quranm◉

Kratafa 603

Range
from 109:1 to 111:5
Surahs covered
Nkyerɛase
14 Nkyerɛase

◉

109:1

قُلۡ يَـٰٓأَيُّهَا ٱلۡكَٰفِرُونَ ﴿1﴾

(Ɔkɔmhyɛni), ka sɛ: “(Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ,

109:2

لَآ أَعۡبُدُ مَا تَعۡبُدُونَ ﴿2﴾

Mennsom adeε a mosom.

109:3

وَلَآ أَنتُمۡ عَٰبِدُونَ مَآ أَعۡبُدُ ﴿3﴾

Ɛna monso monnsom Nea mesom no.

109:4

وَلَآ أَنَا۠ عَابِدٞ مَّا عَبَدتُّمۡ ﴿4﴾

Na εmma sε mεsom adeε a mosom,

109:5

وَلَآ أَنتُمۡ عَٰبِدُونَ مَآ أَعۡبُدُ ﴿5﴾

Ɛna monso monnsom Nea mesom no,

109:6

لَكُمۡ دِينُكُمۡ وَلِيَ دِينِ ﴿6﴾

Mosom wͻ mo, menso mesom wͻ me.

110:1

إِذَا جَآءَ نَصۡرُ ٱللَّهِ وَٱلۡفَتۡحُ ﴿1﴾

Sε Nyankopͻn mmoa ne Nkonimdie no ba a,

110:2

وَرَأَيۡتَ ٱلنَّاسَ يَدۡخُلُونَ فِي دِينِ ٱللَّهِ أَفۡوَاجٗا ﴿2﴾

Wobɛhunu sε nnipa rewura Onyankopͻn som no mu akuo-akuo.

110:3

فَسَبِّحۡ بِحَمۡدِ رَبِّكَ وَٱسۡتَغۡفِرۡهُۚ إِنَّهُۥ كَانَ تَوَّابَۢا ﴿3﴾

Enti bͻ wo Wura Nyankopͻn abodin na srε Ne hͻ bͻnefakyε, nokorε sε Ɔno na Ɔde bͻne kyε.

111:1

تَبَّتۡ يَدَآ أَبِي لَهَبٖ وَتَبَّ ﴿1﴾

Abii Lahab nsa asopa, na ͻbεsopa.

111:2

مَآ أَغۡنَىٰ عَنۡهُ مَالُهُۥ وَمَا كَسَبَ ﴿2﴾

N’ahonyadeε ne deε nensa aka biara ho mma mfasoͻ mma no.

111:3

سَيَصۡلَىٰ نَارٗا ذَاتَ لَهَبٖ ﴿3﴾

Yεbεhye no wͻ Ogya a εwͻ ogyaframa no mu.

111:4

وَٱمۡرَأَتُهُۥ حَمَّالَةَ ٱلۡحَطَبِ ﴿4﴾

Ɔne ne yere no a, ͻsoa nnyentia no.

111:5

فِي جِيدِهَا حَبۡلٞ مِّن مَّسَدِۭ ﴿5﴾

Ahoma a yawͻ no mmεsa na bɛgu ne kͻn mu.