quranm◉

Nsɛm · ak

128 Ayɛ · Nsɛm · ak

Al-Baqarah 2:54

وَإِذۡ قَالَ مُوسَىٰ لِقَوۡمِهِۦ يَٰقَوۡمِ إِنَّكُمۡ ظَلَمۡتُمۡ أَنفُسَكُم بِٱتِّخَاذِكُمُ ٱلۡعِجۡلَ فَتُوبُوٓاْ إِلَىٰ بَارِئِكُمۡ فَٱقۡتُلُوٓاْ أَنفُسَكُمۡ ذَٰلِكُمۡ خَيۡرٞ لَّكُمۡ عِندَ بَارِئِكُمۡ فَتَابَ عَلَيۡكُمۡۚ إِنَّهُۥ هُوَ ٱلتَّوَّابُ ٱلرَّحِيمُ ﴿٥٤﴾

Na monkae εberε a, Mose ka kyerεε nenkorͻfoͻ no sε: “Menkorͻfoͻ, nokorε sε moayε bͻne atia mo ara mokraa sε moafa nantwi-bedeε (asom no), enti monsakra moadwen nkͻ mo (Wura a) Ɔbͻͻ mo no hͻ; na monkum moho. Woi na εyε papa ma mo wͻ mo (Wura) a Ɔbͻͻ adeε no hͻ; na Ɔde mo bͻne kyεε mo. Nokorε sε Ɔno na Otie adwen sakra, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no.

Al-Baqarah 2:85

ثُمَّ أَنتُمۡ هَـٰٓؤُلَآءِ تَقۡتُلُونَ أَنفُسَكُمۡ وَتُخۡرِجُونَ فَرِيقٗا مِّنكُم مِّن دِيَٰرِهِمۡ تَظَٰهَرُونَ عَلَيۡهِم بِٱلۡإِثۡمِ وَٱلۡعُدۡوَٰنِ وَإِن يَأۡتُوكُمۡ أُسَٰرَىٰ تُفَٰدُوهُمۡ وَهُوَ مُحَرَّمٌ عَلَيۡكُمۡ إِخۡرَاجُهُمۡۚ أَفَتُؤۡمِنُونَ بِبَعۡضِ ٱلۡكِتَٰبِ وَتَكۡفُرُونَ بِبَعۡضٖۚ فَمَا جَزَآءُ مَن يَفۡعَلُ ذَٰلِكَ مِنكُمۡ إِلَّا خِزۡيٞ فِي ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَاۖ وَيَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ يُرَدُّونَ إِلَىٰٓ أَشَدِّ ٱلۡعَذَابِۗ وَمَا ٱللَّهُ بِغَٰفِلٍ عَمَّا تَعۡمَلُونَ ﴿٨٥﴾

Afei mone amanfoͻ a morekunkum mo ho, na motu momu fekuo bi fri wͻn afie mu, (san) boa (wͻn atamfo) wͻ bͻne ne ͻtan so ma wͻ’ko tia wͻn. Nasε wͻ’bedi mohͻ sε nneduafoͻ a mogye wͻn mpata-deε, abrε a monni ho kwan sε anka motu wͻn. Anaasε mogye Nwoma no mu fa baabi di, εna monnye emu fa baabi nnie? Enti akatua bεn na εfata ma mo mu (nnipa a) wͻ’yε saa? (Deε εfata wͻn ne) wiase asetena yi mu animguaseε, na Owusͻreε da no Y’asan de wͻn akͻ asotwee a ano yε den paa no mu. Nyankopͻn deε Ommuu n’ani nguu dwuma a modie no (mu biara) so.

Al-Baqarah 2:161

إِنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ وَمَاتُواْ وَهُمۡ كُفَّارٌ أُوْلَـٰٓئِكَ عَلَيۡهِمۡ لَعۡنَةُ ٱللَّهِ وَٱلۡمَلَـٰٓئِكَةِ وَٱلنَّاسِ أَجۡمَعِينَ ﴿١٦١﴾

Nokorε sε wͻn a wͻ’po nokorε no, na wͻ’wu wͻ (Kaafir) boniayε mu no, saa nkorͻfoͻ no na Nyankopͻn ne Soro abͻfoͻ ne nnipa nyinaa nnomee wͻ wͻn soͻ.

Al-Baqarah 2:162

خَٰلِدِينَ فِيهَا لَا يُخَفَّفُ عَنۡهُمُ ٱلۡعَذَابُ وَلَا هُمۡ يُنظَرُونَ ﴿١٦٢﴾

Emu na wͻ’bεtena, na asotwee no mu nnyε mmerε mma wͻn koraa, na yεmma wͻn (ahomegye) berε nso.

Al-Baqarah 2:178

يَـٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ كُتِبَ عَلَيۡكُمُ ٱلۡقِصَاصُ فِي ٱلۡقَتۡلَىۖ ٱلۡحُرُّ بِٱلۡحُرِّ وَٱلۡعَبۡدُ بِٱلۡعَبۡدِ وَٱلۡأُنثَىٰ بِٱلۡأُنثَىٰۚ فَمَنۡ عُفِيَ لَهُۥ مِنۡ أَخِيهِ شَيۡءٞ فَٱتِّبَاعُۢ بِٱلۡمَعۡرُوفِ وَأَدَآءٌ إِلَيۡهِ بِإِحۡسَٰنٖۗ ذَٰلِكَ تَخۡفِيفٞ مِّن رَّبِّكُمۡ وَرَحۡمَةٞۗ فَمَنِ ٱعۡتَدَىٰ بَعۡدَ ذَٰلِكَ فَلَهُۥ عَذَابٌ أَلِيمٞ ﴿١٧٨﴾

Mo a moagye adie, yahyehyε awudie so akatua (ho mmara) ama mo: Ɔdehyeε (na odii awuo a, saa) ͻdehyeε no ara (na yenku no), na ͻdͻnkͻ nso a ͻdͻnkͻ (no ara), ͻbaa nso a, ͻbaa (no ara). Na mmom sε obi a yaku no no nua de bͻne no kyε na obisa biribi (anaasε mpata deε a), moni so wͻ kwan pa so, na mompata no wͻ ayεmyε mu. Woi yε adeε a emu dwoͻ san yε mmͻborͻhunu a efiri mo Wura Nyankopͻn hͻ. Na obi a woi akyi no ͻbeyi ͻtan adie no, εneε (saa nipa no) wͻ aso twee a εyε ya paa.

Al-Baqarah 2:190

وَقَٰتِلُواْ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِ ٱلَّذِينَ يُقَٰتِلُونَكُمۡ وَلَا تَعۡتَدُوٓاْۚ إِنَّ ٱللَّهَ لَا يُحِبُّ ٱلۡمُعۡتَدِينَ ﴿١٩٠﴾

Monko wɔ Nyankopɔn kwan so ntia wɔn a wɔ’ko tia mo, na mmom monhwε na moanto mmara. Nokorε sε, Nyankopɔn mpε mmaratofoɔ no asεm.

