Al-Baqarah 2:165وَمِنَ ٱلنَّاسِ مَن يَتَّخِذُ مِن دُونِ ٱللَّهِ أَندَادٗا يُحِبُّونَهُمۡ كَحُبِّ ٱللَّهِۖ وَٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ أَشَدُّ حُبّٗا لِّلَّهِۗ وَلَوۡ يَرَى ٱلَّذِينَ ظَلَمُوٓاْ إِذۡ يَرَوۡنَ ٱلۡعَذَابَ أَنَّ ٱلۡقُوَّةَ لِلَّهِ جَمِيعٗا وَأَنَّ ٱللَّهَ شَدِيدُ ٱلۡعَذَابِ ﴿١٦٥﴾
Nnipa no mu bi wᴐ hᴐ a w’afiri Nyankopͻn akyi afa nneεma bi detoto Nyame ho (som wͻn). Wͻ’de ᴐdͻ a εsεsε wͻ’de dͻ Nyankopͻn no dͻ wͻn. Wͻn a wͻ’agye adie no nso wͻ Nyankopͻn ho dͻ papaapa (kyεn biribiara). Sε abͻneεfoͻ no rehunu (sεdeε) εberε a wͻ’behunu asotwee no (besi ayε) a, anka (wͻ’behunu sε) tumi nyinaa wͻ Nyankopͻn; nokorε nso sε, Nyankopͻn asotwee ano yε den paa.
Al-Baqarah 2:166إِذۡ تَبَرَّأَ ٱلَّذِينَ ٱتُّبِعُواْ مِنَ ٱلَّذِينَ ٱتَّبَعُواْ وَرَأَوُاْ ٱلۡعَذَابَ وَتَقَطَّعَتۡ بِهِمُ ٱلۡأَسۡبَابُ ﴿١٦٦﴾
Ɛberε a wͻ’behunu asotwe no (mpanimfoͻ bi a, nnipa bi) dii wͻn akyi (na wͻ’yera wͻn) no beyi wͻn a wͻ’dii wͻn akyi no ama (anaasε wͻ’bεtwe wͻn ho afri wͻn ho saa berε no) wͻn abusua bͻ (anaasε twaka a εda wͻn ntεm) no nyinaa to betwa.
Al-Baqarah 2:167وَقَالَ ٱلَّذِينَ ٱتَّبَعُواْ لَوۡ أَنَّ لَنَا كَرَّةٗ فَنَتَبَرَّأَ مِنۡهُمۡ كَمَا تَبَرَّءُواْ مِنَّاۗ كَذَٰلِكَ يُرِيهِمُ ٱللَّهُ أَعۡمَٰلَهُمۡ حَسَرَٰتٍ عَلَيۡهِمۡۖ وَمَا هُم بِخَٰرِجِينَ مِنَ ٱلنَّارِ ﴿١٦٧﴾
Wͻn a wͻ’dii (mpanimfoͻ no) akyi no bεka sε: ‘’Sε yenya kwan bio asan (akͻ wiase a) anka yebeyi wͻn ama sεdeε wͻn ayi yεn ama (wͻ nnε da yi). Saa ara na Nyankopͻn beyi wͻn dwumadie ho berεguo akyerε wͻn, na wͻnnya kwan mfiri wͻ Ogya no mu.
Al-Baqarah 2:255ٱللَّهُ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ ٱلۡحَيُّ ٱلۡقَيُّومُۚ لَا تَأۡخُذُهُۥ سِنَةٞ وَلَا نَوۡمٞۚ لَّهُۥ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِۗ مَن ذَا ٱلَّذِي يَشۡفَعُ عِندَهُۥٓ إِلَّا بِإِذۡنِهِۦۚ يَعۡلَمُ مَا بَيۡنَ أَيۡدِيهِمۡ وَمَا خَلۡفَهُمۡۖ وَلَا يُحِيطُونَ بِشَيۡءٖ مِّنۡ عِلۡمِهِۦٓ إِلَّا بِمَا شَآءَۚ وَسِعَ كُرۡسِيُّهُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَۖ وَلَا يَـُٔودُهُۥ حِفۡظُهُمَاۚ وَهُوَ ٱلۡعَلِيُّ ٱلۡعَظِيمُ ﴿٢٥٥﴾
(Otumfoͻ) Nyankopͻn, awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno (nko ara); (Ɔne) Otumfoͻ a Ɔde Ne ho te Neho ase daa, kuta abͻdeε nyinaa mu, san bͻ wͻn ho ban. Ɔnto nko na kampεsε Wada. Deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa yε Ne dea. Hwan ne obi a obetwitwa agye obi wͻ Nehͻ? Gyesε Ɔma kwan. Onim deε εwͻ wͻn anim ne deε εwͻ wͻn akyi. (Adasamma) nnim Ne nimdeε ho hwee gyesε deε Ɔpε (sε wͻ’hunu). N’ahennie so wͻ ͻsoro ne asaase so; (na ͻsoro ne asaase no) mmienu so hwε no nnyε ͻberε (anaasε εnyε den) mma no. Ɔne Okokroko no, na Ɔne Ɔkεseε no.
