quranm◉

Hizb 14

Range
from 6:59 to 6:126
Surahs covered
Nkyerɛase
68 Nkyerɛase

◉

6:59

وَعِندَهُۥ مَفَاتِحُ ٱلۡغَيۡبِ لَا يَعۡلَمُهَآ إِلَّا هُوَۚ وَيَعۡلَمُ مَا فِي ٱلۡبَرِّ وَٱلۡبَحۡرِۚ وَمَا تَسۡقُطُ مِن وَرَقَةٍ إِلَّا يَعۡلَمُهَا وَلَا حَبَّةٖ فِي ظُلُمَٰتِ ٱلۡأَرۡضِ وَلَا رَطۡبٖ وَلَا يَابِسٍ إِلَّا فِي كِتَٰبٖ مُّبِينٖ ﴿59﴾

Nehͻ na ahuntasεm no ho safoa wͻ, obiara nnihͻ a onim, gyesε Ɔno (nko ara). Onim deε εwͻ asaase so ne (deε) εwͻ ͻpo mu (nyinaa); (ansa na) ahahan bi bεte atͻ no na Onim ho asεm, anaa aduaba bi a εwͻ asaase mu sum mu, anaa deε εyε mono anaasε deε adwan, (no nyinaa) wͻ Nwoma pefee no mu.

6:60

وَهُوَ ٱلَّذِي يَتَوَفَّىٰكُم بِٱلَّيۡلِ وَيَعۡلَمُ مَا جَرَحۡتُم بِٱلنَّهَارِ ثُمَّ يَبۡعَثُكُمۡ فِيهِ لِيُقۡضَىٰٓ أَجَلٞ مُّسَمّٗىۖ ثُمَّ إِلَيۡهِ مَرۡجِعُكُمۡ ثُمَّ يُنَبِّئُكُم بِمَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ ﴿60﴾

Ɔno na Ɔma mo wu anadwo (wͻ εberε a moadeda) na Onim deε moyε no adekyeε no mu; afei na W’anyane mo afri (monna no mu ama moasan aba nkwa mu) akosi εberε a yahyehyε ato hͻ (ama mo sε mode bewuo). Afei Nehͻ ne monnkyi. Na afei W’abͻ mo dwuma a na modie no ho amaneε.

6:61

وَهُوَ ٱلۡقَاهِرُ فَوۡقَ عِبَادِهِۦۖ وَيُرۡسِلُ عَلَيۡكُمۡ حَفَظَةً حَتَّىٰٓ إِذَا جَآءَ أَحَدَكُمُ ٱلۡمَوۡتُ تَوَفَّتۡهُ رُسُلُنَا وَهُمۡ لَا يُفَرِّطُونَ ﴿61﴾

Ɔne Opumpuni a Ɔkorͻn wͻ Nenkoa soͻ, Ɔsoma (Soro abͻfoͻ) awεnfoͻ (ma wͻ’wεn mo san twerε dwuma a modie biara) dekosi sε, owuo bεba momu bi so, na Y’asomafoͻ (Soro abͻfoͻ) ama wᴐn ayi nenkwa. Wͻ’mmu wͻn ani nngu wͻn adwuma so-,

6:62

ثُمَّ رُدُّوٓاْ إِلَى ٱللَّهِ مَوۡلَىٰهُمُ ٱلۡحَقِّۚ أَلَا لَهُ ٱلۡحُكۡمُ وَهُوَ أَسۡرَعُ ٱلۡحَٰسِبِينَ ﴿62﴾

Afei na wͻn asan kͻ Nyankopͻn a Ɔne wͻn nokorε Kyitaafoͻ no hͻ. Nokorε sε, Ɔno na atemmuo yε Ne dea, na Ɔno na Neho yε hare wͻ akontabuo mu.

6:63

قُلۡ مَن يُنَجِّيكُم مِّن ظُلُمَٰتِ ٱلۡبَرِّ وَٱلۡبَحۡرِ تَدۡعُونَهُۥ تَضَرُّعٗا وَخُفۡيَةٗ لَّئِنۡ أَنجَىٰنَا مِنۡ هَٰذِهِۦ لَنَكُونَنَّ مِنَ ٱلشَّـٰكِرِينَ ﴿63﴾

(Nkͻmhyεni), ka sε: ‘’Hwan na ͻgye mo fri asaase ne ͻpo so sum mu (ͻhaw ne mmusuo mu), εberε a mode ahobraseε sufrε no wͻ kokoa mu sε: ‘’Sε wogye yεn fri woi mu a yε’beyi (Wo) ayε?”

6:64

قُلِ ٱللَّهُ يُنَجِّيكُم مِّنۡهَا وَمِن كُلِّ كَرۡبٖ ثُمَّ أَنتُمۡ تُشۡرِكُونَ ﴿64﴾

Ka sε: “Nyankopͻn na Oyi mo fri (saa mmusuo no) ne mmusuo biara mu, nanso mode biribi bata Neho.

6:65

قُلۡ هُوَ ٱلۡقَادِرُ عَلَىٰٓ أَن يَبۡعَثَ عَلَيۡكُمۡ عَذَابٗا مِّن فَوۡقِكُمۡ أَوۡ مِن تَحۡتِ أَرۡجُلِكُمۡ أَوۡ يَلۡبِسَكُمۡ شِيَعٗا وَيُذِيقَ بَعۡضَكُم بَأۡسَ بَعۡضٍۗ ٱنظُرۡ كَيۡفَ نُصَرِّفُ ٱلۡأٓيَٰتِ لَعَلَّهُمۡ يَفۡقَهُونَ ﴿65﴾

Ka sε: “Ɔwͻ tumi sε Ɔsoma asotwee fri moapampamu anaasԑ monan ase brε mo, anaa Ɔbεma ntotoo aba montεm na W’ama moaka moho-moho ͻkoo ahwε. Hwε sεdeε Y’esi kyerεkyerε nsεm no mu sεdeε anka wͻ’bεte aseε.

6:66

وَكَذَّبَ بِهِۦ قَوۡمُكَ وَهُوَ ٱلۡحَقُّۚ قُل لَّسۡتُ عَلَيۡكُم بِوَكِيلٖ ﴿66﴾

Nanso (Nkͻmhyεni), wo nkorͻfoͻ no faa no atorɔsɛm, aberε nso a εno ne Nokorε no. Ka sε: “Mennyε okyitaani (anaaa ͻwεmfoͻ) wͻ mo so”.

6:67

لِّكُلِّ نَبَإٖ مُّسۡتَقَرّٞۚ وَسَوۡفَ تَعۡلَمُونَ ﴿67﴾

Asεm biara wͻ neberε, na sεdeε εteε biara no mobehunu.

