يَـٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ ٱعۡبُدُواْ رَبَّكُمُ ٱلَّذِي خَلَقَكُمۡ وَٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِكُمۡ لَعَلَّكُمۡ تَتَّقُونَ ﴿٢١﴾
Adasamma, monsom mo Wura Nyankopͻn no a Ɔbͻͻ mo ne wͻn a wͻ’dii moanim kan no sεdeε (εbεma) mo asuro Nyame ayε ahwεyie.
481 Ayɛ · Nsɛm · ak
يَـٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ ٱعۡبُدُواْ رَبَّكُمُ ٱلَّذِي خَلَقَكُمۡ وَٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِكُمۡ لَعَلَّكُمۡ تَتَّقُونَ ﴿٢١﴾
Adasamma, monsom mo Wura Nyankopͻn no a Ɔbͻͻ mo ne wͻn a wͻ’dii moanim kan no sεdeε (εbεma) mo asuro Nyame ayε ahwεyie.
ٱلَّذِي جَعَلَ لَكُمُ ٱلۡأَرۡضَ فِرَٰشٗا وَٱلسَّمَآءَ بِنَآءٗ وَأَنزَلَ مِنَ ٱلسَّمَآءِ مَآءٗ فَأَخۡرَجَ بِهِۦ مِنَ ٱلثَّمَرَٰتِ رِزۡقٗا لَّكُمۡۖ فَلَا تَجۡعَلُواْ لِلَّهِ أَندَادٗا وَأَنتُمۡ تَعۡلَمُونَ ﴿٢٢﴾
(Mo Wura Nyankopͻn) no a, W’ayε asaase de asε hͻ ama mo, εna (W’ayε) ͻsoro (sε εdan) nkurusoͻ, εna Osiane nsuo firi soro de ma mo, san de ma nnͻbaeε a εyε akͻnhoma ma mo no fifire. Enti monhwε na moamfa biribi ammata Nyankopͻn ho wͻ aberε a monim (sε obiara nnka ne ho).
وَإِن كُنتُمۡ فِي رَيۡبٖ مِّمَّا نَزَّلۡنَا عَلَىٰ عَبۡدِنَا فَأۡتُواْ بِسُورَةٖ مِّن مِّثۡلِهِۦ وَٱدۡعُواْ شُهَدَآءَكُم مِّن دُونِ ٱللَّهِ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ ﴿٢٣﴾
Sε moadwen nnsi mopi wͻ adeε a Y’asiane ama Y’akoa (Muhammad) no ho nso a, εneε monfa Suura bi a εte saa mmra, na monfri Nyankopͻn akyi mfrε mo adansefoͻ, sε moyε nokwafoͻ ampa a.
فَإِن لَّمۡ تَفۡعَلُواْ وَلَن تَفۡعَلُواْ فَٱتَّقُواْ ٱلنَّارَ ٱلَّتِي وَقُودُهَا ٱلنَّاسُ وَٱلۡحِجَارَةُۖ أُعِدَّتۡ لِلۡكَٰفِرِينَ ﴿٢٤﴾
Na sε moanyε a-, na montumi nyε mpo! Ɛneε na monsuro Ogya no a, nnipa ne aboͻ na εyε ne nyentia no a, y’asiesie ato boniayεfoͻ no hͻ no.
وَإِلَٰهُكُمۡ إِلَٰهٞ وَٰحِدٞۖ لَّآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ ٱلرَّحۡمَٰنُ ٱلرَّحِيمُ ﴿١٦٣﴾
Mo Awurade Nyankopͻn no Ɔyε Awurade baako, Awurade (foforͻ) biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara. Ɔne Ahummͻborͻ Hene no, Ɔdεεfoͻ Hene no.
إِنَّ فِي خَلۡقِ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَٱخۡتِلَٰفِ ٱلَّيۡلِ وَٱلنَّهَارِ وَٱلۡفُلۡكِ ٱلَّتِي تَجۡرِي فِي ٱلۡبَحۡرِ بِمَا يَنفَعُ ٱلنَّاسَ وَمَآ أَنزَلَ ٱللَّهُ مِنَ ٱلسَّمَآءِ مِن مَّآءٖ فَأَحۡيَا بِهِ ٱلۡأَرۡضَ بَعۡدَ مَوۡتِهَا وَبَثَّ فِيهَا مِن كُلِّ دَآبَّةٖ وَتَصۡرِيفِ ٱلرِّيَٰحِ وَٱلسَّحَابِ ٱلۡمُسَخَّرِ بَيۡنَ ٱلسَّمَآءِ وَٱلۡأَرۡضِ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يَعۡقِلُونَ ﴿١٦٤﴾
Nokorε sε, ͻsoro ne asaase mmͻeε, ne adesaeε ne adekyeε a εbͻ abira, (adeεsa na adeε akye), ne nsuomu-hyεn a εde nneεma a nnipa nya ho mfasoͻ nam ͻpo soͻ, ne nsuo a Nyankopͻn siane firi soro de nyane asaase wͻ (asaase) wuo akyi, ne mmoadoma ahodoͻ a w’apete wͻ asaase soͻ, ne mframa a, edi adane-adane, ne mununkum a εberε neho ase wͻ ewiem ne asaase no ntεm no (nyinaa) yε nsεnkyerεnee dema nnipa a wͻ’dwen.
