أَلَا يَعۡلَمُ مَنۡ خَلَقَ وَهُوَ ٱللَّطِيفُ ٱلۡخَبِيرُ ﴿١٤﴾
Enti Nea Ɔbͻͻ adeε no Onnim (N’abͻdeε)? Ɔne Onitefo a Onim biribiara mu yie, Amanebͻ Wura no.
481 Ayɛ · Nsɛm · ak
أَلَا يَعۡلَمُ مَنۡ خَلَقَ وَهُوَ ٱللَّطِيفُ ٱلۡخَبِيرُ ﴿١٤﴾
Enti Nea Ɔbͻͻ adeε no Onnim (N’abͻdeε)? Ɔne Onitefo a Onim biribiara mu yie, Amanebͻ Wura no.
هُوَ ٱلَّذِي جَعَلَ لَكُمُ ٱلۡأَرۡضَ ذَلُولٗا فَٱمۡشُواْ فِي مَنَاكِبِهَا وَكُلُواْ مِن رِّزۡقِهِۦۖ وَإِلَيۡهِ ٱلنُّشُورُ ﴿١٥﴾
Ɔno na W’ayε asaase aberε no ase ama mo, enti monfa emu akwan no so, na monidi wͻ N’akͻnhoma no mu, na Nehͻ na Owusͻreε no wͻ.
ءَأَمِنتُم مَّن فِي ٱلسَّمَآءِ أَن يَخۡسِفَ بِكُمُ ٱلۡأَرۡضَ فَإِذَا هِيَ تَمُورُ ﴿١٦﴾
Anaasε moho atͻ mo sε, Nea Ɔwͻ soro no mma asaaase no mmene mo sε εwoso a?
أَمۡ أَمِنتُم مَّن فِي ٱلسَّمَآءِ أَن يُرۡسِلَ عَلَيۡكُمۡ حَاصِبٗاۖ فَسَتَعۡلَمُونَ كَيۡفَ نَذِيرِ ﴿١٧﴾
Anaasε moho atͻ mo sε Nea Ɔwͻ soro no mma mframa den bi mmͻ mo (sεdeε εbͻͻ Aadfoͻ no)? (Ԑhͻ na) mobehunu sεdeε Me kͻkͻbͻ (akyiri asεm) siteε.
وَلَقَدۡ كَذَّبَ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡ فَكَيۡفَ كَانَ نَكِيرِ ﴿١٨﴾
Ampa sε, wͻn a wͻdii wͻn anim kan no buu (Asomafoͻ no) atorᴐfoᴐ; na sεdeε M’abufuhyeε (a εbaa wͻn so no) siteε.
أَوَلَمۡ يَرَوۡاْ إِلَى ٱلطَّيۡرِ فَوۡقَهُمۡ صَـٰٓفَّـٰتٖ وَيَقۡبِضۡنَۚ مَا يُمۡسِكُهُنَّ إِلَّا ٱلرَّحۡمَٰنُۚ إِنَّهُۥ بِكُلِّ شَيۡءِۭ بَصِيرٌ ﴿١٩﴾
Anaasε wͻ’nhunuu nnomaa a wͻn wͻ wͻn apampamu a, wͻ’tu bae wͻn ntaban mu san ka to mu no? Obiara nkuta wͻn mu, na mmom Ahummͻborͻ Hene no ara. Nokorε sε, Ɔno na Ohunu biribiara.
أَمَّنۡ هَٰذَا ٱلَّذِي هُوَ جُندٞ لَّكُمۡ يَنصُرُكُم مِّن دُونِ ٱلرَّحۡمَٰنِۚ إِنِ ٱلۡكَٰفِرُونَ إِلَّا فِي غُرُورٍ ﴿٢٠﴾
Sε εnnyε Ahummͻborͻ Hene no a, hwan bio ne moasraafoͻ a, wͻ’bεboa mo? Nokorε sε, boniayεfoͻ no wͻ nnaadaa paa mu.
