quranm◉

Hizb 15

Range
from 6:127 to 7:30
Surahs covered
Nkyerɛase
69 Nkyerɛase

◉

6:127

لَهُمۡ دَارُ ٱلسَّلَٰمِ عِندَ رَبِّهِمۡۖ وَهُوَ وَلِيُّهُم بِمَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ ﴿127﴾

Wͻn wͻ Asomdwiɛ fie wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ, εnam dwuma a wͻ’die no ho nti Ɔne wͻn Kyitaafoͻ.

6:128

وَيَوۡمَ يَحۡشُرُهُمۡ جَمِيعٗا يَٰمَعۡشَرَ ٱلۡجِنِّ قَدِ ٱسۡتَكۡثَرۡتُم مِّنَ ٱلۡإِنسِۖ وَقَالَ أَوۡلِيَآؤُهُم مِّنَ ٱلۡإِنسِ رَبَّنَا ٱسۡتَمۡتَعَ بَعۡضُنَا بِبَعۡضٖ وَبَلَغۡنَآ أَجَلَنَا ٱلَّذِيٓ أَجَّلۡتَ لَنَاۚ قَالَ ٱلنَّارُ مَثۡوَىٰكُمۡ خَٰلِدِينَ فِيهَآ إِلَّا مَا شَآءَ ٱللَّهُۚ إِنَّ رَبَّكَ حَكِيمٌ عَلِيمٞ ﴿128﴾

Ɛda a Ɔbεboa wͻn nyinaa ano (aka sε): “Jinnifoͻ fekuo, ampa sε moayera nnipa no mu bebree’’ Wͻn ayͻnkofoͻ a wͻn wͻ nnipa no mu no bεka sε: ‘’Ye’Wura Nyankopͻn, yenyaa yεnho-yεnho mfasoͻ, na seesei deε yaduru yεn berε a Wohyε maa yεn no’’ Nyankopͻn bεka sε: ‘’Egya no mu na εbεyε mofiee na emu na mobεtena, gyesε Nyankopͻn pε. Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn ne Onyansafoͻ, Ɔne Onimdefoͻ.

6:129

وَكَذَٰلِكَ نُوَلِّي بَعۡضَ ٱلظَّـٰلِمِينَ بَعۡضَۢا بِمَا كَانُواْ يَكۡسِبُونَ ﴿129﴾

Saa ara na Yε’bεma abͻneεfoͻ no ayε wͻn ho-wͻn ho nnamfoͻ (Atemmuda) εnam dwuma a wͻ’nsa aka no ho nti.

6:130

يَٰمَعۡشَرَ ٱلۡجِنِّ وَٱلۡإِنسِ أَلَمۡ يَأۡتِكُمۡ رُسُلٞ مِّنكُمۡ يَقُصُّونَ عَلَيۡكُمۡ ءَايَٰتِي وَيُنذِرُونَكُمۡ لِقَآءَ يَوۡمِكُمۡ هَٰذَاۚ قَالُواْ شَهِدۡنَا عَلَىٰٓ أَنفُسِنَاۖ وَغَرَّتۡهُمُ ٱلۡحَيَوٰةُ ٱلدُّنۡيَا وَشَهِدُواْ عَلَىٰٓ أَنفُسِهِمۡ أَنَّهُمۡ كَانُواْ كَٰفِرِينَ ﴿130﴾

Jinnifoͻ fekuo ne adasamma, asomafoͻ amfri momu amma mohͻ a wͻ’bεkenkan Mensεm de kyerεε mo, san bͻͻ mo kͻkͻ fa monhyiamu Da woi ho? Wͻ’bεka sε: ‘’Yedi adanseε tia yεn ara yεn ho (sε nokorε, asomafoͻ no baae)’’. Ɛyε wiase asetena yi na εdaadaa wͻn, na wͻ’bedi adanseε atia wͻn ho sε na wͻ’yε (Kaafirifoͻ) boniayεfoͻ.

6:131

ذَٰلِكَ أَن لَّمۡ يَكُن رَّبُّكَ مُهۡلِكَ ٱلۡقُرَىٰ بِظُلۡمٖ وَأَهۡلُهَا غَٰفِلُونَ ﴿131﴾

Ɛne sε, wo Wura Nyankopͻn mfa bͻne nsεe kuro bi aberε a (kuro no) mu foͻ no nnnim (Nyankopͻn mmra).

6:132

وَلِكُلّٖ دَرَجَٰتٞ مِّمَّا عَمِلُواْۚ وَمَا رَبُّكَ بِغَٰفِلٍ عَمَّا يَعۡمَلُونَ ﴿132﴾

Obiara wͻ gyinaberε anaa abaso bͻdeε (a yεde bεbͻ no) wͻ dwuma a odiiε ho ­. Na wo Wura Nyankopͻn mmuu n’ani nguu dwuma a wͻ’die no so.

6:133

وَرَبُّكَ ٱلۡغَنِيُّ ذُو ٱلرَّحۡمَةِۚ إِن يَشَأۡ يُذۡهِبۡكُمۡ وَيَسۡتَخۡلِفۡ مِنۢ بَعۡدِكُم مَّا يَشَآءُ كَمَآ أَنشَأَكُم مِّن ذُرِّيَّةِ قَوۡمٍ ءَاخَرِينَ ﴿133﴾

Wo Wura Nyankopͻn deε W’anya Neho (Onhia obiara hwee), Ahummͻborͻ ahyε no mma; sε Ɔpε a anka Ɔbeyi mo afri hͻ, na moakyi no Ɔde deε Ɔpε abεhyε moanan mu sεdeε Ɔbͻͻ mo fri amanfoͻ bi asefoͻ mu no.

6:134

إِنَّ مَا تُوعَدُونَ لَأٓتٖۖ وَمَآ أَنتُم بِمُعۡجِزِينَ ﴿134﴾

Nokorε sε deε yahyε mo ho bͻ no reba ampa; na monntumi nnnsi ho kwan.

6:135

قُلۡ يَٰقَوۡمِ ٱعۡمَلُواْ عَلَىٰ مَكَانَتِكُمۡ إِنِّي عَامِلٞۖ فَسَوۡفَ تَعۡلَمُونَ مَن تَكُونُ لَهُۥ عَٰقِبَةُ ٱلدَّارِۚ إِنَّهُۥ لَا يُفۡلِحُ ٱلظَّـٰلِمُونَ ﴿135﴾

(Nkͻmhyεni), ka sε: ‘’Menkorͻfoͻ, modeε monyε moadwuma sεdeε moamamerε kyerε, menso mereyε dwuma (sεdeε Nyankopͻn ahyε me), na mobehunu yεn mu nea ͻbenya awieε pa wͻ Daakye. Nokorε sε, abͻneεfoͻ no deε wͻ’nni nkonim.