6:68

وَإِذَا رَأَيۡتَ ٱلَّذِينَ يَخُوضُونَ فِيٓ ءَايَٰتِنَا فَأَعۡرِضۡ عَنۡهُمۡ حَتَّىٰ يَخُوضُواْ فِي حَدِيثٍ غَيۡرِهِۦۚ وَإِمَّا يُنسِيَنَّكَ ٱلشَّيۡطَٰنُ فَلَا تَقۡعُدۡ بَعۡدَ ٱلذِّكۡرَىٰ مَعَ ٱلۡقَوۡمِ ٱلظَّـٰلِمِينَ ﴿68﴾

Sε wohunu wͻn a wͻ’keka nsεm hunu fa Yεn Nsεm no ho no a, twe wo ho fri wͻn ho kosi sε wͻ’bεfa asεm foforͻ. Sε bonsam ma wo werε fi na akyire yi wokae a, hwε na wone abͻneεfoͻ no ammom antenna ase.

6:69

وَمَا عَلَى ٱلَّذِينَ يَتَّقُونَ مِنۡ حِسَابِهِم مِّن شَيۡءٖ وَلَٰكِن ذِكۡرَىٰ لَعَلَّهُمۡ يَتَّقُونَ ﴿69﴾

Wͻn a wͻ’suro Nyankopͻn na wͻ’yε ahwεyie no akontabuo nna wͻn (boniayεfoͻ) no so koraa, (na mmom wͻn asεdeε nesε) wͻ’bεkaekae (wͻn) sεdeε wͻ’bεyε ahwεyie.

6:70

وَذَرِ ٱلَّذِينَ ٱتَّخَذُواْ دِينَهُمۡ لَعِبٗا وَلَهۡوٗا وَغَرَّتۡهُمُ ٱلۡحَيَوٰةُ ٱلدُّنۡيَاۚ وَذَكِّرۡ بِهِۦٓ أَن تُبۡسَلَ نَفۡسُۢ بِمَا كَسَبَتۡ لَيۡسَ لَهَا مِن دُونِ ٱللَّهِ وَلِيّٞ وَلَا شَفِيعٞ وَإِن تَعۡدِلۡ كُلَّ عَدۡلٖ لَّا يُؤۡخَذۡ مِنۡهَآۗ أُوْلَـٰٓئِكَ ٱلَّذِينَ أُبۡسِلُواْ بِمَا كَسَبُواْۖ لَهُمۡ شَرَابٞ مِّنۡ حَمِيمٖ وَعَذَابٌ أَلِيمُۢ بِمَا كَانُواْ يَكۡفُرُونَ ﴿70﴾

Gyae wͻn a wͻ’afa wͻn som sε agodie ne ahuhusεm, na wiase asetena yi adaadaa wͻn no, na fa (Qur’aan) tu (wͻn) fo na ͻkra bi ankͻ sopa wͻ deε ͻyͻeε ho, (wͻ εberε a) onni kyitaafoͻ anaa otwitwagyefoͻ wͻ Nyankopͻn akyi no, na ͻma mpata biara mpo a yεnngyeε no. Saa nkorͻfoͻ no na deε wͻn nsa kae no asopa wͻn. Wͻn wͻ anomdeε a εyε nsuohyeε hyeehyeehye ne asotwee a εyε ya paa, εnam (nokorε a) wͻ’poeԑ nti.

6:71

قُلۡ أَنَدۡعُواْ مِن دُونِ ٱللَّهِ مَا لَا يَنفَعُنَا وَلَا يَضُرُّنَا وَنُرَدُّ عَلَىٰٓ أَعۡقَابِنَا بَعۡدَ إِذۡ هَدَىٰنَا ٱللَّهُ كَٱلَّذِي ٱسۡتَهۡوَتۡهُ ٱلشَّيَٰطِينُ فِي ٱلۡأَرۡضِ حَيۡرَانَ لَهُۥٓ أَصۡحَٰبٞ يَدۡعُونَهُۥٓ إِلَى ٱلۡهُدَى ٱئۡتِنَاۗ قُلۡ إِنَّ هُدَى ٱللَّهِ هُوَ ٱلۡهُدَىٰۖ وَأُمِرۡنَا لِنُسۡلِمَ لِرَبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ ﴿71﴾

Ka sε: ‘’Enti yenfri Nyankopͻn akyi nsu mfrε adeε a εho nni mfasoͻ mma yεn, na (entumi) mma yεn ͻhaw biara; na yεnsan nkͻ y’akyi wͻ aberε a Nyankopͻn atene yεn? Tesε obi a ͻbonsam ayera no wͻ asaase bi soͻ na ͻnhunu deε ͻnyε, na ͻwͻ ayͻnkofoͻ na wͻ’refrε no sε: ‘’Bra yεn hͻ’’ Ka sε: “Nokorε, Nyankopͻn (kwan) tenenee no ne (kwan) tenenee. Yahyε yεn sε, yε’mrε yεn ho ase ma Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no,

6:72

وَأَنۡ أَقِيمُواْ ٱلصَّلَوٰةَ وَٱتَّقُوهُۚ وَهُوَ ٱلَّذِيٓ إِلَيۡهِ تُحۡشَرُونَ ﴿72﴾

Na yεnfrε Nyame wͻ ne berε mu, na yensuro Nyankopͻn. Nehͻ na mobεkͻ akohyia.

6:73

وَهُوَ ٱلَّذِي خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ بِٱلۡحَقِّۖ وَيَوۡمَ يَقُولُ كُن فَيَكُونُۚ قَوۡلُهُ ٱلۡحَقُّۚ وَلَهُ ٱلۡمُلۡكُ يَوۡمَ يُنفَخُ فِي ٱلصُّورِۚ عَٰلِمُ ٱلۡغَيۡبِ وَٱلشَّهَٰدَةِۚ وَهُوَ ٱلۡحَكِيمُ ٱلۡخَبِيرُ ﴿73﴾

Ɔno na Ɔde nokorε bͻͻ soro ne asaase; saa Da no Ɔbεka sε: ‘’Yε!” Na ayε, na N’asεm na εyε nokorε. Ɔno na Tumi no wͻ no wͻ Da a yεbεbͻ totorobεnto no mu no. Nsumaeε mu ne Badwamu Nimdefoͻ no, Ɔne Nyankopͻn Nyansafoͻ no, Ɔne biribira ho Amanebͻ Wura no.

6:74

وَإِذۡ قَالَ إِبۡرَٰهِيمُ لِأَبِيهِ ءَازَرَ أَتَتَّخِذُ أَصۡنَامًا ءَالِهَةً إِنِّيٓ أَرَىٰكَ وَقَوۡمَكَ فِي ضَلَٰلٖ مُّبِينٖ ﴿74﴾

Kae εberε a Abraham ka kyerεε nepapa Aazar sε: ‘’Wafa abosom na wode ayε anyame? Nokorε, m’ahunu sε wone wo nkorͻfoͻ no wͻ ͻyera pefee paa mu “

6:75

وَكَذَٰلِكَ نُرِيٓ إِبۡرَٰهِيمَ مَلَكُوتَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَلِيَكُونَ مِنَ ٱلۡمُوقِنِينَ ﴿75﴾

Saa (kwan yi so na yεfa) kyerεε Abraham soro ne asaase so ahennie sεdeε ͻbεka wͻn a wͻn adwen si pie no ho.