ٱللَّهُ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ ٱلۡحَيُّ ٱلۡقَيُّومُۚ لَا تَأۡخُذُهُۥ سِنَةٞ وَلَا نَوۡمٞۚ لَّهُۥ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِۗ مَن ذَا ٱلَّذِي يَشۡفَعُ عِندَهُۥٓ إِلَّا بِإِذۡنِهِۦۚ يَعۡلَمُ مَا بَيۡنَ أَيۡدِيهِمۡ وَمَا خَلۡفَهُمۡۖ وَلَا يُحِيطُونَ بِشَيۡءٖ مِّنۡ عِلۡمِهِۦٓ إِلَّا بِمَا شَآءَۚ وَسِعَ كُرۡسِيُّهُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَۖ وَلَا يَـُٔودُهُۥ حِفۡظُهُمَاۚ وَهُوَ ٱلۡعَلِيُّ ٱلۡعَظِيمُ ﴿٢٥٥﴾
(Otumfoͻ) Nyankopͻn, awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno (nko ara); (Ɔne) Otumfoͻ a Ɔde Ne ho te Neho ase daa, kuta abͻdeε nyinaa mu, san bͻ wͻn ho ban. Ɔnto nko na kampεsε Wada. Deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa yε Ne dea. Hwan ne obi a obetwitwa agye obi wͻ Nehͻ? Gyesε Ɔma kwan. Onim deε εwͻ wͻn anim ne deε εwͻ wͻn akyi. (Adasamma) nnim Ne nimdeε ho hwee gyesε deε Ɔpε (sε wͻ’hunu). N’ahennie so wͻ ͻsoro ne asaase so; (na ͻsoro ne asaase no) mmienu so hwε no nnyε ͻberε (anaasε εnyε den) mma no. Ɔne Okokroko no, na Ɔne Ɔkεseε no.
الٓمٓ ﴿١﴾
Alif Laam Miim.
ٱللَّهُ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ ٱلۡحَيُّ ٱلۡقَيُّومُ ﴿٢﴾
Nyankopͻn, awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno (nko ara); (Ɔne) Otumfoͻ a Ɔde Ne ho te Neho ase daa, kuta abͻdeε nyinaa mu, san bͻ wͻn ho ban.
نَزَّلَ عَلَيۡكَ ٱلۡكِتَٰبَ بِٱلۡحَقِّ مُصَدِّقٗا لِّمَا بَيۡنَ يَدَيۡهِ وَأَنزَلَ ٱلتَّوۡرَىٰةَ وَٱلۡإِنجِيلَ ﴿٣﴾
Ɔde nokorε no na asiane Nwoma no ama wo sε εmεhyε (Nwoma a) edi n’anim kan no mma; na (Odii kan) sianee Tora ene Injeel nso-
مِن قَبۡلُ هُدٗى لِّلنَّاسِ وَأَنزَلَ ٱلۡفُرۡقَانَۗ إِنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ بِـَٔايَٰتِ ٱللَّهِ لَهُمۡ عَذَابٞ شَدِيدٞۗ وَٱللَّهُ عَزِيزٞ ذُو ٱنتِقَامٍ ﴿٤﴾
Kane, na εyε kwan kyerε (Nwoma) dema adasamma; εna W’asiane Fur’qaan: Nokorε sε, wͻn a wͻ’po Nyankopͻn nsεm no, wͻ asotwee a ano yε den paa. Nyankopͻn na Otumi ade nyinaa yε, Ɔno na Otua bͻne so ka.
إِنَّ ٱللَّهَ لَا يَخۡفَىٰ عَلَيۡهِ شَيۡءٞ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَلَا فِي ٱلسَّمَآءِ ﴿٥﴾
Nokorε sε, biribiara nsuma Nyankopͻn wͻ asase so anaasε ͻsoro.
هُوَ ٱلَّذِي يُصَوِّرُكُمۡ فِي ٱلۡأَرۡحَامِ كَيۡفَ يَشَآءُۚ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡحَكِيمُ ﴿٦﴾
Ɔno ne Nea Ɔnwenee mo wͻ (mo maame nom) awodeε mu sεdeε Ɔpε; awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara, Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, na Ɔne Onyansafoͻ no.