6:136

وَجَعَلُواْ لِلَّهِ مِمَّا ذَرَأَ مِنَ ٱلۡحَرۡثِ وَٱلۡأَنۡعَٰمِ نَصِيبٗا فَقَالُواْ هَٰذَا لِلَّهِ بِزَعۡمِهِمۡ وَهَٰذَا لِشُرَكَآئِنَاۖ فَمَا كَانَ لِشُرَكَآئِهِمۡ فَلَا يَصِلُ إِلَى ٱللَّهِۖ وَمَا كَانَ لِلَّهِ فَهُوَ يَصِلُ إِلَىٰ شُرَكَآئِهِمۡۗ سَآءَ مَا يَحۡكُمُونَ ﴿136﴾

Wͻ’yi deε wͻn adua wͻ mfuo mu no, ne nyεmmoa a Ɔno na Ɔbͻeε no mu kyεfa bi ma Nyankopͻn ka sε: ‘’Woi wͻ Nyankopͻn sεdeε wͻn adwen kyerε wͻn no, na woi nso wͻ wͻn a yε’de wͻn bata (Nyankopͻn) ho no”. Deε εwͻ deε wͻ’de bata (Nyankopͻn) ho no nnuru Nyankopͻn hͻ; εna deε εwͻ Nyankopͻn no deε eduru deε wͻ’de bata (Nyankopͻn) ho no hͻ. Atεmmuo bͻne paa na wͻ’rebuo no.

6:137

وَكَذَٰلِكَ زَيَّنَ لِكَثِيرٖ مِّنَ ٱلۡمُشۡرِكِينَ قَتۡلَ أَوۡلَٰدِهِمۡ شُرَكَآؤُهُمۡ لِيُرۡدُوهُمۡ وَلِيَلۡبِسُواْ عَلَيۡهِمۡ دِينَهُمۡۖ وَلَوۡ شَآءَ ٱللَّهُ مَا فَعَلُوهُۖ فَذَرۡهُمۡ وَمَا يَفۡتَرُونَ ﴿137﴾

Saa ara na deε wͻ’de abata Nyankopͻn ho no, ayε ama mma kunkum ayε abosomsomfoͻ no mu pii fε, sεdeε wͻ’de wͻn bεkͻ ͻsεeε mu, na wͻn ama wͻn adwen ayε basaa wͻ wͻn som no ho. Sε Nyankopͻn pε a, anka (abosomsomfoͻ no) nnyε saa. Enti (Nkͻmhyεni) gyae wͻn, ne wͻn atorͻsεm a wͻ’die no.

6:138

وَقَالُواْ هَٰذِهِۦٓ أَنۡعَٰمٞ وَحَرۡثٌ حِجۡرٞ لَّا يَطۡعَمُهَآ إِلَّا مَن نَّشَآءُ بِزَعۡمِهِمۡ وَأَنۡعَٰمٌ حُرِّمَتۡ ظُهُورُهَا وَأَنۡعَٰمٞ لَّا يَذۡكُرُونَ ٱسۡمَ ٱللَّهِ عَلَيۡهَا ٱفۡتِرَآءً عَلَيۡهِۚ سَيَجۡزِيهِم بِمَا كَانُواْ يَفۡتَرُونَ ﴿138﴾

Abosomsomfoͻ no ka sε: ‘’Nyεmmoa woi ne mfudeε woi y’abra; obiara nni ho kwan sε odi bie gyesε obia yεpε,-sεdeε wͻn adwen yε wͻn; ne nyεmmoa bi nso a yabra sε wͻn akyi (bεyε adwuma), ne nyεmmoa bi nso a yεmmͻ Nyankopͻn din nngu wͻn soͻ (wͻ berε a yereku wͻn).” Nkontompo na wͻ’twa to Nyankopͻn soͻ. Obetua wͻn ka wͻ wͻn atorͻsεm a wͻ’diiε no ho.

6:139

وَقَالُواْ مَا فِي بُطُونِ هَٰذِهِ ٱلۡأَنۡعَٰمِ خَالِصَةٞ لِّذُكُورِنَا وَمُحَرَّمٌ عَلَىٰٓ أَزۡوَٰجِنَاۖ وَإِن يَكُن مَّيۡتَةٗ فَهُمۡ فِيهِ شُرَكَآءُۚ سَيَجۡزِيهِمۡ وَصۡفَهُمۡۚ إِنَّهُۥ حَكِيمٌ عَلِيمٞ ﴿139﴾

Wͻ’ka sε: ‘’Adeε a εwͻ aboa woi anaa woi yafunu mu no deε, εyε yεn mmarima nko ara dea, na yεn mmaa no nni ho kwan (sε wͻ’di bie); nasε yεwo no na wawu nso a, εno deε wͻn nyinaa (mmaa ne mmarima no) kyε. Ɔbetua wͻn (nkotompo a) wͻ’de susuu no no so ka. Nokorε sε Ɔne Nyansafoͻ, Ɔne Onimdefoͻ.

6:140

قَدۡ خَسِرَ ٱلَّذِينَ قَتَلُوٓاْ أَوۡلَٰدَهُمۡ سَفَهَۢا بِغَيۡرِ عِلۡمٖ وَحَرَّمُواْ مَا رَزَقَهُمُ ٱللَّهُ ٱفۡتِرَآءً عَلَى ٱللَّهِۚ قَدۡ ضَلُّواْ وَمَا كَانُواْ مُهۡتَدِينَ ﴿140﴾

Ampa sε wͻn a wͻ’de agyimisεm a nimdeε biara nni mu kunkum wͻn mma, na wͻ’bra adeε a Nyankopͻn de abͻ wͻn akͻnhoma, twa nkotompo to Nyankopͻn soͻ no aberε agu. Ampa sε wͻn ayera na wͻ’nnyε ateneneefoͻ.

6:141

وَهُوَ ٱلَّذِيٓ أَنشَأَ جَنَّـٰتٖ مَّعۡرُوشَٰتٖ وَغَيۡرَ مَعۡرُوشَٰتٖ وَٱلنَّخۡلَ وَٱلزَّرۡعَ مُخۡتَلِفًا أُكُلُهُۥ وَٱلزَّيۡتُونَ وَٱلرُّمَّانَ مُتَشَٰبِهٗا وَغَيۡرَ مُتَشَٰبِهٖۚ كُلُواْ مِن ثَمَرِهِۦٓ إِذَآ أَثۡمَرَ وَءَاتُواْ حَقَّهُۥ يَوۡمَ حَصَادِهِۦۖ وَلَا تُسۡرِفُوٓاْۚ إِنَّهُۥ لَا يُحِبُّ ٱلۡمُسۡرِفِينَ ﴿141﴾

Ɔno na W’ayε turo (anaasε mfuo, emmu nnoͻma no) yεto bi pam, ebi nso yεnto no pam; εna akyiresua nnua ne mfudeε a nedε gu sononko-sononko, εne nngo εne Rumaan a εho sesε, ne deε εnsε. Sε (saa nnuaba yi) so a moni, na monyi emu asεdeε (zaka) no mma wͻ εda no a mobetwa (n’aba) no; na monhwε na moansεe (no). Nokorε sε, Ɔmpε nsεmͻnefoͻ no asεm.