6:76

فَلَمَّا جَنَّ عَلَيۡهِ ٱلَّيۡلُ رَءَا كَوۡكَبٗاۖ قَالَ هَٰذَا رَبِّيۖ فَلَمَّآ أَفَلَ قَالَ لَآ أُحِبُّ ٱلۡأٓفِلِينَ ﴿76﴾

Ɛberε a adeε sa kataa ne soͻ no, ohunu nsoromma. Ɔkaa sε:” Woi ne me Wura no”. Ԑberε a εkͻtͻeε no ͻkaa sε: ‘’Mempε wͻn a wͻ’kͻtͻ’’.

6:77

فَلَمَّا رَءَا ٱلۡقَمَرَ بَازِغٗا قَالَ هَٰذَا رَبِّيۖ فَلَمَّآ أَفَلَ قَالَ لَئِن لَّمۡ يَهۡدِنِي رَبِّي لَأَكُونَنَّ مِنَ ٱلۡقَوۡمِ ٱلضَّآلِّينَ ﴿77﴾

Ɛberε nso a ohunu bosome sε adwa hann no, ͻkaa sε: “Woi ne me wura no’. Ɛberε a εkͻtͻeε no ͻkaa sε: ‘’Sε me Wura Nyankopͻn ankyerε me kwan a, nokorε sε mεka nnipa ayerafoͻ no ho”.

6:78

فَلَمَّا رَءَا ٱلشَّمۡسَ بَازِغَةٗ قَالَ هَٰذَا رَبِّي هَٰذَآ أَكۡبَرُۖ فَلَمَّآ أَفَلَتۡ قَالَ يَٰقَوۡمِ إِنِّي بَرِيٓءٞ مِّمَّا تُشۡرِكُونَ ﴿78﴾

Enti εberε a ohunu sε awia apue hyεnhyεnhyεn no, ͻkaa sε: ‘’Woi ne me wura, woi na εsoo’.’ Ɛberε a awia no kͻtͻeε no, ͻkaa sε: “Menkorͻfoͻ, nokorε sε m’atwe me ho afri deε mode bata (Nyankopͻn) ho (som no no) ho“.

6:79

إِنِّي وَجَّهۡتُ وَجۡهِيَ لِلَّذِي فَطَرَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ حَنِيفٗاۖ وَمَآ أَنَا۠ مِنَ ٱلۡمُشۡرِكِينَ ﴿79﴾

Medeε m’adane m’anim pεpεεpε akyerε Nea Ɔbͻͻ soro ne asaase, na medeε menka abosomsomfoͻ no ho.

6:80

وَحَآجَّهُۥ قَوۡمُهُۥۚ قَالَ أَتُحَـٰٓجُّوٓنِّي فِي ٱللَّهِ وَقَدۡ هَدَىٰنِۚ وَلَآ أَخَافُ مَا تُشۡرِكُونَ بِهِۦٓ إِلَّآ أَن يَشَآءَ رَبِّي شَيۡـٔٗاۚ وَسِعَ رَبِّي كُلَّ شَيۡءٍ عِلۡمًاۚ أَفَلَا تَتَذَكَّرُونَ ﴿80﴾

Nenkorͻfoͻ no gyee no akyinnye. Ɔkaa sε: “Mone me regye Nyankopᴐn ho akyinnye abrԑ a W’akyerԑ me kwan? Mensuro deε mode bata Neho no (sε εbetumi ayε me biribi), gyesε me Wura Nyankopͻn pε; me Wura (Nyankopͻn) nimdeε trε duru biribiara so. Adεn monnfa nyԑ afutuo?

6:81

وَكَيۡفَ أَخَافُ مَآ أَشۡرَكۡتُمۡ وَلَا تَخَافُونَ أَنَّكُمۡ أَشۡرَكۡتُم بِٱللَّهِ مَا لَمۡ يُنَزِّلۡ بِهِۦ عَلَيۡكُمۡ سُلۡطَٰنٗاۚ فَأَيُّ ٱلۡفَرِيقَيۡنِ أَحَقُّ بِٱلۡأَمۡنِۖ إِن كُنتُمۡ تَعۡلَمُونَ ﴿81﴾

Ɛdeεn nti na εsεsε mesuro deε mode abata (Nyankopͻn) ho, aberε nso a monnsuro sε mode deε yensianee ho tumi (biara) mma mo abata Nyankopͻn ho? “Enti saa fekuo mmienu yi emu deε εwͻ hen na ͻfata ahotᴐ, sε monim ampa a?

6:82

ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَلَمۡ يَلۡبِسُوٓاْ إِيمَٰنَهُم بِظُلۡمٍ أُوْلَـٰٓئِكَ لَهُمُ ٱلۡأَمۡنُ وَهُم مُّهۡتَدُونَ ﴿82﴾

(Ɛyε) wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’nnfa bͻne mfra wͻn gyidie mu, saa nkorͻfoͻ no na wͻ’wͻ ahotᴐ mu, na wͻ’ne ateneneefoͻ no.

6:83

وَتِلۡكَ حُجَّتُنَآ ءَاتَيۡنَٰهَآ إِبۡرَٰهِيمَ عَلَىٰ قَوۡمِهِۦۚ نَرۡفَعُ دَرَجَٰتٖ مَّن نَّشَآءُۗ إِنَّ رَبَّكَ حَكِيمٌ عَلِيمٞ ﴿83﴾

Woi yε Yεn nyinasoͻ a Yε’de maa Abraham maa no (deko) tiaa nenkorͻfoͻ no, obia Yε’pε no Yε’pagya no bͻ n’abaso. Wo Wura (Nyankopͻn) ne Onyansafoͻ, Ɔne Onimdefoͻ.

6:84

وَوَهَبۡنَا لَهُۥٓ إِسۡحَٰقَ وَيَعۡقُوبَۚ كُلًّا هَدَيۡنَاۚ وَنُوحًا هَدَيۡنَا مِن قَبۡلُۖ وَمِن ذُرِّيَّتِهِۦ دَاوُۥدَ وَسُلَيۡمَٰنَ وَأَيُّوبَ وَيُوسُفَ وَمُوسَىٰ وَهَٰرُونَۚ وَكَذَٰلِكَ نَجۡزِي ٱلۡمُحۡسِنِينَ ﴿84﴾

Yε’de Is’haaq kyεε no, εna (nenana) Ya’aquub, Yε’kyerεε wͻn mu biara kwan. Noah nso Ye’dii kan kyerεε no kwan, na n’asefoͻ no mu bi ne: Dawid ne Solomon ne Hiob ne Yosef ne Mose, ne Aaron. Saa ara na Ye’tua apapafoͻ no ka.

6:85

وَزَكَرِيَّا وَيَحۡيَىٰ وَعِيسَىٰ وَإِلۡيَاسَۖ كُلّٞ مِّنَ ٱلصَّـٰلِحِينَ ﴿85﴾

Ne Zakariya ne Yohane ne Yesu ne Elia; wͻn nyinaa ka apapafoͻ no ho.