قُلِ ٱللَّهُمَّ مَٰلِكَ ٱلۡمُلۡكِ تُؤۡتِي ٱلۡمُلۡكَ مَن تَشَآءُ وَتَنزِعُ ٱلۡمُلۡكَ مِمَّن تَشَآءُ وَتُعِزُّ مَن تَشَآءُ وَتُذِلُّ مَن تَشَآءُۖ بِيَدِكَ ٱلۡخَيۡرُۖ إِنَّكَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٞ ﴿٢٦﴾
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Otwieduampͻn Nyankopͻn a Ahennie yε Wo dea, Wona Wode ahennie no ma obi a Wopε, εna Wogye ahennie no firi obi a Wopε nsam, εna Woma obi a Wopε soͻ, εna Woberε obi a Wopε aseε. Wonsa mu na adepa (nyinaa) wͻ. Nokorε sε Wona Wowͻ biribiara so tumi.
تُولِجُ ٱلَّيۡلَ فِي ٱلنَّهَارِ وَتُولِجُ ٱلنَّهَارَ فِي ٱلَّيۡلِۖ وَتُخۡرِجُ ٱلۡحَيَّ مِنَ ٱلۡمَيِّتِ وَتُخۡرِجُ ٱلۡمَيِّتَ مِنَ ٱلۡحَيِّۖ وَتَرۡزُقُ مَن تَشَآءُ بِغَيۡرِ حِسَابٖ ﴿٢٧﴾
Wona Wode adesaeε wura adekyeε mu, εna wode adekyeε wura adesaeε mu; εna Woyi ͻteasefoͻ firi awufoͻ mu, εna Woyi awufoͻ firi ateasefoͻ mu, Wona Wokyε obia Wopε adeε a enni ano, (anaasε akontabuo biara nni ho).
يَـٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ ٱتَّقُواْ رَبَّكُمُ ٱلَّذِي خَلَقَكُم مِّن نَّفۡسٖ وَٰحِدَةٖ وَخَلَقَ مِنۡهَا زَوۡجَهَا وَبَثَّ مِنۡهُمَا رِجَالٗا كَثِيرٗا وَنِسَآءٗۚ وَٱتَّقُواْ ٱللَّهَ ٱلَّذِي تَسَآءَلُونَ بِهِۦ وَٱلۡأَرۡحَامَۚ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ عَلَيۡكُمۡ رَقِيبٗا ﴿١﴾
Adasamma, monsuro mo Wura Nyankopͻn no a Ɔbͻͻ mo firi honam baako mu, na Ɔbͻͻ ne yere nso firii (honam korͻ no ara) mu, na W’ama mmarima pii ne mmaa (ase atrε) afiri wͻn mmienu no mu; na monsuro Nyankopͻn no a mode no bisa (anaa mode no srɛ); na (monyε ahwε yie wͻ) abusua ho, efirisε Nyankopͻn deε Ɔrewεn mo.
وَلِلَّهِ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِۗ وَلَقَدۡ وَصَّيۡنَا ٱلَّذِينَ أُوتُواْ ٱلۡكِتَٰبَ مِن قَبۡلِكُمۡ وَإِيَّاكُمۡ أَنِ ٱتَّقُواْ ٱللَّهَۚ وَإِن تَكۡفُرُواْ فَإِنَّ لِلَّهِ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِۚ وَكَانَ ٱللَّهُ غَنِيًّا حَمِيدٗا ﴿١٣١﴾
Deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa wͻ Nyankopͻn. Ampa sε, Yε’kasa kyerεε wͻn a yεmaa wͻn Nyamesom ho nwoma a wͻ’dii moanim kan no, εna monso (yakasa akyerε mo) sε: ‘’Monsuro Nyankopͻn. Sε mopo (Nyankopͻn nsεm no a), nokorε sε, deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa wͻ Nyankopͻn; na Nyankopͻn deε W’anya Neho a Onhia obiara hwee, na Ɔne Ayeyie, Nkamfoͻ ne Aseda Wura no.
وَلِلَّهِ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِۚ وَكَفَىٰ بِٱللَّهِ وَكِيلًا ﴿١٣٢﴾
Nyankopͻn na deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase soͻ nyinaa wͻ no. Nyankopͻn ne Okyitaafoͻ a Ɔsom bo.
إِن يَشَأۡ يُذۡهِبۡكُمۡ أَيُّهَا ٱلنَّاسُ وَيَأۡتِ بِـَٔاخَرِينَۚ وَكَانَ ٱللَّهُ عَلَىٰ ذَٰلِكَ قَدِيرٗا ﴿١٣٣﴾
Adasamma, sε (Nyankopͻn) pε a Obeyi mo afiri hͻ na Ɔde abodeε foforͻ abεhyε mo anan mu, na Nyankopͻn wͻ εno ho tumi.
مَّن كَانَ يُرِيدُ ثَوَابَ ٱلدُّنۡيَا فَعِندَ ٱللَّهِ ثَوَابُ ٱلدُّنۡيَا وَٱلۡأٓخِرَةِۚ وَكَانَ ٱللَّهُ سَمِيعَۢا بَصِيرٗا ﴿١٣٤﴾
Obi a ͻpε wiase mu akatua no, Nyankopͻn hͻ na wiase mu akatua ne Daakye no nyinaa wͻ. Onyankopͻn na Ɔte biribiara na Ohu biribiara nso.