6:142

وَمِنَ ٱلۡأَنۡعَٰمِ حَمُولَةٗ وَفَرۡشٗاۚ كُلُواْ مِمَّا رَزَقَكُمُ ٱللَّهُ وَلَا تَتَّبِعُواْ خُطُوَٰتِ ٱلشَّيۡطَٰنِۚ إِنَّهُۥ لَكُمۡ عَدُوّٞ مُّبِينٞ ﴿142﴾

Nyεmmoa no mu bi soa nneεma, (ebinom) nso yε nnam. Moni deε Nyankopͻn de abͻ mo akͻnhoma no, na monhwε na moanni ͻbonsam anamͻn so. Nokorε sε, ͻyε motamfoͻ a ͻda adi pefee.

6:143

ثَمَٰنِيَةَ أَزۡوَٰجٖۖ مِّنَ ٱلضَّأۡنِ ٱثۡنَيۡنِ وَمِنَ ٱلۡمَعۡزِ ٱثۡنَيۡنِۗ قُلۡ ءَآلذَّكَرَيۡنِ حَرَّمَ أَمِ ٱلۡأُنثَيَيۡنِ أَمَّا ٱشۡتَمَلَتۡ عَلَيۡهِ أَرۡحَامُ ٱلۡأُنثَيَيۡنِۖ نَبِّـُٔونِي بِعِلۡمٍ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ ﴿143﴾

(Nyεmmoa) nwͻtwe anini ne abedeε: Nwenini ne abedeε mmienu mmienu, εna mmirekyie anini ne abedeε mmienu mmienu. (Nkͻmhyεni), ka sε: ‘’(Anini) mmienu no na Nyankopͻn abra anaasε (abedeε) mmienu noa, anaasε (aboa no ba) no a ͻhyε abedeε mmienu no awodeε mu (na yabra)? Monfa nimdeε nka nkyerε me, sε moyε nokwafoͻ ampa a”.

6:144

وَمِنَ ٱلۡإِبِلِ ٱثۡنَيۡنِ وَمِنَ ٱلۡبَقَرِ ٱثۡنَيۡنِۗ قُلۡ ءَآلذَّكَرَيۡنِ حَرَّمَ أَمِ ٱلۡأُنثَيَيۡنِ أَمَّا ٱشۡتَمَلَتۡ عَلَيۡهِ أَرۡحَامُ ٱلۡأُنثَيَيۡنِۖ أَمۡ كُنتُمۡ شُهَدَآءَ إِذۡ وَصَّىٰكُمُ ٱللَّهُ بِهَٰذَاۚ فَمَنۡ أَظۡلَمُ مِمَّنِ ٱفۡتَرَىٰ عَلَى ٱللَّهِ كَذِبٗا لِّيُضِلَّ ٱلنَّاسَ بِغَيۡرِ عِلۡمٍۚ إِنَّ ٱللَّهَ لَا يَهۡدِي ٱلۡقَوۡمَ ٱلظَّـٰلِمِينَ ﴿144﴾

Ɛna yoma nso mmienu (onini ne ͻbedeε) nantwie nso mmienu (onini ne ͻbedeε). Ka sε: “Anini mmienu no na Nyankopͻn abra anaasε abedeε mmienu no, anaasε (aboa no ba) no a ͻhyε abedeε mmienu no awodeε mu no (na yabra)? Anaasε na mo wͻ hͻ wͻ εberε a Nyankopͻn hyεε saa mmra no? Enti (onipa) bͻneni bεn na ͻkyεn obi a otwa torͻ to Nyankopͻn so sεdeε ͻde bεyera nnipa wͻ aberε a nimdeε biara nni mu? Nokorε sε, Nyankopͻn deε ͻntene nnipa bͻnefoͻ no (a wɔn ayɛ wɔn adwen sɛ wɔn deɛ bɔne ara na wɔ’bɛdie no).

6:145

قُل لَّآ أَجِدُ فِي مَآ أُوحِيَ إِلَيَّ مُحَرَّمًا عَلَىٰ طَاعِمٖ يَطۡعَمُهُۥٓ إِلَّآ أَن يَكُونَ مَيۡتَةً أَوۡ دَمٗا مَّسۡفُوحًا أَوۡ لَحۡمَ خِنزِيرٖ فَإِنَّهُۥ رِجۡسٌ أَوۡ فِسۡقًا أُهِلَّ لِغَيۡرِ ٱللَّهِ بِهِۦۚ فَمَنِ ٱضۡطُرَّ غَيۡرَ بَاغٖ وَلَا عَادٖ فَإِنَّ رَبَّكَ غَفُورٞ رَّحِيمٞ ﴿145﴾

(Nkͻmhyεni), ka sε: ‘’Adiyisεm a yasiane ama me no mu deε, mennya adeε a yabra wͻ aduane a obi bedie ho, gyesε aboa funu anaa mogya a yahwie anaa prako-nam, efrisε εyε fii, anaa εnam fii a yakum ama (adeε bi) a εnyε Nyankopͻn. Nanso obi a ahokyerε nti, na εnyε anidaaho, anaa asoͻden (na εbεma no akͻdi saa nnam a yabra yi no), nokorε sε wo Wura Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

6:146

وَعَلَى ٱلَّذِينَ هَادُواْ حَرَّمۡنَا كُلَّ ذِي ظُفُرٖۖ وَمِنَ ٱلۡبَقَرِ وَٱلۡغَنَمِ حَرَّمۡنَا عَلَيۡهِمۡ شُحُومَهُمَآ إِلَّا مَا حَمَلَتۡ ظُهُورُهُمَآ أَوِ ٱلۡحَوَايَآ أَوۡ مَا ٱخۡتَلَطَ بِعَظۡمٖۚ ذَٰلِكَ جَزَيۡنَٰهُم بِبَغۡيِهِمۡۖ وَإِنَّا لَصَٰدِقُونَ ﴿146﴾

Wͻn a wͻ’yε Yudafoͻ no, yεbraa wͻn (aboa biara a) ͻwͻ tͻte a emu mpaeε, εna nantwie ne nnwan mu nso yεbraa wͻn (saa mmoa no) mmienu sradeε, gyesε deε εwͻ wͻn mmienu akyi ne deε εwͻ wͻn nsono mu anaa deε εne nnompe no adi afra. Saa ara na Y’etuaa wͻn asoͻden no so ka. Na ampa sε, Yεn na Yε’ka nokorε.

6:147

فَإِن كَذَّبُوكَ فَقُل رَّبُّكُمۡ ذُو رَحۡمَةٖ وَٰسِعَةٖ وَلَا يُرَدُّ بَأۡسُهُۥ عَنِ ٱلۡقَوۡمِ ٱلۡمُجۡرِمِينَ ﴿147﴾

Sε wͻ’bu wo ͻtorofoͻ a, εneε ka sε: “Mmͻborͻhunu a mo Wura Nyankopͻn wͻ no so paa, na Na’bufuhyeε nnsan n’akyi mfri nnipa bͻnefoͻ no so”.