6:86

وَإِسۡمَٰعِيلَ وَٱلۡيَسَعَ وَيُونُسَ وَلُوطٗاۚ وَكُلّٗا فَضَّلۡنَا عَلَى ٱلۡعَٰلَمِينَ ﴿86﴾

Ne Ismail ne Al-Yasa’a (Elisa), ne Yuunus (Yona) ne Lut; wͻn mu biara Yε’de (adom) dom wͻn kyεn amansan a aka no nyinaa.

6:87

وَمِنۡ ءَابَآئِهِمۡ وَذُرِّيَّـٰتِهِمۡ وَإِخۡوَٰنِهِمۡۖ وَٱجۡتَبَيۡنَٰهُمۡ وَهَدَيۡنَٰهُمۡ إِلَىٰ صِرَٰطٖ مُّسۡتَقِيمٖ ﴿87﴾

Wͻn agyanom ne wͻn awoͻ ntoatoasoͻ ne wͻn nuanom mu nso, Ye’yii wͻn mu bi, na Yε’kyerεε wͻn kwan kͻͻ kwan tenenee no so.

6:88

ذَٰلِكَ هُدَى ٱللَّهِ يَهۡدِي بِهِۦ مَن يَشَآءُ مِنۡ عِبَادِهِۦۚ وَلَوۡ أَشۡرَكُواْ لَحَبِطَ عَنۡهُم مَّا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ ﴿88﴾

Woi ne Nyankopͻn kwankyerε, Ɔkyerε Nenkoa mu nea Ɔpε kwan. Sε (nkͻmhyεfoͻ a yεbobͻͻ wͻn din yi) de biribi bataa (Nyakopͻn) ho a, anka dwuma a wͻ’dieε nyinaa ayε kwa ama wͻn.

6:89

أُوْلَـٰٓئِكَ ٱلَّذِينَ ءَاتَيۡنَٰهُمُ ٱلۡكِتَٰبَ وَٱلۡحُكۡمَ وَٱلنُّبُوَّةَۚ فَإِن يَكۡفُرۡ بِهَا هَـٰٓؤُلَآءِ فَقَدۡ وَكَّلۡنَا بِهَا قَوۡمٗا لَّيۡسُواْ بِهَا بِكَٰفِرِينَ ﴿89﴾

Woi nom ne amanfoͻ a Yε’de Nwoma no ne Nyansa ne Nkͻmhyε adwuma maa wͻn. Enti sε woi nom annye anni a, ampa sε Yε’de (Nyamesom Nwoma no) ahyε amanfoͻ bi a wͻn deε wͻn mmpoeε nsa.

6:90

أُوْلَـٰٓئِكَ ٱلَّذِينَ هَدَى ٱللَّهُۖ فَبِهُدَىٰهُمُ ٱقۡتَدِهۡۗ قُل لَّآ أَسۡـَٔلُكُمۡ عَلَيۡهِ أَجۡرًاۖ إِنۡ هُوَ إِلَّا ذِكۡرَىٰ لِلۡعَٰلَمِينَ ﴿90﴾

Wͻ’ne nkorͻfoͻ no a Nyankopͻn atene wͻn. Enti wͻn kwan kyerε no na moni akyire. (Nkͻmhyεni), ka sε ‘’Memmisa mo εho akatua”. (Qur’aan adwuma) ara nesε, εyε afutusεm dema amansan (nyinaa).

6:91

وَمَا قَدَرُواْ ٱللَّهَ حَقَّ قَدۡرِهِۦٓ إِذۡ قَالُواْ مَآ أَنزَلَ ٱللَّهُ عَلَىٰ بَشَرٖ مِّن شَيۡءٖۗ قُلۡ مَنۡ أَنزَلَ ٱلۡكِتَٰبَ ٱلَّذِي جَآءَ بِهِۦ مُوسَىٰ نُورٗا وَهُدٗى لِّلنَّاسِۖ تَجۡعَلُونَهُۥ قَرَاطِيسَ تُبۡدُونَهَا وَتُخۡفُونَ كَثِيرٗاۖ وَعُلِّمۡتُم مَّا لَمۡ تَعۡلَمُوٓاْ أَنتُمۡ وَلَآ ءَابَآؤُكُمۡۖ قُلِ ٱللَّهُۖ ثُمَّ ذَرۡهُمۡ فِي خَوۡضِهِمۡ يَلۡعَبُونَ ﴿91﴾

Wͻ’mmmfa anidie (anaa obuo, anaa tumi) a εfata paa mma Nyankopͻn wͻ nokorε mu sεdeε Netumi siteε, εberε a wͻ’ka sε: ‘’Nyankopͻn nsianee hwee mmaa ͻdasani“. Ka sε: “Hwan na osianee Nwoma no a Mose de baeε a, na εyε nhyerεnee ne kwankyerε dema adasamma a mo (Yudafoͻ) motwerεε no nkrataa a yakyekyε mu soͻ, daa (emu nsεm no bi) adie de dodoͻ no ara sieε; na mokyerεε adeε a mo, anaa moagyanom mpo nnim?” Ka sε: “Nyankopͻn. Enti wodeε gyae wͻn ma wͻ’nkeka wͻ’nsεm hunu no na wͻ’ni agorͻ.

6:92

وَهَٰذَا كِتَٰبٌ أَنزَلۡنَٰهُ مُبَارَكٞ مُّصَدِّقُ ٱلَّذِي بَيۡنَ يَدَيۡهِ وَلِتُنذِرَ أُمَّ ٱلۡقُرَىٰ وَمَنۡ حَوۡلَهَاۚ وَٱلَّذِينَ يُؤۡمِنُونَ بِٱلۡأٓخِرَةِ يُؤۡمِنُونَ بِهِۦۖ وَهُمۡ عَلَىٰ صَلَاتِهِمۡ يُحَافِظُونَ ﴿92﴾

Saa Nwoma yi (Qur’aan), Yε’de nhyira na asiane aba de bεhyε (Nwoma) a edii n’anim kan no mma, sԑdeԑ wode bԑbͻ Nkuro (nyinaa) maame (Maka) ne (nkuro) a atwa ho ahyia no (mufoͻ no) kͻkͻ. Wͻn a wͻ’gye Da a edi akyire no die no, gye (Quraan) di; wͻn ne wᴐn a wͻ’hwε wͻn Nyamefrε so yie no.

