quranm◉

Nsɛm · ak

26 Ayɛ · Nsɛm · ak

Ali 'Imran 3:14

زُيِّنَ لِلنَّاسِ حُبُّ ٱلشَّهَوَٰتِ مِنَ ٱلنِّسَآءِ وَٱلۡبَنِينَ وَٱلۡقَنَٰطِيرِ ٱلۡمُقَنطَرَةِ مِنَ ٱلذَّهَبِ وَٱلۡفِضَّةِ وَٱلۡخَيۡلِ ٱلۡمُسَوَّمَةِ وَٱلۡأَنۡعَٰمِ وَٱلۡحَرۡثِۗ ذَٰلِكَ مَتَٰعُ ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَاۖ وَٱللَّهُ عِندَهُۥ حُسۡنُ ٱلۡمَـَٔابِ ﴿١٤﴾

Ԑmaa ho akɔnɔ, ne mma ne agyapadeε bebrebe (tesε) sika kɔkɔɔ, ne dwetε, ne mpɔnkɔ a yayεn wɔn ama wɔn ho ayε fε, ne nyεmmoa, ne mfuo ayε nnipa aniso fε. Woi nom yε wiase asetena yi mu anigye deε. Onyankopͻn hͻ na nnkyi pa no wͻ.

Ali 'Imran 3:197

مَتَٰعٞ قَلِيلٞ ثُمَّ مَأۡوَىٰهُمۡ جَهَنَّمُۖ وَبِئۡسَ ٱلۡمِهَادُ ﴿١٩٧﴾

(Wͻn wiase) anigyeε no yε ketewaabi, na akyire no wͻn asetena mu ne Amanehunu gyem, na ahomegye bea bͻne paa ne hͻ.

An-Nisa 4:24

۞وَٱلۡمُحۡصَنَٰتُ مِنَ ٱلنِّسَآءِ إِلَّا مَا مَلَكَتۡ أَيۡمَٰنُكُمۡۖ كِتَٰبَ ٱللَّهِ عَلَيۡكُمۡۚ وَأُحِلَّ لَكُم مَّا وَرَآءَ ذَٰلِكُمۡ أَن تَبۡتَغُواْ بِأَمۡوَٰلِكُم مُّحۡصِنِينَ غَيۡرَ مُسَٰفِحِينَۚ فَمَا ٱسۡتَمۡتَعۡتُم بِهِۦ مِنۡهُنَّ فَـَٔاتُوهُنَّ أُجُورَهُنَّ فَرِيضَةٗۚ وَلَا جُنَاحَ عَلَيۡكُمۡ فِيمَا تَرَٰضَيۡتُم بِهِۦ مِنۢ بَعۡدِ ٱلۡفَرِيضَةِۚ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ عَلِيمًا حَكِيمٗا ﴿٢٤﴾

Y’asan (abra mo sε mobεware) mmaa a wͻn wͻ kunu, gyesε (nneduafoͻ mmaa) no a wͻ’yε mo ara modea no. Woi yε Nyankopͻn ahyεdeε a εda mo soͻ. (Mmaa a ya’kyerε mu) yi akyi, yεma mo ho kwan sε, mode moagyapadeε bεhwehwε wͻn aware wͻn, na εnyε mpena twee anaasε adwamammͻ mu. Na wͻn a moani gye wͻn ho (sε moware wͻn no), monfa wͻn tiri aseda a εyε ahyεdeε no mma wͻn. Na (etire aseda a) εyε ahyεdeε no akyi no, εnyε bͻne mamo fa deε mobεgye ato mu ho. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Onimdefoͻ, na Ɔne Onyansafoͻ.