أَمَّنۡ هَٰذَا ٱلَّذِي يَرۡزُقُكُمۡ إِنۡ أَمۡسَكَ رِزۡقَهُۥۚ بَل لَّجُّواْ فِي عُتُوّٖ وَنُفُورٍ ﴿٢١﴾
Sε osi N’akͻnhoma ho kwan a, hwan bio na ͻbεbͻ mo akͻnhoma? Nanso wͻ’kͻ so te atua dwane (Nokorε no).
أَفَمَن يَمۡشِي مُكِبًّا عَلَىٰ وَجۡهِهِۦٓ أَهۡدَىٰٓ أَمَّن يَمۡشِي سَوِيًّا عَلَىٰ صِرَٰطٖ مُّسۡتَقِيمٖ ﴿٢٢﴾
Enti obi a ͻnam a wasi neti ase ama n’anim wͻ fͻm no na atenee, anaasε obi a, ͻnam a w’atene ne ho nam kwan tenenee soͻ?.
قُلۡ هُوَ ٱلَّذِيٓ أَنشَأَكُمۡ وَجَعَلَ لَكُمُ ٱلسَّمۡعَ وَٱلۡأَبۡصَٰرَ وَٱلۡأَفۡـِٔدَةَۚ قَلِيلٗا مَّا تَشۡكُرُونَ ﴿٢٣﴾
(Nkͻmhyεni), ka sε: ”Ɔno na Wabͻ mo, εna Wama mo aso ne ani ne akoma; (nanso) aseda kakraabi na mode da (no) aseε “.
قُلۡ هُوَ ٱلَّذِي ذَرَأَكُمۡ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَإِلَيۡهِ تُحۡشَرُونَ ﴿٢٤﴾
Ka sε: “Ɔno na Wama moase atrε wͻ asaase no soͻ, na Nehͻ na mobehyia“.
فَإِذَا نُفِخَ فِي ٱلصُّورِ نَفۡخَةٞ وَٰحِدَةٞ ﴿١٣﴾
Sε yεbͻ Totorobεnto no mu bͻ prεko a,
وَحُمِلَتِ ٱلۡأَرۡضُ وَٱلۡجِبَالُ فَدُكَّتَا دَكَّةٗ وَٰحِدَةٗ ﴿١٤﴾
Na yεpagya asaase ne mmepͻ, na εyam yam prεko a,
فَيَوۡمَئِذٖ وَقَعَتِ ٱلۡوَاقِعَةُ ﴿١٥﴾
Saa Da no na εberε no aso.
وَٱنشَقَّتِ ٱلسَّمَآءُ فَهِيَ يَوۡمَئِذٖ وَاهِيَةٞ ﴿١٦﴾
Ɔsoro mu bɛsunsuan wͻ saa Da no ama no ayε mmrε, (n’ahoͻden no bεsa).
وَٱلۡمَلَكُ عَلَىٰٓ أَرۡجَآئِهَاۚ وَيَحۡمِلُ عَرۡشَ رَبِّكَ فَوۡقَهُمۡ يَوۡمَئِذٖ ثَمَٰنِيَةٞ ﴿١٧﴾
Na Soro abͻfoͻ bɛgyina-gyina ne ntweaso, na (Soro abͻfoͻ) nwͻtwe na wͻbεsoa wo Wura Nyankopͻn Ahennwa no wͻ wͻn apampamu saa da no.
يَوۡمَئِذٖ تُعۡرَضُونَ لَا تَخۡفَىٰ مِنكُمۡ خَافِيَةٞ ﴿١٨﴾
Saa Da no, yεde mobεba (mo Wura Nyankopͻn anim), na momu biara asumasεm nsuma.