ٱلۡحَمۡدُ لِلَّهِ ٱلَّذِي خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ وَجَعَلَ ٱلظُّلُمَٰتِ وَٱلنُّورَۖ ثُمَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ بِرَبِّهِمۡ يَعۡدِلُونَ ﴿١﴾
Aseda wͻ Nyankopͻn no a Ɔbͻͻ soro ne asaase, na W’ayε esum ne εhyεn; nanso (Kaafrifoͻ) no a wͻ’yi boniayε no de biribi toto wͻn Wura Nyankopͻn ho.
هُوَ ٱلَّذِي خَلَقَكُم مِّن طِينٖ ثُمَّ قَضَىٰٓ أَجَلٗاۖ وَأَجَلٞ مُّسَمًّى عِندَهُۥۖ ثُمَّ أَنتُمۡ تَمۡتَرُونَ ﴿٢﴾
Ɔno na Ɔbͻͻ mo fri nεteε mu, εna W’ahyehyε berε (a mode bewuo), εna (W’ahyehyε) berε foforͻ nso bio a εwͻ Nehͻ (a mode bεsͻre afri owuo mu), nanso moadwen nnsi mo pi (wͻ Owu-sͻreε no ho).
وَهُوَ ٱللَّهُ فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَفِي ٱلۡأَرۡضِ يَعۡلَمُ سِرَّكُمۡ وَجَهۡرَكُمۡ وَيَعۡلَمُ مَا تَكۡسِبُونَ ﴿٣﴾
Ɔne Nyankopͻn wͻ soro, εna asaase so nso saa ara; Onim mo asumasεm ne monsεm a εda dwa nyinaa, na Onim deε monsa ka.
وَمَا تَأۡتِيهِم مِّنۡ ءَايَةٖ مِّنۡ ءَايَٰتِ رَبِّهِمۡ إِلَّا كَانُواْ عَنۡهَا مُعۡرِضِينَ ﴿٤﴾
Nsεnkyerεnee biara a εbεba wͻn hͻ a εyε nsεnkyerεnee a efri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ no, gyesε wͻ’twi faso.
فَقَدۡ كَذَّبُواْ بِٱلۡحَقِّ لَمَّا جَآءَهُمۡ فَسَوۡفَ يَأۡتِيهِمۡ أَنۢبَـٰٓؤُاْ مَا كَانُواْ بِهِۦ يَسۡتَهۡزِءُونَ ﴿٥﴾
Ampa sε, εberε a nokorε no baa wͻn hͻ no wͻ’pooe, na deε wͻ’di ho fεw no ho asεm bεba wͻn so.
قُل لِّمَن مَّا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۖ قُل لِّلَّهِۚ كَتَبَ عَلَىٰ نَفۡسِهِ ٱلرَّحۡمَةَۚ لَيَجۡمَعَنَّكُمۡ إِلَىٰ يَوۡمِ ٱلۡقِيَٰمَةِ لَا رَيۡبَ فِيهِۚ ٱلَّذِينَ خَسِرُوٓاْ أَنفُسَهُمۡ فَهُمۡ لَا يُؤۡمِنُونَ ﴿١٢﴾
Kasε: “Hwan na nneεma a εwͻ soro ne asaase so yε ne dea?” (Nkͻmhyεni) ka sε: “Ɛwͻ Nyankopͻn”. W’ahyehyε Ahummͻborͻ ama Neho. Ampa sε, Ɔbεboa moano wͻ Wusͻreε Da no a akyinnyeε biara nni ho no mu, wͻn a w’abrε wͻn ho aguo no ne wͻn a wͻ’nnye nnie no.
۞وَلَهُۥ مَا سَكَنَ فِي ٱلَّيۡلِ وَٱلنَّهَارِۚ وَهُوَ ٱلسَّمِيعُ ٱلۡعَلِيمُ ﴿١٣﴾
Adeε a εte anadwo ne adekyeε mu nyinaa nso wͻ no. Ɔne Otiefoͻ a Ɔte biribiara, Ɔne Onimdefoͻ no.
۞وَعِندَهُۥ مَفَاتِحُ ٱلۡغَيۡبِ لَا يَعۡلَمُهَآ إِلَّا هُوَۚ وَيَعۡلَمُ مَا فِي ٱلۡبَرِّ وَٱلۡبَحۡرِۚ وَمَا تَسۡقُطُ مِن وَرَقَةٍ إِلَّا يَعۡلَمُهَا وَلَا حَبَّةٖ فِي ظُلُمَٰتِ ٱلۡأَرۡضِ وَلَا رَطۡبٖ وَلَا يَابِسٍ إِلَّا فِي كِتَٰبٖ مُّبِينٖ ﴿٥٩﴾
Nehͻ na ahuntasεm no ho safoa wͻ, obiara nnihͻ a onim, gyesε Ɔno (nko ara). Onim deε εwͻ asaase so ne (deε) εwͻ ͻpo mu (nyinaa); (ansa na) ahahan bi bεte atͻ no na Onim ho asεm, anaa aduaba bi a εwͻ asaase mu sum mu, anaa deε εyε mono anaasε deε adwan, (no nyinaa) wͻ Nwoma pefee no mu.