Ali 'Imran 3:1الٓمٓ ﴿١﴾
Alif Laam Miim.
Ali 'Imran 3:2ٱللَّهُ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ ٱلۡحَيُّ ٱلۡقَيُّومُ ﴿٢﴾
Nyankopͻn, awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno (nko ara); (Ɔne) Otumfoͻ a Ɔde Ne ho te Neho ase daa, kuta abͻdeε nyinaa mu, san bͻ wͻn ho ban.
Ali 'Imran 3:3نَزَّلَ عَلَيۡكَ ٱلۡكِتَٰبَ بِٱلۡحَقِّ مُصَدِّقٗا لِّمَا بَيۡنَ يَدَيۡهِ وَأَنزَلَ ٱلتَّوۡرَىٰةَ وَٱلۡإِنجِيلَ ﴿٣﴾
Ɔde nokorε no na asiane Nwoma no ama wo sε εmεhyε (Nwoma a) edi n’anim kan no mma; na (Odii kan) sianee Tora ene Injeel nso-
Ali 'Imran 3:4مِن قَبۡلُ هُدٗى لِّلنَّاسِ وَأَنزَلَ ٱلۡفُرۡقَانَۗ إِنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ بِـَٔايَٰتِ ٱللَّهِ لَهُمۡ عَذَابٞ شَدِيدٞۗ وَٱللَّهُ عَزِيزٞ ذُو ٱنتِقَامٍ ﴿٤﴾
Kane, na εyε kwan kyerε (Nwoma) dema adasamma; εna W’asiane Fur’qaan: Nokorε sε, wͻn a wͻ’po Nyankopͻn nsεm no, wͻ asotwee a ano yε den paa. Nyankopͻn na Otumi ade nyinaa yε, Ɔno na Otua bͻne so ka.
Ali 'Imran 3:10إِنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ لَن تُغۡنِيَ عَنۡهُمۡ أَمۡوَٰلُهُمۡ وَلَآ أَوۡلَٰدُهُم مِّنَ ٱللَّهِ شَيۡـٔٗاۖ وَأُوْلَـٰٓئِكَ هُمۡ وَقُودُ ٱلنَّارِ ﴿١٠﴾
Nokorε sε, wͻn a wͻ’po Nokorε no, wͻn agyapadeε ne wͻn mma ho mma mfasoͻ biara mma wͻn nntia Nyankopͻn; saa nnipa no wͻ’ne Amanehunu gya no nyentia no.
Ali 'Imran 3:11كَدَأۡبِ ءَالِ فِرۡعَوۡنَ وَٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡۚ كَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِنَا فَأَخَذَهُمُ ٱللَّهُ بِذُنُوبِهِمۡۗ وَٱللَّهُ شَدِيدُ ٱلۡعِقَابِ ﴿١١﴾
(Wͻn sεso) tesε Farao nkorͻfoͻ ne wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no. Wͻ’faa Yε’nsεm no atorͻsεm, enti Nyankopͻn de wͻn bͻne twee wͻn aso. Onyankopͻn asotwee deԑ ano yε den paa.
Ali 'Imran 3:12قُل لِّلَّذِينَ كَفَرُواْ سَتُغۡلَبُونَ وَتُحۡشَرُونَ إِلَىٰ جَهَنَّمَۖ وَبِئۡسَ ٱلۡمِهَادُ ﴿١٢﴾
(Nkͻmhyεni), ka kyerε wͻn a wͻ’po nokorε no sε: “Yε’bedi moso nkonim na y’aboaboa moano demo akͻgu Amanehunu-gyem, na εhͻ yε ahomegye bea bͻne paa.
Ali 'Imran 3:13قَدۡ كَانَ لَكُمۡ ءَايَةٞ فِي فِئَتَيۡنِ ٱلۡتَقَتَاۖ فِئَةٞ تُقَٰتِلُ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِ وَأُخۡرَىٰ كَافِرَةٞ يَرَوۡنَهُم مِّثۡلَيۡهِمۡ رَأۡيَ ٱلۡعَيۡنِۚ وَٱللَّهُ يُؤَيِّدُ بِنَصۡرِهِۦ مَن يَشَآءُۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَعِبۡرَةٗ لِّأُوْلِي ٱلۡأَبۡصَٰرِ ﴿١٣﴾
Ampa sε, na nsεnkyerεnee wͻ akuo mmienu a wͻ’hyia koo (wͻ Badar) no mu ma mo. Na ekuo no mu baako reko wͻ Nyankopͻn kwan so, εna ͻbaako nso (reko) de apo (Nyankopͻn asεm). (Agyidiefoͻ no) hunuu no ani-kann sε (atamfoͻ no dͻm no) boro (wͻn deε no) so mprenu. Onyankopͻn deε Ɔde ne mmoa no hyε obi a Ɔpε den. Nokorε sε, adesua wͻ woi mu dema wͻn a wͻ’wͻ ani.