6:93

وَمَنۡ أَظۡلَمُ مِمَّنِ ٱفۡتَرَىٰ عَلَى ٱللَّهِ كَذِبًا أَوۡ قَالَ أُوحِيَ إِلَيَّ وَلَمۡ يُوحَ إِلَيۡهِ شَيۡءٞ وَمَن قَالَ سَأُنزِلُ مِثۡلَ مَآ أَنزَلَ ٱللَّهُۗ وَلَوۡ تَرَىٰٓ إِذِ ٱلظَّـٰلِمُونَ فِي غَمَرَٰتِ ٱلۡمَوۡتِ وَٱلۡمَلَـٰٓئِكَةُ بَاسِطُوٓاْ أَيۡدِيهِمۡ أَخۡرِجُوٓاْ أَنفُسَكُمُۖ ٱلۡيَوۡمَ تُجۡزَوۡنَ عَذَابَ ٱلۡهُونِ بِمَا كُنتُمۡ تَقُولُونَ عَلَى ٱللَّهِ غَيۡرَ ٱلۡحَقِّ وَكُنتُمۡ عَنۡ ءَايَٰتِهِۦ تَسۡتَكۡبِرُونَ ﴿93﴾

Hwan na ͻyε onipa bͻneni kyεn obi a otwa nkontompo to Nyankopͻn soͻ, anaa ͻka sε: ”Y’ayi Adiyisεm ama me, wͻ aberε nso a yenyii Adiyisεm biara mmaa no; ne obia ͻka sε: “Mesiane deε Nyankopͻn asiane aba no sεso.” Sε (anka) worehunu εberε a abͻneεfoͻ no repre wͻ owuo ahometeε mu, na soro abͻfoͻ atene wͻnsa wͻ wͻn so reka akyerε wͻn sε, ‘’Monyi mokraa no ma; εnnε da yi yεde animguaseε asotwee na εbetua moka εnam nsεm a moka too Nyankopͻn so a na εnyε nokorε, na moyεε N’asεm ho ahomasoͻ nti”.

6:94

وَلَقَدۡ جِئۡتُمُونَا فُرَٰدَىٰ كَمَا خَلَقۡنَٰكُمۡ أَوَّلَ مَرَّةٖ وَتَرَكۡتُم مَّا خَوَّلۡنَٰكُمۡ وَرَآءَ ظُهُورِكُمۡۖ وَمَا نَرَىٰ مَعَكُمۡ شُفَعَآءَكُمُ ٱلَّذِينَ زَعَمۡتُمۡ أَنَّهُمۡ فِيكُمۡ شُرَكَـٰٓؤُاْۚ لَقَد تَّقَطَّعَ بَيۡنَكُمۡ وَضَلَّ عَنكُم مَّا كُنتُمۡ تَزۡعُمُونَ ﴿94﴾

Ampa sε (monam) ankorͻ-ankotͻ (de nsansa a hwee nka mo ho) na aba Yεn hͻ sεdeε Ye’dii kan bͻͻ mo no, εna moagya deε Yε’de maa mo no (sika, εyerε, εmma, abusua, gyinaberε ne deε εkeka ho no nyinaa) wͻ moakyi. Na adεn na Ye’nnhu montwitwagyefoͻ no a na moadwen yε mo sε wͻ’ka Onyankopͻn ho no? Ampa sε mone wͻn ntεm twaka (biara) to atwa, na deε moadwen yε maa mo no (nyinaa) ayera.

6:95

إِنَّ ٱللَّهَ فَالِقُ ٱلۡحَبِّ وَٱلنَّوَىٰۖ يُخۡرِجُ ٱلۡحَيَّ مِنَ ٱلۡمَيِّتِ وَمُخۡرِجُ ٱلۡمَيِّتِ مِنَ ٱلۡحَيِّۚ ذَٰلِكُمُ ٱللَّهُۖ فَأَنَّىٰ تُؤۡفَكُونَ ﴿95﴾

Nokorε sε, Nyankopͻn na Ɔma aduaba ne akyiresua aba fifre, εna Ɔma ͻteasefoͻ fri awufoͻ mu, εna Oyi awufoͻ nso fri ateasefoͻ mu. Nyankopͻn no ne no, afei adεn na modane moho (fri nokorε no ho)?

6:96

فَالِقُ ٱلۡإِصۡبَاحِ وَجَعَلَ ٱلَّيۡلَ سَكَنٗا وَٱلشَّمۡسَ وَٱلۡقَمَرَ حُسۡبَانٗاۚ ذَٰلِكَ تَقۡدِيرُ ٱلۡعَزِيزِ ٱلۡعَلِيمِ ﴿96﴾

(Ɔno na) Ɔma adeε kye, εna W’ayε adesae ahomegye (berε ama adasamma, εna W’ayε) awia ne bosome (nso εberε ho) akontabuo. Woi yε Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Onimdefoͻ no nhyehyεε.

6:97

وَهُوَ ٱلَّذِي جَعَلَ لَكُمُ ٱلنُّجُومَ لِتَهۡتَدُواْ بِهَا فِي ظُلُمَٰتِ ٱلۡبَرِّ وَٱلۡبَحۡرِۗ قَدۡ فَصَّلۡنَا ٱلۡأٓيَٰتِ لِقَوۡمٖ يَعۡلَمُونَ ﴿97﴾

Ɔno na W’ayε nsoromma ama mo, sεdeε εbεkyerε mo kwan wͻ asaase so sum mu ne ͻpo soͻ. Ampa sε, Y’akyerεkyerε nsεm no mu ama amanfoͻ a wͻ’nim.

6:98

وَهُوَ ٱلَّذِيٓ أَنشَأَكُم مِّن نَّفۡسٖ وَٰحِدَةٖ فَمُسۡتَقَرّٞ وَمُسۡتَوۡدَعٞۗ قَدۡ فَصَّلۡنَا ٱلۡأٓيَٰتِ لِقَوۡمٖ يَفۡقَهُونَ ﴿98﴾

Ɔno na Ɔbͻͻ mo fri honam baako mu, (εna W’ama mo) atenaeε (wͻ asaase so, anaasε momaame awodeε mu) asan (ama mo tenaberε) wͻ sie da mu (wͻ adakamena mu). Ampa sε Y’akyerεkyerε nsεm no mu ama amanfoͻ a wͻ’te (asεm) aseε.

6:99

وَهُوَ ٱلَّذِيٓ أَنزَلَ مِنَ ٱلسَّمَآءِ مَآءٗ فَأَخۡرَجۡنَا بِهِۦ نَبَاتَ كُلِّ شَيۡءٖ فَأَخۡرَجۡنَا مِنۡهُ خَضِرٗا نُّخۡرِجُ مِنۡهُ حَبّٗا مُّتَرَاكِبٗا وَمِنَ ٱلنَّخۡلِ مِن طَلۡعِهَا قِنۡوَانٞ دَانِيَةٞ وَجَنَّـٰتٖ مِّنۡ أَعۡنَابٖ وَٱلزَّيۡتُونَ وَٱلرُّمَّانَ مُشۡتَبِهٗا وَغَيۡرَ مُتَشَٰبِهٍۗ ٱنظُرُوٓاْ إِلَىٰ ثَمَرِهِۦٓ إِذَآ أَثۡمَرَ وَيَنۡعِهِۦٓۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكُمۡ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يُؤۡمِنُونَ ﴿99﴾

Ɔno na Osiane nsuo fri soro dema nnuaba ahodoͻ fifire, na Y’ama nͻbaeε mono apue mu, na Y’ama nuaba a εbͻ esa-sa (ne mmεtem ne aduro-aduro tesε borͻdeε, aburoo, abε ne deε εkeka ho nyinaa) apue mu, na akyiresua dua no nkͻn mu na (aduaba a εbͻ) esa-sa a moduru soͻ no wͻ, εne bobe turo ne nngo dua ne Rumaan, deε εsesε ne deε εnsesε. Ɛberε a εbεso aba, na εbεbereε no monhwε n’aduaba no. Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema amanfoͻ a wͻ’gye die.