Al-Baqarah 2:191

وَٱقۡتُلُوهُمۡ حَيۡثُ ثَقِفۡتُمُوهُمۡ وَأَخۡرِجُوهُم مِّنۡ حَيۡثُ أَخۡرَجُوكُمۡۚ وَٱلۡفِتۡنَةُ أَشَدُّ مِنَ ٱلۡقَتۡلِۚ وَلَا تُقَٰتِلُوهُمۡ عِندَ ٱلۡمَسۡجِدِ ٱلۡحَرَامِ حَتَّىٰ يُقَٰتِلُوكُمۡ فِيهِۖ فَإِن قَٰتَلُوكُمۡ فَٱقۡتُلُوهُمۡۗ كَذَٰلِكَ جَزَآءُ ٱلۡكَٰفِرِينَ ﴿١٩١﴾

Baabiara a mobenya wͻn no monku wͻn, na montu wͻn mfiri deε wͻ’tuu mo firiε no, (ewom sε nnipa kum nnyε, nanso) aniεyaa hyε yεya kyεn okum. Na monhwε na mone wͻn anko wͻ (Ka’aba) Nyamedan kronkron no ho, kosi sε wͻ’ne mo bεko wͻ hͻ (ansa); na sε wͻ’ne mo ko (wͻ hͻ) a, εneε monku wͻn. Saa na εsεsε yεde tua boniayεfoͻ no so ka.

Al-Baqarah 2:192

فَإِنِ ٱنتَهَوۡاْ فَإِنَّ ٱللَّهَ غَفُورٞ رَّحِيمٞ ﴿١٩٢﴾

Na sε wͻ’gyae (mo haw) a, nokorε sε, Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

Al-Baqarah 2:193

وَقَٰتِلُوهُمۡ حَتَّىٰ لَا تَكُونَ فِتۡنَةٞ وَيَكُونَ ٱلدِّينُ لِلَّهِۖ فَإِنِ ٱنتَهَوۡاْ فَلَا عُدۡوَٰنَ إِلَّا عَلَى ٱلظَّـٰلِمِينَ ﴿١٩٣﴾

Monko ntia wͻn nkosi sε, ͻhaw biara nnihͻ bio, na Nyamesom no bεyε Nyanko-pͻn (nko ara) dea. Enti sε wͻ’gyae (sε wͻ’rekotia mo no) a, εneε ͻtan (biara) nnihͻ (bio) gyesε abͻneεfoͻ no so.

Al-Baqarah 2:216

كُتِبَ عَلَيۡكُمُ ٱلۡقِتَالُ وَهُوَ كُرۡهٞ لَّكُمۡۖ وَعَسَىٰٓ أَن تَكۡرَهُواْ شَيۡـٔٗا وَهُوَ خَيۡرٞ لَّكُمۡۖ وَعَسَىٰٓ أَن تُحِبُّواْ شَيۡـٔٗا وَهُوَ شَرّٞ لَّكُمۡۚ وَٱللَّهُ يَعۡلَمُ وَأَنتُمۡ لَا تَعۡلَمُونَ ﴿٢١٦﴾

Y’ahyehyε ͻkoo ama mo, εwom sε mompε, na adeε bi wͻhͻ a ebia mompε, nanso na εyε nhyira ma mo; εna adeε bi nso wͻ hͻ a ebia na mopε nanso εyε ade bͻne ma mo. Nyankopͻn na Onim na modeε monnnim.

Al-Baqarah 2:217

يَسۡـَٔلُونَكَ عَنِ ٱلشَّهۡرِ ٱلۡحَرَامِ قِتَالٖ فِيهِۖ قُلۡ قِتَالٞ فِيهِ كَبِيرٞۚ وَصَدٌّ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِ وَكُفۡرُۢ بِهِۦ وَٱلۡمَسۡجِدِ ٱلۡحَرَامِ وَإِخۡرَاجُ أَهۡلِهِۦ مِنۡهُ أَكۡبَرُ عِندَ ٱللَّهِۚ وَٱلۡفِتۡنَةُ أَكۡبَرُ مِنَ ٱلۡقَتۡلِۗ وَلَا يَزَالُونَ يُقَٰتِلُونَكُمۡ حَتَّىٰ يَرُدُّوكُمۡ عَن دِينِكُمۡ إِنِ ٱسۡتَطَٰعُواْۚ وَمَن يَرۡتَدِدۡ مِنكُمۡ عَن دِينِهِۦ فَيَمُتۡ وَهُوَ كَافِرٞ فَأُوْلَـٰٓئِكَ حَبِطَتۡ أَعۡمَٰلُهُمۡ فِي ٱلدُّنۡيَا وَٱلۡأٓخِرَةِۖ وَأُوْلَـٰٓئِكَ أَصۡحَٰبُ ٱلنَّارِۖ هُمۡ فِيهَا خَٰلِدُونَ ﴿٢١٧﴾

Wͻ’rebisa wo fa ͻkoo wͻ bosome kronkron no mu. Ka sε: “Ɔkoo wͻ (bosome kronkron no) mu yε (bͻne) kεse. Na wͻ’resi (obi kwan) afri Nyankopͻn kwan soͻ na w’apo Nyankopͻn, asan asi (Muslimifoͻ no) kwan wͻ Nyamedan kronkron no ho atu εhͻfoͻ no afiri hͻ no yε bͻne kεseε paa wͻ Nyankopͻn anim. Aniεyaa hyε yεya kyεn okum. (Kaafirfoͻ no) nnyae sε wͻ’bεko atia mo, gyesε wͻ’ma mo san moakyi fri mosom no mu, sε anka wͻ’betumi a. Momu biara a ͻbεsan n’akyi afri nesom no mu na obewuo na ᴐyε Kaafir no, saa nkorͻfoͻ no na wͻn-nyuma ayε kwa wͻ wiase ne Daakye no mu no, na wͻ’ne Amanehunu gya no mu foͻ no, na emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ.

Al-Baqarah 2:243

۞أَلَمۡ تَرَ إِلَى ٱلَّذِينَ خَرَجُواْ مِن دِيَٰرِهِمۡ وَهُمۡ أُلُوفٌ حَذَرَ ٱلۡمَوۡتِ فَقَالَ لَهُمُ ٱللَّهُ مُوتُواْ ثُمَّ أَحۡيَٰهُمۡۚ إِنَّ ٱللَّهَ لَذُو فَضۡلٍ عَلَى ٱلنَّاسِ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَ ٱلنَّاسِ لَا يَشۡكُرُونَ ﴿٢٤٣﴾

(Nkͻmhyεni), wonhunuu nnipa mpem-pem bi a owuo a na wͻ’suro nti wͻ’frii wͻn afie mu no? Nyankopͻn kaa sε: “Monwuwu”. Akyire no Onyanee wͻn. Ampa sε Nyankopͻn adom a εwͻ nnipa soͻ no so paa, nanso nnipa pii na enyi (Nyame) ayε.