An-Nisa 4:77

أَلَمۡ تَرَ إِلَى ٱلَّذِينَ قِيلَ لَهُمۡ كُفُّوٓاْ أَيۡدِيَكُمۡ وَأَقِيمُواْ ٱلصَّلَوٰةَ وَءَاتُواْ ٱلزَّكَوٰةَ فَلَمَّا كُتِبَ عَلَيۡهِمُ ٱلۡقِتَالُ إِذَا فَرِيقٞ مِّنۡهُمۡ يَخۡشَوۡنَ ٱلنَّاسَ كَخَشۡيَةِ ٱللَّهِ أَوۡ أَشَدَّ خَشۡيَةٗۚ وَقَالُواْ رَبَّنَا لِمَ كَتَبۡتَ عَلَيۡنَا ٱلۡقِتَالَ لَوۡلَآ أَخَّرۡتَنَآ إِلَىٰٓ أَجَلٖ قَرِيبٖۗ قُلۡ مَتَٰعُ ٱلدُّنۡيَا قَلِيلٞ وَٱلۡأٓخِرَةُ خَيۡرٞ لِّمَنِ ٱتَّقَىٰ وَلَا تُظۡلَمُونَ فَتِيلًا ﴿٧٧﴾

Wonhunuu wͻn a yεka kyerεε wͻn sε: “Montwe monsa (mfiri ͻkoo ho), na monfrε Nyame wͻ nebrε mu, na monyi Zaka no? Afei εberε a yεyεε ͻkoo nhyε maa wͻn no, afei hwε, na wͻn mu bi suro nnipa sεdeε anka εsεsε wͻ’si suro Nyankopͻn anaasɛ wͻ’suro (nnipa) mpo kyεn saa. Asεm a wͻ’kaeε ne sε: “Ye’Wura Nyankopͻn, adεn na W’ahyehyε ͻkoo ama yεn? Sε anka Wode kͻͻ animu kakra maa yεn a?”. (Nkͻmhyεni), ka sε: “Wiase mu anigyeε no yε ketewaa bi, na Daakye no yε ma obi a osuro Nyankopͻn. Na Ye’nsisi mo ketekete koraa.

Al-An'am 6:128

وَيَوۡمَ يَحۡشُرُهُمۡ جَمِيعٗا يَٰمَعۡشَرَ ٱلۡجِنِّ قَدِ ٱسۡتَكۡثَرۡتُم مِّنَ ٱلۡإِنسِۖ وَقَالَ أَوۡلِيَآؤُهُم مِّنَ ٱلۡإِنسِ رَبَّنَا ٱسۡتَمۡتَعَ بَعۡضُنَا بِبَعۡضٖ وَبَلَغۡنَآ أَجَلَنَا ٱلَّذِيٓ أَجَّلۡتَ لَنَاۚ قَالَ ٱلنَّارُ مَثۡوَىٰكُمۡ خَٰلِدِينَ فِيهَآ إِلَّا مَا شَآءَ ٱللَّهُۚ إِنَّ رَبَّكَ حَكِيمٌ عَلِيمٞ ﴿١٢٨﴾

Ɛda a Ɔbεboa wͻn nyinaa ano (aka sε): “Jinnifoͻ fekuo, ampa sε moayera nnipa no mu bebree’’ Wͻn ayͻnkofoͻ a wͻn wͻ nnipa no mu no bεka sε: ‘’Ye’Wura Nyankopͻn, yenyaa yεnho-yεnho mfasoͻ, na seesei deε yaduru yεn berε a Wohyε maa yεn no’’ Nyankopͻn bεka sε: ‘’Egya no mu na εbεyε mofiee na emu na mobεtena, gyesε Nyankopͻn pε. Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn ne Onyansafoͻ, Ɔne Onimdefoͻ.

Al-A'raf 7:24

قَالَ ٱهۡبِطُواْ بَعۡضُكُمۡ لِبَعۡضٍ عَدُوّٞۖ وَلَكُمۡ فِي ٱلۡأَرۡضِ مُسۡتَقَرّٞ وَمَتَٰعٌ إِلَىٰ حِينٖ ﴿٢٤﴾

Nyankopͻn kaa sε: “Monsiane (nkͻ asaase so), moyε moho moho atamfo. Mowͻ asetena ne akͻnhoma wͻ asaase no so kͻpem εberε bi (a yεde ama mo no) awieeɛ “