6:100

وَجَعَلُواْ لِلَّهِ شُرَكَآءَ ٱلۡجِنَّ وَخَلَقَهُمۡۖ وَخَرَقُواْ لَهُۥ بَنِينَ وَبَنَٰتِۭ بِغَيۡرِ عِلۡمٖۚ سُبۡحَٰنَهُۥ وَتَعَٰلَىٰ عَمَّا يَصِفُونَ ﴿100﴾

Wͻ’de Jinni bata Nyankopͻn ho (som wͻn) aberε a Ɔno na Ɔbͻͻ wͻn; na wͻ’ka to no so (sε Nyankopͻn wͻ) mma mmarima ne mma mmaa aberε a wͻ’nni (ho) nimdeε. Kronkron Hene ne no, Ɔkorͻn, so kyεn deε wͻ’de susu no no.

6:101

بَدِيعُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۖ أَنَّىٰ يَكُونُ لَهُۥ وَلَدٞ وَلَمۡ تَكُن لَّهُۥ صَٰحِبَةٞۖ وَخَلَقَ كُلَّ شَيۡءٖۖ وَهُوَ بِكُلِّ شَيۡءٍ عَلِيمٞ ﴿101﴾

(Otumfoͻ a) Ɔhyεε Ɔsoro ne asaase mmͻeε aseε; εbεyε dεn na W’awo ba aberε a Onni yerε? Ɔno na Ɔbͻͻ biribiara, na Ɔne biribiara ho Nimdefoͻ.

6:102

ذَٰلِكُمُ ٱللَّهُ رَبُّكُمۡۖ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَۖ خَٰلِقُ كُلِّ شَيۡءٖ فَٱعۡبُدُوهُۚ وَهُوَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ وَكِيلٞ ﴿102﴾

Mo Wura Nyankopͻn no ne no, awurade foforͻ biara nnihͻ, gyesε Ɔno (nko ara) Ɔne biribiara Bͻfo; enti monsom no. Ɔno na biribiara twere no.

6:103

لَّا تُدۡرِكُهُ ٱلۡأَبۡصَٰرُ وَهُوَ يُدۡرِكُ ٱلۡأَبۡصَٰرَۖ وَهُوَ ٱللَّطِيفُ ٱلۡخَبِيرُ ﴿103﴾

Ani ntumi nnhu no, na Ɔno deε Ohu (deε) ani hunu (koduru nyinaa) na Ɔne Onitefoͻ no, Ɔne Amanebͻ Wura no.

6:104

قَدۡ جَآءَكُم بَصَآئِرُ مِن رَّبِّكُمۡۖ فَمَنۡ أَبۡصَرَ فَلِنَفۡسِهِۦۖ وَمَنۡ عَمِيَ فَعَلَيۡهَاۚ وَمَآ أَنَا۠ عَلَيۡكُم بِحَفِيظٖ ﴿104﴾

Ampa sε anibue (anaa nimdeε anaasε nyinasoͻ pefee) fri mo Wura Nyankopͻn hͻ aba mo hͻ, na obia (obenya) ani de ahwε no (εyε) ma nekraa, na obia ͻbεma n’ani afira (wͻ ho no nso) etia ͻno ara, na me (Nkͻmhyεni) deε menyε moso ͻwεnfoͻ.

6:105

وَكَذَٰلِكَ نُصَرِّفُ ٱلۡأٓيَٰتِ وَلِيَقُولُواْ دَرَسۡتَ وَلِنُبَيِّنَهُۥ لِقَوۡمٖ يَعۡلَمُونَ ﴿105﴾

Saa ara na Yε’kyerεkyerε nsεm no mu, sεdeε (boniayεfoͻ no) bεka sε: ‘’Wasua’’ ne sεdeε Yε’bεkyerεkyerε mu ama amanfoͻ a wͻ’nim.

6:106

ٱتَّبِعۡ مَآ أُوحِيَ إِلَيۡكَ مِن رَّبِّكَۖ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَۖ وَأَعۡرِضۡ عَنِ ٱلۡمُشۡرِكِينَ ﴿106﴾

(Nkͻmhyεni), di adeε a yasiane fri wo Wura Nyankopͻn hͻ ama woͻ no akyi. Awurade foforͻ biara nnihͻ gyesε Ɔno (nko ara), na twe wo ho fri abosomsomfoͻ no ho.

6:107

وَلَوۡ شَآءَ ٱللَّهُ مَآ أَشۡرَكُواْۗ وَمَا جَعَلۡنَٰكَ عَلَيۡهِمۡ حَفِيظٗاۖ وَمَآ أَنتَ عَلَيۡهِم بِوَكِيلٖ ﴿107﴾

Sε Nyankopͻn pε a, anka wͻ’nnfa biribi mmata ne ho (nsom no), na yεnyεε wo wͻn so ͻwεnfoͻ, na wonnyε wͻn kyitaafoͻ nso.

6:108

وَلَا تَسُبُّواْ ٱلَّذِينَ يَدۡعُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ فَيَسُبُّواْ ٱللَّهَ عَدۡوَۢا بِغَيۡرِ عِلۡمٖۗ كَذَٰلِكَ زَيَّنَّا لِكُلِّ أُمَّةٍ عَمَلَهُمۡ ثُمَّ إِلَىٰ رَبِّهِم مَّرۡجِعُهُمۡ فَيُنَبِّئُهُم بِمَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ ﴿108﴾

Hwε na moanni wͻn a wɔ’fri Nyankopͻn akyi som wͻn no atεm, na anhwε a na wͻ’de ͻtan akodi Nyankopͻn atεm wͻ aberε a wͻ’nnim. Saa ara na Y’ama amanfoͻ no mu biara nyuma ayε wͻn ara (ani so) fε, na wͻn Wura Nyankopͻn hͻ ne wͻn nnkyi, na Ɔbεbͻ wͻn dwuma a na wͻ’die no (nyinaa) ho amaneε.

6:109

وَأَقۡسَمُواْ بِٱللَّهِ جَهۡدَ أَيۡمَٰنِهِمۡ لَئِن جَآءَتۡهُمۡ ءَايَةٞ لَّيُؤۡمِنُنَّ بِهَاۚ قُلۡ إِنَّمَا ٱلۡأٓيَٰتُ عِندَ ٱللَّهِۖ وَمَا يُشۡعِرُكُمۡ أَنَّهَآ إِذَا جَآءَتۡ لَا يُؤۡمِنُونَ ﴿109﴾

Wͻ’de Nyankopͻn di wͻn nse akεseε no sε: “Sε anka nsεnkyerεnee bi baa wͻn hͻ a anka wͻ’bεgye adi”. Ka sε: ‘’Nsεnkyerεnee deε Nyankopͻn hͻ na εwͻ, na εdeεn na εbεma mo (Muslimifoͻ no) atenka sε, sε nsεnkyerεnee bi bae mpo a anka wͻ’nnye nnie?”

