quranm◉

Kratafa 600

Range
from 100:10 to 102:8
Surahs covered
Nkyerɛase
21 Nkyerɛase

◉

100:10

وَحُصِّلَ مَا فِي ٱلصُّدُورِ ﴿10﴾

Na adeε a εwͻ (onipa) akoma mu nso da adi a,

100:11

إِنَّ رَبَّهُم بِهِمۡ يَوۡمَئِذٖ لَّخَبِيرُۢ ﴿11﴾

Saa Da no ɛyɛ nokorε sε (onipa bɛhunu sε) wͻn Wura Nyankopͻn ne wͻn (dwuma a wͻdiiε no ho) amanebͻ Wura.

101:1

ٱلۡقَارِعَةُ ﴿1﴾

Dede ne Gyegyeegye (Da) no;

101:2

مَا ٱلۡقَارِعَةُ ﴿2﴾

Ɛdeεn ne Dede ne Gyegyeegye (Da) no?

101:3

وَمَآ أَدۡرَىٰكَ مَا ٱلۡقَارِعَةُ ﴿3﴾

Ɛdeεn na εbεkyerε wo sεdeε dede ne Gyegyeegye (Da) no siteε?

101:4

يَوۡمَ يَكُونُ ٱلنَّاسُ كَٱلۡفَرَاشِ ٱلۡمَبۡثُوثِ ﴿4﴾

(Ɛyε) Da a onipa bεyε sε akͻbͻnsͻ a, wabͻ asanteε.

101:5

وَتَكُونُ ٱلۡجِبَالُ كَٱلۡعِهۡنِ ٱلۡمَنفُوشِ ﴿5﴾

Na mmepͻ nso bεyε sε aboa nwii a εrehu korͻ.

101:6

فَأَمَّا مَن ثَقُلَتۡ مَوَٰزِينُهُۥ ﴿6﴾

(Saa Da no) obi a yεbεsusu (ne papa a ͻyͻeε na) emu bεyε duro (akyεn ne bͻne) no,

101:7

فَهُوَ فِي عِيشَةٖ رَّاضِيَةٖ ﴿7﴾

Ɔbɛnya asetena pa.

101:8

وَأَمَّا مَنۡ خَفَّتۡ مَوَٰزِينُهُۥ ﴿8﴾

Na mmom obi a ne (papa a ͻyͻeε) mu bεyε hare (akyεn ne bͻne) no,

101:9

فَأُمُّهُۥ هَاوِيَةٞ ﴿9﴾

‘Haawiya’ na εbεyε oni.

101:10

وَمَآ أَدۡرَىٰكَ مَا هِيَهۡ ﴿10﴾

Na εdeεn na εbεkyerε wo sεdeε ‘Haawiya’ no siteε?

101:11

نَارٌ حَامِيَةُۢ ﴿11﴾

Ɛyε Ogya tanaa a, ano yε hye papaapa.

102:1

أَلۡهَىٰكُمُ ٱلتَّكَاثُرُ ﴿1﴾

(Wiase ahonyadeε) dodoͻ ho apere-apereε asi mo aso.

102:2

حَتَّىٰ زُرۡتُمُ ٱلۡمَقَابِرَ ﴿2﴾

(Mode no saa ara) kosi sε mobεkͻ akͻsra adakamena (anaasε mobɛwuo).

102:3

كَلَّا سَوۡفَ تَعۡلَمُونَ ﴿3﴾

Daabi, sεdeε εteε biara no mobɛhunu.

102:4

ثُمَّ كَلَّا سَوۡفَ تَعۡلَمُونَ ﴿4﴾

Daabi bio, sεdeε εteε biara no mobɛhunu.

102:5

كَلَّا لَوۡ تَعۡلَمُونَ عِلۡمَ ٱلۡيَقِينِ ﴿5﴾

Daabi, sε anka monim no wͻ nimdeε pefee mu a,

102:6

لَتَرَوُنَّ ٱلۡجَحِيمَ ﴿6﴾

Anka nokorε sε mobɛhunu Amanehunu gya no (wͻ wiase).

102:7

ثُمَّ لَتَرَوُنَّهَا عَيۡنَ ٱلۡيَقِينِ ﴿7﴾

Ansa na moahunu no ani kann (wͻ Atemmuda)

102:8

ثُمَّ لَتُسۡـَٔلُنَّ يَوۡمَئِذٍ عَنِ ٱلنَّعِيمِ ﴿8﴾

Afei saa Da no yεbɛbisa mo adom akyεdeε (a yεde maa mo degyee moani wͻ wiase) no ho asεm.