quranm◉

Sura Al-Qari'ah القارعة

#
101
↓
M
Ayɛ
11
Nkyerɛase
Harun Ismail

◉

بِسۡمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحۡمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ

101:1

ٱلۡقَارِعَةُ ﴿١﴾

Dede ne Gyegyeegye (Da) no;

101:2

مَا ٱلۡقَارِعَةُ ﴿٢﴾

Ɛdeεn ne Dede ne Gyegyeegye (Da) no?

101:3

وَمَآ أَدۡرَىٰكَ مَا ٱلۡقَارِعَةُ ﴿٣﴾

Ɛdeεn na εbεkyerε wo sεdeε dede ne Gyegyeegye (Da) no siteε?

101:4

يَوۡمَ يَكُونُ ٱلنَّاسُ كَٱلۡفَرَاشِ ٱلۡمَبۡثُوثِ ﴿٤﴾

(Ɛyε) Da a onipa bεyε sε akͻbͻnsͻ a, wabͻ asanteε.

101:5

وَتَكُونُ ٱلۡجِبَالُ كَٱلۡعِهۡنِ ٱلۡمَنفُوشِ ﴿٥﴾

Na mmepͻ nso bεyε sε aboa nwii a εrehu korͻ.

101:6

فَأَمَّا مَن ثَقُلَتۡ مَوَٰزِينُهُۥ ﴿٦﴾

(Saa Da no) obi a yεbεsusu (ne papa a ͻyͻeε na) emu bεyε duro (akyεn ne bͻne) no,

101:7

فَهُوَ فِي عِيشَةٖ رَّاضِيَةٖ ﴿٧﴾

Ɔbɛnya asetena pa.

101:8

وَأَمَّا مَنۡ خَفَّتۡ مَوَٰزِينُهُۥ ﴿٨﴾

Na mmom obi a ne (papa a ͻyͻeε) mu bεyε hare (akyεn ne bͻne) no,

101:9

فَأُمُّهُۥ هَاوِيَةٞ ﴿٩﴾

‘Haawiya’ na εbεyε oni.

101:10

وَمَآ أَدۡرَىٰكَ مَا هِيَهۡ ﴿١٠﴾

Na εdeεn na εbεkyerε wo sεdeε ‘Haawiya’ no siteε?

101:11

نَارٌ حَامِيَةُۢ ﴿١١﴾

Ɛyε Ogya tanaa a, ano yε hye papaapa.