ﴿65﴾

Ampa sε (Yudafoͻ), monim mo mu wͻn a wͻ’too Sabbat ho mmara no. Yε’ka kyerεε wɔn sε. “Monyε nnoe (nkaatia, anaa nsoroboa) wͻ animguaseε mu”.

2:66

فَجَعَلۡنَٰهَا نَكَٰلٗا لِّمَا بَيۡنَ يَدَيۡهَا وَمَا خَلۡفَهَا وَمَوۡعِظَةٗ لِّلۡمُتَّقِينَ ﴿66﴾

Enti Yε’yεε wͻn asotwee no adesua demaa wͻn a wͻ’hunuuiε ne wͻn a wͻ’baa akyire, (san yεε no) afutusεm demaa Nyame-surofoͻ no.

2:67

وَإِذۡ قَالَ مُوسَىٰ لِقَوۡمِهِۦٓ إِنَّ ٱللَّهَ يَأۡمُرُكُمۡ أَن تَذۡبَحُواْ بَقَرَةٗۖ قَالُوٓاْ أَتَتَّخِذُنَا هُزُوٗاۖ قَالَ أَعُوذُ بِٱللَّهِ أَنۡ أَكُونَ مِنَ ٱلۡجَٰهِلِينَ ﴿67﴾

Kae εberε a Mose ka kyerεε nenkorͻfoɔ no sε: “Nokorε sε Nyankopͻn rehyε mo sε monkum nantwie. Wͻ’kaa sε: “(Mose) woredi yεn ho fεw anaa?” (Mose) kaa sε: “Mehwehwε ntwitwagyeε wͻ Nyankopͻn hͻ sε mεka abagyimifoͻ no ho“.

2:68

قَالُواْ ٱدۡعُ لَنَا رَبَّكَ يُبَيِّن لَّنَا مَا هِيَۚ قَالَ إِنَّهُۥ يَقُولُ إِنَّهَا بَقَرَةٞ لَّا فَارِضٞ وَلَا بِكۡرٌ عَوَانُۢ بَيۡنَ ذَٰلِكَۖ فَٱفۡعَلُواْ مَا تُؤۡمَرُونَ ﴿68﴾

Wͻ’kaa sε: “(Mose) Frε wo Wura Nyankopͻn ma yεn na Ɔnkyerεkyerε mu nkyerε yεn sεdeε (nantwie) no siteε”. (Mose) kaa sε: “Nokorε, Ɔse ͻyε nantwi-bedeε a onyinii pii, na ͻnyε ababaawa nso, ɔda woi mmienu ntεm; enti monyε deε y’ahyε mo no”.

2:69

قَالُواْ ٱدۡعُ لَنَا رَبَّكَ يُبَيِّن لَّنَا مَا لَوۡنُهَاۚ قَالَ إِنَّهُۥ يَقُولُ إِنَّهَا بَقَرَةٞ صَفۡرَآءُ فَاقِعٞ لَّوۡنُهَا تَسُرُّ ٱلنَّـٰظِرِينَ ﴿69﴾

Wͻ’kaa sε: (Mose), frε wo Wura Nyankopͻn ma yεn na Ɔnkyerε yεn sεdeε neho siteε. (Mose) kaa sε: “Ɔse ͻyε natwie a nehonam tesε akokɔ sradeɛ, na neho akokɔ sradeɛ no ani da hͻ; na obiara a obehu no no anigye neho.