quranm◉

Sura Ad-Duhaa الضحى

#
93
↓
M
Ayɛ
11
Nkyerɛase
Harun Ismail

◉

بِسۡمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحۡمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ

93:1

وَٱلضُّحَىٰ ﴿١﴾

Mede Anͻpa-wia nhyerεnee no,

93:2

وَٱلَّيۡلِ إِذَا سَجَىٰ ﴿٢﴾

Ne εberε a Anadwo ayε dinn no di nse sε:

93:3

مَا وَدَّعَكَ رَبُّكَ وَمَا قَلَىٰ ﴿٣﴾

(Ɔkͻmhyεni), wo Wura Nyankopͻn mmpaa w’akyi, na N’ani nso nnyae wo ho gyeԑ.

93:4

وَلَلۡأٓخِرَةُ خَيۡرٞ لَّكَ مِنَ ٱلۡأُولَىٰ ﴿٤﴾

Nokorε sε, Daakye no yε ma wo kyεn seesei.

93:5

وَلَسَوۡفَ يُعۡطِيكَ رَبُّكَ فَتَرۡضَىٰٓ ﴿٥﴾

Na wo Wura Nyankopͻn bεkyε wo akyεdeε a, w’ani bεgye ho.

93:6

أَلَمۡ يَجِدۡكَ يَتِيمٗا فَـَٔاوَىٰ ﴿٦﴾

Wanya wo sε na wo yε agyanka, εna Ɔmaa wo tenaberε?

93:7

وَوَجَدَكَ ضَآلّٗا فَهَدَىٰ ﴿٧﴾

Ɛna Ɔnyaa wo sε worehwehwε kwan tenenee no, εna Ɔkyerεε wo kwan?

93:8

وَوَجَدَكَ عَآئِلٗا فَأَغۡنَىٰ ﴿٨﴾

Ɛna Onyaa wo sε ahia woͻ, εna Ɔmaa wonyaa wo ho?

93:9

فَأَمَّا ٱلۡيَتِيمَ فَلَا تَقۡهَرۡ ﴿٩﴾

Enti awisiaa deε εnhyε no so.

93:10

وَأَمَّا ٱلسَّآئِلَ فَلَا تَنۡهَرۡ ﴿١٠﴾

Na ͻsrεsrεfoͻ (anaa) obisafoͻ nso εnka n’anim (anaa) εmpamo no,

93:11

وَأَمَّا بِنِعۡمَةِ رَبِّكَ فَحَدِّثۡ ﴿١١﴾

Na mmom wo Wura Nyankopͻn adom no na bͻ ho dawuro.