Ali 'Imran 3:86كَيۡفَ يَهۡدِي ٱللَّهُ قَوۡمٗا كَفَرُواْ بَعۡدَ إِيمَٰنِهِمۡ وَشَهِدُوٓاْ أَنَّ ٱلرَّسُولَ حَقّٞ وَجَآءَهُمُ ٱلۡبَيِّنَٰتُۚ وَٱللَّهُ لَا يَهۡدِي ٱلۡقَوۡمَ ٱلظَّـٰلِمِينَ ﴿٨٦﴾
Sεn na Nyankopͻn besi atene amanfoͻ no a wͻn gyidie akyi wͻ’abεyε (Kaafir) boniayεfoͻ, na wͻn adi ho adanseε pεn sε, ampa Ɔsomafoͻ (Muhammad) yε nokwafoͻ, na wͻn anya nsεnkyerεnee pefee no? Nyankopͻn deε Ɔnkyerε nnipa bͻnefoͻ no kwan.
Ali 'Imran 3:87أُوْلَـٰٓئِكَ جَزَآؤُهُمۡ أَنَّ عَلَيۡهِمۡ لَعۡنَةَ ٱللَّهِ وَٱلۡمَلَـٰٓئِكَةِ وَٱلنَّاسِ أَجۡمَعِينَ ﴿٨٧﴾
Saa nkorͻfoͻ no akatua ne sε: “Nyankopͻn ne Soro abͻfoͻ ne nnipa nyinaa nnomee wͻ wͻn so.
Ali 'Imran 3:88خَٰلِدِينَ فِيهَا لَا يُخَفَّفُ عَنۡهُمُ ٱلۡعَذَابُ وَلَا هُمۡ يُنظَرُونَ ﴿٨٨﴾
Wͻ’bεtena (nnomee no) mu (afe bͻͻ); na yεnngo asotwee no mu mma wͻn koraa, na yεmma wͻn berε a wͻ’de bεgye wͻn ahome nso.
Ali 'Imran 3:89إِلَّا ٱلَّذِينَ تَابُواْ مِنۢ بَعۡدِ ذَٰلِكَ وَأَصۡلَحُواْ فَإِنَّ ٱللَّهَ غَفُورٞ رَّحِيمٌ ﴿٨٩﴾
Gyesε wͻn a ԑno akyiri no wͻ’sakra wͻn adwen (ba Nyankopͻn hͻ), na wͻ’di dwuma pa, εneε nokorε sε, Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
Ali 'Imran 3:90إِنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ بَعۡدَ إِيمَٰنِهِمۡ ثُمَّ ٱزۡدَادُواْ كُفۡرٗا لَّن تُقۡبَلَ تَوۡبَتُهُمۡ وَأُوْلَـٰٓئِكَ هُمُ ٱلضَّآلُّونَ ﴿٩٠﴾
Nokorε sε, wͻn a wͻn gyidie akyi wͻ’san dane (Kaafir) boniayεfoͻ, na afei wͻn boniayε no kͻ soͻ no, Nyankopͻn nntie wͻn adwen sakra no, na saa nkorͻfoͻ no ne ayerafoͻ no.
Ali 'Imran 3:91إِنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ وَمَاتُواْ وَهُمۡ كُفَّارٞ فَلَن يُقۡبَلَ مِنۡ أَحَدِهِم مِّلۡءُ ٱلۡأَرۡضِ ذَهَبٗا وَلَوِ ٱفۡتَدَىٰ بِهِۦٓۗ أُوْلَـٰٓئِكَ لَهُمۡ عَذَابٌ أَلِيمٞ وَمَا لَهُم مِّن نَّـٰصِرِينَ ﴿٩١﴾
Nokorε sε, wͻn a wͻ’yε (Kaafir) boniayεfoͻ, na wͻ’wu wͻ aberε a wͻ’daso yε (Kaafir) boniayεfoͻ no, sε wͻ’de sika kͻkͻͻ asaase mma mpo bεyε mpata koraa a, yεnnye wͻn (mpata) no. Saa nkorͻfoͻ no na asotwe yaaya no wͻ wͻn no, na wͻ’nnya aboafoͻ.