Al-Baqarah 2:250

وَلَمَّا بَرَزُواْ لِجَالُوتَ وَجُنُودِهِۦ قَالُواْ رَبَّنَآ أَفۡرِغۡ عَلَيۡنَا صَبۡرٗا وَثَبِّتۡ أَقۡدَامَنَا وَٱنصُرۡنَا عَلَى ٱلۡقَوۡمِ ٱلۡكَٰفِرِينَ ﴿٢٥٠﴾

Ɛberε a wͻ’pue kohyiaa Goliat ne ne dͻm no, (wͻ’bͻͻ mpaeε) kaa sε: “Ye’Wura Nyankopͻn, (yεsrε Wo sε), siane aboterε gu yεn so, na ma yenyina y’anamͻn so pintinn, na boa yεn ma yentumi nni boniayεfoͻ no so nkonim”.

Al-Baqarah 2:251

فَهَزَمُوهُم بِإِذۡنِ ٱللَّهِ وَقَتَلَ دَاوُۥدُ جَالُوتَ وَءَاتَىٰهُ ٱللَّهُ ٱلۡمُلۡكَ وَٱلۡحِكۡمَةَ وَعَلَّمَهُۥ مِمَّا يَشَآءُۗ وَلَوۡلَا دَفۡعُ ٱللَّهِ ٱلنَّاسَ بَعۡضَهُم بِبَعۡضٖ لَّفَسَدَتِ ٱلۡأَرۡضُ وَلَٰكِنَّ ٱللَّهَ ذُو فَضۡلٍ عَلَى ٱلۡعَٰلَمِينَ ﴿٢٥١﴾

Onyankopͻn akwamma mu no wͻ’kaa wͻn (dͻm no) gui, na Dawid kum Goliat. Onyankopͻn maa no ahennie ne nyansa, san kyerεε no deε Ɔpε mu biara. Sε εnyε sε Nyankopͻn de nnipa no bi (sihͻ ma) wͻ’bͻ nnipa no bi ho ban a, anka asaase no asεe. Nanso Nyankopͻn adom a εwͻ abͻdeε soͻ no so.

Ali 'Imran 3:12

قُل لِّلَّذِينَ كَفَرُواْ سَتُغۡلَبُونَ وَتُحۡشَرُونَ إِلَىٰ جَهَنَّمَۖ وَبِئۡسَ ٱلۡمِهَادُ ﴿١٢﴾

(Nkͻmhyεni), ka kyerε wͻn a wͻ’po nokorε no sε: “Yε’bedi moso nkonim na y’aboaboa moano demo akͻgu Amanehunu-gyem, na εhͻ yε ahomegye bea bͻne paa.

Ali 'Imran 3:13

قَدۡ كَانَ لَكُمۡ ءَايَةٞ فِي فِئَتَيۡنِ ٱلۡتَقَتَاۖ فِئَةٞ تُقَٰتِلُ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِ وَأُخۡرَىٰ كَافِرَةٞ يَرَوۡنَهُم مِّثۡلَيۡهِمۡ رَأۡيَ ٱلۡعَيۡنِۚ وَٱللَّهُ يُؤَيِّدُ بِنَصۡرِهِۦ مَن يَشَآءُۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَعِبۡرَةٗ لِّأُوْلِي ٱلۡأَبۡصَٰرِ ﴿١٣﴾

Ampa sε, na nsεnkyerεnee wͻ akuo mmienu a wͻ’hyia koo (wͻ Badar) no mu ma mo. Na ekuo no mu baako reko wͻ Nyankopͻn kwan so, εna ͻbaako nso (reko) de apo (Nyankopͻn asεm). (Agyidiefoͻ no) hunuu no ani-kann sε (atamfoͻ no dͻm no) boro (wͻn deε no) so mprenu. Onyankopͻn deε Ɔde ne mmoa no hyε obi a Ɔpε den. Nokorε sε, adesua wͻ woi mu dema wͻn a wͻ’wͻ ani.

Ali 'Imran 3:111

لَن يَضُرُّوكُمۡ إِلَّآ أَذٗىۖ وَإِن يُقَٰتِلُوكُمۡ يُوَلُّوكُمُ ٱلۡأَدۡبَارَ ثُمَّ لَا يُنصَرُونَ ﴿١١١﴾

Wͻ’nntumi nyε mo hwee na mmom atεm na wͻ’bedi mo, sε wͻ’ne mo ko nso a wͻ’bεdane wͻn akyi (adwane). Na wͻ’nnya ͻboafoͻ.

Ali 'Imran 3:119

هَـٰٓأَنتُمۡ أُوْلَآءِ تُحِبُّونَهُمۡ وَلَا يُحِبُّونَكُمۡ وَتُؤۡمِنُونَ بِٱلۡكِتَٰبِ كُلِّهِۦ وَإِذَا لَقُوكُمۡ قَالُوٓاْ ءَامَنَّا وَإِذَا خَلَوۡاْ عَضُّواْ عَلَيۡكُمُ ٱلۡأَنَامِلَ مِنَ ٱلۡغَيۡظِۚ قُلۡ مُوتُواْ بِغَيۡظِكُمۡۗ إِنَّ ٱللَّهَ عَلِيمُۢ بِذَاتِ ٱلصُّدُورِ ﴿١١٩﴾

Hwε, mona mopε wͻn asεm na wͻn deε wͻ’mpε moasεm. Mogye Nwoma no nyinaa di. Sε wͻ’hyia mo a, asεm a wͻ’ka ne sε: “Yε’gye di”. Sε εka wͻn nko ara nso a, wͻ’de abufuo ka wɔnsa teaa ano gu mo so. Ka sε: “Monwu wͻ mo abufuo no mu!” Nokorε sε, Nyankopͻn ne deε εwͻ akoma mu no ho Nimdefoͻ.

Ali 'Imran 3:121

وَإِذۡ غَدَوۡتَ مِنۡ أَهۡلِكَ تُبَوِّئُ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ مَقَٰعِدَ لِلۡقِتَالِۗ وَٱللَّهُ سَمِيعٌ عَلِيمٌ ﴿١٢١﴾

(Nkͻmhyεni), kae sε wopue gyaa w’abusuafoͻ hͻ anͻpa tutuutu (kͻͻ Uhud) akono hͻ kͻhyehyεε faako a agyidiefoͻ no begyina ako. Na Nyankopͻn deε Ɔte biribiara, na Ɔne Onimdefoͻ.