6:148

سَيَقُولُ ٱلَّذِينَ أَشۡرَكُواْ لَوۡ شَآءَ ٱللَّهُ مَآ أَشۡرَكۡنَا وَلَآ ءَابَآؤُنَا وَلَا حَرَّمۡنَا مِن شَيۡءٖۚ كَذَٰلِكَ كَذَّبَ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡ حَتَّىٰ ذَاقُواْ بَأۡسَنَاۗ قُلۡ هَلۡ عِندَكُم مِّنۡ عِلۡمٖ فَتُخۡرِجُوهُ لَنَآۖ إِن تَتَّبِعُونَ إِلَّا ٱلظَّنَّ وَإِنۡ أَنتُمۡ إِلَّا تَخۡرُصُونَ ﴿148﴾

Wͻn a wͻ’de (biribi) abata Nyankopͻn ho no bεka sε ‘’Sε εyε Nyankopͻn pε (sε yεnnfa biribi mmata ne ho) a anka yεn, anaasε y’agyanom anfa (biribi) ammata Ne ho, na (sε εyε Nepε nso a) anka yammra biribiara. Saa ara na wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no twaa nkontompo kͻpem sε wͻ’kaa Y’asotwee no hwεeε. (Nkͻmhyεni), ka sε: ‘’Mowͻ (nsεm a mokeka no) ho nimdeε (anaa nyinasoͻ) bi a monyi ma yεn. Deε moadwen kyerε mo na modi akyire na deε moyε nso yε nkotompo.

6:149

قُلۡ فَلِلَّهِ ٱلۡحُجَّةُ ٱلۡبَٰلِغَةُۖ فَلَوۡ شَآءَ لَهَدَىٰكُمۡ أَجۡمَعِينَ ﴿149﴾

Ka sε: ‘’Nyankopͻn na nyinasoͻ pefee a εkͻ aso mu no wͻ no. Sε Ɔpε a anka ͻbεkyerε mo nyinaa kwan (tenenee no).

6:150

قُلۡ هَلُمَّ شُهَدَآءَكُمُ ٱلَّذِينَ يَشۡهَدُونَ أَنَّ ٱللَّهَ حَرَّمَ هَٰذَاۖ فَإِن شَهِدُواْ فَلَا تَشۡهَدۡ مَعَهُمۡۚ وَلَا تَتَّبِعۡ أَهۡوَآءَ ٱلَّذِينَ كَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِنَا وَٱلَّذِينَ لَا يُؤۡمِنُونَ بِٱلۡأٓخِرَةِ وَهُم بِرَبِّهِمۡ يَعۡدِلُونَ ﴿150﴾

Ka sε: ‘’Monfa moadansefoͻ a wͻ’di adanseε sε: “Nokorε sε Nyankopͻn abra woi no mmra”. Sε wͻ’di adanseε no a hwε na woanka ho ne wͻn anni adanseε no; na hwε na woani wͻn a wͻ’po Yε’nsεm no ne wͻn a wͻ’nnye Daakye no nnie no na wͻ’de biribi toto wͻn Wura Nyankopͻn ho no apεdeε akyi.

6:151

قُلۡ تَعَالَوۡاْ أَتۡلُ مَا حَرَّمَ رَبُّكُمۡ عَلَيۡكُمۡۖ أَلَّا تُشۡرِكُواْ بِهِۦ شَيۡـٔٗاۖ وَبِٱلۡوَٰلِدَيۡنِ إِحۡسَٰنٗاۖ وَلَا تَقۡتُلُوٓاْ أَوۡلَٰدَكُم مِّنۡ إِمۡلَٰقٖ نَّحۡنُ نَرۡزُقُكُمۡ وَإِيَّاهُمۡۖ وَلَا تَقۡرَبُواْ ٱلۡفَوَٰحِشَ مَا ظَهَرَ مِنۡهَا وَمَا بَطَنَۖ وَلَا تَقۡتُلُواْ ٱلنَّفۡسَ ٱلَّتِي حَرَّمَ ٱللَّهُ إِلَّا بِٱلۡحَقِّۚ ذَٰلِكُمۡ وَصَّىٰكُم بِهِۦ لَعَلَّكُمۡ تَعۡقِلُونَ ﴿151﴾

Ka sε: ‘’Momra na menkenkan deε mo Wura Nyankopͻn abra mo no nkyerε mo: ‘’Monnfa biribiara mmata Neho, na monyε papa anaa ayεmyε ma awofoͻ, na mo’nnfa ohia nkunkum mo mma; Yεn na Yε’bͻ mo ne wͻn (nyinaa) akͻnhoma, monhwε na moammεn ahohwi bra (adwamammͻ) deε εda dwa ne deε asuma, na monhwε na moankum nipa a Nyankopͻn ayε no kronkron anaa W’abra (nekum), gyesε ne kwan so. Woi ho na Ɔrehyε mo, sεdeε mobεte aseε.

6:152

وَلَا تَقۡرَبُواْ مَالَ ٱلۡيَتِيمِ إِلَّا بِٱلَّتِي هِيَ أَحۡسَنُ حَتَّىٰ يَبۡلُغَ أَشُدَّهُۥۚ وَأَوۡفُواْ ٱلۡكَيۡلَ وَٱلۡمِيزَانَ بِٱلۡقِسۡطِۖ لَا نُكَلِّفُ نَفۡسًا إِلَّا وُسۡعَهَاۖ وَإِذَا قُلۡتُمۡ فَٱعۡدِلُواْ وَلَوۡ كَانَ ذَا قُرۡبَىٰۖ وَبِعَهۡدِ ٱللَّهِ أَوۡفُواْۚ ذَٰلِكُمۡ وَصَّىٰكُم بِهِۦ لَعَلَّكُمۡ تَذَكَّرُونَ ﴿152﴾

Monhwε na moamεn awisiaa agyapadeε, gyesε kwan pa so, kͻpem sε ͻbeduru ne mpanin berε mu. Na moma deε mohyε ne deε mosusuo no nyε pεpεεpε. Yε’mfa adesoa nsoa onipa, gyesε deε na’hoͻden betumi. Sε mokasa (anaasε mobu atεn, anaa modi asεm bi ho adanseε) a monka nokorε, sε (asεm no) fa obusuani ho mpo a; na moni Nyankopͻn Apam so. Woi ho na Ɔrehyε mo, sεdeε mode betu moho foͻ.

6:153

وَأَنَّ هَٰذَا صِرَٰطِي مُسۡتَقِيمٗا فَٱتَّبِعُوهُۖ وَلَا تَتَّبِعُواْ ٱلسُّبُلَ فَتَفَرَّقَ بِكُمۡ عَن سَبِيلِهِۦۚ ذَٰلِكُمۡ وَصَّىٰكُم بِهِۦ لَعَلَّكُمۡ تَتَّقُونَ ﴿153﴾

Nokorε sε, woi ne Me kwan tenenee no, enti monfa so, na monhwε na moankodi akwan (foforͻ) bi akyi, efrisε εbεma mo ne Ne kwan tenenee no ntεm apaepae. Woi ho na Ɔrehyε mo, sεdeε mo bεsuro Nyame ayε ahwεyie.