Ali 'Imran 3:176وَلَا يَحۡزُنكَ ٱلَّذِينَ يُسَٰرِعُونَ فِي ٱلۡكُفۡرِۚ إِنَّهُمۡ لَن يَضُرُّواْ ٱللَّهَ شَيۡـٔٗاۚ يُرِيدُ ٱللَّهُ أَلَّا يَجۡعَلَ لَهُمۡ حَظّٗا فِي ٱلۡأٓخِرَةِۖ وَلَهُمۡ عَذَابٌ عَظِيمٌ ﴿١٧٦﴾
(Nkͻmhyεni), εmma wͻn a wͻ’pere wͻn ho kͻ (kaafir) boniayε mu no asεm nnyε wo awerεho. Nokorε sε, wͻ’nntumi nyε Nyankopͻn hwee. Nyankopͻn mpε sε Ɔma wͻn kyεfa wͻ Daakye no mu. Wͻn wͻ asotwee kεseԑ paa (da hͻ).
Ali 'Imran 3:177إِنَّ ٱلَّذِينَ ٱشۡتَرَوُاْ ٱلۡكُفۡرَ بِٱلۡإِيمَٰنِ لَن يَضُرُّواْ ٱللَّهَ شَيۡـٔٗاۖ وَلَهُمۡ عَذَابٌ أَلِيمٞ ﴿١٧٧﴾
Nokorε sε, wͻn a wͻ’de gyidie kͻtͻ boniayε no, wͻ’ntumi nha Nyankopͻn wͻ kwan biara so, na mmom wͻn wͻ asotwee a εyε ya paa (da hͻ).
Ali 'Imran 3:178وَلَا يَحۡسَبَنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُوٓاْ أَنَّمَا نُمۡلِي لَهُمۡ خَيۡرٞ لِّأَنفُسِهِمۡۚ إِنَّمَا نُمۡلِي لَهُمۡ لِيَزۡدَادُوٓاْ إِثۡمٗاۖ وَلَهُمۡ عَذَابٞ مُّهِينٞ ﴿١٧٨﴾
Ɛmma wͻn a wͻ’po nokorε no adwen nnyε wͻn sε ntoboaseε a Y’anya ama wͻn no yε ma wͻn. Y’ato Yε’boase na ama wͻn sεdeε wͻn bͻne bεdͻͻso. Na mmom wͻn wͻ animguaseε asotwee (da hͻ).
An-Nisa 4:56إِنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ بِـَٔايَٰتِنَا سَوۡفَ نُصۡلِيهِمۡ نَارٗا كُلَّمَا نَضِجَتۡ جُلُودُهُم بَدَّلۡنَٰهُمۡ جُلُودًا غَيۡرَهَا لِيَذُوقُواْ ٱلۡعَذَابَۗ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ عَزِيزًا حَكِيمٗا ﴿٥٦﴾
Nokorε sε, wͻn a wͻ’po Yεn Nsεm no, Yε’de wͻn bεkͻ Amanehunu gyem. Na εberε biara a wͻn ho wedeε no bεhyeε no Yε’bεsesa wedeε foforͻ ama wͻn, sεdeε wͻ’bεka asotwee no ahwε paa. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, na Ɔne Onyansafoͻ.
An-Nisa 4:93وَمَن يَقۡتُلۡ مُؤۡمِنٗا مُّتَعَمِّدٗا فَجَزَآؤُهُۥ جَهَنَّمُ خَٰلِدٗا فِيهَا وَغَضِبَ ٱللَّهُ عَلَيۡهِ وَلَعَنَهُۥ وَأَعَدَّ لَهُۥ عَذَابًا عَظِيمٗا ﴿٩٣﴾
Obi a ͻde anidaaho bekum gyidieni deε, n’akatua ne Amanehunu gyem, emu na ͻbεtena, na Nyankopͻn abufuo ne Nenomee wͻ no so, na yasiesie asotwee kεse ato hͻ ama no.
An-Nisa 4:115وَمَن يُشَاقِقِ ٱلرَّسُولَ مِنۢ بَعۡدِ مَا تَبَيَّنَ لَهُ ٱلۡهُدَىٰ وَيَتَّبِعۡ غَيۡرَ سَبِيلِ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ نُوَلِّهِۦ مَا تَوَلَّىٰ وَنُصۡلِهِۦ جَهَنَّمَۖ وَسَآءَتۡ مَصِيرًا ﴿١١٥﴾
Obi a ͻbεko atia Ɔsomafoͻ no wͻ akyire yi a tenenee no ada adi pefee ama no, na ͻnam ͻkwan a εnyε agyidiefoͻ no kwan no soͻ no, Yε’begyae no ama ͻkwan a ͻno ara apε ama neho no, na Yε’de no akͻ Amanehunu gyem, na εhͻ yε nkyi bͻne paa.