Ali 'Imran 3:122

إِذۡ هَمَّت طَّآئِفَتَانِ مِنكُمۡ أَن تَفۡشَلَا وَٱللَّهُ وَلِيُّهُمَاۗ وَعَلَى ٱللَّهِ فَلۡيَتَوَكَّلِ ٱلۡمُؤۡمِنُونَ ﴿١٢٢﴾

Kae εberε a momu fekuo mmienu bi (Banu Salima ne Banu Haaris) yεε wͻn adwen sε anka wͻ’reyi ehuu adie no, na Nyankopͻn ne wͻn mmienu Kyitaafoͻ. Na Nyankopͻn so na εsεsε agyidiefoͻ no de wͻn ho toͻ.

Ali 'Imran 3:123

وَلَقَدۡ نَصَرَكُمُ ٱللَّهُ بِبَدۡرٖ وَأَنتُمۡ أَذِلَّةٞۖ فَٱتَّقُواْ ٱللَّهَ لَعَلَّكُمۡ تَشۡكُرُونَ ﴿١٢٣﴾

Nokorε sε, Nyankopͻn boaa mo wͻ Badar (koo no mu) εberε a na monni ahoͻden. Enti monsuro Nyankopͻn sεdeε mobeyi (no) ayε.

Ali 'Imran 3:124

إِذۡ تَقُولُ لِلۡمُؤۡمِنِينَ أَلَن يَكۡفِيَكُمۡ أَن يُمِدَّكُمۡ رَبُّكُم بِثَلَٰثَةِ ءَالَٰفٖ مِّنَ ٱلۡمَلَـٰٓئِكَةِ مُنزَلِينَ ﴿١٢٤﴾

Kae εberε a wo ka kyerεε agyidiefoͻ no sε: “Enti εnsom bo mma mo sε, mo Wura Nyankopͻn besiane Soro abͻfoͻ mpem mmiεnsa abεboa mo?”

Ali 'Imran 3:125

بَلَىٰٓۚ إِن تَصۡبِرُواْ وَتَتَّقُواْ وَيَأۡتُوكُم مِّن فَوۡرِهِمۡ هَٰذَا يُمۡدِدۡكُمۡ رَبُّكُم بِخَمۡسَةِ ءَالَٰفٖ مِّنَ ٱلۡمَلَـٰٓئِكَةِ مُسَوِّمِينَ ﴿١٢٥﴾

Aane, sε monya aboterε na mo suro Nyame, na sε atamfoᴐ no de wͻn abufuhyeε ba moso a, mo Wura Nyankopͻn de Soro abͻfoͻ mpem nnum a wɔ’ko wɔ anibere soɔ, (anaa) yahyε wɔn nso bεboa mo.

Ali 'Imran 3:126

وَمَا جَعَلَهُ ٱللَّهُ إِلَّا بُشۡرَىٰ لَكُمۡ وَلِتَطۡمَئِنَّ قُلُوبُكُم بِهِۦۗ وَمَا ٱلنَّصۡرُ إِلَّا مِنۡ عِندِ ٱللَّهِ ٱلۡعَزِيزِ ٱلۡحَكِيمِ ﴿١٢٦﴾

Onyankopͻn yεε (saa bͻhyε yi) anigyesεm demaa mo, sεdeε moakoma bεtͻ moyεm wͻ ho. Na nkonimdie deε Nyankopͻn Tumfoͻ a Ɔso ade nyinaa yε, Onyansafoͻ no hͻ nko ara na ɛwɔ.

Ali 'Imran 3:127

لِيَقۡطَعَ طَرَفٗا مِّنَ ٱلَّذِينَ كَفَرُوٓاْ أَوۡ يَكۡبِتَهُمۡ فَيَنقَلِبُواْ خَآئِبِينَ ﴿١٢٧﴾

Sεdeε Ɔbetwa boniayεfoͻ no bi atwene, anaasε Ɔbεma wͻn adi nkoguo na wͻ’asan akͻ na wͻn botaeε ayε kwa.

Ali 'Imran 3:154

ثُمَّ أَنزَلَ عَلَيۡكُم مِّنۢ بَعۡدِ ٱلۡغَمِّ أَمَنَةٗ نُّعَاسٗا يَغۡشَىٰ طَآئِفَةٗ مِّنكُمۡۖ وَطَآئِفَةٞ قَدۡ أَهَمَّتۡهُمۡ أَنفُسُهُمۡ يَظُنُّونَ بِٱللَّهِ غَيۡرَ ٱلۡحَقِّ ظَنَّ ٱلۡجَٰهِلِيَّةِۖ يَقُولُونَ هَل لَّنَا مِنَ ٱلۡأَمۡرِ مِن شَيۡءٖۗ قُلۡ إِنَّ ٱلۡأَمۡرَ كُلَّهُۥ لِلَّهِۗ يُخۡفُونَ فِيٓ أَنفُسِهِم مَّا لَا يُبۡدُونَ لَكَۖ يَقُولُونَ لَوۡ كَانَ لَنَا مِنَ ٱلۡأَمۡرِ شَيۡءٞ مَّا قُتِلۡنَا هَٰهُنَاۗ قُل لَّوۡ كُنتُمۡ فِي بُيُوتِكُمۡ لَبَرَزَ ٱلَّذِينَ كُتِبَ عَلَيۡهِمُ ٱلۡقَتۡلُ إِلَىٰ مَضَاجِعِهِمۡۖ وَلِيَبۡتَلِيَ ٱللَّهُ مَا فِي صُدُورِكُمۡ وَلِيُمَحِّصَ مَا فِي قُلُوبِكُمۡۚ وَٱللَّهُ عَلِيمُۢ بِذَاتِ ٱلصُّدُورِ ﴿١٥٤﴾

Afei awerεhoͻ no akyiri no Osianee awerεkyekyerε baa mo so maa momu fekuo bi ani kumui, aberε nso a na fekuo bi nso wͻn nkwa (ho asεm) na na ehia wͻn, maa wͻ’dwene Nyankopͻn ho abagyimifoͻ adwen a εmfata. Deε na wͻ’reka ne sε: “Enti yεwͻ ano bi wͻ dwumadie yi mu anaa? (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Dwumadie no nyinaa wͻ Nyankopͻn.” Wͻ’de nsεm bi sie wͻ wͻn akoma mu a wͻ’nna no adi nkyerε woͻ. Deε wͻ’ka ne sε. “Sε yε wͻ ano bi wͻ dwumadie yi mu a anka yammε kunkum yεn wͻ ha”. Ka sε: “Sε mowͻ moafie mu mpo a anka wͻn a yahyehyε ama wͻn sε yεbeku wͻn no bepue akͻ bea a wͻ’bewu ada hͻ. Nyankopͻn (maa no baa saa) sε Ɔde bεsͻ deε εwͻ moakoma mu no ahwε, na W’ate deε εwͻ moakoma mu no ho. Na Nyankopͻn ne deε εwͻ akoma mu no ho Nimdefoͻ.