Yunus 10:23

فَلَمَّآ أَنجَىٰهُمۡ إِذَا هُمۡ يَبۡغُونَ فِي ٱلۡأَرۡضِ بِغَيۡرِ ٱلۡحَقِّۗ يَـٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ إِنَّمَا بَغۡيُكُمۡ عَلَىٰٓ أَنفُسِكُمۖ مَّتَٰعَ ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَاۖ ثُمَّ إِلَيۡنَا مَرۡجِعُكُمۡ فَنُنَبِّئُكُم بِمَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ ﴿٢٣﴾

Nanso sε Ɔgye wͻn (firi mmusuo no mu) a, wobɛhunu sε wͻredi bͻne, te atua a enni ho kwan sε wͻyε no wͻ asaase no soͻ. Adasamma, mo bͻne (ho asεm) tia mo ara, wiase asetena mu anigyeε (yε berε tiaa bi) na Yεhͻ ne monkyi, na Yεbεbͻ mo dwuma a modiiε no ho amaneε.

Yunus 10:70

مَتَٰعٞ فِي ٱلدُّنۡيَا ثُمَّ إِلَيۡنَا مَرۡجِعُهُمۡ ثُمَّ نُذِيقُهُمُ ٱلۡعَذَابَ ٱلشَّدِيدَ بِمَا كَانُواْ يَكۡفُرُونَ ﴿٧٠﴾

Wiase mu anigyeε (yε kakraabi); afei Yεhͻ ne wͻn nkyi, na Yεbεma wͻn aka asotwee denden no ahwε, εnam (nokorε a) wͻpoeε no ho nti.

Hud 11:48

قِيلَ يَٰنُوحُ ٱهۡبِطۡ بِسَلَٰمٖ مِّنَّا وَبَرَكَٰتٍ عَلَيۡكَ وَعَلَىٰٓ أُمَمٖ مِّمَّن مَّعَكَۚ وَأُمَمٞ سَنُمَتِّعُهُمۡ ثُمَّ يَمَسُّهُم مِّنَّا عَذَابٌ أَلِيمٞ ﴿٤٨﴾

Yεkaa sε: “Noa, fa asomdwoeε a efri Yεn nkyεn siane si fͻm; na nhyira wͻ wo ne nnipa a wͻka wo ho no so, ne wͻn a wͻfri wͻn mu (anaasε wͻn asefoͻ) no mu bi; na nnipa no mu bi nso Yεbεma wͻn agye wͻn ani (berε tiaa bi) na afei asotwee yaaya a efri Yεn hͻ ato wͻn.

Hud 11:65

فَعَقَرُوهَا فَقَالَ تَمَتَّعُواْ فِي دَارِكُمۡ ثَلَٰثَةَ أَيَّامٖۖ ذَٰلِكَ وَعۡدٌ غَيۡرُ مَكۡذُوبٖ ﴿٦٥﴾

Nanso wͻkum (yoma bedeε) no. Enti (Soalhu) kaa sε: ”Modeε monye moani wͻ mo afie mu nnansa. Woi yε bͻhyε a nkontompo biara nni ho “

Ar-Ra'd 13:26

ٱللَّهُ يَبۡسُطُ ٱلرِّزۡقَ لِمَن يَشَآءُ وَيَقۡدِرُۚ وَفَرِحُواْ بِٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا وَمَا ٱلۡحَيَوٰةُ ٱلدُّنۡيَا فِي ٱلۡأٓخِرَةِ إِلَّا مَتَٰعٞ ﴿٢٦﴾

Onyankopͻn trε akͻnhoma no mu dema obia Ɔpε, εna Osusu nso (dema obi a Ɔpε). Wͻn anigye wiase asetena yi ho, aberε nso a sε wode wiase asetena yi toto Daakye no ho a, na (wiase asetena no yε) anigyesεm bi a εretwa mu akͻ.

Ibrahim 14:30

وَجَعَلُواْ لِلَّهِ أَندَادٗا لِّيُضِلُّواْ عَن سَبِيلِهِۦۗ قُلۡ تَمَتَّعُواْ فَإِنَّ مَصِيرَكُمۡ إِلَى ٱلنَّارِ ﴿٣٠﴾

Wͻde biribi toto Nyankopͻn ho de yera (amanfoͻ) fri Nekwan no so, Ka sε: “Modeε monye moani (εberε tiaa bi), na nokorε sε, moawieε ne Ogya no mu”.