An-Nisa 4:116إِنَّ ٱللَّهَ لَا يَغۡفِرُ أَن يُشۡرَكَ بِهِۦ وَيَغۡفِرُ مَا دُونَ ذَٰلِكَ لِمَن يَشَآءُۚ وَمَن يُشۡرِكۡ بِٱللَّهِ فَقَدۡ ضَلَّ ضَلَٰلَۢا بَعِيدًا ﴿١١٦﴾
Nokorε sε, Nyankopͻn mmfa (obi a) ͻde biribi bεbata Neho bͻne nnkyε no, na mmom εno akyiri no Ɔde bͻne biara a Ɔpε kyε. Obi a ͻde biribi bεbata Onyankopͻn ho no, nokorε sε wayera (afiri ͻkwan tenenee no so) kͻ akyirikyiri paa.
An-Nisa 4:117إِن يَدۡعُونَ مِن دُونِهِۦٓ إِلَّآ إِنَٰثٗا وَإِن يَدۡعُونَ إِلَّا شَيۡطَٰنٗا مَّرِيدٗا ﴿١١٧﴾
Sε (Quraishfoͻ abosomsomfoͻ no) firi Nyankopͻn akyi sufrε biribi mpo a εyε abosom mmaa; na nea wͻ’frε no no ne ͻbonsam otuateɛni no.
An-Nisa 4:118لَّعَنَهُ ٱللَّهُۘ وَقَالَ لَأَتَّخِذَنَّ مِنۡ عِبَادِكَ نَصِيبٗا مَّفۡرُوضٗا ﴿١١٨﴾
Nyankopͻn abͻ no dua. Asεm a ͻbonsam kaeε ne sε: “(Awurade), mεfa Wo nkoa no mu kyεfa bi a yatwa ato hͻ no-,
An-Nisa 4:119وَلَأُضِلَّنَّهُمۡ وَلَأُمَنِّيَنَّهُمۡ وَلَأٓمُرَنَّهُمۡ فَلَيُبَتِّكُنَّ ءَاذَانَ ٱلۡأَنۡعَٰمِ وَلَأٓمُرَنَّهُمۡ فَلَيُغَيِّرُنَّ خَلۡقَ ٱللَّهِۚ وَمَن يَتَّخِذِ ٱلشَّيۡطَٰنَ وَلِيّٗا مِّن دُونِ ٱللَّهِ فَقَدۡ خَسِرَ خُسۡرَانٗا مُّبِينٗا ﴿١١٩﴾
Na mayera wͻn, na mama nsεm hunu a εho nni mfasoͻ ayε wͻn apεdeε, na mama wͻn apaepae nyεmmoa aso (ayε no nsohyεdeε a εkyerε sε, saa aboa no wͻ wͻn abosom), na wͻn asesa Onyankopͻn abͻdeε. Obia ͻbefiri Nyankopͻn akyi afa ͻbonsam ayε kyitaafoͻ no, nokorε sε wabrԑ berԑguo a εda adi pefee.
An-Nisa 4:120يَعِدُهُمۡ وَيُمَنِّيهِمۡۖ وَمَا يَعِدُهُمُ ٱلشَّيۡطَٰنُ إِلَّا غُرُورًا ﴿١٢٠﴾
(Ɔbonsam) hyε wͻn bͻ, na ͻma nsεm hunu yε wͻn apεdeε, na deε ͻbonsam hyε wͻn ho bͻ biara no yε nnaadaa.
An-Nisa 4:121أُوْلَـٰٓئِكَ مَأۡوَىٰهُمۡ جَهَنَّمُ وَلَا يَجِدُونَ عَنۡهَا مَحِيصٗا ﴿١٢١﴾
Saa nkorͻfoͻ no asetena ne Amane hunu gyem, na wͻ’nnya kwan biara a wͻ’de bedwane afiri hͻ.
An-Nisa 4:167إِنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ وَصَدُّواْ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِ قَدۡ ضَلُّواْ ضَلَٰلَۢا بَعِيدًا ﴿١٦٧﴾
Nokorε sε wͻn a wͻ’po nokorε na wͻ’si amanfoͻ kwan firi Nyankopͻn kwan no soͻ no, ampa sε wͻn ayera kͻ akyirikyiri paa.
An-Nisa 4:168إِنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ وَظَلَمُواْ لَمۡ يَكُنِ ٱللَّهُ لِيَغۡفِرَ لَهُمۡ وَلَا لِيَهۡدِيَهُمۡ طَرِيقًا ﴿١٦٨﴾
Nokorε sε wͻn a wͻ’po nokorε na wͻ’di bͻne no, Nyankopɔn mmfa wͻn bͻne nnkyε wͻn na Ɔnkyerε wͻn kwan (tenenee) no nso-,
An-Nisa 4:169إِلَّا طَرِيقَ جَهَنَّمَ خَٰلِدِينَ فِيهَآ أَبَدٗاۚ وَكَانَ ذَٰلِكَ عَلَى ٱللَّهِ يَسِيرٗا ﴿١٦٩﴾
Na mmom Amanehunu gya no kwan (na Ɔbεkyerε wͻn), emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ. Ԑno yε adeε a εyε mmrε ma Nyankopͻn.