Ali 'Imran 3:185

كُلُّ نَفۡسٖ ذَآئِقَةُ ٱلۡمَوۡتِۗ وَإِنَّمَا تُوَفَّوۡنَ أُجُورَكُمۡ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِۖ فَمَن زُحۡزِحَ عَنِ ٱلنَّارِ وَأُدۡخِلَ ٱلۡجَنَّةَ فَقَدۡ فَازَۗ وَمَا ٱلۡحَيَوٰةُ ٱلدُّنۡيَآ إِلَّا مَتَٰعُ ٱلۡغُرُورِ ﴿١٨٥﴾

Ɔkra biara bεka owuo ahwε, na yεbetua mo ka pεpεεpε wͻ Owu sͻreε da no. Na obi a yεbεma no ne Amane-hunu gya no ntεm kwan aware, na yεde no bεkͻ Soro Aheman no mu no, nokorε sε na w’adi nkonim. Wiase asetena yi mu anigyeε nyε hwee na mmom εyε nnaadaa.

An-Nisa 4:66

وَلَوۡ أَنَّا كَتَبۡنَا عَلَيۡهِمۡ أَنِ ٱقۡتُلُوٓاْ أَنفُسَكُمۡ أَوِ ٱخۡرُجُواْ مِن دِيَٰرِكُم مَّا فَعَلُوهُ إِلَّا قَلِيلٞ مِّنۡهُمۡۖ وَلَوۡ أَنَّهُمۡ فَعَلُواْ مَا يُوعَظُونَ بِهِۦ لَكَانَ خَيۡرٗا لَّهُمۡ وَأَشَدَّ تَثۡبِيتٗا ﴿٦٦﴾

Nokorε sε, sε anka Y’ahyε wͻn sε, monkunkum mo ho, anaasε montu mfri moafie mu a anka wͻn mu kakraabi na wͻ’bεyε. Sԑ wͻ’reyε deε yԑde atu wᴐn foᴐ no a, anka εyε papa ma wͻn; na anka εbεhyε wͻn (gyidie nso) den,

An-Nisa 4:78

أَيۡنَمَا تَكُونُواْ يُدۡرِككُّمُ ٱلۡمَوۡتُ وَلَوۡ كُنتُمۡ فِي بُرُوجٖ مُّشَيَّدَةٖۗ وَإِن تُصِبۡهُمۡ حَسَنَةٞ يَقُولُواْ هَٰذِهِۦ مِنۡ عِندِ ٱللَّهِۖ وَإِن تُصِبۡهُمۡ سَيِّئَةٞ يَقُولُواْ هَٰذِهِۦ مِنۡ عِندِكَۚ قُلۡ كُلّٞ مِّنۡ عِندِ ٱللَّهِۖ فَمَالِ هَـٰٓؤُلَآءِ ٱلۡقَوۡمِ لَا يَكَادُونَ يَفۡقَهُونَ حَدِيثٗا ﴿٧٨﴾

Faako a mowͻ biara no owuo bεto mo wͻ hͻ; sε mowͻ aban tenten a εyε den mu mpo a. Na sε papa bi to wͻn a, deε wͻ’ka nesε: “Woi deε efiri Nyankopͻn hͻ;” nasε bͻne bi to wͻn nso a, deε wͻ’ka nesε: “Woi deε efri wo (Muhammad( hͻ”. Ka sε: “Ne nyinaa firi Nyankopͻn hͻ”. Na deεn na εha saa nkorͻfoͻ no a anka wͻ’nnyε ate asεm aseε yi?

An-Nisa 4:84

فَقَٰتِلۡ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِ لَا تُكَلَّفُ إِلَّا نَفۡسَكَۚ وَحَرِّضِ ٱلۡمُؤۡمِنِينَۖ عَسَى ٱللَّهُ أَن يَكُفَّ بَأۡسَ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْۚ وَٱللَّهُ أَشَدُّ بَأۡسٗا وَأَشَدُّ تَنكِيلٗا ﴿٨٤﴾

Enti (Nkͻmhyεni), ko wͻ Nyankopͻn kwan no so; na yεnnfa adesoa bi nsoa wo, na mmom gyesε deε εfa wo ara woho. Na hyε agyidiefoͻ no nkuran. Ebia Nyankopͻn besi boniayεfoͻ no koo ho kwan. Onyankopͻn ne Ɔhoͻdenfoͻ, N’asotwee mu yε den paa.

An-Nisa 4:89

وَدُّواْ لَوۡ تَكۡفُرُونَ كَمَا كَفَرُواْ فَتَكُونُونَ سَوَآءٗۖ فَلَا تَتَّخِذُواْ مِنۡهُمۡ أَوۡلِيَآءَ حَتَّىٰ يُهَاجِرُواْ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِۚ فَإِن تَوَلَّوۡاْ فَخُذُوهُمۡ وَٱقۡتُلُوهُمۡ حَيۡثُ وَجَدتُّمُوهُمۡۖ وَلَا تَتَّخِذُواْ مِنۡهُمۡ وَلِيّٗا وَلَا نَصِيرًا ﴿٨٩﴾

Wͻ’pε sε anka mopo (nokorε) no sεdeε wͻn apoͻ no, na moyε pε; enti monhwε yie na moanfa wͻn mu bi ayͻnkoͻ kosi sε wͻ’betu amantuo wͻ Nyankopͻn kwan so. Sε wͻ’dane wͻn akyi dema nokorε no a, εneε baabiara a mobenya wͻn no monkye wͻn na monku wͻn, na monhwε na moanfa wͻn mu bi adamfoͻ anaasε aboafoͻ.

An-Nisa 4:91

سَتَجِدُونَ ءَاخَرِينَ يُرِيدُونَ أَن يَأۡمَنُوكُمۡ وَيَأۡمَنُواْ قَوۡمَهُمۡ كُلَّ مَا رُدُّوٓاْ إِلَى ٱلۡفِتۡنَةِ أُرۡكِسُواْ فِيهَاۚ فَإِن لَّمۡ يَعۡتَزِلُوكُمۡ وَيُلۡقُوٓاْ إِلَيۡكُمُ ٱلسَّلَمَ وَيَكُفُّوٓاْ أَيۡدِيَهُمۡ فَخُذُوهُمۡ وَٱقۡتُلُوهُمۡ حَيۡثُ ثَقِفۡتُمُوهُمۡۚ وَأُوْلَـٰٓئِكُمۡ جَعَلۡنَا لَكُمۡ عَلَيۡهِمۡ سُلۡطَٰنٗا مُّبِينٗا ﴿٩١﴾

(Nkͻmhyεni) wobehunu ebinom nso (tesε Asad ne Gatfaanfoͻ) no sε wͻ’hwehwε ahotᴐ wͻ mo hͻ san hwehwε ahotᴐ nso fri wͻn nkorͻfoͻ nso hͻ. Ԑberε biara a yεbεfrε wͻn akͻ mmusuo bi mu no ntεm ara na wͻn wͻ mu. Sε (saa nkorͻfoͻ yi) antwe wͻn ho anfiri mo ho anfa asomdwiε anhyia mo annyi wͻ’nsa wͻ moso a, εneε faako a mobehyia wͻn biara no monkye wͻn na monku wͻn, na woi nom na Y’ama mo tumii pefee wͻ wͻn so (sε motumi ko tia wͻn) no.