وَهُوَ ٱلَّذِي يَتَوَفَّىٰكُم بِٱلَّيۡلِ وَيَعۡلَمُ مَا جَرَحۡتُم بِٱلنَّهَارِ ثُمَّ يَبۡعَثُكُمۡ فِيهِ لِيُقۡضَىٰٓ أَجَلٞ مُّسَمّٗىۖ ثُمَّ إِلَيۡهِ مَرۡجِعُكُمۡ ثُمَّ يُنَبِّئُكُم بِمَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ ﴿٦٠﴾
Ɔno na Ɔma mo wu anadwo (wͻ εberε a moadeda) na Onim deε moyε no adekyeε no mu; afei na W’anyane mo afri (monna no mu ama moasan aba nkwa mu) akosi εberε a yahyehyε ato hͻ (ama mo sε mode bewuo). Afei Nehͻ ne monnkyi. Na afei W’abͻ mo dwuma a na modie no ho amaneε.
وَهُوَ ٱلۡقَاهِرُ فَوۡقَ عِبَادِهِۦۖ وَيُرۡسِلُ عَلَيۡكُمۡ حَفَظَةً حَتَّىٰٓ إِذَا جَآءَ أَحَدَكُمُ ٱلۡمَوۡتُ تَوَفَّتۡهُ رُسُلُنَا وَهُمۡ لَا يُفَرِّطُونَ ﴿٦١﴾
Ɔne Opumpuni a Ɔkorͻn wͻ Nenkoa soͻ, Ɔsoma (Soro abͻfoͻ) awεnfoͻ (ma wͻ’wεn mo san twerε dwuma a modie biara) dekosi sε, owuo bεba momu bi so, na Y’asomafoͻ (Soro abͻfoͻ) ama wᴐn ayi nenkwa. Wͻ’mmu wͻn ani nngu wͻn adwuma so-,
ثُمَّ رُدُّوٓاْ إِلَى ٱللَّهِ مَوۡلَىٰهُمُ ٱلۡحَقِّۚ أَلَا لَهُ ٱلۡحُكۡمُ وَهُوَ أَسۡرَعُ ٱلۡحَٰسِبِينَ ﴿٦٢﴾
Afei na wͻn asan kͻ Nyankopͻn a Ɔne wͻn nokorε Kyitaafoͻ no hͻ. Nokorε sε, Ɔno na atemmuo yε Ne dea, na Ɔno na Neho yε hare wͻ akontabuo mu.
وَهُوَ ٱلَّذِي خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ بِٱلۡحَقِّۖ وَيَوۡمَ يَقُولُ كُن فَيَكُونُۚ قَوۡلُهُ ٱلۡحَقُّۚ وَلَهُ ٱلۡمُلۡكُ يَوۡمَ يُنفَخُ فِي ٱلصُّورِۚ عَٰلِمُ ٱلۡغَيۡبِ وَٱلشَّهَٰدَةِۚ وَهُوَ ٱلۡحَكِيمُ ٱلۡخَبِيرُ ﴿٧٣﴾
Ɔno na Ɔde nokorε bͻͻ soro ne asaase; saa Da no Ɔbεka sε: ‘’Yε!” Na ayε, na N’asεm na εyε nokorε. Ɔno na Tumi no wͻ no wͻ Da a yεbεbͻ totorobεnto no mu no. Nsumaeε mu ne Badwamu Nimdefoͻ no, Ɔne Nyankopͻn Nyansafoͻ no, Ɔne biribira ho Amanebͻ Wura no.
۞إِنَّ ٱللَّهَ فَالِقُ ٱلۡحَبِّ وَٱلنَّوَىٰۖ يُخۡرِجُ ٱلۡحَيَّ مِنَ ٱلۡمَيِّتِ وَمُخۡرِجُ ٱلۡمَيِّتِ مِنَ ٱلۡحَيِّۚ ذَٰلِكُمُ ٱللَّهُۖ فَأَنَّىٰ تُؤۡفَكُونَ ﴿٩٥﴾
Nokorε sε, Nyankopͻn na Ɔma aduaba ne akyiresua aba fifre, εna Ɔma ͻteasefoͻ fri awufoͻ mu, εna Oyi awufoͻ nso fri ateasefoͻ mu. Nyankopͻn no ne no, afei adεn na modane moho (fri nokorε no ho)?
