quranm◉

Nsɛm · ak (Kratafa 3)

113 Ayɛ · Nsɛm · ak

Al-Mursalat 77:6

عُذۡرًا أَوۡ نُذۡرًا ﴿٦﴾

De yε nyinasoͻ anaa kͻkͻbͻ no di nse sε:

An-Naba 78:38

يَوۡمَ يَقُومُ ٱلرُّوحُ وَٱلۡمَلَـٰٓئِكَةُ صَفّٗاۖ لَّا يَتَكَلَّمُونَ إِلَّا مَنۡ أَذِنَ لَهُ ٱلرَّحۡمَٰنُ وَقَالَ صَوَابٗا ﴿٣٨﴾

Ɛda a Honhom no ne Soro abͻfoͻ no bεto santen no, obiara nkasa gyesε obi a Ahummͻborͻ Hene no ama no kwan, na ͻbεka asεm a εyε.

At-Takwir 81:19

إِنَّهُۥ لَقَوۡلُ رَسُولٖ كَرِيمٖ ﴿١٩﴾

Nokorε, (Qur’aan) yε Ɔbͻfoͻ Nimuonyamfoͻ no asεm (a, Nyankopͻn de asomaa no).

At-Takwir 81:20

ذِي قُوَّةٍ عِندَ ذِي ٱلۡعَرۡشِ مَكِينٖ ﴿٢٠﴾

(Ɔbͻfoͻ Gabriel) a ͻwͻ Tumi ne diberε wͻ Animuoyam Hene no anim no,

At-Takwir 81:21

مُّطَاعٖ ثَمَّ أَمِينٖ ﴿٢١﴾

(Gabriel) a (Abofoͻ) yε sotie ma no, Nokwafoͻ no.

Al-Fajr 89:21

كَلَّآۖ إِذَا دُكَّتِ ٱلۡأَرۡضُ دَكّٗا دَكّٗا ﴿٢١﴾

Daabi, sε asaase bubu na εyε gͻsͻgͻsͻ,

Al-Fajr 89:22

وَجَآءَ رَبُّكَ وَٱلۡمَلَكُ صَفّٗا صَفّٗا ﴿٢٢﴾

Na wo Wura Nyankopͻn ba na Soro abͻfoͻ no to santen a,

Al-Fajr 89:23

وَجِاْيٓءَ يَوۡمَئِذِۭ بِجَهَنَّمَۚ يَوۡمَئِذٖ يَتَذَكَّرُ ٱلۡإِنسَٰنُ وَأَنَّىٰ لَهُ ٱلذِّكۡرَىٰ ﴿٢٣﴾

Na saa Da no yεde Amanehunu gya no ba a, saa Da no onipa bεfa adwen anaasε ɔbɛtu ne ho fo, na deεn mfasoͻ na adwen anaa afutuo no bεyε ama no?

Al-Qadr 97:1

إِنَّآ أَنزَلۡنَٰهُ فِي لَيۡلَةِ ٱلۡقَدۡرِ ﴿١﴾

Nokorε sε, Yɛsianee (Qur’aan) wͻ Tumi anaasԑ Nhyehyεe Anadwo no mu.

Al-Qadr 97:2

وَمَآ أَدۡرَىٰكَ مَا لَيۡلَةُ ٱلۡقَدۡرِ ﴿٢﴾

Na εdeεn na εbεkyerε wo sεdeε Tumi anaa Nhyehyεe Anadwo no si teε?

Al-Qadr 97:3

لَيۡلَةُ ٱلۡقَدۡرِ خَيۡرٞ مِّنۡ أَلۡفِ شَهۡرٖ ﴿٣﴾

Tumi anaa Nhyehyεe Anadwo no (mu nhyira) kyεn bosome apem.

Al-Qadr 97:4

تَنَزَّلُ ٱلۡمَلَـٰٓئِكَةُ وَٱلرُّوحُ فِيهَا بِإِذۡنِ رَبِّهِم مِّن كُلِّ أَمۡرٖ ﴿٤﴾

Soro Abͻfoͻ ne Honhom no (Gabriel) siane (fri soro ba asaase so) wͻ (saa Anadwo no) mu wͻ wͻn Wura Nyankopͻn akwamma mu dema dwumadie biara.

Al-Qadr 97:5

سَلَٰمٌ هِيَ حَتَّىٰ مَطۡلَعِ ٱلۡفَجۡرِ ﴿٥﴾

(Saa Anadwo no yε) asomdwoeε nko ara kosi sε ahomakye bεba.

Nsɛm