An-Nisa 4:93

وَمَن يَقۡتُلۡ مُؤۡمِنٗا مُّتَعَمِّدٗا فَجَزَآؤُهُۥ جَهَنَّمُ خَٰلِدٗا فِيهَا وَغَضِبَ ٱللَّهُ عَلَيۡهِ وَلَعَنَهُۥ وَأَعَدَّ لَهُۥ عَذَابًا عَظِيمٗا ﴿٩٣﴾

Obi a ͻde anidaaho bekum gyidieni deε, n’akatua ne Amanehunu gyem, emu na ͻbεtena, na Nyankopͻn abufuo ne Nenomee wͻ no so, na yasiesie asotwee kεse ato hͻ ama no.

An-Nisa 4:97

إِنَّ ٱلَّذِينَ تَوَفَّىٰهُمُ ٱلۡمَلَـٰٓئِكَةُ ظَالِمِيٓ أَنفُسِهِمۡ قَالُواْ فِيمَ كُنتُمۡۖ قَالُواْ كُنَّا مُسۡتَضۡعَفِينَ فِي ٱلۡأَرۡضِۚ قَالُوٓاْ أَلَمۡ تَكُنۡ أَرۡضُ ٱللَّهِ وَٰسِعَةٗ فَتُهَاجِرُواْ فِيهَاۚ فَأُوْلَـٰٓئِكَ مَأۡوَىٰهُمۡ جَهَنَّمُۖ وَسَآءَتۡ مَصِيرًا ﴿٩٧﴾

Nokorε sε, wͻn a Soro abͻfoͻ yi wͻn nkwa a wͻn ayε bͻne atia wͻn kraa no, (abͻfoͻ) no ka kyerε wͻn sε: “Dwuma bεn na na moredie (a enti moansom Nyame?)” Wͻ’bεka sε: “Na yenni ahoͻden wͻ asaase no so”. Abͻfoͻ no bεka sε: “Enti na Nyankopͻn asaase no nyε tεtrεtεε (anaasε εsoo) sεdeε mobetumi atu amantuo wͻ soͻ?” Saa nkorͻfoͻ no asetena mu bεyε Amane-hunu gyem, na εhͻ yε nnkyi bͻne paa.

An-Nisa 4:102

وَإِذَا كُنتَ فِيهِمۡ فَأَقَمۡتَ لَهُمُ ٱلصَّلَوٰةَ فَلۡتَقُمۡ طَآئِفَةٞ مِّنۡهُم مَّعَكَ وَلۡيَأۡخُذُوٓاْ أَسۡلِحَتَهُمۡۖ فَإِذَا سَجَدُواْ فَلۡيَكُونُواْ مِن وَرَآئِكُمۡ وَلۡتَأۡتِ طَآئِفَةٌ أُخۡرَىٰ لَمۡ يُصَلُّواْ فَلۡيُصَلُّواْ مَعَكَ وَلۡيَأۡخُذُواْ حِذۡرَهُمۡ وَأَسۡلِحَتَهُمۡۗ وَدَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ لَوۡ تَغۡفُلُونَ عَنۡ أَسۡلِحَتِكُمۡ وَأَمۡتِعَتِكُمۡ فَيَمِيلُونَ عَلَيۡكُم مَّيۡلَةٗ وَٰحِدَةٗۚ وَلَا جُنَاحَ عَلَيۡكُمۡ إِن كَانَ بِكُمۡ أَذٗى مِّن مَّطَرٍ أَوۡ كُنتُم مَّرۡضَىٰٓ أَن تَضَعُوٓاْ أَسۡلِحَتَكُمۡۖ وَخُذُواْ حِذۡرَكُمۡۗ إِنَّ ٱللَّهَ أَعَدَّ لِلۡكَٰفِرِينَ عَذَابٗا مُّهِينٗا ﴿١٠٢﴾

(Nkͻmhyεni), sε wowᴐ wͻn mu (wͻ ͻkoo mu) na wode wͻn refrε Nyame a, ma wͻn mu fekuo bi nka woho ne wo mfrε Nyame no, na ma wͻ’nfa wͻn akodeε; sε wͻ’de wͻn anim butu fͻm (frε Nyame no wie a), ma wͻn megyina moakyi, na ekuo baako a aka no a wͻ’nya mfrεε Nyame no nso mmra mεne wo mfrε Nyame no, na wͻ’ma wͻn ani na wͻn ho so yie na wͻnfa wͻn akodeε. Wͻn a wͻ’po nokorε no pε sε anka moadwen befiri moakodeε ne mo nneεma soͻ na wͻ’abεto ahyε moso prεko pε. Bͻne biara nni moso sε, sε nsuo reha mo anaasε moyare a mode moakodeε no bεgu hͻ. Na mmom moma moani na moho so yie. Nokorε sε, Nyankopͻn asiesie animguaseε asotwee ato boniayεfoͻ no hͻ.

An-Nisa 4:104

وَلَا تَهِنُواْ فِي ٱبۡتِغَآءِ ٱلۡقَوۡمِۖ إِن تَكُونُواْ تَأۡلَمُونَ فَإِنَّهُمۡ يَأۡلَمُونَ كَمَا تَأۡلَمُونَۖ وَتَرۡجُونَ مِنَ ٱللَّهِ مَا لَا يَرۡجُونَۗ وَكَانَ ٱللَّهُ عَلِيمًا حَكِيمًا ﴿١٠٤﴾

Mommma moaba mu mmu sε mobεhwehwε nkorͻfoͻ no. Sε morebrε a, saa ara na wͻ’nso rebrε sεdeε morebrε no ara; moani da biribi so wͻ Nyankopͻn hͻ a, wͻ’nni saa anidaasoͻ no. Onyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Onyansafoͻ.

Al-Ma'idah 5:23

قَالَ رَجُلَانِ مِنَ ٱلَّذِينَ يَخَافُونَ أَنۡعَمَ ٱللَّهُ عَلَيۡهِمَا ٱدۡخُلُواْ عَلَيۡهِمُ ٱلۡبَابَ فَإِذَا دَخَلۡتُمُوهُ فَإِنَّكُمۡ غَٰلِبُونَۚ وَعَلَى ٱللَّهِ فَتَوَكَّلُوٓاْ إِن كُنتُم مُّؤۡمِنِينَ ﴿٢٣﴾

Mmarima mmienu bi a wͻ’ka wͻn a wͻ’suro Nyankopͻn ho, na Nyankopͻn de adom adom wͻn no kaa sε: “Monfa ͻpono no mu na monkͻto nhyε wͻn so, nasε mo Wura mu a, nokorε sε mobedi nkonim. Nasε moyε agyidiefoͻ a εneε Nyankopͻn na monfa moho nto no soͻ.