Al-Ma'idah 5:36إِنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ لَوۡ أَنَّ لَهُم مَّا فِي ٱلۡأَرۡضِ جَمِيعٗا وَمِثۡلَهُۥ مَعَهُۥ لِيَفۡتَدُواْ بِهِۦ مِنۡ عَذَابِ يَوۡمِ ٱلۡقِيَٰمَةِ مَا تُقُبِّلَ مِنۡهُمۡۖ وَلَهُمۡ عَذَابٌ أَلِيمٞ ﴿٣٦﴾
Nokorε sε, wɔn a wɔ’yi (Nyankopɔn) boniayε no, sε wɔn wͻ deε εwͻ asaase so nyinaa ne nesεso mpo kaho sε wɔ’de bεyε mpata anya wɔn ho afiri Wusɔreε da no asotwee no mu a, yentie wɔn anaasε yεnnye. Wɔn wͻ asotwee a εyε ya paa.
Al-Ma'idah 5:37يُرِيدُونَ أَن يَخۡرُجُواْ مِنَ ٱلنَّارِ وَمَا هُم بِخَٰرِجِينَ مِنۡهَاۖ وَلَهُمۡ عَذَابٞ مُّقِيمٞ ﴿٣٧﴾
(Saa Da no) wɔ’bεpε sε wɔ’befiri Amanehunu gya no mu. Nanso wɔ’mmfri mu, wɔn wᴐ asotwee a ԑwᴐ hᴐ daa.
Al-An'am 6:10وَلَقَدِ ٱسۡتُهۡزِئَ بِرُسُلٖ مِّن قَبۡلِكَ فَحَاقَ بِٱلَّذِينَ سَخِرُواْ مِنۡهُم مَّا كَانُواْ بِهِۦ يَسۡتَهۡزِءُونَ ﴿١٠﴾
Ampa sε, wͻ’dii Asomafoͻ a wͻ’dii w’anim kan no ho fεw nanso deε aserefoͻ no de dii wͻn ho fεw no betwaa wͻn ho hyiae.
Al-An'am 6:11قُلۡ سِيرُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ ثُمَّ ٱنظُرُواْ كَيۡفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلۡمُكَذِّبِينَ ﴿١١﴾
Ka sε: “Monante (anaasε montu kwan) wͻ asaase no so na monhwε sεdeε wͻn a wͻ’poo nokorε no awieε si wieε “.
Al-An'am 6:27وَلَوۡ تَرَىٰٓ إِذۡ وُقِفُواْ عَلَى ٱلنَّارِ فَقَالُواْ يَٰلَيۡتَنَا نُرَدُّ وَلَا نُكَذِّبَ بِـَٔايَٰتِ رَبِّنَا وَنَكُونَ مِنَ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ ﴿٢٧﴾
Sε anka worehunu (sεdeε wͻ’bεyε) wͻ εberε a yεde wͻn begyina Ogya no mu no a, (saa Da no) wͻ’bεka sε: ‘’Na anka yasan kͻ wiase bio, anka yεn mfa Ye’Wura Nyankopͻn asεm no atorͻsεm, na anka yε’bεka agyidiefoͻ no ho“.
Al-An'am 6:28بَلۡ بَدَا لَهُم مَّا كَانُواْ يُخۡفُونَ مِن قَبۡلُۖ وَلَوۡ رُدُّواْ لَعَادُواْ لِمَا نُهُواْ عَنۡهُ وَإِنَّهُمۡ لَكَٰذِبُونَ ﴿٢٨﴾
Daabi, deε kane no na wͻ’de asuma no ada adi akyerε wͻn. Sε wͻ'san ba (wiase) bio mpo a wͻ’bεsan akͻ deε yε’braa wͻn no ara so (akͻyε). Nokorε sε wͻ’yε nkontompofoͻ.
Al-An'am 6:29وَقَالُوٓاْ إِنۡ هِيَ إِلَّا حَيَاتُنَا ٱلدُّنۡيَا وَمَا نَحۡنُ بِمَبۡعُوثِينَ ﴿٢٩﴾
Deε wͻ’ka ne sε: “Asetena no ara ne yεn wiase ha ara, na εmma sε yε benyane yεn (wͻ yewuo akyi.)“.