6:110

وَنُقَلِّبُ أَفۡـِٔدَتَهُمۡ وَأَبۡصَٰرَهُمۡ كَمَا لَمۡ يُؤۡمِنُواْ بِهِۦٓ أَوَّلَ مَرَّةٖ وَنَذَرُهُمۡ فِي طُغۡيَٰنِهِمۡ يَعۡمَهُونَ ﴿110﴾

Sεdeε wͻ’annye anni deε edikan no, Yε’bεdane wͻn akoma ne wͻn ani (afri ͻkwan tenenee no so) na Y’agyae wͻn wͻ wͻn yera no mu ama wͻn akeka akͻ (sε anifirafoͻ).

6:111

وَلَوۡ أَنَّنَا نَزَّلۡنَآ إِلَيۡهِمُ ٱلۡمَلَـٰٓئِكَةَ وَكَلَّمَهُمُ ٱلۡمَوۡتَىٰ وَحَشَرۡنَا عَلَيۡهِمۡ كُلَّ شَيۡءٖ قُبُلٗا مَّا كَانُواْ لِيُؤۡمِنُوٓاْ إِلَّآ أَن يَشَآءَ ٱللَّهُ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَهُمۡ يَجۡهَلُونَ ﴿111﴾

Sε Yε’sianee soro abͻfoͻ mpo baa wͻn hͻ, anaa owufoͻ (mpo) ne wͻn kasae, εna Y’εboaboaa biribiara ano wͻ wͻn anim (mpo) a, anka wͻ’nnye nni, gyesε Nyankopͻn pε, nanso wͻn mu dodoͻ no ara nnnim.

6:112

وَكَذَٰلِكَ جَعَلۡنَا لِكُلِّ نَبِيٍّ عَدُوّٗا شَيَٰطِينَ ٱلۡإِنسِ وَٱلۡجِنِّ يُوحِي بَعۡضُهُمۡ إِلَىٰ بَعۡضٖ زُخۡرُفَ ٱلۡقَوۡلِ غُرُورٗاۚ وَلَوۡ شَآءَ رَبُّكَ مَا فَعَلُوهُۖ فَذَرۡهُمۡ وَمَا يَفۡتَرُونَ ﴿112﴾

Saa ara na Yε’maa Nkͻmhyεni biara (nyaa) atamfoͻ firi nnipa ne Jinni abonsamfoͻ no mu; wͻ’wesa nnaadaasεm a εyε dε gu wͻn ho wͻn ho (asom). Sε εyε wo Wura (Nyankopͻn) pε a anka wͻn annyε saa; enti gyae wͻn ne wͻn atorͻsεm a wͻ’redie no.

6:113

وَلِتَصۡغَىٰٓ إِلَيۡهِ أَفۡـِٔدَةُ ٱلَّذِينَ لَا يُؤۡمِنُونَ بِٱلۡأٓخِرَةِ وَلِيَرۡضَوۡهُ وَلِيَقۡتَرِفُواْ مَا هُم مُّقۡتَرِفُونَ ﴿113﴾

Sεdeε wͻn a wͻ’nnye Daakye no nnie no akoma bεdane akͻ (wͻn nnaadaa sεm) no soͻ, na wͻn agye (nnaadaa no) ato mu, na wͻn nso benya (bͻne) no a wͻn anya no bie.

6:114

أَفَغَيۡرَ ٱللَّهِ أَبۡتَغِي حَكَمٗا وَهُوَ ٱلَّذِيٓ أَنزَلَ إِلَيۡكُمُ ٱلۡكِتَٰبَ مُفَصَّلٗاۚ وَٱلَّذِينَ ءَاتَيۡنَٰهُمُ ٱلۡكِتَٰبَ يَعۡلَمُونَ أَنَّهُۥ مُنَزَّلٞ مِّن رَّبِّكَ بِٱلۡحَقِّۖ فَلَا تَكُونَنَّ مِنَ ٱلۡمُمۡتَرِينَ ﴿114﴾

(Nkͻmhyεni, ka sε­: “Menfri Nyankopͻn akyi nhwehwε otemmufoͻ foforͻ, aberε a Ɔno na W’asiane Nwoma no ama mo a εkyerεkyerε nsεm mu pefee no?’’ Wͻn a Yε’maa wͻn Nwoma no (Yudafoͻ ne Kristofoͻ no) nim yie sε ampa sε εyε Adiyisεm a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ a εyε nokorε. Enti monhwε na moankͻka wͻn a wͻn adwen nnsi wͻn pie no ho.

6:115

وَتَمَّتۡ كَلِمَتُ رَبِّكَ صِدۡقٗا وَعَدۡلٗاۚ لَّا مُبَدِّلَ لِكَلِمَٰتِهِۦۚ وَهُوَ ٱلسَّمِيعُ ٱلۡعَلِيمُ ﴿115﴾

Wo Wura Nyankopͻn Asεm no ahyε mma wͻ nokorε mu ne pεyε mu. Obiara ntumi nsesa Nensεm no. Ɔno na Ɔte biribiara na Ɔne Onimdefoͻ a Onim biribiara.

6:116

وَإِن تُطِعۡ أَكۡثَرَ مَن فِي ٱلۡأَرۡضِ يُضِلُّوكَ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِۚ إِن يَتَّبِعُونَ إِلَّا ٱلظَّنَّ وَإِنۡ هُمۡ إِلَّا يَخۡرُصُونَ ﴿116﴾

Sε wotie (nnipa no mu) dodoͻ no a wͻn wͻ asaase soͻ no a, wͻ’bεyera wo afri Nyankopͻn kwan no so. Deε wͻn adwen kyerε wͻn na wͻ’di akyire, na nkontompo dwuma na wͻ’die.

6:117

إِنَّ رَبَّكَ هُوَ أَعۡلَمُ مَن يَضِلُّ عَن سَبِيلِهِۦۖ وَهُوَ أَعۡلَمُ بِٱلۡمُهۡتَدِينَ ﴿117﴾

(Nkͻmhyεni), nokorε sε wo Wura Nyankopͻn na Onim obi a w’ayera afri Ne kwan no soͻ, εna Onim obi nso a watene.

6:118

فَكُلُواْ مِمَّا ذُكِرَ ٱسۡمُ ٱللَّهِ عَلَيۡهِ إِن كُنتُم بِـَٔايَٰتِهِۦ مُؤۡمِنِينَ ﴿118﴾

Enti monidi mfri deε yabͻ Nyankopͻn din agu soͻ no mu, sε Nensεm na mogye die ampa a.