6:154

ثُمَّ ءَاتَيۡنَا مُوسَى ٱلۡكِتَٰبَ تَمَامًا عَلَى ٱلَّذِيٓ أَحۡسَنَ وَتَفۡصِيلٗا لِّكُلِّ شَيۡءٖ وَهُدٗى وَرَحۡمَةٗ لَّعَلَّهُم بِلِقَآءِ رَبِّهِمۡ يُؤۡمِنُونَ ﴿154﴾

Afei Yε’de Nwoma no maa Mose de (Y’adom ne Yεn nhyira) wiee obiara a ͻbεyε papa no so, kyerεkyerεε biribiara mu pefee, na εyε kwankyerε ne ahummͻborͻ sεdeε wͻ’bεgye (wͻ’ne) wͻn Wura Nyankopͻn nhyiamu (Da) no adie.

6:155

وَهَٰذَا كِتَٰبٌ أَنزَلۡنَٰهُ مُبَارَكٞ فَٱتَّبِعُوهُ وَٱتَّقُواْ لَعَلَّكُمۡ تُرۡحَمُونَ ﴿155﴾

Saa Nwoma yi nso Yε’de nhyira na asiane, enti moni akyire na monsuro Nyankopͻn nyε ahwεyie sεdeε yεbehu mo mmͻbͻ.

6:156

أَن تَقُولُوٓاْ إِنَّمَآ أُنزِلَ ٱلۡكِتَٰبُ عَلَىٰ طَآئِفَتَيۡنِ مِن قَبۡلِنَا وَإِن كُنَّا عَن دِرَاسَتِهِمۡ لَغَٰفِلِينَ ﴿156﴾

Sεdeε (Daakye) monkͻka sε: ‘’Nwoma no deε yesiane maa (nnipa) akuo mmienu bi (Yudafoͻ ne Kristofoͻ) a wͻ’dii y’anim kan no, na yε’deε yennim deε wͻ’suaeε no ho hwee.

6:157

أَوۡ تَقُولُواْ لَوۡ أَنَّآ أُنزِلَ عَلَيۡنَا ٱلۡكِتَٰبُ لَكُنَّآ أَهۡدَىٰ مِنۡهُمۡۚ فَقَدۡ جَآءَكُم بَيِّنَةٞ مِّن رَّبِّكُمۡ وَهُدٗى وَرَحۡمَةٞۚ فَمَنۡ أَظۡلَمُ مِمَّن كَذَّبَ بِـَٔايَٰتِ ٱللَّهِ وَصَدَفَ عَنۡهَاۗ سَنَجۡزِي ٱلَّذِينَ يَصۡدِفُونَ عَنۡ ءَايَٰتِنَا سُوٓءَ ٱلۡعَذَابِ بِمَا كَانُواْ يَصۡدِفُونَ ﴿157﴾

Anaa moankͻka sε: ‘’Sε yesianee Nwoma no maa yεn a anka yε’betene akyεn wͻn”. Ampa sε nyinasoͻ pefee ne kwankyerε ne ahummͻborͻ fri mo Wura Nyankopͻn hͻ aba mo hͻ. Onipa bͻnefoͻ bεn na ͻkyεn obia ͻpo Nyankopͻn Nsεm no na ͻdane neho fri ho? Yε’de akatua bͻne betua wͻn a wͻ’dane wͻn ho fri Yεn nsεm no ho no ka, εnam dane a wͻ’danee wͻn ho (frii ho) no nti.

6:158

هَلۡ يَنظُرُونَ إِلَّآ أَن تَأۡتِيَهُمُ ٱلۡمَلَـٰٓئِكَةُ أَوۡ يَأۡتِيَ رَبُّكَ أَوۡ يَأۡتِيَ بَعۡضُ ءَايَٰتِ رَبِّكَۗ يَوۡمَ يَأۡتِي بَعۡضُ ءَايَٰتِ رَبِّكَ لَا يَنفَعُ نَفۡسًا إِيمَٰنُهَا لَمۡ تَكُنۡ ءَامَنَتۡ مِن قَبۡلُ أَوۡ كَسَبَتۡ فِيٓ إِيمَٰنِهَا خَيۡرٗاۗ قُلِ ٱنتَظِرُوٓاْ إِنَّا مُنتَظِرُونَ ﴿158﴾

Enti wͻ’retwεn akosi sε Soro abͻfoͻ bεba wͻn hͻ, anaasε wo Wura Nyankopͻn bεba, anaa wo Wura Nyankopͻn (atemmuo no ho) nsεnkyerεnee bi bεba? Ɛda a wo Wura Nyankopͻn (Atemmuo no ho) nsεnkyerεnee no mu bi bεba no, ͻkra biara a onii kan nye nniiε anaa onyaa mfasoͻ bi (dada) wͻ negyidie no mu no, ne gyidie ho mma mfasoͻ. Ka sε: ‘’Montwεn, na yεnso yεretwεn “

6:159

إِنَّ ٱلَّذِينَ فَرَّقُواْ دِينَهُمۡ وَكَانُواْ شِيَعٗا لَّسۡتَ مِنۡهُمۡ فِي شَيۡءٍۚ إِنَّمَآ أَمۡرُهُمۡ إِلَى ٱللَّهِ ثُمَّ يُنَبِّئُهُم بِمَا كَانُواْ يَفۡعَلُونَ ﴿159﴾

Wͻn a wͻ’paepae wͻn Nyamesom mu na wͻ’gu akuo-akuo no, nokorɛ sε (Nkͻmhyεni) wonka wͻn ho. Wͻn asεm wͻ Nyankopͻn hͻ, na Ɔbεbͻ wͻn dwuma a na wͻ’die no ho amaneε.

6:160

مَن جَآءَ بِٱلۡحَسَنَةِ فَلَهُۥ عَشۡرُ أَمۡثَالِهَاۖ وَمَن جَآءَ بِٱلسَّيِّئَةِ فَلَا يُجۡزَىٰٓ إِلَّا مِثۡلَهَا وَهُمۡ لَا يُظۡلَمُونَ ﴿160﴾

Obi a ͻde adepa bi bεba no, ͻwͻ nesεso so nhyira mperε du; ɛna obi nso a ͻde bͻne bi bεba no, bͻne no sεsε so akatua pεpεεpε na yεde betua no ka na yensisi wͻn.

6:161

قُلۡ إِنَّنِي هَدَىٰنِي رَبِّيٓ إِلَىٰ صِرَٰطٖ مُّسۡتَقِيمٖ دِينٗا قِيَمٗا مِّلَّةَ إِبۡرَٰهِيمَ حَنِيفٗاۚ وَمَا كَانَ مِنَ ٱلۡمُشۡرِكِينَ ﴿161﴾

(Nkͻmyεni), ka sε: ‘’Medeε me Wura Nyankopͻn atene me afa kwan tenenee no so (de ama) nokorε som (no a εyε) Abraham teneneeni no kwan no, na na (Abraham) nka abosomsomfoͻ no ho”.