سَأَلَ سَآئِلُۢ بِعَذَابٖ وَاقِعٖ ﴿١﴾
Obisafoͻ bi abisa fa asotwee a εrebesi –
لِّلۡكَٰفِرِينَ لَيۡسَ لَهُۥ دَافِعٞ ﴿٢﴾
Ama boniayεfoͻ no a, ɛnni obi a obɛsi ho kwan no ho asεm.
مِّنَ ٱللَّهِ ذِي ٱلۡمَعَارِجِ ﴿٣﴾
(Saa asotwee no) firi Sorokͻ akwan Wura Nyankopͻn no hͻ.
تَعۡرُجُ ٱلۡمَلَـٰٓئِكَةُ وَٱلرُّوحُ إِلَيۡهِ فِي يَوۡمٖ كَانَ مِقۡدَارُهُۥ خَمۡسِينَ أَلۡفَ سَنَةٖ ﴿٤﴾
Soro abͻfoͻ ne Honhom no (Gabriel) de dakoro fro kͻ Nehͻ a nensusueε yε (wiase nsusueε) mfie mpem aduonum.
فَٱصۡبِرۡ صَبۡرٗا جَمِيلًا ﴿٥﴾
Enti (Nkͻmhyεni), si aboterε, aboterε pa (a yaw die anaa apenesie biara nni ho).
إِنَّهُمۡ يَرَوۡنَهُۥ بَعِيدٗا ﴿٦﴾
Nokorε sε wͻhunu (asotwee) no wͻ akyiri kyiri.
وَنَرَىٰهُ قَرِيبٗا ﴿٧﴾
Ɛna Yεnso Yεhunu no sε abεn.
يَوۡمَ تَكُونُ ٱلسَّمَآءُ كَٱلۡمُهۡلِ ﴿٨﴾
Ɛda a ͻsoro bεyε sε yaawa a ananee,
وَتَكُونُ ٱلۡجِبَالُ كَٱلۡعِهۡنِ ﴿٩﴾
Na mmepͻ nso bεyε sε aboa nwii a εrehu korͻ,
وَلَا يَسۡـَٔلُ حَمِيمٌ حَمِيمٗا ﴿١٠﴾
(Saa Da no) adamfoͻ mmisa adamfoͻ (asεm).
فَقُلۡتُ ٱسۡتَغۡفِرُواْ رَبَّكُمۡ إِنَّهُۥ كَانَ غَفَّارٗا ﴿١٠﴾
Maka akyerε wͻn sε: “Monsrε mo Wura Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε, nokorε sε, Ɔne Bͻnefakyε Hene.
يُرۡسِلِ ٱلسَّمَآءَ عَلَيۡكُم مِّدۡرَارٗا ﴿١١﴾
Ɔbεma nsuo atͻ fri soro ama no abu mo so.
وَيُمۡدِدۡكُم بِأَمۡوَٰلٖ وَبَنِينَ وَيَجۡعَل لَّكُمۡ جَنَّـٰتٖ وَيَجۡعَل لَّكُمۡ أَنۡهَٰرٗا ﴿١٢﴾
Na Wama mo ahonyadeε (anaa sika) ne mma pii, na Wama mo anya mfuo, na Wama mo nsubͻnten.
مَّا لَكُمۡ لَا تَرۡجُونَ لِلَّهِ وَقَارٗا ﴿١٣﴾
Ɛdeεn na εha mo a enti monhwehwε nkͻsoͻ ne kεseyε wͻ Nyankopͻn hͻ?
وَقَدۡ خَلَقَكُمۡ أَطۡوَارًا ﴿١٤﴾
Ampa sε Ɔnam akwan hodoͻ so na abͻ mo?
أَلَمۡ تَرَوۡاْ كَيۡفَ خَلَقَ ٱللَّهُ سَبۡعَ سَمَٰوَٰتٖ طِبَاقٗا ﴿١٥﴾
Monhunuu sεdeε Nyankopͻn asi abͻ ͻsoro nson a, εtoatoa soͻ?