6:119

وَمَا لَكُمۡ أَلَّا تَأۡكُلُواْ مِمَّا ذُكِرَ ٱسۡمُ ٱللَّهِ عَلَيۡهِ وَقَدۡ فَصَّلَ لَكُم مَّا حَرَّمَ عَلَيۡكُمۡ إِلَّا مَا ٱضۡطُرِرۡتُمۡ إِلَيۡهِۗ وَإِنَّ كَثِيرٗا لَّيُضِلُّونَ بِأَهۡوَآئِهِم بِغَيۡرِ عِلۡمٍۚ إِنَّ رَبَّكَ هُوَ أَعۡلَمُ بِٱلۡمُعۡتَدِينَ ﴿119﴾

Adεn nti na εnsεsε modi nea yabͻ Nyankopͻn din agu soͻ, wͻ aberε a W’akyerεkyerε deε yabra mo no mu pefee akyerε mo sԑ, gyesε mo wͻ ahokyerε nhyεsoͻ bi mu nti? Nokorε (nnipa mu) dodoͻ no ara na wͻ’de wͻn apεdeε yera (amanfoͻ) aberε a wͻ’nni nimdeε. Nokorԑ sԑ wo Wura Nyankopͻn na Onim abͻneεfoͻ no.

6:120

وَذَرُواْ ظَٰهِرَ ٱلۡإِثۡمِ وَبَاطِنَهُۥٓۚ إِنَّ ٱلَّذِينَ يَكۡسِبُونَ ٱلۡإِثۡمَ سَيُجۡزَوۡنَ بِمَا كَانُواْ يَقۡتَرِفُونَ ﴿120﴾

(Adasamma), monyae kokoa mu ne badwa mu bͻneyε. Nokorε sε wͻn a wͻ’di bͻne no yεbetua wͻn dwuma die no so ka pεpεεpε sεdeε wͻ’yͻeε no ara.

6:121

وَلَا تَأۡكُلُواْ مِمَّا لَمۡ يُذۡكَرِ ٱسۡمُ ٱللَّهِ عَلَيۡهِ وَإِنَّهُۥ لَفِسۡقٞۗ وَإِنَّ ٱلشَّيَٰطِينَ لَيُوحُونَ إِلَىٰٓ أَوۡلِيَآئِهِمۡ لِيُجَٰدِلُوكُمۡۖ وَإِنۡ أَطَعۡتُمُوهُمۡ إِنَّكُمۡ لَمُشۡرِكُونَ ﴿121﴾

Monhwε na moanidi amfri deε ya’mmͻ Nyankopͻn din angu soͻ mu, efrisε εyε fii (anaa bɔne). Nokorε sε abonsamfoͻ no tutu gu wͻn ayͻnkofoͻ no asom ma wͻ’ne mo gye akyinnye, na sε modi wͻn akyi a, εneε na nokorε sε moyε abosomsomfoͻ.

6:122

أَوَمَن كَانَ مَيۡتٗا فَأَحۡيَيۡنَٰهُ وَجَعَلۡنَا لَهُۥ نُورٗا يَمۡشِي بِهِۦ فِي ٱلنَّاسِ كَمَن مَّثَلُهُۥ فِي ٱلظُّلُمَٰتِ لَيۡسَ بِخَارِجٖ مِّنۡهَاۚ كَذَٰلِكَ زُيِّنَ لِلۡكَٰفِرِينَ مَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ ﴿122﴾

Anaasε obi a na anka wawu (wͻ gyidie mu) na Yenyanee no baa nkwa mu, na Yε’maa no nhyerεnee a ͻde nante wͻ nnipa mu no, ͻne obia ͻwͻ esum kabii mu na ͻnfrii mu no yε pε? Saa ara na yεma wͻn a wͻ’nnye nnie no dwumadi (bͻne no) yε wͻn (aniso) fε.

6:123

وَكَذَٰلِكَ جَعَلۡنَا فِي كُلِّ قَرۡيَةٍ أَكَٰبِرَ مُجۡرِمِيهَا لِيَمۡكُرُواْ فِيهَاۖ وَمَا يَمۡكُرُونَ إِلَّا بِأَنفُسِهِمۡ وَمَا يَشۡعُرُونَ ﴿123﴾

Saa nso ara na Y’ayε kuro biara mu mpanimfoͻ no abͻneεfoͻ sεdeε wͻ’bεfa ho adwen bͻne. Adwen bͻne a wͻ’bεfa no tia wͻn ara, nanso wͻ’nnim.

6:124

وَإِذَا جَآءَتۡهُمۡ ءَايَةٞ قَالُواْ لَن نُّؤۡمِنَ حَتَّىٰ نُؤۡتَىٰ مِثۡلَ مَآ أُوتِيَ رُسُلُ ٱللَّهِۘ ٱللَّهُ أَعۡلَمُ حَيۡثُ يَجۡعَلُ رِسَالَتَهُۥۗ سَيُصِيبُ ٱلَّذِينَ أَجۡرَمُواْ صَغَارٌ عِندَ ٱللَّهِ وَعَذَابٞ شَدِيدُۢ بِمَا كَانُواْ يَمۡكُرُونَ ﴿124﴾

Sε nsεnkyerεnee bi ba wͻn hͻ a, deε wͻ’ka ne sε: ‘’Yεnye nnni, gyesε yεde deε yεde maa Nyankopͻn Asomafoͻ no ara bi ma yεn ansa. Nyankopͻn na Onim faako a εsεsε Ɔde N’asεm no toͻ. Animguaseε ne asotwee a ano yε den paa a efri Nyankopͻn hͻ bεka wͻn a wͻ’di bͻne no wͻ wͻn adwen bͻne a wͻ’fa no ho.

6:125

فَمَن يُرِدِ ٱللَّهُ أَن يَهۡدِيَهُۥ يَشۡرَحۡ صَدۡرَهُۥ لِلۡإِسۡلَٰمِۖ وَمَن يُرِدۡ أَن يُضِلَّهُۥ يَجۡعَلۡ صَدۡرَهُۥ ضَيِّقًا حَرَجٗا كَأَنَّمَا يَصَّعَّدُ فِي ٱلسَّمَآءِۚ كَذَٰلِكَ يَجۡعَلُ ٱللَّهُ ٱلرِّجۡسَ عَلَى ٱلَّذِينَ لَا يُؤۡمِنُونَ ﴿125﴾

Obia Nyankopͻn pεsε ͻtene no no, Ɔbue n’akoma dema Islam, na obia Ɔpεsε Ɔyera no no nso Ɔma n’akoma no ka moa tesε deε ͻreforo akͻ ewiem. Saa ara na Nyankopͻn de asotwee (anaa) efii to wͻn a wͻ’nnye nnie no soͻ.

6:126

وَهَٰذَا صِرَٰطُ رَبِّكَ مُسۡتَقِيمٗاۗ قَدۡ فَصَّلۡنَا ٱلۡأٓيَٰتِ لِقَوۡمٖ يَذَّكَّرُونَ ﴿126﴾

Woi ne wo Wura Nyankopͻn kwan tenenee no. Ampa sε Y’akyerεkyerε nsεm no mu pefee ama amanfoͻ a wͻ’de bεto wᴐn adwen mu.