Al-Ma'idah 5:32

مِنۡ أَجۡلِ ذَٰلِكَ كَتَبۡنَا عَلَىٰ بَنِيٓ إِسۡرَـٰٓءِيلَ أَنَّهُۥ مَن قَتَلَ نَفۡسَۢا بِغَيۡرِ نَفۡسٍ أَوۡ فَسَادٖ فِي ٱلۡأَرۡضِ فَكَأَنَّمَا قَتَلَ ٱلنَّاسَ جَمِيعٗا وَمَنۡ أَحۡيَاهَا فَكَأَنَّمَآ أَحۡيَا ٱلنَّاسَ جَمِيعٗاۚ وَلَقَدۡ جَآءَتۡهُمۡ رُسُلُنَا بِٱلۡبَيِّنَٰتِ ثُمَّ إِنَّ كَثِيرٗا مِّنۡهُم بَعۡدَ ذَٰلِكَ فِي ٱلۡأَرۡضِ لَمُسۡرِفُونَ ﴿٣٢﴾

Ɛnam saa nti, Yε’hyehyε maa Israel mma no sε: “Obi a ͻbekum onipa bi na εnyε sε (saa nipa no akum) onipa bi ho nti no, anaa obedi nsεmͻnee wͻ asaase no soͻ no, εtesε deε wa’kum nnipa nyinaa, saa ara nso na obi a ͻbεgye obi nkwa no tesε deε w’agye nnipa nyinaa nkwa. Ampa sε Y’asomafoͻ no de nyinasoͻ pefee no baa wͻn hͻ, nanso nokorε sε, εno akyiri no wͻn mu dodoͻ no ara na wͻ’kͻͻ so dii nsεmͻne wͻ asaase no soͻ.

Al-Ma'idah 5:33

إِنَّمَا جَزَـٰٓؤُاْ ٱلَّذِينَ يُحَارِبُونَ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥ وَيَسۡعَوۡنَ فِي ٱلۡأَرۡضِ فَسَادًا أَن يُقَتَّلُوٓاْ أَوۡ يُصَلَّبُوٓاْ أَوۡ تُقَطَّعَ أَيۡدِيهِمۡ وَأَرۡجُلُهُم مِّنۡ خِلَٰفٍ أَوۡ يُنفَوۡاْ مِنَ ٱلۡأَرۡضِۚ ذَٰلِكَ لَهُمۡ خِزۡيٞ فِي ٱلدُّنۡيَاۖ وَلَهُمۡ فِي ٱلۡأٓخِرَةِ عَذَابٌ عَظِيمٌ ﴿٣٣﴾

Akatua a εwͻ hͻ ma wɔn a wɔ’tu Nyankopɔn ne Nesomafoͻ no so sa, na wͻ’bͻ mmɔden sε basabasa yε bεkɔso wͻ asaase soͻ no ne sε: “Mobeku wɔn anaa mobεbͻ wɔn asεnnua mu, anaasε mobetwitwa wɔ’nsa ne wɔn nnan abͻ no abira, anaa mobetwa wɔn asuo afiri asaase no so. Ɛno yε animguaseε a yεdegu wɔn wɔ wiase. Daakye no nso wɔn wͻ asotwee kεseε paa.

Al-An'am 6:61

وَهُوَ ٱلۡقَاهِرُ فَوۡقَ عِبَادِهِۦۖ وَيُرۡسِلُ عَلَيۡكُمۡ حَفَظَةً حَتَّىٰٓ إِذَا جَآءَ أَحَدَكُمُ ٱلۡمَوۡتُ تَوَفَّتۡهُ رُسُلُنَا وَهُمۡ لَا يُفَرِّطُونَ ﴿٦١﴾

Ɔne Opumpuni a Ɔkorͻn wͻ Nenkoa soͻ, Ɔsoma (Soro abͻfoͻ) awεnfoͻ (ma wͻ’wεn mo san twerε dwuma a modie biara) dekosi sε, owuo bεba momu bi so, na Y’asomafoͻ (Soro abͻfoͻ) ama wᴐn ayi nenkwa. Wͻ’mmu wͻn ani nngu wͻn adwuma so-,

Al-An'am 6:93

وَمَنۡ أَظۡلَمُ مِمَّنِ ٱفۡتَرَىٰ عَلَى ٱللَّهِ كَذِبًا أَوۡ قَالَ أُوحِيَ إِلَيَّ وَلَمۡ يُوحَ إِلَيۡهِ شَيۡءٞ وَمَن قَالَ سَأُنزِلُ مِثۡلَ مَآ أَنزَلَ ٱللَّهُۗ وَلَوۡ تَرَىٰٓ إِذِ ٱلظَّـٰلِمُونَ فِي غَمَرَٰتِ ٱلۡمَوۡتِ وَٱلۡمَلَـٰٓئِكَةُ بَاسِطُوٓاْ أَيۡدِيهِمۡ أَخۡرِجُوٓاْ أَنفُسَكُمُۖ ٱلۡيَوۡمَ تُجۡزَوۡنَ عَذَابَ ٱلۡهُونِ بِمَا كُنتُمۡ تَقُولُونَ عَلَى ٱللَّهِ غَيۡرَ ٱلۡحَقِّ وَكُنتُمۡ عَنۡ ءَايَٰتِهِۦ تَسۡتَكۡبِرُونَ ﴿٩٣﴾

Hwan na ͻyε onipa bͻneni kyεn obi a otwa nkontompo to Nyankopͻn soͻ, anaa ͻka sε: ”Y’ayi Adiyisεm ama me, wͻ aberε nso a yenyii Adiyisεm biara mmaa no; ne obia ͻka sε: “Mesiane deε Nyankopͻn asiane aba no sεso.” Sε (anka) worehunu εberε a abͻneεfoͻ no repre wͻ owuo ahometeε mu, na soro abͻfoͻ atene wͻnsa wͻ wͻn so reka akyerε wͻn sε, ‘’Monyi mokraa no ma; εnnε da yi yεde animguaseε asotwee na εbetua moka εnam nsεm a moka too Nyankopͻn so a na εnyε nokorε, na moyεε N’asεm ho ahomasoͻ nti”.

Al-A'raf 7:25

قَالَ فِيهَا تَحۡيَوۡنَ وَفِيهَا تَمُوتُونَ وَمِنۡهَا تُخۡرَجُونَ ﴿٢٥﴾

Nyankopͻn kaa sε: “Emu na mobεtena (wͻ monkwa nna mu) na emu na mobɛwuo na emu na mobɛpue afire (wͻ Wusͻreε Da no).