6:162

قُلۡ إِنَّ صَلَاتِي وَنُسُكِي وَمَحۡيَايَ وَمَمَاتِي لِلَّهِ رَبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ ﴿162﴾

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Nokorε sε me Sala anaa me Nyamefrε, ne m’afͻrebͻ, ne menkwa ne me wuo (nyinaa) wͻ Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn.

6:163

لَا شَرِيكَ لَهُۥۖ وَبِذَٰلِكَ أُمِرۡتُ وَأَنَا۠ أَوَّلُ ٱلۡمُسۡلِمِينَ ﴿163﴾

“Onni ͻhokafoͻ biara, woi ho na y’ahyε me sε menyε Muslimifoͻ no mu nipa a odi kan.

6:164

قُلۡ أَغَيۡرَ ٱللَّهِ أَبۡغِي رَبّٗا وَهُوَ رَبُّ كُلِّ شَيۡءٖۚ وَلَا تَكۡسِبُ كُلُّ نَفۡسٍ إِلَّا عَلَيۡهَاۚ وَلَا تَزِرُ وَازِرَةٞ وِزۡرَ أُخۡرَىٰۚ ثُمَّ إِلَىٰ رَبِّكُم مَّرۡجِعُكُمۡ فَيُنَبِّئُكُم بِمَا كُنتُمۡ فِيهِ تَخۡتَلِفُونَ ﴿164﴾

Ka sε: ‘’Menfri Nyankopͻn akyi mfa obi foforͻ nyε awurade aberε a Ɔno na Ɔyε biribiara Wura?” Ɔkra bi nya (bͻne) bi a, ͻno ara na etia no; na obia ͻso adesoa nnsoa obi foforͻ adesoa. Mo Wura Nyankopͻn hͻ na εyε monkyi, na deε moante moho ase wͻ ho no Ɔbεbͻ mo ho amaneε.

6:165

وَهُوَ ٱلَّذِي جَعَلَكُمۡ خَلَـٰٓئِفَ ٱلۡأَرۡضِ وَرَفَعَ بَعۡضَكُمۡ فَوۡقَ بَعۡضٖ دَرَجَٰتٖ لِّيَبۡلُوَكُمۡ فِي مَآ ءَاتَىٰكُمۡۗ إِنَّ رَبَّكَ سَرِيعُ ٱلۡعِقَابِ وَإِنَّهُۥ لَغَفُورٞ رَّحِيمُۢ ﴿165﴾

Ɔno na W’ayε mo ananmusifoͻ wͻ asaase no so, εna W’apagya mo mu binom akyεn ebinom wͻ gyinaberε mu sεdeε adeε a Ɔde ama mo no Ɔde bεsͻ mo ahwε. Nokorε sε wo Wura Nyanko-pͻn ho yε hare wͻ asotwee ho, na nokorε nso sε ampa, Ɔne Bͻnefakyε Hene na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

7:1

الٓمٓصٓ ﴿1﴾

Alif - Laam - Miim - Soaad.

7:2

كِتَٰبٌ أُنزِلَ إِلَيۡكَ فَلَا يَكُن فِي صَدۡرِكَ حَرَجٞ مِّنۡهُ لِتُنذِرَ بِهِۦ وَذِكۡرَىٰ لِلۡمُؤۡمِنِينَ ﴿2﴾

(Nkͻmhyεni, wei yε) Nwoma a yɛasane ama woͻ, enti εmma w’akoma nha wo wͻ ho; sεdeε wode bεbͻ kͻkͻ, na ayε afutusεm anaa nkaekaeε ama agyidiefoͻ no.

7:3

ٱتَّبِعُواْ مَآ أُنزِلَ إِلَيۡكُم مِّن رَّبِّكُمۡ وَلَا تَتَّبِعُواْ مِن دُونِهِۦٓ أَوۡلِيَآءَۗ قَلِيلٗا مَّا تَذَكَّرُونَ ﴿3﴾

Monni deε yɛasiane afiri mo Wura Nyankopͻn hͻ aberε mo no akyi, na monhwε na moamfiri N’akyi ankodi akyitaafoͻ biara akyi, (nanso nnipa, anaa asεm no mu) kakraa bi na mokaeε.

7:4

وَكَم مِّن قَرۡيَةٍ أَهۡلَكۡنَٰهَا فَجَآءَهَا بَأۡسُنَا بَيَٰتًا أَوۡ هُمۡ قَآئِلُونَ ﴿4﴾

Nkuro dodoɔ sɛn na (εnam bͻne nti) Yɛasεe no? Yɛn asotwee baa so anadwo, anaasε awigyina berε a na wͻadeda regye wɔn ahome.

7:5

فَمَا كَانَ دَعۡوَىٰهُمۡ إِذۡ جَآءَهُم بَأۡسُنَآ إِلَّآ أَن قَالُوٓاْ إِنَّا كُنَّا ظَٰلِمِينَ ﴿5﴾

Ɛberε a Yɛn asotwee baa wͻn soͻ no, esuu a wͻsuiε nesε: “Nokorε sε yεyε abͻnefoͻ.“

7:6

فَلَنَسۡـَٔلَنَّ ٱلَّذِينَ أُرۡسِلَ إِلَيۡهِمۡ وَلَنَسۡـَٔلَنَّ ٱلۡمُرۡسَلِينَ ﴿6﴾

Nokorε sε, Yɛbɛbisa wͻn a Yεsomaa (asomafoͻ) kͻͻ wͻn hͻ no asεm, na Yɛbɛbisa asomafoͻ no nso asεm.

7:7

فَلَنَقُصَّنَّ عَلَيۡهِم بِعِلۡمٖۖ وَمَا كُنَّا غَآئِبِينَ ﴿7﴾

Yεde nimdeε bεkenkan (wͻn ho nsεm) akyerε wͻn na Yɛnfirii (wͻn ho) da.

7:8

وَٱلۡوَزۡنُ يَوۡمَئِذٍ ٱلۡحَقُّۚ فَمَن ثَقُلَتۡ مَوَٰزِينُهُۥ فَأُوْلَـٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡمُفۡلِحُونَ ﴿8﴾

Saa Da no nsania no bεyε nokorε (nsania); enti obi a ne kari boɔ mu bɛyɛ du (wͻ papa yε mu wɔ) nsania no soɔ no, saa nkorͻfoͻ no ne nkonimdifoͻ no.

7:9

وَمَنۡ خَفَّتۡ مَوَٰزِينُهُۥ فَأُوْلَـٰٓئِكَ ٱلَّذِينَ خَسِرُوٓاْ أَنفُسَهُم بِمَا كَانُواْ بِـَٔايَٰتِنَا يَظۡلِمُونَ ﴿9﴾

Na wͻn a wͻn kariboɔ mu bεyε hare (wͻ papa yε mu wɔ nsania no soɔ) no, wei nom na wͻn kraa aberε aguo, efrisε wͻyεε Yεn Nsεm no ho bͻne.

