quranm◉

Kratafa 599

Range
from 98:8 to 100:9
Surahs covered
Nkyerɛase
18 Nkyerɛase

◉

98:8

جَزَآؤُهُمۡ عِندَ رَبِّهِمۡ جَنَّـٰتُ عَدۡنٖ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُ خَٰلِدِينَ فِيهَآ أَبَدٗاۖ رَّضِيَ ٱللَّهُ عَنۡهُمۡ وَرَضُواْ عَنۡهُۚ ذَٰلِكَ لِمَنۡ خَشِيَ رَبَّهُۥ ﴿8﴾

Wͻn akatua wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ; (εne) Aheman no a εwͻ hͻ daa a nsubͻnten nenam aseε no. Emu na wͻbεtena afe bͻͻ. Nyankopͻn agye wͻn atum, εna wͻn nso agye no atum. Saa akyεdeε (no) wͻ obi a osuro ne Wura Nyankopͻn.

99:1

إِذَا زُلۡزِلَتِ ٱلۡأَرۡضُ زِلۡزَالَهَا ﴿1﴾

Sε asaase woso ne nwosoeε no a,

99:2

وَأَخۡرَجَتِ ٱلۡأَرۡضُ أَثۡقَالَهَا ﴿2﴾

Na asaase yi n’adesoa no firi adi a,

99:3

وَقَالَ ٱلۡإِنسَٰنُ مَا لَهَا ﴿3﴾

Na onipa ka sε: “Ɛdeεn na aba asaase soͻ a?”

99:4

يَوۡمَئِذٖ تُحَدِّثُ أَخۡبَارَهَا ﴿4﴾

Saa Da no asaase bεbͻ n’amaneε.

99:5

بِأَنَّ رَبَّكَ أَوۡحَىٰ لَهَا ﴿5﴾

Efiri sε, wo Wura Nyankopͻn na ayi no adi na Wahyɛ noɔ,

99:6

يَوۡمَئِذٖ يَصۡدُرُ ٱلنَّاسُ أَشۡتَاتٗا لِّيُرَوۡاْ أَعۡمَٰلَهُمۡ ﴿6﴾

Saa Da no nnipa bepue akuoakuo sononkosononko akͻhwε wͻn nwuma.

99:7

فَمَن يَعۡمَلۡ مِثۡقَالَ ذَرَّةٍ خَيۡرٗا يَرَهُۥ ﴿7﴾

Obi a ɔbɛdi dwuma pa bi a emu duro ketekete te sε aboboaa a (onipa) ani ntumi nhunu no (saa nipa no) bɛhunu (n'adeε).

99:8

وَمَن يَعۡمَلۡ مِثۡقَالَ ذَرَّةٖ شَرّٗا يَرَهُۥ ﴿8﴾

(Saa ara) nso na obi a, ɔbɛdi dwuma bͻne bi a emu duro ketekete te sε aboboaa a (onipa) ani ntumi nhunu no (ͻno nso) bɛhunu (n'adeε).

100:1

وَٱلۡعَٰدِيَٰتِ ضَبۡحٗا ﴿1﴾

Mede (apͻnkͻ a wɔrekͻ sa) na wͻretu mmirika home tehyetehye no di nse,

100:2

فَٱلۡمُورِيَٰتِ قَدۡحٗا ﴿2﴾

Ne wͻn tͻte a (etia εboͻ so a), na ate gya no nso di nse.

100:3

فَٱلۡمُغِيرَٰتِ صُبۡحٗا ﴿3﴾

Na wͻkͻto hyε (atamfoͻ no) so anͻpa tutuutu no di nse.

100:4

فَأَثَرۡنَ بِهِۦ نَقۡعٗا ﴿4﴾

Na εma mfuturo tu kͻ wiem,

100:5

فَوَسَطۡنَ بِهِۦ جَمۡعًا ﴿5﴾

Na wͻbͻ wura (atamfoͻ no) dͻm no mu no di nse sε:

100:6

إِنَّ ٱلۡإِنسَٰنَ لِرَبِّهِۦ لَكَنُودٞ ﴿6﴾

Nokorε onipa ayi ne Wura Nyankopͻn bonniayε;

100:7

وَإِنَّهُۥ عَلَىٰ ذَٰلِكَ لَشَهِيدٞ ﴿7﴾

Ԑyε nokorε sε, ͻno ara di ho adanseε saa;

100:8

وَإِنَّهُۥ لِحُبِّ ٱلۡخَيۡرِ لَشَدِيدٌ ﴿8﴾

Ԑyε nokorε nso sε onipa pε adepa paa ma no boro so.

100:9

أَفَلَا يَعۡلَمُ إِذَا بُعۡثِرَ مَا فِي ٱلۡقُبُورِ ﴿9﴾

Anaasε ɔnnim sε, sε adeε a εwͻ adaka-mena mu no firi adi a,