Al-A'raf 7:127

وَقَالَ ٱلۡمَلَأُ مِن قَوۡمِ فِرۡعَوۡنَ أَتَذَرُ مُوسَىٰ وَقَوۡمَهُۥ لِيُفۡسِدُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَيَذَرَكَ وَءَالِهَتَكَۚ قَالَ سَنُقَتِّلُ أَبۡنَآءَهُمۡ وَنَسۡتَحۡيِۦ نِسَآءَهُمۡ وَإِنَّا فَوۡقَهُمۡ قَٰهِرُونَ ﴿١٢٧﴾

Nhemfo a wͻn wͻ Farao nkorͻfoͻ no mu no kakyerεε Farao sε: “Wobɛgyae Mose ne ne nkorͻfoͻ ama wͻn ayε basabasa wͻ asaase yi so na wͻapa wo ne w’anyame akyi? (Farao) kaa sε: “Yεbɛkunkum wͻn mma mmarima na yɛama wͻn mmaa no atena ase; na nokorε sε yεn na yεwͻ wͻn so tumi“.

Al-A'raf 7:150

وَلَمَّا رَجَعَ مُوسَىٰٓ إِلَىٰ قَوۡمِهِۦ غَضۡبَٰنَ أَسِفٗا قَالَ بِئۡسَمَا خَلَفۡتُمُونِي مِنۢ بَعۡدِيٓۖ أَعَجِلۡتُمۡ أَمۡرَ رَبِّكُمۡۖ وَأَلۡقَى ٱلۡأَلۡوَاحَ وَأَخَذَ بِرَأۡسِ أَخِيهِ يَجُرُّهُۥٓ إِلَيۡهِۚ قَالَ ٱبۡنَ أُمَّ إِنَّ ٱلۡقَوۡمَ ٱسۡتَضۡعَفُونِي وَكَادُواْ يَقۡتُلُونَنِي فَلَا تُشۡمِتۡ بِيَ ٱلۡأَعۡدَآءَ وَلَا تَجۡعَلۡنِي مَعَ ٱلۡقَوۡمِ ٱلظَّـٰلِمِينَ ﴿١٥٠﴾

Ɛberε a Mose de abufuo ne awerεhoͻ san baa ne nkorͻfoͻ no hͻ no, ͻkaa sε: “Dwuma bͻne paa na moagyina m’anan mu adi no wͻ m’akyi; mopε Nyankopͻn atemmuo no ntεm?” Ɔde Twerε apono no guu hͻ, na ͻpari sͻͻ ne nua (Aaron) ti a ͻretwe no ba ne hͻ. (Aaron) kaa sε: “Eno ba, nokorε sε, nkorͻfoͻ no faa me sε meyε mmrε, na εkaa kakraabi sε anka wͻkum me. Enti εmma atamfoͻ no nsere me, na εmfa menka abͻneεfoͻ no ho “.

Al-Anfal 8:6

يُجَٰدِلُونَكَ فِي ٱلۡحَقِّ بَعۡدَ مَا تَبَيَّنَ كَأَنَّمَا يُسَاقُونَ إِلَى ٱلۡمَوۡتِ وَهُمۡ يَنظُرُونَ ﴿٦﴾

Wͻregye wo akyinnye wͻ nokorε no ho wͻ akyire yi a ada adi pefee, tesε deε yεreka wͻn so akͻ owuo mu a wͻn ani tua.

Al-Anfal 8:7

وَإِذۡ يَعِدُكُمُ ٱللَّهُ إِحۡدَى ٱلطَّآئِفَتَيۡنِ أَنَّهَا لَكُمۡ وَتَوَدُّونَ أَنَّ غَيۡرَ ذَاتِ ٱلشَّوۡكَةِ تَكُونُ لَكُمۡ وَيُرِيدُ ٱللَّهُ أَن يُحِقَّ ٱلۡحَقَّ بِكَلِمَٰتِهِۦ وَيَقۡطَعَ دَابِرَ ٱلۡكَٰفِرِينَ ﴿٧﴾

Kae εberε a Nyankopͻn de akuo mmienu no mu baako hyεε mo (Muslimfoͻ no) bͻ sε εbεyε mo dea; na mopεε sε deε nkasεε (anaasε ͻkoo) nni ho no mmom na εnyε mo dea, na Nyankopͻn pεsε Ɔnam N’asεm so ma nokorε no si pie, na Ɔtwa boniayεfoͻ no nhini (firi hͻ).

Al-Anfal 8:8

لِيُحِقَّ ٱلۡحَقَّ وَيُبۡطِلَ ٱلۡبَٰطِلَ وَلَوۡ كَرِهَ ٱلۡمُجۡرِمُونَ ﴿٨﴾

Sεdeε Nyankopͻn bεma Nokorε no ayε nokorε na Wasεe nkontompo no, sε abͻneεfoͻ no mpε mpo a.

Al-Anfal 8:9

إِذۡ تَسۡتَغِيثُونَ رَبَّكُمۡ فَٱسۡتَجَابَ لَكُمۡ أَنِّي مُمِدُّكُم بِأَلۡفٖ مِّنَ ٱلۡمَلَـٰٓئِكَةِ مُرۡدِفِينَ ﴿٩﴾

Monkae εberε a mohwehwεε mo Wura Nyankopͻn hͻ mmoa na Ɔgyee mo (mpaebͻ no) so sε: “Mede Soro abͻfoᴐ apem a wͻtoatoa soͻ bεboa mo“.

Al-Anfal 8:10

وَمَا جَعَلَهُ ٱللَّهُ إِلَّا بُشۡرَىٰ وَلِتَطۡمَئِنَّ بِهِۦ قُلُوبُكُمۡۚ وَمَا ٱلنَّصۡرُ إِلَّا مِنۡ عِندِ ٱللَّهِۚ إِنَّ ٱللَّهَ عَزِيزٌ حَكِيمٌ ﴿١٠﴾

Nyankopͻn yεε (bɔhyɛ) no anigyesεm sεdeε moakoma bεtͻ moyεm. Na mmoa (anaa nkonim) deε Nyankopͻn hͻ na εwͻ. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Ɔtumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ.

Al-Anfal 8:11

إِذۡ يُغَشِّيكُمُ ٱلنُّعَاسَ أَمَنَةٗ مِّنۡهُ وَيُنَزِّلُ عَلَيۡكُم مِّنَ ٱلسَّمَآءِ مَآءٗ لِّيُطَهِّرَكُم بِهِۦ وَيُذۡهِبَ عَنكُمۡ رِجۡزَ ٱلشَّيۡطَٰنِ وَلِيَرۡبِطَ عَلَىٰ قُلُوبِكُمۡ وَيُثَبِّتَ بِهِ ٱلۡأَقۡدَامَ ﴿١١﴾

Monkae εberε a Ɔmaa motͻͻ nko deyεε awerεkyekyerε a ɛfiri Ne hͻ, εna Ɔmaa nsuo firi soro tͻ guu mo so sεdeε Ɔde bεte mo ho na Ɔbɛyi ͻbonsam fii no afiri mo ho akͻ, ne sεdeε Ɔde bεhyε moakoma den na Ɔde bεma (mo) agyina mo nan so pintinn.

Nsɛm