Al-Hijr 15:3

ذَرۡهُمۡ يَأۡكُلُواْ وَيَتَمَتَّعُواْ وَيُلۡهِهِمُ ٱلۡأَمَلُۖ فَسَوۡفَ يَعۡلَمُونَ ﴿٣﴾

(Wodeε) gyae wͻn ma wͻnidi na wͻnye wͻn ani, na wͻma anidaasoͻ hunu nye wͻn adaagyeε na ԑnkyԑ wͻ’behunu.

Al-Hijr 15:88

لَا تَمُدَّنَّ عَيۡنَيۡكَ إِلَىٰ مَا مَتَّعۡنَا بِهِۦٓ أَزۡوَٰجٗا مِّنۡهُمۡ وَلَا تَحۡزَنۡ عَلَيۡهِمۡ وَٱخۡفِضۡ جَنَاحَكَ لِلۡمُؤۡمِنِينَ ﴿٨٨﴾

Na hwε na wanyε aniwᴐmu wͻ deε Yεde ama wͻn mu (nnipa) sononko-sononko no ho, na εmma wowerε nso nnho wͻ wͻn ho, na brε wataban ase fama agyidiefoͻ no.

An-Nahl 16:117

مَتَٰعٞ قَلِيلٞ وَلَهُمۡ عَذَابٌ أَلِيمٞ ﴿١١٧﴾

(Wᴐn) anigyeε no yε kakraabi; na wͻwͻ asotwee a εyε ya paa.

Ash-Shu'ara 26:205

أَفَرَءَيۡتَ إِن مَّتَّعۡنَٰهُمۡ سِنِينَ ﴿٢٠٥﴾

(Nkͻmhyεni), enti wahunu? Sε Yεma wͻn mfeɛ tenten mpo a,

Ash-Shu'ara 26:206

ثُمَّ جَآءَهُم مَّا كَانُواْ يُوعَدُونَ ﴿٢٠٦﴾

Deε yɛahyε wͻn ho bͻ no ba wͻn so a,

Ash-Shu'ara 26:207

مَآ أَغۡنَىٰ عَنۡهُم مَّا كَانُواْ يُمَتَّعُونَ ﴿٢٠٧﴾

(Mfe tenten a wͻdiiε) de gyee wͻn ani no ho mma mfasoͻ biara mma wͻn.

Al-Qasas 28:61

أَفَمَن وَعَدۡنَٰهُ وَعۡدًا حَسَنٗا فَهُوَ لَٰقِيهِ كَمَن مَّتَّعۡنَٰهُ مَتَٰعَ ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا ثُمَّ هُوَ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ مِنَ ٱلۡمُحۡضَرِينَ ﴿٦١﴾

Enti obi a Yεde (ͻsoro Aheman no mu) bͻhyε pa no ahyε no bͻ, na ͻbɛhyia (saa bͻhyε no wͻ Onyame hͻ) no, ͻtesε obi a Yεde wiase mu anigye deε ama no na Wusͻreε da no ͻbεka wͻn a yεde wͻn bεba (asotwee mu abεtwe n’aso)?

Al-'Ankabut 29:66

لِيَكۡفُرُواْ بِمَآ ءَاتَيۡنَٰهُمۡ وَلِيَتَمَتَّعُواْۚ فَسَوۡفَ يَعۡلَمُونَ ﴿٦٦﴾

Sεdeε wͻ’beyi deε Yε’de ama wͻn no ho boniayε, na wͻn agye wͻn ani. Ԑnkyε koraa wͻ’behunu.

Luqman 31:24

نُمَتِّعُهُمۡ قَلِيلٗا ثُمَّ نَضۡطَرُّهُمۡ إِلَىٰ عَذَابٍ غَلِيظٖ ﴿٢٤﴾

Yεbεma wͻn agye wͻn ani kakra, na afei Yɛaka wͻn so de wͻn akͻ asotwee a emu yԑ duro no mu.