7:10

وَلَقَدۡ مَكَّنَّـٰكُمۡ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَجَعَلۡنَا لَكُمۡ فِيهَا مَعَٰيِشَۗ قَلِيلٗا مَّا تَشۡكُرُونَ ﴿10﴾

Ampa sε, Yεde mo tenaa asaase no so, εna Yεyεε akͻnhoma bͻdeε wͻ so maa mo, (nanso) ayεyie ketewa bi na moyie.

7:11

وَلَقَدۡ خَلَقۡنَٰكُمۡ ثُمَّ صَوَّرۡنَٰكُمۡ ثُمَّ قُلۡنَا لِلۡمَلَـٰٓئِكَةِ ٱسۡجُدُواْ لِأٓدَمَ فَسَجَدُوٓاْ إِلَّآ إِبۡلِيسَ لَمۡ يَكُن مِّنَ ٱلسَّـٰجِدِينَ ﴿11﴾

Ampa sε, Yεbͻͻ mo, εna Yεde mo too mfonini mu, εna Yεka kyerεε Soro abͻfoͻ no sε: “Monyε (Sujud) monfa moanim mmutu fͻm mma Adam. Wͻn (nyinaa) yεε Sujud no, gyesε lblis (anaasε ͻbonsam), wanka wͻn a wͻde wͻn anim butuu fͻm no ho.

7:12

قَالَ مَا مَنَعَكَ أَلَّا تَسۡجُدَ إِذۡ أَمَرۡتُكَۖ قَالَ أَنَا۠ خَيۡرٞ مِّنۡهُ خَلَقۡتَنِي مِن نَّارٖ وَخَلَقۡتَهُۥ مِن طِينٖ ﴿12﴾

Nyankopͻn kaa sε: “Ɛdeεn na asi wo kwan a wamfa w’anim ammutu fͻm wͻ aberε a Mahyε woͻ?” Ɔkaa sε: “Mekyεn no; Wo bͻͻ me firii gyem, εna Wo bͻͻ ͻno nso firii nεteε mu”.

7:13

قَالَ فَٱهۡبِطۡ مِنۡهَا فَمَا يَكُونُ لَكَ أَن تَتَكَبَّرَ فِيهَا فَٱخۡرُجۡ إِنَّكَ مِنَ ٱلصَّـٰغِرِينَ ﴿13﴾

Nyankopͻn kaa sε: “Ɛneε sane firi ha kͻ, εnyε mma wo sε wobεyε ahomasoͻ wͻ ha; enti firi ha kͻ, nokorε sε woka wͻn a yɛabrε wͻn ase agu wͻn anim aseε no ho”.

7:14

قَالَ أَنظِرۡنِيٓ إِلَىٰ يَوۡمِ يُبۡعَثُونَ ﴿14﴾

(Iblis anaasε ͻbonsam) kaa sε: “Mame berε kͻpem Da a wͻn bɛwu asͻreε”.

7:15

قَالَ إِنَّكَ مِنَ ٱلۡمُنظَرِينَ ﴿15﴾

Nyankopͻn kaa sε: ”Woka wͻn a yɛama wͻn berε no ho “.

7:16

قَالَ فَبِمَآ أَغۡوَيۡتَنِي لَأَقۡعُدَنَّ لَهُمۡ صِرَٰطَكَ ٱلۡمُسۡتَقِيمَ ﴿16﴾

Iblis kaa sε: “Sεdeε Wabu me ͻyerafoͻ (anaa ͻbͻneεfoͻ) nti no, mεtena ase (atwεn) wͻn wͻ Wo kwan tenenee no mu “.

7:17

ثُمَّ لَأٓتِيَنَّهُم مِّنۢ بَيۡنِ أَيۡدِيهِمۡ وَمِنۡ خَلۡفِهِمۡ وَعَنۡ أَيۡمَٰنِهِمۡ وَعَن شَمَآئِلِهِمۡۖ وَلَا تَجِدُ أَكۡثَرَهُمۡ شَٰكِرِينَ ﴿17﴾

“Afei mɛfiri wͻn anim ne wͻn akyi ne wͻn nifa so ne wͻn benkum so aba wͻn so, na wonnya wͻn mu pii a wͻbɛyi (Wo) ayε.

7:18

قَالَ ٱخۡرُجۡ مِنۡهَا مَذۡءُومٗا مَّدۡحُورٗاۖ لَّمَن تَبِعَكَ مِنۡهُمۡ لَأَمۡلَأَنَّ جَهَنَّمَ مِنكُمۡ أَجۡمَعِينَ ﴿18﴾

Nyankopͻn kaa sε: “Firi hͻ kͻ wͻ animguaseε mu, yɛayi wo adi. Nokorε sε, wͻn mu biara a ͻbɛdi w’akyi no, Mede mo nyinaa bεhyε Ogya no mu ma.

7:19

وَيَـٰٓـَٔادَمُ ٱسۡكُنۡ أَنتَ وَزَوۡجُكَ ٱلۡجَنَّةَ فَكُلَا مِنۡ حَيۡثُ شِئۡتُمَا وَلَا تَقۡرَبَا هَٰذِهِ ٱلشَّجَرَةَ فَتَكُونَا مِنَ ٱلظَّـٰلِمِينَ ﴿19﴾

Adam, wo ne woyere montena Turo no mu, na monnidi nkͻpem faako a mopε (biara), na monhwε na moammεn saa dua yi na moankͻka abͻneεfoͻ no ho.

7:20

فَوَسۡوَسَ لَهُمَا ٱلشَّيۡطَٰنُ لِيُبۡدِيَ لَهُمَا مَا وُۥرِيَ عَنۡهُمَا مِن سَوۡءَٰتِهِمَا وَقَالَ مَا نَهَىٰكُمَا رَبُّكُمَا عَنۡ هَٰذِهِ ٱلشَّجَرَةِ إِلَّآ أَن تَكُونَا مَلَكَيۡنِ أَوۡ تَكُونَا مِنَ ٱلۡخَٰلِدِينَ ﴿20﴾

Nanso ͻbonsam daadaa wͻn sεdeε ͻbɛyi wͻn adagya a yεde asuma wͻn no adi akyerε wͻn, na ͻkaa sε: “Ɛnyε biribiara ho nti na mo Wura Nyankopͻn abra mo saa dua yi, na mmom sε anyε a na moakͻyε Soro abͻfoͻ anaa moakͻyε wͻn a wͻte nkwa mu afe bͻͻ no mu bi”.

7:21

وَقَاسَمَهُمَآ إِنِّي لَكُمَا لَمِنَ ٱلنَّـٰصِحِينَ ﴿21﴾

Odii nse kyerεε wͻn sε: “Nokorε sε, meyε ofutufo pa paa ma mo mmienu.”