فَالِقُ ٱلۡإِصۡبَاحِ وَجَعَلَ ٱلَّيۡلَ سَكَنٗا وَٱلشَّمۡسَ وَٱلۡقَمَرَ حُسۡبَانٗاۚ ذَٰلِكَ تَقۡدِيرُ ٱلۡعَزِيزِ ٱلۡعَلِيمِ ﴿٩٦﴾
(Ɔno na) Ɔma adeε kye, εna W’ayε adesae ahomegye (berε ama adasamma, εna W’ayε) awia ne bosome (nso εberε ho) akontabuo. Woi yε Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Onimdefoͻ no nhyehyεε.
وَهُوَ ٱلَّذِي جَعَلَ لَكُمُ ٱلنُّجُومَ لِتَهۡتَدُواْ بِهَا فِي ظُلُمَٰتِ ٱلۡبَرِّ وَٱلۡبَحۡرِۗ قَدۡ فَصَّلۡنَا ٱلۡأٓيَٰتِ لِقَوۡمٖ يَعۡلَمُونَ ﴿٩٧﴾
Ɔno na W’ayε nsoromma ama mo, sεdeε εbεkyerε mo kwan wͻ asaase so sum mu ne ͻpo soͻ. Ampa sε, Y’akyerεkyerε nsεm no mu ama amanfoͻ a wͻ’nim.
وَهُوَ ٱلَّذِيٓ أَنشَأَكُم مِّن نَّفۡسٖ وَٰحِدَةٖ فَمُسۡتَقَرّٞ وَمُسۡتَوۡدَعٞۗ قَدۡ فَصَّلۡنَا ٱلۡأٓيَٰتِ لِقَوۡمٖ يَفۡقَهُونَ ﴿٩٨﴾
Ɔno na Ɔbͻͻ mo fri honam baako mu, (εna W’ama mo) atenaeε (wͻ asaase so, anaasε momaame awodeε mu) asan (ama mo tenaberε) wͻ sie da mu (wͻ adakamena mu). Ampa sε Y’akyerεkyerε nsεm no mu ama amanfoͻ a wͻ’te (asεm) aseε.
وَهُوَ ٱلَّذِيٓ أَنزَلَ مِنَ ٱلسَّمَآءِ مَآءٗ فَأَخۡرَجۡنَا بِهِۦ نَبَاتَ كُلِّ شَيۡءٖ فَأَخۡرَجۡنَا مِنۡهُ خَضِرٗا نُّخۡرِجُ مِنۡهُ حَبّٗا مُّتَرَاكِبٗا وَمِنَ ٱلنَّخۡلِ مِن طَلۡعِهَا قِنۡوَانٞ دَانِيَةٞ وَجَنَّـٰتٖ مِّنۡ أَعۡنَابٖ وَٱلزَّيۡتُونَ وَٱلرُّمَّانَ مُشۡتَبِهٗا وَغَيۡرَ مُتَشَٰبِهٍۗ ٱنظُرُوٓاْ إِلَىٰ ثَمَرِهِۦٓ إِذَآ أَثۡمَرَ وَيَنۡعِهِۦٓۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكُمۡ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يُؤۡمِنُونَ ﴿٩٩﴾
Ɔno na Osiane nsuo fri soro dema nnuaba ahodoͻ fifire, na Y’ama nͻbaeε mono apue mu, na Y’ama nuaba a εbͻ esa-sa (ne mmεtem ne aduro-aduro tesε borͻdeε, aburoo, abε ne deε εkeka ho nyinaa) apue mu, na akyiresua dua no nkͻn mu na (aduaba a εbͻ) esa-sa a moduru soͻ no wͻ, εne bobe turo ne nngo dua ne Rumaan, deε εsesε ne deε εnsesε. Ɛberε a εbεso aba, na εbεbereε no monhwε n’aduaba no. Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema amanfoͻ a wͻ’gye die.
وَجَعَلُواْ لِلَّهِ شُرَكَآءَ ٱلۡجِنَّ وَخَلَقَهُمۡۖ وَخَرَقُواْ لَهُۥ بَنِينَ وَبَنَٰتِۭ بِغَيۡرِ عِلۡمٖۚ سُبۡحَٰنَهُۥ وَتَعَٰلَىٰ عَمَّا يَصِفُونَ ﴿١٠٠﴾
Wͻ’de Jinni bata Nyankopͻn ho (som wͻn) aberε a Ɔno na Ɔbͻͻ wͻn; na wͻ’ka to no so (sε Nyankopͻn wͻ) mma mmarima ne mma mmaa aberε a wͻ’nni (ho) nimdeε. Kronkron Hene ne no, Ɔkorͻn, so kyεn deε wͻ’de susu no no.
بَدِيعُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۖ أَنَّىٰ يَكُونُ لَهُۥ وَلَدٞ وَلَمۡ تَكُن لَّهُۥ صَٰحِبَةٞۖ وَخَلَقَ كُلَّ شَيۡءٖۖ وَهُوَ بِكُلِّ شَيۡءٍ عَلِيمٞ ﴿١٠١﴾
(Otumfoͻ a) Ɔhyεε Ɔsoro ne asaase mmͻeε aseε; εbεyε dεn na W’awo ba aberε a Onni yerε? Ɔno na Ɔbͻͻ biribiara, na Ɔne biribiara ho Nimdefoͻ.
ذَٰلِكُمُ ٱللَّهُ رَبُّكُمۡۖ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَۖ خَٰلِقُ كُلِّ شَيۡءٖ فَٱعۡبُدُوهُۚ وَهُوَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ وَكِيلٞ ﴿١٠٢﴾
Mo Wura Nyankopͻn no ne no, awurade foforͻ biara nnihͻ, gyesε Ɔno (nko ara) Ɔne biribiara Bͻfo; enti monsom no. Ɔno na biribiara twere no.
لَّا تُدۡرِكُهُ ٱلۡأَبۡصَٰرُ وَهُوَ يُدۡرِكُ ٱلۡأَبۡصَٰرَۖ وَهُوَ ٱللَّطِيفُ ٱلۡخَبِيرُ ﴿١٠٣﴾
Ani ntumi nnhu no, na Ɔno deε Ohu (deε) ani hunu (koduru nyinaa) na Ɔne Onitefoͻ no, Ɔne Amanebͻ Wura no.
قَدۡ جَآءَكُم بَصَآئِرُ مِن رَّبِّكُمۡۖ فَمَنۡ أَبۡصَرَ فَلِنَفۡسِهِۦۖ وَمَنۡ عَمِيَ فَعَلَيۡهَاۚ وَمَآ أَنَا۠ عَلَيۡكُم بِحَفِيظٖ ﴿١٠٤﴾
Ampa sε anibue (anaa nimdeε anaasε nyinasoͻ pefee) fri mo Wura Nyankopͻn hͻ aba mo hͻ, na obia (obenya) ani de ahwε no (εyε) ma nekraa, na obia ͻbεma n’ani afira (wͻ ho no nso) etia ͻno ara, na me (Nkͻmhyεni) deε menyε moso ͻwεnfoͻ.
إِنَّ رَبَّكُمُ ٱللَّهُ ٱلَّذِي خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ فِي سِتَّةِ أَيَّامٖ ثُمَّ ٱسۡتَوَىٰ عَلَى ٱلۡعَرۡشِۖ يُغۡشِي ٱلَّيۡلَ ٱلنَّهَارَ يَطۡلُبُهُۥ حَثِيثٗا وَٱلشَّمۡسَ وَٱلۡقَمَرَ وَٱلنُّجُومَ مُسَخَّرَٰتِۭ بِأَمۡرِهِۦٓۗ أَلَا لَهُ ٱلۡخَلۡقُ وَٱلۡأَمۡرُۗ تَبَارَكَ ٱللَّهُ رَبُّ ٱلۡعَٰلَمِينَ ﴿٥٤﴾
Nokorε sε, mo Wura no ne Nyankopͻn a Ɔde nna nsia bͻͻ soro ne asaase, εna Ɔde Neho sii Animonyam Ahennwa no soͻ. Ɔno na Ɔma adesaeε kata adekyeε soͻ (εna adekyeε nso kata adesaeε nso soͻ) na εde ntεm pε tͻkͻ so (di wͻn ho wͻn ho akyi). Awia ne bosome ne nsoromma nso berε wͻn ho ase ma N’ahyεdeε. Nokorε sɛ, Ɔno na abͻdeε ne ahyεdeε wͻ no. Nhyira Wura ne Nyankopͻn Abͻdeε nyinaa Wura no.
ٱدۡعُواْ رَبَّكُمۡ تَضَرُّعٗا وَخُفۡيَةًۚ إِنَّهُۥ لَا يُحِبُّ ٱلۡمُعۡتَدِينَ ﴿٥٥﴾
Monfa ahobraseε nsu mfrε mo Wura Nyankopͻn wͻ kokoa mu. Nokorε sε, Ɔmpε mmratofoͻ no asεm.
وَلَا تُفۡسِدُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ بَعۡدَ إِصۡلَٰحِهَا وَٱدۡعُوهُ خَوۡفٗا وَطَمَعًاۚ إِنَّ رَحۡمَتَ ٱللَّهِ قَرِيبٞ مِّنَ ٱلۡمُحۡسِنِينَ ﴿٥٦﴾
Na monhwε na akyire yi a yɛasiesie asaase soͻ no moanni nsεmͻnee wͻ so, na momfa suro ne anidaasoͻ nsu mfrε no. Nokorε sε, Nyankopͻn ahummͻborͻ no bεn apapafoͻ no.