وَجَعَلَ ٱلۡقَمَرَ فِيهِنَّ نُورٗا وَجَعَلَ ٱلشَّمۡسَ سِرَاجٗا ﴿١٦﴾
Ɛna Wayε bosome no nhyerεnee wͻ mu, εna Wayε awia no nso kanea?
وَٱللَّهُ أَنۢبَتَكُم مِّنَ ٱلۡأَرۡضِ نَبَاتٗا ﴿١٧﴾
Nyankopͻn na Wama mo afifi mfifiriε pa wͻ asaase no soͻ.
ثُمَّ يُعِيدُكُمۡ فِيهَا وَيُخۡرِجُكُمۡ إِخۡرَاجٗا ﴿١٨﴾
Afei Ɔbεma mo asan akͻ asaase no mu, na Wama mo apue pue paa (wͻ Atemmuda).
وَٱللَّهُ جَعَلَ لَكُمُ ٱلۡأَرۡضَ بِسَاطٗا ﴿١٩﴾
Nyankopͻn na Wayε asaase de asε hͻ atrε mu ama mo,
لِّتَسۡلُكُواْ مِنۡهَا سُبُلٗا فِجَاجٗا ﴿٢٠﴾
Sεdeε mobεnante emu akwan a, εtrε no soͻ.
لَآ أُقۡسِمُ بِيَوۡمِ ٱلۡقِيَٰمَةِ ﴿١﴾
Mede Owusͻreε Da no di nse.
وَلَآ أُقۡسِمُ بِٱلنَّفۡسِ ٱللَّوَّامَةِ ﴿٢﴾
Mesan de (gyidieni) kraa a ᴐbᴐ ne ho soboᴐ (wͻ bͻne bi a wayε ho anaa papa bi a wanyε ho) di nse.
أَيَحۡسَبُ ٱلۡإِنسَٰنُ أَلَّن نَّجۡمَعَ عِظَامَهُۥ ﴿٣﴾
Enti onipa dwen sε, Yε’moaboa ne nnompe ano (nnyane no mmu no atεn)?
بَلَىٰ قَٰدِرِينَ عَلَىٰٓ أَن نُّسَوِّيَ بَنَانَهُۥ ﴿٤﴾
Daabi, Yεwͻ tumi sε ne nsa teaa ano no (mpo) Yεyε no pεpεεpε.
بَلۡ يُرِيدُ ٱلۡإِنسَٰنُ لِيَفۡجُرَ أَمَامَهُۥ ﴿٥﴾
Nanso onipa pε sε ͻkͻso yε bͻne kͻ n’anim.
يَسۡـَٔلُ أَيَّانَ يَوۡمُ ٱلۡقِيَٰمَةِ ﴿٦﴾
Obisa (dedi fεw) sε: “Ɛberε bεn ne Owu-sͻreε Da no?”
فَإِذَا بَرِقَ ٱلۡبَصَرُ ﴿٧﴾
Sε aniwa so te nyinam,
وَخَسَفَ ٱلۡقَمَرُ ﴿٨﴾
Na bosome yε tumm (anaasε bosome hwere ne nhyerԑnee),
وَجُمِعَ ٱلشَّمۡسُ وَٱلۡقَمَرُ ﴿٩﴾
Na yεka Awia ne Bosome bom a,
يَقُولُ ٱلۡإِنسَٰنُ يَوۡمَئِذٍ أَيۡنَ ٱلۡمَفَرُّ ﴿١٠﴾
Saa Da no onipa bεka sε: ”Dwane kͻbea wͻ hen?”
كَلَّا لَا وَزَرَ ﴿١١﴾
Daabi, dwane kͻbea biara nni hͻ.
إِلَىٰ رَبِّكَ يَوۡمَئِذٍ ٱلۡمُسۡتَقَرُّ ﴿١٢﴾
Saa Da no, wo Wura Nyankopͻn hͻ nko ara ne Ahomegye bea.