7:22

فَدَلَّىٰهُمَا بِغُرُورٖۚ فَلَمَّا ذَاقَا ٱلشَّجَرَةَ بَدَتۡ لَهُمَا سَوۡءَٰتُهُمَا وَطَفِقَا يَخۡصِفَانِ عَلَيۡهِمَا مِن وَرَقِ ٱلۡجَنَّةِۖ وَنَادَىٰهُمَا رَبُّهُمَآ أَلَمۡ أَنۡهَكُمَا عَن تِلۡكُمَا ٱلشَّجَرَةِ وَأَقُل لَّكُمَآ إِنَّ ٱلشَّيۡطَٰنَ لَكُمَا عَدُوّٞ مُّبِينٞ ﴿22﴾

Enti ͻde naadaa maa wͻn hwee ase. Ɛberε a wͻkaa dua no (aba no bi) hwεeε no, wͻn adagya daa adi kyerεε wͻn, na wͻhyεε aseε kekaa Turo no mu nhahan no bi bobͻͻ mu katakataa wͻn ho so. Wͻn Wura Nyankopͻn frεε wͻn sε: “Mammra mo saa dua no, εna Meka kyerεε mo sε ͻbonsam yε mo tamfo pefee?”

7:23

قَالَا رَبَّنَا ظَلَمۡنَآ أَنفُسَنَا وَإِن لَّمۡ تَغۡفِرۡ لَنَا وَتَرۡحَمۡنَا لَنَكُونَنَّ مِنَ ٱلۡخَٰسِرِينَ ﴿23﴾

Wͻkaa sε: “Yɛn wura Nyankopͻn, Yɛayε bͻne atia yεn kraa, na sε Wamfa yεn bͻne ankyε yεn na Wanhu yεn mmͻbͻ a, nokorε sε yεbεka brεguofoͻ no ho “.

7:24

قَالَ ٱهۡبِطُواْ بَعۡضُكُمۡ لِبَعۡضٍ عَدُوّٞۖ وَلَكُمۡ فِي ٱلۡأَرۡضِ مُسۡتَقَرّٞ وَمَتَٰعٌ إِلَىٰ حِينٖ ﴿24﴾

Nyankopͻn kaa sε: “Monsiane (nkͻ asaase so), moyε moho moho atamfo. Mowͻ asetena ne akͻnhoma wͻ asaase no so kͻpem εberε bi (a yεde ama mo no) awieeɛ “

7:25

قَالَ فِيهَا تَحۡيَوۡنَ وَفِيهَا تَمُوتُونَ وَمِنۡهَا تُخۡرَجُونَ ﴿25﴾

Nyankopͻn kaa sε: “Emu na mobεtena (wͻ monkwa nna mu) na emu na mobɛwuo na emu na mobɛpue afire (wͻ Wusͻreε Da no).

7:26

يَٰبَنِيٓ ءَادَمَ قَدۡ أَنزَلۡنَا عَلَيۡكُمۡ لِبَاسٗا يُوَٰرِي سَوۡءَٰتِكُمۡ وَرِيشٗاۖ وَلِبَاسُ ٱلتَّقۡوَىٰ ذَٰلِكَ خَيۡرٞۚ ذَٰلِكَ مِنۡ ءَايَٰتِ ٱللَّهِ لَعَلَّهُمۡ يَذَّكَّرُونَ ﴿26﴾

Adasamma, nokorε sε Yɛasiane ntoma a εkata moadagya soͻ ama mo, εne ahosiesie deε, εna Nyamesuro ntoma nso, εno na εyε. Wei ka Nyankopͻn nsεnkyerεnee no ho, sεdeε wͻbεfa adwen.

7:27

يَٰبَنِيٓ ءَادَمَ لَا يَفۡتِنَنَّكُمُ ٱلشَّيۡطَٰنُ كَمَآ أَخۡرَجَ أَبَوَيۡكُم مِّنَ ٱلۡجَنَّةِ يَنزِعُ عَنۡهُمَا لِبَاسَهُمَا لِيُرِيَهُمَا سَوۡءَٰتِهِمَآۚ إِنَّهُۥ يَرَىٰكُمۡ هُوَ وَقَبِيلُهُۥ مِنۡ حَيۡثُ لَا تَرَوۡنَهُمۡۗ إِنَّا جَعَلۡنَا ٱلشَّيَٰطِينَ أَوۡلِيَآءَ لِلَّذِينَ لَا يُؤۡمِنُونَ ﴿27﴾

Adasamma, monhwε na moamma ͻbonsam annaadaa mo, sεdeε otuu mo awofoͻ firii Turo no mu no, na ͻpaa wͻn ho ntoma sεdeε ͻde wͻn adagya bεkyerε wͻn no. Nokorε sε, ͻne n’abusuafoͻ no hu mo wͻ baabi a monnhu wͻn. Nokorε sε, Yɛayε abosamfoͻ no akyitaafoͻ ama wͻn a wͻnnye nnie no.

7:28

وَإِذَا فَعَلُواْ فَٰحِشَةٗ قَالُواْ وَجَدۡنَا عَلَيۡهَآ ءَابَآءَنَا وَٱللَّهُ أَمَرَنَا بِهَاۗ قُلۡ إِنَّ ٱللَّهَ لَا يَأۡمُرُ بِٱلۡفَحۡشَآءِۖ أَتَقُولُونَ عَلَى ٱللَّهِ مَا لَا تَعۡلَمُونَ ﴿28﴾

Sε wͻbu ahohwi bra bi a, wͻse: Yεbεtoo Y’agyanom wͻ so (sε wͻreyε), na Nyankopͻn na Ɔde ahyε yεn (sε yεnyε). Ka sε: “Nyankopͻn nnhyɛ (onipa) mma no mmɔ ahohwi bra; anaasε moka deε monnim deto Nyankopͻn so?

7:29

قُلۡ أَمَرَ رَبِّي بِٱلۡقِسۡطِۖ وَأَقِيمُواْ وُجُوهَكُمۡ عِندَ كُلِّ مَسۡجِدٖ وَٱدۡعُوهُ مُخۡلِصِينَ لَهُ ٱلدِّينَۚ كَمَا بَدَأَكُمۡ تَعُودُونَ ﴿29﴾

Ka sε: “Deε me Wura Nyankopͻn hyε (onipa) wͻ ho ne sε ɔbɛdi nokorε, εna afei mode moanim bεkyerε Ɔno (nko ara) wͻ Nyamefrε berε biara, na afei mobɛsu afrε no wͻ nokorεdie mu, de ͻsom ama no. Sεdeε Osi hyεε mo ase (kane no, saa ara na) mobεsan aba (nkwa mu bio).

7:30

فَرِيقًا هَدَىٰ وَفَرِيقًا حَقَّ عَلَيۡهِمُ ٱلضَّلَٰلَةُۚ إِنَّهُمُ ٱتَّخَذُواْ ٱلشَّيَٰطِينَ أَوۡلِيَآءَ مِن دُونِ ٱللَّهِ وَيَحۡسَبُونَ أَنَّهُم مُّهۡتَدُونَ ﴿30﴾

Wakyerε fekuo bi tenenee, εna fekuo bi nso ͻyera no na εfata wͻn, efirisε wͻafiri Nyankopͻn akyi afa abonsamfoͻ de wͻn ayε akyitaafoͻ, na wͻdwene sε wͻn atene.