وَهُوَ ٱلَّذِي يُرۡسِلُ ٱلرِّيَٰحَ بُشۡرَۢا بَيۡنَ يَدَيۡ رَحۡمَتِهِۦۖ حَتَّىٰٓ إِذَآ أَقَلَّتۡ سَحَابٗا ثِقَالٗا سُقۡنَٰهُ لِبَلَدٖ مَّيِّتٖ فَأَنزَلۡنَا بِهِ ٱلۡمَآءَ فَأَخۡرَجۡنَا بِهِۦ مِن كُلِّ ٱلثَّمَرَٰتِۚ كَذَٰلِكَ نُخۡرِجُ ٱلۡمَوۡتَىٰ لَعَلَّكُمۡ تَذَكَّرُونَ ﴿٥٧﴾
Ɔno na Ɔsoma mframa sԑ anohoba ma edi N’ahummͻborͻ no anim kan; kͻpem sε (mframa no) bεsoa munumkum duruduro no; Yɛpia (mununkum no) de ma asaase a awuo, na Yεde asane nsuo no, na Yεde ama nnuaba biara apiepie. Saa ara na Yεma awufoͻ no piepie sεdeε ɛbɛyɛ a mobε dwen.
إِنَّ رَبَّكُمُ ٱللَّهُ ٱلَّذِي خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ فِي سِتَّةِ أَيَّامٖ ثُمَّ ٱسۡتَوَىٰ عَلَى ٱلۡعَرۡشِۖ يُدَبِّرُ ٱلۡأَمۡرَۖ مَا مِن شَفِيعٍ إِلَّا مِنۢ بَعۡدِ إِذۡنِهِۦۚ ذَٰلِكُمُ ٱللَّهُ رَبُّكُمۡ فَٱعۡبُدُوهُۚ أَفَلَا تَذَكَّرُونَ ﴿٣﴾
Nokorε sε, mo Wura Nyankopͻn no na Ɔbͻͻ soro ne asaase wͻ nna nsia mu, εna Ɔde Neho sii Tumi ahennwa no soͻ; Ɔno na Ɔtoto ntotoeε (biara). Ͻgyefoͻ biara nni hͻ, gyesε Ɔma kwan ansa. Mo Wura Nyankopͻn no Ɔne no, enti monsom no. Enti momfa (saa asɛm yi) nnyε afutuo?
إِلَيۡهِ مَرۡجِعُكُمۡ جَمِيعٗاۖ وَعۡدَ ٱللَّهِ حَقًّاۚ إِنَّهُۥ يَبۡدَؤُاْ ٱلۡخَلۡقَ ثُمَّ يُعِيدُهُۥ لِيَجۡزِيَ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّـٰلِحَٰتِ بِٱلۡقِسۡطِۚ وَٱلَّذِينَ كَفَرُواْ لَهُمۡ شَرَابٞ مِّنۡ حَمِيمٖ وَعَذَابٌ أَلِيمُۢ بِمَا كَانُواْ يَكۡفُرُونَ ﴿٤﴾
Monyinaa Nehͻ ne monkyi. Onyankopͻn bͻhyε yε nokorε. Nokorε sε Ɔno na Ɔfitii abͻdeε no aseε, εna Ɔbεsan de no aba (nkwa mu) bio, sεdeε Ɔbɛtua wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no ka pεpεεpε; na wͻn a wͻyi boniayε no wͻ nsuohyeε a wͻbεnom ne asotwee a εyε ya paa, εnam wͻn boniayε no ho nti.
هُوَ ٱلَّذِي جَعَلَ ٱلشَّمۡسَ ضِيَآءٗ وَٱلۡقَمَرَ نُورٗا وَقَدَّرَهُۥ مَنَازِلَ لِتَعۡلَمُواْ عَدَدَ ٱلسِّنِينَ وَٱلۡحِسَابَۚ مَا خَلَقَ ٱللَّهُ ذَٰلِكَ إِلَّا بِٱلۡحَقِّۚ يُفَصِّلُ ٱلۡأٓيَٰتِ لِقَوۡمٖ يَعۡلَمُونَ ﴿٥﴾
Onyankopͻn na Wama awia nhyerεnee εna (Wama) bosome nso nhyerεnee, εna Wahyehyε so εbrε ama no, sεdeε mobɛhunu mfeɛ dodoͻ ne nkontabuo no. Onyankopͻn ammͻ wei (kwa), na mmom (Ɔbͻͻ no) nokorε nti, Ɔkyerεkyerε Ne nsεm no mu dema amanfoͻ a wͻnim.
إِنَّ فِي ٱخۡتِلَٰفِ ٱلَّيۡلِ وَٱلنَّهَارِ وَمَا خَلَقَ ٱللَّهُ فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يَتَّقُونَ ﴿٦﴾
Nokorε sε abirabͻ a εwͻ adesaeε ne adekyeε mu, ne nneεma a Nyankopͻn abͻ a εwͻ soro ne asaase soͻ no (nyinaa) yε nsεnkyerεnee dema amanfoͻ a wͻsuro Nyame yε ahwεyie.