quranm◉

Kratafa 604

Range
from 112:1 to 114:6
Surahs covered
Nkyerɛase
15 Nkyerɛase

◉

112:1

قُلۡ هُوَ ٱللَّهُ أَحَدٌ ﴿1﴾

(Ɔkͻmhyεni), ka sε: Ɔno Nyankopͻn Ɔyε Baako.

112:2

ٱللَّهُ ٱلصَّمَدُ ﴿2﴾

Onyankopͻn, Ɔno na Ɔde Ne ho (na abͻdeε nyinaa dane no).

112:3

لَمۡ يَلِدۡ وَلَمۡ يُولَدۡ ﴿3﴾

Wannwo ba, na obi nso annwo no,

112:4

وَلَمۡ يَكُن لَّهُۥ كُفُوًا أَحَدُۢ ﴿4﴾

Na obiara nso ntesε Ɔno, anaa sε yεde no susu no.

113:1

قُلۡ أَعُوذُ بِرَبِّ ٱلۡفَلَقِ ﴿1﴾

Ka sɛ: Mehwehwɛ ntwitwagyeɛ firi ahomakye Wura no hɔ.

113:2

مِن شَرِّ مَا خَلَقَ ﴿2﴾

Ɛfa adeε a Wabͻ (biara) bͻne ho.

113:3

وَمِن شَرِّ غَاسِقٍ إِذَا وَقَبَ ﴿3﴾

(Mesan hwehwε sε, ɔntwitwa nye me) wͻ esum mu bͻne mu, sε esum ba a;

113:4

وَمِن شَرِّ ٱلنَّفَّـٰثَٰتِ فِي ٱلۡعُقَدِ ﴿4﴾

(Mesan mesu frε no sε ɔntwitwa nye me) wͻ Nkabrekyerefoͻ a wͻbͻ apͻ tete ntasuo gu soͻ no bͻne mu;

113:5

وَمِن شَرِّ حَاسِدٍ إِذَا حَسَدَ ﴿5﴾

(Mesu frε no bio sε, ɔntwitwa nye me) wͻ ahoͻyaafoͻ bͻne mu, sε wͻyε ahoͻyaa a.

114:1

قُلۡ أَعُوذُ بِرَبِّ ٱلنَّاسِ ﴿1﴾

Ka sε: “Mehwehwε ntwitwagyeε firi nnipa Wura ( Nyankopͻn ) no hͻ.

114:2

مَلِكِ ٱلنَّاسِ ﴿2﴾

Nipa Hene hɔ.

114:3

إِلَٰهِ ٱلنَّاسِ ﴿3﴾

Nnipa Nyankopͻn no,

114:4

مِن شَرِّ ٱلۡوَسۡوَاسِ ٱلۡخَنَّاسِ ﴿4﴾

(Sε, Ɔntwitwa ngye me) mfiri ͻbonsam daadaafoͻ a, (ͻdaadaa nnipa wie a) na watwe ne ho no bͻne mu.

114:5

ٱلَّذِي يُوَسۡوِسُ فِي صُدُورِ ٱلنَّاسِ ﴿5﴾

Ɔbonsam a ͻdaadaa nnipa wͻ akoma mu no.

114:6

مِنَ ٱلۡجِنَّةِ وَٱلنَّاسِ ﴿6﴾

Ɛfiri Jinn (mmoatia) ne nnipa bonsam (nyinaa bͻne mu).