Al-An'am 6:30وَلَوۡ تَرَىٰٓ إِذۡ وُقِفُواْ عَلَىٰ رَبِّهِمۡۚ قَالَ أَلَيۡسَ هَٰذَا بِٱلۡحَقِّۚ قَالُواْ بَلَىٰ وَرَبِّنَاۚ قَالَ فَذُوقُواْ ٱلۡعَذَابَ بِمَا كُنتُمۡ تَكۡفُرُونَ ﴿٣٠﴾
(Nkͻmhyεni), sε anka worehunu (sεdeε wͻ’besi ayε) wͻ berε a yεde wͻn begyina wͻn Wura Nyankopͻn anim no a. Nyankopͻn bεka sε: “(Wusͻreε) woi nyε nokorε?” Wͻ’bεka sε: “Aane. “Yεdͻ yeWura (Nyankopͻn)!” Nyankopͻn bεka akyerε wͻn sε: “Monka asotwee no nhwε, εnam sε moanye anni nti“.
Al-An'am 6:31قَدۡ خَسِرَ ٱلَّذِينَ كَذَّبُواْ بِلِقَآءِ ٱللَّهِۖ حَتَّىٰٓ إِذَا جَآءَتۡهُمُ ٱلسَّاعَةُ بَغۡتَةٗ قَالُواْ يَٰحَسۡرَتَنَا عَلَىٰ مَا فَرَّطۡنَا فِيهَا وَهُمۡ يَحۡمِلُونَ أَوۡزَارَهُمۡ عَلَىٰ ظُهُورِهِمۡۚ أَلَا سَآءَ مَا يَزِرُونَ ﴿٣١﴾
Ampa sε, wͻn a wͻ’nnye nni sε wͻ’ne Nyankopͻn behyia mu no aberε agu dekosi sε (Owuo) dͻnhwere no bεba wͻn so mpofirem. (Saa Da no) wͻ’bεka sε: ‘’Y’εbͻ ye’tri so sε Yebuu Y’ani guu soͻ’’ na wͻ’bεsoa wͻn adesoa wͻ wͻn akyi. Ԑyε adesoa bͻne paa na wͻ’bεsoa no.
Al-An'am 6:42وَلَقَدۡ أَرۡسَلۡنَآ إِلَىٰٓ أُمَمٖ مِّن قَبۡلِكَ فَأَخَذۡنَٰهُم بِٱلۡبَأۡسَآءِ وَٱلضَّرَّآءِ لَعَلَّهُمۡ يَتَضَرَّعُونَ ﴿٤٢﴾
Ampa sε Yε’somaa asomafoͻ kͻͻ aman-aman a wͻ’dii w’anim kan no hͻ. Na Yε’de ͻhaw ne ahokyerε too wͻn so sεdeε wͻ’bεbrε wͻn ho aseε.
Al-An'am 6:43فَلَوۡلَآ إِذۡ جَآءَهُم بَأۡسُنَا تَضَرَّعُواْ وَلَٰكِن قَسَتۡ قُلُوبُهُمۡ وَزَيَّنَ لَهُمُ ٱلشَّيۡطَٰنُ مَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ ﴿٤٣﴾
Adεn na Yε’haw no baa wͻn soͻ no w’ammerε wͻn ho aseε, na mmom wͻn akoma yεε den? Ɔbonsam maa dwuma a na wͻ’die no yεε wͻn (ani so) fε.
Al-An'am 6:44فَلَمَّا نَسُواْ مَا ذُكِّرُواْ بِهِۦ فَتَحۡنَا عَلَيۡهِمۡ أَبۡوَٰبَ كُلِّ شَيۡءٍ حَتَّىٰٓ إِذَا فَرِحُواْ بِمَآ أُوتُوٓاْ أَخَذۡنَٰهُم بَغۡتَةٗ فَإِذَا هُم مُّبۡلِسُونَ ﴿٤٤﴾
Na εberε a wͻn werε frii (afutuo) a yεde tuu wͻn no, Ye’buee (anigyedeε) biara ho pono (kwan) maa wͻn, kosii εberε a wͻn wͻ anigyeε mu wͻ deε yεde ama wͻn no mu no, Yε’sͻͻ wͻn mu mpofire mu, na hwε, wͻ’nuu wͻn ho dii awerεhoͻ.
Al-An'am 6:45فَقُطِعَ دَابِرُ ٱلۡقَوۡمِ ٱلَّذِينَ ظَلَمُواْۚ وَٱلۡحَمۡدُ لِلَّهِ رَبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ ﴿٤٥﴾
Enti yεmaa amanfoͻ no a wͻ’dii bͻne no akyiri kwan yerae. Aseda wͻ Nyankopͻn, Abͻdeε nyinaa Wura no.