Az-Zumar 39:8

۞وَإِذَا مَسَّ ٱلۡإِنسَٰنَ ضُرّٞ دَعَا رَبَّهُۥ مُنِيبًا إِلَيۡهِ ثُمَّ إِذَا خَوَّلَهُۥ نِعۡمَةٗ مِّنۡهُ نَسِيَ مَا كَانَ يَدۡعُوٓاْ إِلَيۡهِ مِن قَبۡلُ وَجَعَلَ لِلَّهِ أَندَادٗا لِّيُضِلَّ عَن سَبِيلِهِۦۚ قُلۡ تَمَتَّعۡ بِكُفۡرِكَ قَلِيلًا إِنَّكَ مِنۡ أَصۡحَٰبِ ٱلنَّارِ ﴿٨﴾

Sε ͻhaw bi to onipa a, osu frε ne Wura Nyankopͻn dane ne ho (nyinaa) ma no, na sε Ɔkyε no Ne hͻ adom bi a, ne werε firi Nea na ͻresu frε no kane no, na ͻde biribi resusu no sεdeε ͻde bεyera Ne kwan no. Ka sε: “Wodeε gye w’ani wͻ wo boniayε no mu kakra. Nokorε sε, woka egya no mu foͻ no ho “.

Ghafir 40:39

يَٰقَوۡمِ إِنَّمَا هَٰذِهِ ٱلۡحَيَوٰةُ ٱلدُّنۡيَا مَتَٰعٞ وَإِنَّ ٱلۡأٓخِرَةَ هِيَ دَارُ ٱلۡقَرَارِ ﴿٣٩﴾

Menkorͻfoͻ, nokorε sε, wiase asetena yi deε εyε anigyesεm bi kwa, na nokorε sε Daakye no ne asetena a εwͻ hͻ daa.

Al-Ahqaf 46:20

وَيَوۡمَ يُعۡرَضُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ عَلَى ٱلنَّارِ أَذۡهَبۡتُمۡ طَيِّبَٰتِكُمۡ فِي حَيَاتِكُمُ ٱلدُّنۡيَا وَٱسۡتَمۡتَعۡتُم بِهَا فَٱلۡيَوۡمَ تُجۡزَوۡنَ عَذَابَ ٱلۡهُونِ بِمَا كُنتُمۡ تَسۡتَكۡبِرُونَ فِي ٱلۡأَرۡضِ بِغَيۡرِ ٱلۡحَقِّ وَبِمَا كُنتُمۡ تَفۡسُقُونَ ﴿٢٠﴾

Ɛda a yεde wͻn a wͻnnye nnie no bεba Ogya no anim no, (yεbεka akyerε wͻn sε): ”Monsa kaa mo wiase asetena no mu papa no, εna mode gyee moani. Enti εnnε da yi yεde animguaseε asotwee na ɛbɛtua mo so ka wͻ moahomasoͻ a moyεε no wͻ asaase soͻ a na ɛnni ho kwan (sε moyε), εne mo nsεmmͻnee a modiiε no ho.

Muhammad 47:12

إِنَّ ٱللَّهَ يُدۡخِلُ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّـٰلِحَٰتِ جَنَّـٰتٖ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُۖ وَٱلَّذِينَ كَفَرُواْ يَتَمَتَّعُونَ وَيَأۡكُلُونَ كَمَا تَأۡكُلُ ٱلۡأَنۡعَٰمُ وَٱلنَّارُ مَثۡوٗى لَّهُمۡ ﴿١٢﴾

Nokorε sε Nyankpͻn de wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no bɛwura Soro aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu. Na wͻn a wͻyi boniayε no deε, wͻregye wͻn ani na wͻdidi tesε deε nyεmmoa didie, na boniayεfoͻ no fie ne Amanehunu gyam.

Al-Mursalat 77:46

كُلُواْ وَتَمَتَّعُواْ قَلِيلًا إِنَّكُم مُّجۡرِمُونَ ﴿٤٦﴾

(Abͻneεfoͻ), monidi, na monye moani berε tiaa bi, nokorε sε, moyε abͻneεfoͻ.

Nsɛm