Al-An'am 6:93وَمَنۡ أَظۡلَمُ مِمَّنِ ٱفۡتَرَىٰ عَلَى ٱللَّهِ كَذِبًا أَوۡ قَالَ أُوحِيَ إِلَيَّ وَلَمۡ يُوحَ إِلَيۡهِ شَيۡءٞ وَمَن قَالَ سَأُنزِلُ مِثۡلَ مَآ أَنزَلَ ٱللَّهُۗ وَلَوۡ تَرَىٰٓ إِذِ ٱلظَّـٰلِمُونَ فِي غَمَرَٰتِ ٱلۡمَوۡتِ وَٱلۡمَلَـٰٓئِكَةُ بَاسِطُوٓاْ أَيۡدِيهِمۡ أَخۡرِجُوٓاْ أَنفُسَكُمُۖ ٱلۡيَوۡمَ تُجۡزَوۡنَ عَذَابَ ٱلۡهُونِ بِمَا كُنتُمۡ تَقُولُونَ عَلَى ٱللَّهِ غَيۡرَ ٱلۡحَقِّ وَكُنتُمۡ عَنۡ ءَايَٰتِهِۦ تَسۡتَكۡبِرُونَ ﴿٩٣﴾
Hwan na ͻyε onipa bͻneni kyεn obi a otwa nkontompo to Nyankopͻn soͻ, anaa ͻka sε: ”Y’ayi Adiyisεm ama me, wͻ aberε nso a yenyii Adiyisεm biara mmaa no; ne obia ͻka sε: “Mesiane deε Nyankopͻn asiane aba no sεso.” Sε (anka) worehunu εberε a abͻneεfoͻ no repre wͻ owuo ahometeε mu, na soro abͻfoͻ atene wͻnsa wͻ wͻn so reka akyerε wͻn sε, ‘’Monyi mokraa no ma; εnnε da yi yεde animguaseε asotwee na εbetua moka εnam nsεm a moka too Nyankopͻn so a na εnyε nokorε, na moyεε N’asεm ho ahomasoͻ nti”.
Al-An'am 6:94وَلَقَدۡ جِئۡتُمُونَا فُرَٰدَىٰ كَمَا خَلَقۡنَٰكُمۡ أَوَّلَ مَرَّةٖ وَتَرَكۡتُم مَّا خَوَّلۡنَٰكُمۡ وَرَآءَ ظُهُورِكُمۡۖ وَمَا نَرَىٰ مَعَكُمۡ شُفَعَآءَكُمُ ٱلَّذِينَ زَعَمۡتُمۡ أَنَّهُمۡ فِيكُمۡ شُرَكَـٰٓؤُاْۚ لَقَد تَّقَطَّعَ بَيۡنَكُمۡ وَضَلَّ عَنكُم مَّا كُنتُمۡ تَزۡعُمُونَ ﴿٩٤﴾
Ampa sε (monam) ankorͻ-ankotͻ (de nsansa a hwee nka mo ho) na aba Yεn hͻ sεdeε Ye’dii kan bͻͻ mo no, εna moagya deε Yε’de maa mo no (sika, εyerε, εmma, abusua, gyinaberε ne deε εkeka ho no nyinaa) wͻ moakyi. Na adεn na Ye’nnhu montwitwagyefoͻ no a na moadwen yε mo sε wͻ’ka Onyankopͻn ho no? Ampa sε mone wͻn ntεm twaka (biara) to atwa, na deε moadwen yε maa mo no (nyinaa) ayera.
Al-An'am 6:112وَكَذَٰلِكَ جَعَلۡنَا لِكُلِّ نَبِيٍّ عَدُوّٗا شَيَٰطِينَ ٱلۡإِنسِ وَٱلۡجِنِّ يُوحِي بَعۡضُهُمۡ إِلَىٰ بَعۡضٖ زُخۡرُفَ ٱلۡقَوۡلِ غُرُورٗاۚ وَلَوۡ شَآءَ رَبُّكَ مَا فَعَلُوهُۖ فَذَرۡهُمۡ وَمَا يَفۡتَرُونَ ﴿١١٢﴾
Saa ara na Yε’maa Nkͻmhyεni biara (nyaa) atamfoͻ firi nnipa ne Jinni abonsamfoͻ no mu; wͻ’wesa nnaadaasεm a εyε dε gu wͻn ho wͻn ho (asom). Sε εyε wo Wura (Nyankopͻn) pε a anka wͻn annyε saa; enti gyae wͻn ne wͻn atorͻsεm a wͻ’redie no.
Al-An'am 6:113وَلِتَصۡغَىٰٓ إِلَيۡهِ أَفۡـِٔدَةُ ٱلَّذِينَ لَا يُؤۡمِنُونَ بِٱلۡأٓخِرَةِ وَلِيَرۡضَوۡهُ وَلِيَقۡتَرِفُواْ مَا هُم مُّقۡتَرِفُونَ ﴿١١٣﴾
Sεdeε wͻn a wͻ’nnye Daakye no nnie no akoma bεdane akͻ (wͻn nnaadaa sεm) no soͻ, na wͻn agye (nnaadaa no) ato mu, na wͻn nso benya (bͻne) no a wͻn anya no bie.